Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Awo—Ɔkwan a Ɛfaa So Bae ne Nea Enti a Ɛbaa Saa

Yesu Awo—Ɔkwan a Ɛfaa So Bae ne Nea Enti a Ɛbaa Saa

Yesu Awo—Ɔkwan a Ɛfaa So Bae ne Nea Enti a Ɛbaa Saa

“ƐNYƐ NOKWARE!” Saa na wɔn a wɔnyɛ Kristofo no pii bɛka bere a wɔte Yesu awo ho asɛm no. Wɔte nka sɛ ɛne nyansahu nhyia sɛ ɔbaabun betumi anyinsɛn awo babanin a ɔdesani agya biara ho nnim. Wususuw ho dɛn?

Wɔ 1984 mu no, The Times a ɛwɔ London no tintim krataa bi a esusuw asɛm yi ho, na ɛkae sɛ: “Ntease nnim sɛ wobegyina nyansahu so agye anwonwade ahorow ho akyinnye. Gye a wogye di sɛ anwonwade ahorow rentumi nsisi no yɛ gyidi ho asɛm te sɛ nea wogye di sɛ ebetumi asisi no ara pɛ.” Nyansahu mu abenfo 14 a wɔwɔ Britania sukuupɔn ahorow mu na wɔde wɔn nsa hyɛɛ krataa no ase. Wɔkae sɛ: “Yɛde anigye gye ɔbaabun awo, Nsɛmpa no mu anwonwade ahorow, ne Kristo wusɔre no tom sɛ nsɛm a esisii wɔ abakɔsɛm mu.”

Nanso, ntease wom sɛ sɛ obi te bere a edi kan sɛ ɔbaabun na ɔwoo Yesu a, ne ho bedwiriw no. Yesu ankasa maame a na ɔyɛ ɔbaabun no ho dwiriw no bere a Onyankopɔn bɔfo kaa eyi no: “Hwɛ, wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu.” Maria bisae sɛ: “Eyi bɛyɛ dɛn aba, efisɛ minnim ɔbarima biara?” Afei ɔbɔfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn nam Ne honhom kronkron so na ɛbɛyɛ saa anwonwade yi, na ɔde kaa ho sɛ: “Onyankopɔn fam de, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ.” (Luka 1:31, 34-37) Akyinnye biara nni ho sɛ, Onii a ɔbɔɔ anwonwakwan a onipa fa so wo no ara betumi ama ɔbaabun a onguu ne ho fĩ anyinsɛn, awo Yesu. Sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ amansan yi ne emu mmara ahorow a edi dwuma pɛpɛɛpɛ no a, obetumi nso de Maria yafunu mu nkosua adi dwuma ma wawo Ɔbabanin a ɔyɛ pɛ.

Nea Enti a na Ɛho Hia

Ná Yosef a osuro Nyankopɔn no asi Maria asiwa bere a onyinsɛnee no. Onyankopɔn bɔfo kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔbaabun a Yosef rebɛware no no anyinsɛn no mu wɔ dae mu kyerɛɛ Yosef. Ɔbɔfo no kae sɛ: ‘Nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na nea ɔyem no no fi honhom kronkron mu. Ɔbɛwo ɔbabanin, na woato ne din Yesu, efisɛ ɔno na obegye ne man afi wɔn bɔne mu.’ (Mateo 1:20, 21) Nea edin Yesu no kyerɛ wɔ Hebri mu ne “Yehowa Ne Nkwagye.” Ɛkae yɛn hia a ɛho hia sɛ wogye yɛn fi bɔne ne owu mu ne nsiesiei a Yehowa Nyankopɔn ayɛ ma yɛnam Yesu so anya ogye a ɛte saa no.

Esiane sɛ onipa a odi kan, Adam, yɛɛ bɔne nti, wɔwoo ne mma nyinaa wɔ sintɔ mu, a wokura su a ɛma wobu Onyankopɔn mmara so. (Romafo 5:12) Ɔkwan bɛn so na na wobetumi agye Adam asefo afi bɔne mu na wɔadu pɛyɛ ho? Ná ɛsɛ sɛ wɔde onipa foforo a ne nkwa yɛ pɛ si Adam de no ananmu ma ɛne atɛntrenee nsenia no hyia. Ɛno nti na Onyankopɔn hwɛ ma wɔwoo onipa a ɔyɛ pɛ, Yesu, wɔ anwonwakwan so no, na ɛno nti na Yesu maa kwan maa n’atamfo kum no no. (Yohane 10:17, 18; 1 Timoteo 2:5, 6) Wɔ Yesu wusɔre ne ne sorokɔ akyi no, na obetumi de ahotoso aka sɛ: “Miwui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mikura owu ne asaman [adesamma damoa] nsafe.”—Adiyisɛm 1:18.

Yesu de sɛnkyerɛnne kwan so owu ne Asaman safe no buee kwan maa nnipa abɔnefo san nyaa nea Adam hweree no. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da.” (Yohane 11:25, 26) Bɔhyɛ a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Nanso, Yesu awo ho ntease a edi mu paa mpo wɔ hɔ.

Ntease a Edi Mu Sen Biara

Ɛnyɛ nyinsɛn a wonyinsɛn Yesu wɔ Maria awotwaa mu no na efii n’asetra ase. Ɔka maa emu daa hɔ pefee sɛ: “Misian mifi soro mebae.” (Yohane 6:38) Ná Yesu ne ne soro Agya no atra honhom atrae fi adebɔ mfiase. Nokwarem no, Bible ka ne ho asɛm sɛ “Onyankopɔn abɔde mfiase.” (Adiyisɛm 3:14) Yesu fi soro huu atua a ɔbɔfo bɔne a ɔmaa nnipa baanu a wodi kan sɔre tiaa Nyankopɔn tumidi tewee no. Eyi na ɛmaa Yesu nyaa ntease a edi mu sen biara sɛ ɔbɛma wɔawo no sɛ Onyankopɔn Ba ne onipa a ɔyɛ pɛ no. Dɛn na ɛno kyerɛ?

Ná ebedi adanse sɛ ne soro Agya no wɔ hokwan sɛ odi amansan no so. Ɛdenam nokware a odi fii n’awo mu kosii ne wu mu so no, Yesu daa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ahyɛ ɔkwan a Yehowa fa so di N’abɔde so tumi ase no adi. Ansa na Yesu rewu wɔ Onyankopɔn atamfo nsam no, ɔdaa ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ obewu afɔrebɔ wu no adi pefee. Ɔkae sɛ nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ ɛbɛma wiase no ahu sɛ ɔdɔ Agya no. (Yohane 14:31) Sɛ nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, nyaa ɔdɔ a ɛte saa a, anka wotumi dii nokware wɔ wɔn sɔhwɛ a na ɛyɛ mmerɛw sen saa no mu.—Genesis 2:15-17.

Yesu nokwaredi no nso daa ɔbɔfo bɔne, Satan, adi sɛ ɔtorofo. Ná Satan atwiri Onyankopɔn ne onipa denam eyi a ɔkae wɔ abɔfo anim wɔ soro no so: “Nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne nkwa.” (Hiob 2:1, 4, Tanakh—The Holy Scriptures) Satan dii mfomso bɔɔ sobo sɛ nnipa nyinaa bɛyɛ Onyankopɔn so asoɔden de apere wɔn nkwa.

Nsɛmpɔw a yɛasusuw ho no maa asɛm baa teɛ a Onyankopɔn tumidi teɛ ne fata a ɛfata no ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔasiesie ɔsɛmpɔw no, Yesu nyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛma wɔawo no sɛ onipa na wadi nokware akosi owu mu.

Enti, sɛnea Yesu ankasa kae no, ade titiriw nti a wɔwoo no baa asase so ne sɛ ‘obedi nokware no ho adanse.’ (Yohane 18:37) Ɔnam ne nsɛm ne nneyɛe so kyerɛe sɛ Onyankopɔn tumidi teɛ koraa na yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ahyɛ ase no de daa anigye bɛbrɛ yɛn. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu nso sɛ ɔbaa wiase sɛ ɔde ne desani nkwa rebɛma sɛ “agyede ama nnipa pii,” na abue kwan ama adesamma abɔnefo anya pɛyɛ ne daa nkwa. (Marko 10:45) Nea ɛbɛyɛ na adesamma ate nsɛntitiriw yi nyinaa no, na ehia sɛ wɔyɛ Yesu awo ho kyerɛwtohɔ. Bio nso, nsɛm a esisii wɔ Yesu awo ho no kura asuade foforo a ɛho hia, sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛda no adi no.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Ɔkwan bɛn so na na wobetumi agye Adam asefo afi bɔne mu?