Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Ɔkwan bɛn so na “adwempa” betumi ayɛ ahobammɔ? (Mmebusɛm I:4)

Ebetumi ama yɛn ani ada hɔ wɔ honhom fam asiane ho na akanyan yɛn ma yɛayɛ yɛn ade nyansam, te sɛ nna ho sɔhwɛ ahorow a yehyia wɔ adwumam a yɛbɛkwati. Ɛboa yɛn ma yehu sɛ yɛn mfɛfo Kristofo nyɛ pɛ, na ɛno tumi ma yɛkwati sɛ yɛbɛpere yɛn ho ayɛ ade bere a obi ahyɛ yɛn abufuw no. Ebetumi nso ama yɛakwati ade dodowpɛ ho nhyɛso a ebetumi ama yɛagu asu honhom mu no.—8/15, kratafa 21-4.

Ɔkwan bɛn so na obi betumi abɛyɛ mfasode sɛ ofipamfo?

Akwan abien a obi betumi afa so ayɛ ofipamfo pa ne sɛ ɔbɛyɛ ɔdemafo pa ne obi a ɔkyerɛ adɔe ho anisɔ. Mfaso wɔ so sɛ wobɛyɛ ofipamfo pa bere a asiane asi no. Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ afipamfo pa denam kɔkɔ a wɔbɔ afoforo wɔ asɛm bi a ebesi nnansa yi ara ho so, ade a Onyankopɔn bɛyɛ de abɔnefosɛm aba awiei.—9/1, kratafa 4-7.

Sɛnea Bible kyerɛ no, henanom ne nokware ahotefo, na ɔkwan bɛn so na wɔbɛboa adesamma?

Na tete Kristofo no nyinaa yɛ nokware ahotefo, anaa akronkronfo, na Onyankopɔn na ɔyɛɛ wɔn saa, ɛnyɛ nnipa anaa ahyehyɛde ahorow bi. (Romafo 1:7) Sɛ akronkronfo no nya owusɔre kɔ ɔsoro asetra mu a, wɔne Kristo bɛbom ahyira anokwafo a wɔwɔ asase so no. (Efesofo 1:18-21)—9/15, kratafa 5-7.

Mfaso bɛn na Kristofo benya sɛ wobehu biribi afa aguma a na wodi no tete Hela no ho?

Ɔsomafo Petro ne ɔsomafo Paulo de mfatoho ahorow anaa nsɛm bi a egyina tete agumadi ahorow so dii dwuma wɔ wɔn nhoma mu. (1 Korintofo 9:26; 1 Timoteo 4:7; 2 Timoteo 2:5; 1 Petro 5:10) Wɔ tete ogumadifo fam no na ɛho behia sɛ onya obi a onim ntetee yiye, na wadi ne ho so, abɔ ne ho mmɔden sɛnea ɛfata. Ɛte saa pɛpɛɛpɛ nnɛ wɔ honhom fam mmɔden a Kristofo bɛbɔ no ho.—10/1, kratafa 28-31.

Dɛn ne nsɛnnennen ne mfaso horow a ɛwɔ mmofra a wɔtete wɔn wɔ amannɔne no mu?

Mmofra pii sua kasa foforo ntɛm sen wɔn awofo, a ebia ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛte wɔn mma nsusuwii ne wɔn nneyɛe ase no. Na ebia ɛbɛyɛ den ama mmofra no sɛ wɔbɛte Bible nkyerɛkyerɛ ase wɔ wɔn awofo kasa mu. Nanso, sɛ awofo kyerɛ wɔn mma wɔn kurom kasa a, ɛbɛma wɔate kasa abien na wɔahu amammerɛ abien, na ɛno betumi ama abusua a wɔwom no ayɛ den.—10/15, kratafa 22-6.

Adɛn nti na kyɛwpa a yebesua ho hia?

Kyɛwpa a efi komam taa yɛ ɔkwan a wɔfa so siesie abusuabɔ a asɛe. Bible no ma yɛn tumi a kyɛwpa betumi anya ho nhwɛso ahorow. (1 Samuel 25:2-35; Asomafo no Nnwuma 23:1-5) Mpɛn pii no sɛ ntawntawdi ba nnipa baanu ntam a, wɔn baanu nyinaa di fɔ bi wɔ asɛm no mu. Ɛno nti ɛhwehwɛ sɛ wɔn baanu nyinaa bom siesie asɛm no na wɔpa kyɛw.—11/1, kratafa 4-7.

Adɛn nti na kyakyatow yɛ bɔne, mpo sɛ sika ketewaa bi na ɛda so a?

Kyakyatow kanyan ahopɛ, akansi honhom, ne anibere, a Bible no kasa tia no. (1 Korintofo 6:9, 10) Wɔn a kyakyatow aka wɔn hɔ no mu pii fii ase wɔn mmofraberem denam nkyia nketenkete a wɔtoe so.—11/1, kratafa 31.

Adɛn nti na ɛho abehia sɛ wɔkyerɛ Bible no ase kɔ Hela kasa mu, ɛmfa ho sɛ wɔkyerɛw Bible mu nhoma no pii wɔ Hela kasa mu no, na dɛn na efi mu aba?

Ɛnnɛ mmere yi mu Hela kasa no yɛ soronko koraa wɔ Hela kasa a wɔde kyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase kɔɔ Septuagint mu ne nea wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu no ho. Mfehaha pii a abɛsen kɔ no, wɔabɔ mmɔden pii sɛ wɔbɛyɛ Bible no fa bi anaa Bible mũ no nyinaa wɔ Hela kasa mu. Ɛnnɛ Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi ho nkyerɛase ahorow 30 na ɛwɔ Hela kasa mu a Helani a onim akenkan biara betumi akenkan bi, a nea ɛda nsow wom ne New World Translation of the Holy Scriptures, a wɔyɛe wɔ afe 1997 mu no.—11/15, kratafa 26-9.

Adɛn nti na wɔnhwehwɛ sɛ Kristofo beyi ntotoso du du?

Wɔ Mmara a wɔde maa tete Israelfo no mu no, na ntotoso du du yɛ ɔkwan a wɔfa so de mmoa ma Lewi abusua no ne ahiafo foforo a wɔhwɛ wɔn no. (Leviticus 27:30; Deuteronomium 14:28, 29) Yesu afɔrebɔ wu no yii Mmara no ne ntotoso du du a na ɛhwehwɛ sɛ woyi no fii hɔ. (Efesofo 2:13-15) Wɔ tete Kristofo asafo no mu no, na ɛyɛ ade a ɛda hɔ sɛ Kristoni biara befi nea ɔwɔ mu na wasusuw ho ne komam ayi ntoboa. (2 Korintofo 9:5, 7)—12/1, kratafa 4-6.

So Adiyisɛm 20:8 kyerɛ sɛ wɔ sɔhwɛ a edi akyiri mu no, Satan bɛdaadaa nnipa pii anaa?

Kyerɛwsɛm no ka sɛ wɔn a wɔbɛdaadaa wɔn no bɛyɛ “sɛ mpoano anhwea.” Wɔ Bible mu no, saa asɛm no taa kyerɛ dodow bi a wonnim ano, a ɛnkyerɛ sɛ ne dodow kyɛn so. Wɔ Yesu Kristo akyi no Abraham asefo a na wɔbɛyɛ “sɛ mpoano nhwea” no dodow bɛyɛɛ nnipa 144,000. (Genesis 22:17; Adiyisɛm 14:1-4)—12/1, kratafa 29.