Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mommɛn Onyankopɔn”

“Mommɛn Onyankopɔn”

“Mommɛn Onyankopɔn”

“Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.”—YAKOBO 4:8.

1, 2. (a) Asɛm bɛn na nnipa taa ka? (b) Afotu bɛn na Yakobo de mae, na dɛn nti na na ɛho hia?

“ONYANKOPƆN ne yɛn wɔ hɔ.” Wɔakyerɛw saa nsɛm yi agu ɔman nsɛnkyerɛnne ahorow ne asraafo ntade mu. Wɔakyerɛw “Onyankopɔn na yɛde yɛn ho to no so” agu nnɛyi sika pii so. Ɛnyɛ den koraa sɛ nnipa bɛka sɛ wɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Nanso, wunnye ntom sɛ abusuabɔ a ɛte saa a wubenya no hwehwɛ pii sen ɛho asɛm kɛkɛ a wobɛka anaa wobɛkyerɛw?

2 Bible kyerɛ sɛ yebetumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ a ɛte saa. Nanso, mmɔdenbɔ ho hia. Ná ehia mpo sɛ afeha a edi kan mu Kristofo a wɔasra wɔn no bi ma wɔne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ mu yɛ den. Ná ɛsɛ sɛ Kristoni ɔhwɛfo Yakobo bɔ ebinom kɔkɔ wɔ ɔhonam akɔnnɔ ahorow ne wɔn ho a na ɛntew honhom fam ho. Saa asɛm no mu na ɔde afotu a emu yɛ den yi mae: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:1-12) Dɛn na na Yakobo kyerɛ bere a ɔkae sɛ ‘yɛmmɛn’ Onyankopɔn no?

3, 4. (a) Dɛn na ebetumi aba sɛ asɛm “mommɛn Onyankopɔn” no kaee Yakobo akenkanfo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no? (b) Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ yebetumi akɔ Onyankopɔn anim?

3 Yakobo de asɛm a na n’akenkanfo pii bɛte ase na edii dwuma. Mose Mmara no maa asɔfo no akwankyerɛ ahorow pɔtee bi a na wɔbɛfa so ‘abɛn’ Yehowa anaasɛ wɔbɛfa so akɔ n’anim ama ne nkurɔfo. (Exodus 19:22) Enti, ebetumi aba sɛ wɔkaee Yakobo akenkanfo no sɛ ɛnsɛ sɛ wobu Yehowa anim a wɔbɛkɔ no adewa. Yehowa ne otitiriw a ɔsen biara wɔ amansan yi mu.

4 Nanso, sɛnea Bible ho ɔbenfo bi kyerɛ no, “afotu yi, [nea ɛwɔ Yakobo 4:8 no] da anidaso a emu yɛ den bi adi.” Na Yakobo nim sɛ Yehowa fi ɔdɔ mu ato nsa afrɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ bere nyinaa sɛ wɔmmɛn No. (2 Beresosɛm 15:2) Yesu afɔrebɔ no buee Yehowa anim kɔ ho kwan maa yɛn koraa. (Efesofo 3:11, 12) Ɛnnɛ, wɔabue Onyankopɔn anim kɔ ho kwan ama nnipa ɔpepem pii! Nanso, ɔkwan bɛn so na yebetumi de hokwan a ɛyɛ anigye yi adi dwuma? Yebesusuw akwan abiɛsa a yebetumi afa so abɛn Yehowa Nyankopɔn no ho tiawa.

Kɔ So ‘Nya Onyankopɔn Ho Nimdeɛ’

5, 6. Ɔkwan bɛn so na abofra Samuel nhwɛso no kyerɛkyerɛ nea ‘Onyankopɔn ho nimdeɛ a wobenya’ no kyerɛ mu?

5 Sɛnea Yohane 17:3, NW, kyerɛ no, Yesu kae sɛ: “Eyi kyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” Sɛnea nkyerɛase ahorow pii kyerɛ saa nkyekyɛm yi ase no yɛ soronko kakra fi sɛnea New World Translation kyerɛ ase no ho. Sɛ́ anka wɔbɛka sɛ ‘wobenya Onyankopɔn ho nimdeɛ’ no, wɔkyerɛ adeyɛ asɛm no ase kɛkɛ sɛ “wobehu” Onyankopɔn. Nanso, nhomanimfo dodow bi ka sɛ ntease a ɛwɔ mfitiase Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma no mu no kyerɛ biribi a ɛsen saa—adeyɛ a ɛkɔ so, nea ebetumi ama obi ne obi abenya abusuabɔ a emu yɛ den.

6 Ná Onyankopɔn a yebehu no yiye no nyɛ asɛm foforo wɔ Yesu bere so. Sɛ nhwɛso no, wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, yɛkenkan sɛ bere a na Samuel yɛ abarimaa no na ‘onnya nhuu Yehowa.’ (1 Samuel 3:7) So eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn ho asɛm ketewaa bi pɛ na na Samuel nim? Dabi. Akyinnye biara nni ho sɛ na n’awofo ne asɔfo no akyerɛkyerɛ no nneɛma pii. Nanso, sɛnea nhomanimfo bi kyerɛ no, wobetumi de Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ saa nkyekyɛm no mu no “agyina hɔ ama abusuabɔ a ɛkɔ akyiri paa.” Ná Samuel nnya nhuu Yehowa yiye, sɛnea na obehu no akyiri yi bere a na ɔresom sɛ Yehowa kasamafo no. Bere a Samuel gu so renyin no, obehuu Yehowa yiye ankasa ne no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den.—1 Samuel 3:19, 20.

7, 8. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma Bible nkyerɛkyerɛ a emu dɔ no bu yɛn abam? (b) Onyankopɔn Asɛm mu nokware ahorow a emu dɔ a eye sɛ yesua no bi ne dɛn?

7 So worenya Yehowa ho nimdeɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wo ne no benya abusuabɔ a emu yɛ den? Sɛ wobɛyɛ saa a, ɛsɛ sɛ woma ‘w’ani gye’ honhom fam aduan a Onyankopɔn de ma no ho. (1 Petro 2:2) Mma mfitiasesɛm no nnnɔɔ wo so. Bɔ mmɔden sɛ wubesua Bible nkyerɛkyerɛ a emu dɔ no bi. (Hebrifo 5:12-14) So nkyerɛkyerɛ a ɛtete saa bu w’abam, na wofa no sɛ ɛyɛ den dodo? Sɛ ɛte saa a, kae sɛ Yehowa ne ‘Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini’ no. (Yesaia 30:20) Onim sɛnea ɔde nokware ahorow a emu dɔ hyɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ adwenem. Na obetumi ahyira mmɔden a wobɔ sɛ wobɛte nea ɔrekyerɛkyerɛ wo no ase no so.—Dwom 25:4.

8 Dɛn nti na wonhwehwɛ wo ho mu nhwɛ wɔ “Onyankopɔn ade a emu dɔ” no ho? (1 Korintofo 2:10) Eyinom nyɛ nsɛm a ɛnyɛ anigye te sɛ nsɛm a nyamekyerɛfo ne asɔfo betumi agye ho kyim no. Ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so a ɛma yetumi hu yɛn Agya a ɔwɔ dɔ no tirim ne ne komam nsɛm. Sɛ nhwɛso no, agyede no, “ahintasɛm” no, ne apam ahorow a Yehowa nam so ahyira ne nkurɔfo, adi n’atirimpɔw ahorow ho dwuma no—nsɛmpɔw yi ne pii a ɛtete saa yɛ nsɛm a ɛyɛ anigye na mfaso wɔ so a yebetumi ayɛ mu nhwehwɛmu na yɛasua.—1 Korintofo 2:7.

9, 10. (a) Dɛn nti na ahantan yɛ hu, na dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden brɛ yɛn ho ase wɔ Yehowa ho nimdeɛ ho?

9 Bere a wokɔ so nya honhom fam nokware ahorow a emu dɔ ho nimdeɛ pii no, ɛsɛ sɛ woma w’ani da hɔ wɔ asiane a ɛbata nimdeɛ ho—a ɛne ahantan—ho. (1 Korintofo 8:1) Ahantan yɛ hu, efisɛ ɛma nnipa twe wɔn ho fi Onyankopɔn ho. (Mmebusɛm 16:5; Yakobo 4:6) Kae sɛ, onipa biara nni hɔ a ɔwɔ biribi a obegyina so ahoahoa ne ho. Mfatoho bi ni, susuw saa nsɛm yi a ɛwɔ nhoma bi a ɛyɛ nkɔso a adesamma anya wɔ nyansahu mu nnansa yi mu nhwehwɛmu no nnianim nsɛm mu no ho hwɛ: “Dodow a yehu nneɛma mu no, dodow no ara na yehu sɛ yɛn nimdeɛ sua koraa. . . . Sɛ yɛde nneɛma a yɛasua no toto nea yennim ho a, yehu sɛ yensuaa hwee koraa.” Ahobrɛase a ɛte saa yɛ anigye koraa. Afei, ɛdefa nimdeɛ bun a emu dɔ—Yehowa Nyankopɔn ho nimdeɛ—ho no, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase koraa no. Dɛn ntia?

10 Hyɛ nsɛm bi a Bible ka fa Yehowa ho no nsow. “W’adwene mu dɔ pii.” (Dwom 92:5) “[Yehowa] nhumu nni anobu.” (Dwom 147:5) “[Yehowa] nhumu mu nni ahwehwɛye.” (Yesaia 40:28) “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ!” (Romafo 11:33) Ɛda adi pefee sɛ yɛrenhu Yehowa ho nneɛma a ɛsɛ sɛ yehu nyinaa nwie da. (Ɔsɛnkafo 3:11) Wakyerɛkyerɛ yɛn nneɛma pii a ɛyɛ anigye, nanso yɛda so ara wɔ nimdeɛ pii a enni ano a ɛsɛ sɛ yesua. So akwanhwɛ a ɛte saa no mma yɛn ani nnye na yɛmmrɛ yɛn ho ase? Ɛnde, bere a yesua ade no, momma yennyina yɛn nimdeɛ so mmɛn Yehowa na yɛmmoa afoforo mma wɔnyɛ saa—na mommma yennnyina so mmma yɛn ho so nnkyɛn afoforo da.—Mateo 23:12; Luka 9:48.

Da Ɔdɔ a Wowɔ Ma Yehowa no Adi

11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Yehowa ho nimdeɛ a yesua no nya yɛn so nkɛntɛnso? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ a obi wɔ ma Onyankopɔn no yɛ nokware dɔ?

11 Ɛfata sɛ ɔsomafo Paulo de nimdeɛ bataa ɔdɔ ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mebɔ eyi ho mpae sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne ntease nyinaa mu.” (Filipifo 1:9) Sɛ́ anka Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow ho nokware a ɛsom bo biara a yebesua no bɛma yɛayɛ ahantan no, ɛsɛ sɛ ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn soro Agya no yɛ kɛse mmom.

12 Nokwarem no, nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔdɔ Onyankopɔn no nnɔ no ankasa. Ebia na wɔwɔ ne ho nkate a emu yɛ den wɔ wɔn komam ampa. Nkate a ɛte saa ye, na ɛfata nkamfo mpo, bere a ɛne nokware nimdeɛ hyia no. Nanso, ɛno nkutoo nkyerɛ ɔdɔ ankasa a obi wɔ ma Onyankopɔn. Dɛn ntia? Hyɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ nea ɛyɛ ɔdɔ ankasa no nsow: “Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.” (1 Yohane 5:3) Enti, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no bɛyɛ nea edi mũ bere a yɛnam osetie so da no adi no nkutoo.

13. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn suro bɛboa yɛn ma yɛada ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no adi?

13 Onyankopɔn suro bɛboa yɛn ma yɛayɛ osetie ama Yehowa. Nea ɛma yenya osuro ne obu kɛse ma Yehowa no ne ne ho nimdeɛ a yenya, ne kronkronyɛ, n’anuonyam, ne tumi, n’atɛntrenee, ne nyansa, ne ne dɔ a enni ano a yesua ho ade no. Osuro a ɛte saa ho hia na ama yɛatumi abɛn no. Nokwarem no, hyɛ nea Dwom 25:14 ka no nsow: “[Yehowa, NW] yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wosuro no.” Enti sɛ yenya osuro pa sɛ yɛrenyɛ biribi a ɛnsɔ yɛn soro Agya a yɛdɔ no no ani a, yebetumi abɛn no. Onyankopɔn suro bɛboa yɛn ma yɛatie afotu a nyansa wom a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mmebusɛm 3:6 no: “Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” Ɛno kyerɛ dɛn?

14, 15. (a) Gyinae ahorow a yesisi wɔ da biara da asetram no bi ne dɛn? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asisi gyinae wɔ ɔkwan a ɛda Onyankopɔn suro adi so?

14 Ɛsɛ sɛ wusisi gyinae akɛse ne nketewa da biara da. Sɛ nhwɛso no, nkɔmmɔ bɛn na wo ne wo mfɛfo adwumayɛfo, sukuufo, ne afipamfo bɛbɔ? (Luka 6:45) So wobɛyere wo ho ayɛ adwuma a wɔde ama wo no, anaasɛ wobɛyɛ ho nkokoaasa? (Kolosefo 3:23) So wobɛbɛn wɔn a wɔnnɔ Yehowa ahe biara anaa wɔnnɔ no koraa no, anaasɛ wobɛhyɛ abusuabɔ a wo ne nnipa a wɔyɛ honhom mufo wɔ no mu den? (Mmebusɛm 13:20) Dɛn na wobɛyɛ wɔ nneɛma nketewa mu mpo de ama Onyankopɔn Ahenni ho nneɛma anya nkɔso? (Mateo 6:33) Sɛ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛte sɛ nea yɛabobɔ din wɔ ha yi na ɛkyerɛ wo kwan wɔ wo da biara da gyinaesi ahorow mu a, ɛnde nokwarem no, na worehu Yehowa wɔ “w’akwan nyinaa mu.”

15 Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛma nsusuwii yi akyerɛ yɛn kwan wɔ gyinae biara a yesi mu: ‘Dɛn na Yehowa bɛpɛ sɛ meyɛ? Adeyɛ bɛn na n’ani begye ho asen biara?’ (Mmebusɛm 27:11) Onyankopɔn suro a yɛbɛda no adi wɔ saa kwan yi so no yɛ ɔkwan a ɛkyɛn so a yɛbɛfa so ada yɛn dɔ adi akyerɛ Yehowa. Onyankopɔn suro bɛka yɛn nso ma yɛakɔ so ama yɛn ho atew—honhom fam, abrabɔ fam, ne honam fam. Kae sɛ, wɔ nkyekyɛm koro no ara a Yakobo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wɔmmɛn Onyankopɔn’ mu no, otuu fo nso sɛ: “Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo kra yɛ ntanta!”—Yakobo 4:8.

16. Dɛn na yentumi mfa ade a yɛde ma Yehowa so nyɛ da, nanso dɛn na yebetumi ayɛ bere nyinaa?

16 Nokwarem no, ɔdɔ a yɛbɛda no adi akyerɛ Yehowa no kyerɛ pii sen yɛn ho a yɛbɛtwe afi bɔne ho. Ɔdɔ kanyan yɛn ma yɛyɛ nea ɛteɛ nso. Sɛ nhwɛso no, yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ Yehowa ayamye a ɛdɔɔso no ho? Yakobo kyerɛwee sɛ: “Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya no nkyɛn na ɛba.” (Yakobo 1:17) Nokwarem no, sɛ yɛde yɛn agyapade ma Yehowa a, yɛmma onnya ne ho. Nneɛma pa ne ahonyade nyinaa yɛ ne de dedaw. (Dwom 50:12) Na sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden ma Yehowa a, na ɛnyɛ sɛ yɛreyɛ adwuma bi a ɔno ankasa ntumi nyɛ na ama no. Sɛ yɛka sɛ yɛrenka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no mpo a, ɔbɛma abo aka! Ɛnde, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ahonyade, yɛn bere, ne yɛn ahoɔden ma Yehowa? Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛnam saayɛ so fi yɛn koma nyinaa mu, yɛn kra nyinaa mu, yɛn adwene nyinaa mu, ne yɛn ahoɔden nyinaa mu da yɛn dɔ adi kyerɛ no.—Marko 12:29, 30.

17. Dɛn na ebetumi akanyan yɛn ma yɛatew yɛn anim ama Yehowa ade?

17 Sɛ yɛma Yehowa biribi a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa anigye so, “efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.” (2 Korintofo 9:7) Nnyinasosɛm a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Deuteronomium 16:17 no betumi aboa yɛn ma yɛatew yɛn anim ama ade: “Obiara mma nea ne nsa bɛso so, sɛnea [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn nhyira a ɔde ahyira wo no te.” Sɛ yesusuw sɛnea Yehowa ne yɛn adi no ayamye so no ho a, ɛma yenya ɔpɛ sɛ yebefi ayamye mu ama ade. Adema a ɛte saa ma ne koma ani gye, sɛnea akyɛde ketewaa a abofra a wɔdɔ no de ma ɔwofo ma n’ani gye no. Sɛ yɛda yɛn dɔ adi wɔ saa kwan yi so a, ɛbɛboa yɛn ma yɛabɛn Yehowa.

Fa Mpaebɔ So ne No Nni Nkitaho

18. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yesusuw ɔkwan a yebetumi afa so ama yɛn mpaebɔ atu mpɔn no ho?

18 Bere a yɛn nkutoo bɔ mpae kokoam no yɛ hokwan a ɛsom bo—ɛyɛ mmere a yɛne yɛn soro Agya no di nkitaho ka yɛn kokoam nsɛm kyerɛ no. (Filipifo 4:6) Esiane sɛ mpaebɔ yɛ ɔkwan titiriw a yɛfa so bɛn Onyankopɔn nti, mfaso wɔ so sɛ yegye bere susuw sɛnea yɛn mpaebɔ tu mpɔn ho. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛda anotew adi a yɛahyehyɛ no nnidiso nnidiso, na mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ nokwasɛm a efi yɛn koma mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn mpaebɔ atu mpɔn?

19, 20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw nneɛma ho ansa na yɛabɔ mpae, na dɛn ne nsɛm bi a ɛfata sɛ yesusuw ho?

19 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden susuw nneɛma ho ansa na yɛabɔ mpae. Sɛ yedi kan susuw nneɛma ho a, ebetumi ama yɛn mpaebɔ afa nneɛma pɔtee ho na ayɛ nea ntease wom, na yɛnam saayɛ so akwati nsɛm a yɛtaa kae a yebetĩ mu aka no bere nyinaa no. (Mmebusɛm 15:28, 29) Ebia nsɛmti a Yesu bobɔɔ din wɔ ne mpaebɔ nhwɛso mu no bi ho a yebedwennwen na afei yɛahwɛ sɛnea saa nsɛm no fa yɛn tebea ho no bɛboa. (Mateo 6:9-13) Sɛ nhwɛso no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ Yehowa apɛde kakra bɛn na yebetumi ayɛ wɔ asase so ha. So yebetumi aka ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛma Yehowa de yɛn ayɛ adwuma sɛnea yebetumi ho asɛm akyerɛ no na yɛasrɛ ne mmoa a yɛde bɛyɛ nnwuma ahorow biara a ɔde ama yɛn no? So yedwen yɛn honam fam ahiade ho araa ma ayɛ yɛn adesoa? Bɔne ahorow bɛn na yehia ho fafiri, na hena na ɛsɛ sɛ yɛde firi no kɛse? Sɔhwɛ ahorow bɛn na yehyia, na so yehu sɛnea yehia Yehowa ahobammɔ ntɛm wɔ mu no?

20 Afei nso, yebetumi asusuw nnipa bi a yenim wɔn a wohia Yehowa mmoa titiriw no ho. (2 Korintofo 1:11) Nanso, ade a ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi ne aseda. Sɛ yegye bere susuw ho a, akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi anya biribi agyina so ada Yehowa ase na yɛayi no ayɛ da biara wɔ nneɛma pa pii a ɔyɛ ma yɛn no ho. (Deuteronomium 8:10; Luka 10:21) Mfaso pii wɔ saa a yɛbɛyɛ so—ebetumi aboa yɛn ma yɛanya asetra ho anidaso ne anisɔ pii.

21. Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow a yebesua bɛn na ebetumi aboa yɛn bere a yɛkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu no?

21 Adesua betumi aboa ma yɛn mpaebɔ atu mpɔn nso. Wɔayɛ mpaebɔ atitiriw a mmarima ne mmea anokwafo bɔe ho kyerɛwtohɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛrehyia ɔhaw bi a emu yɛ den a ama yɛn ho yeraw yɛn, na yɛn anaa yɛn adɔfo yiyedi ho aba asɛm a, yebetumi akenkan mpae a Yakob bɔe bere a na ɔrekohyia ne nua Esau a na abufuw wɔ ne mu no. (Genesis 32:9-12) Anaasɛ yebetumi abɔ mpae a Ɔhene Asa bɔe bere a na Etiopia asraafo bɛyɛ ɔpepem biako rehunahuna Onyankopɔn nkurɔfo no. (2 Beresosɛm 14:11, 12) Sɛ asɛm bi a ebetumi de ahohorabɔ aba Yehowa din pa so ho asɛm haw yɛn a, ɛnde ɛfata sɛ yesusuw mpae a Elia bɔe wɔ Baal asomfo anim wɔ Bepɔw Karmel so no ho, na saa ara na yebetumi asusuw mpae a Nehemia bɔe wɔ Yerusalem tebea a na ɛyɛ awerɛhow no ho. (1 Ahene 18:36, 37; Nehemia 1:4-11) Mpaebɔ a ɛtete saa a yɛbɛkenkan asusuw ho no betumi ahyɛ yɛn gyidi den na ama yɛanya ɔkwan pa a yebetumi afa so de yɛn nnesoa a ɛhyɛ yɛn so no ato Yehowa anim.

22. Afe 2003 afe asɛm ne dɛn, na dɛn na yebetumi abisa yɛn ho bere ne bere mu wɔ afe no mu nyinaa?

22 Ɛda adi pefee sɛ, nidi ne botae biara nni hɔ a ɛsen sɛ yebetie Yakobo afotu a ɛne sɛ ‘yɛmmɛn Onyankopɔn no.’ (Yakobo 4:8) Ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ saa denam nkɔso a yebenya wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu, yɛakɔ so ada yɛn dɔ adi akyerɛ no, na yɛne no adi nkitaho wɔ yɛn mpaebɔ mu so. Wɔ afe 2003 nyinaa mu no, bere a yɛma Yakobo 4:8 tra yɛn adwenem sɛ yɛn afe asɛm no, momma yɛnkɔ so nhwehwɛ yɛn mu nhwɛ sɛ yɛrebɛn Yehowa ampa anaa. Na asɛm no fã a edi akyiri no nso ɛ? Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘bɛbɛn wo,’ na nhyira bɛn na wubenya? Asɛm a edi hɔ no besusuw saa asɛm yi ho.

So Wokae?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛfa Yehowa a yɛbɛbɛn no no aniberesɛm?

• Ɛdefa Yehowa ho nimdeɛ a yebenya ho no, botae ahorow bɛn na yebetumi de asisi yɛn anim?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no yɛ nokware dɔ?

• Akwan bɛn so na yebetumi ne Yehowa adi nkitaho kɛse wɔ mpaebɔ mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

Afe 2003 afe asɛm no bɛyɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.”—Yakobo 4:8.

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Bere a Samuel nyinii no, obehuu Yehowa yiye

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Mpae a Elia bɔe wɔ Bepɔw Karmel so no yɛ nhwɛso pa ma yɛn