Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Di Honhom Fam Nneɛma Akyi Na Nya Mfaso

Di Honhom Fam Nneɛma Akyi Na Nya Mfaso

Di Honhom Fam Nneɛma Akyi Na Nya Mfaso

“Nea ɔpɛ sika no, sika mmee no, na nea ɔpɛ adedodow no nnya mu mfaso.”—Ɔsɛnkafo 5:10.

ADWUMAYƐ bebrebe betumi agya wo adwennwen, na adwennwen betumi ama woayare, na ebetumi akum wo mpo. Wɔ nsase pii so no, awaregyae ama mmusua pii mu repaapae. Mpɛn pii no, honam fam nneɛma a adi nnipa ti na ɛde ɔhaw a ɛte saa ba. Sɛ́ anka obi a ɔpɛ honam fam adedodow ani bɛsɔ nea ɔwɔ no, bere nyinaa ɔpɛ sɛ onya nneɛma pii ka ho, ɛmfa ho sɛ ɛde n’akwahosan bɛto asiane mu. Akwankyerɛ nhoma bi ka sɛ: “Pɛ a obi pɛ sɛ ɔto ne yɔnko wɔ abrabɔ mu no yɛ biribi a ɛkɔ so wɔ baabiara, ɛmfa ho sɛ onii a ɔpɛ sɛ ɔto no no yɛ adwuma ntraso a ɛmma ɛnyɛ den koraa sɛ ebetumi ama wanya komayare bere a onnyinii no.”

Pɛ a obi pɛ sɛ onya ne ho no mu betumi ayɛ den kɛse, na ɛbɛma anigye a anka obetumi anya no bɔ no. Mpɛn pii no, tumi bi a ano yɛ den—aguade ho dawurubɔ—bunkam yɛn mmerɛwyɛ so wɔ saa asɛm yi mu! Aguadi ho dawurubɔ ayɛ television so dwumadi mu ma, na ɛhyɛ wo sɛ tɔ nneɛma a ebia wunhia na ebi mpo a wunni ho sika no. Eyi nyinaa betumi de ɔhaw kɛse aba.

Yɛn ho a yɛde hyɛ nneɛma mu fee no betumi apira yɛn paa wɔ honam ne abrabɔ fam a yenhu. Sɛ nhwɛso no, Ɔhene Salomo nyansafo no kae sɛ: “Komam dwo yɛ ɔhonam nkwa.” (Mmebusɛm 14:30) Nea ɛne eyi bɔ abira no, nneɛma a yɛyɛ tra so, dadwen, ne honam fam nneɛma pii a yebenya mu nhyɛso betumi asɛe yɛn akwahosan ne anigye. Sɛ yɛma honam fam botae ahorow di yɛn asetra so a, ɛma yɛne afoforo ntam sɛe. Na sɛ obi abusua ne afoforo ntam ayɔnkofa sɛe a, ɛma n’asetra nso sɛe.

Sɛnea Honhom Fam Nneɛma Som Bo

Mfehaha pii a atwam ni no, ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Monnyɛ mo ho sɛ wiase yi.” (Romafo 12:2) Wiase no ani gye wɔn a wodi wɔn nneɛma a wɔyɛ akyi no ho. (Yohane 15:19) Wiase no bɔ mmɔden sɛ ɛbɛma nea ɛwom no atwetwe wo ma woahwɛ, woaso mu, woaka ahwɛ, woate ne hua, na woatie—yiw, sɛ́ ɛbɛma woanya honam fam adedodowpɛ su. Nea ɛtwe adwene si so kɛse ne ‘nneɛma a ɛyɛ aniwa fɛ,’ sɛnea ɛbɛyɛ a wo ne afoforo bedi honam fam adedodowpɛ akyi.—1 Yohane 2:15-17.

Nanso nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsom bo sen sika, edin, ne ahonyade. Mfehaha pii a atwam ni no, Ɔhene Salomo boaboaa honam fam nneɛma a ɛwɔ wiase pii ano. Osisii afie yeyɛɛ nturo ne mfikyifuw, nyaa nkoa, ayɛmmoa, mmarima ne mmea nnwontofo, ne sika ne dwetɛ pii. Salomo nyaa nneɛma pii pa ara sen wɔn a wodii no kan nyinaa. Sɛ yɛbɛka a, na ɔyɛ ɔdefo ankasa. Ɛkame ayɛ sɛ na Salomo wɔ biribiara a nnipa betumi ahia. Nanso, bere a ɔhwɛɛ nea wayɛ nyinaa no, ɔkae sɛ: “Ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.”—Ɔsɛnkafo 2:1-11.

Nyansa pii a Salomo nyae nyinaa akyi no, ohui sɛ honhom fam nneɛma akyidi de abotɔyam kɛse ba. Ɔkyerɛwee sɛ: “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”—Ɔsɛnkafo 12:13.

Nea wɔakyerɛw wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu no som bo koraa sen sika anaa dwetɛ. (Mmebusɛm 16:16) Emu na nokware a ɛsom bo te sɛ agude no wɔ. So wobɛbɔre ahwehwɛ? (Mmebusɛm 2:1-6) Yɛn Bɔfo a ɔne nneɛma pa nyinaa Fibea no, hyɛ wo nkuran sɛ yɛ saa, na ɔbɛboa wo. Ɔkwan bɛn so?

Yehowa nam N’asɛm, ne honhom, ne n’ahyehyɛde no so ma yɛn nokware a ɛsom bo. (Dwom 1:1-3; Yesaia 48:17, 18; Mateo 24:45-47; 1 Korintofo 2:10) Nneɛma a ne bo yɛ den yi mu a wobɛhwehwɛ no bɛma woanya hokwan afi nyansam apaw asetra kwan a mfaso wɔ so na edi mu sen biara. Na ɛno yɛ nyɛ den efisɛ Yehowa, yɛn Bɔfo no, nim nea yehia na yɛanya nokware anigye.

Bible no De Nneɛma a Ne Bo Yɛ Den Sen Biara Ma

Afotu a emu da hɔ a ɛwɔ Bible mu no yɛ nea mfaso wɔ so na biribiara ne no nsɛ. Abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkamfo kyerɛ no yɛ nea ɛso bi nni. Mfaso wɔ n’afotu so bere nyinaa. Mfe pii a wɔde asɔ ahwɛ no da no adi sɛ mfaso wɔ so. Bible afotu a emu da hɔ ho nhwɛso ahorow no bi ne sɛ yɛbɛyɛ adwumaden, adi nokware, ahwɛ sika so yiye, na yɛnnyɛ anihaw.—Mmebusɛm 6:6-8; 20:23; 31:16.

Nea ɛne ɛno hyia no, Yesu kae sɛ: “Monnhyehyɛ ademude asase so, nea nwewee ne nkannare sɛe no, na awifo bubu kowia. Na monhyehyɛ ademude ɔsoro, nea nwewee ne nkannare nsɛe no na awifo mmubu nkowia.”—Mateo 6:19, 20.

Mfaso wɔ saa afotu a ɛyɛ ne bere mu de no so nnɛ sɛnea na ɛte mfe 2,000 a atwam ni no. Sɛ́ anka yɛbɛma honam fam adedodowpɛ adi yɛn ti no, yebetumi anya mfaso denam asetra kwan a ɛkorɔn akyi a yebedi no so. Ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ saa ne sɛ yɛbɛhyehyɛ honhom mu ademude a ɛbɛma yɛanya asetra a nokware anigye ne abotɔyam wom. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ saa? Ɛne sɛ yɛbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm Bible no, na yɛde nea ɛkyerɛkyerɛ no adi dwuma.

Honhom Fam Nneɛma De Nhyira Ba

Sɛ yɛde honhom fam nneɛma di dwuma yiye a, ɛboa yɛn wɔ honam, nkate, ne honhom fam. Sɛnea mframa a ɛsɔn owia mu ahoɔden a ɛsɛe ade so bɔ yɛn ho ban no, saa ara na abrabɔ ho gyinapɛn bɔ yɛn ho ban denam asiane a ɛwɔ honam fam adedodowpɛ mu a ɛma yehu no so. Kristoni ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.”—1 Timoteo 6:9, 10.

Sika ho dɔ daadaa nkurɔfo ma wɔhwehwɛ ahonyade pii, dibea, ne tumi. Mpɛn pii no, wɔfa akwammɔne so du saa botae yi ho. Nea odi honam fam adedodowpɛ akyi no sɛe bere, ahoɔden, ne ɔdom akyɛde ahorow. Ɛmma obi ntumi nna yiye mpo. (Ɔsɛnkafo 5:12) Akyinnye biara nni ho sɛ ɔpɛ a obi nya sɛ obenya ne ho no mma onnya nkɔso wɔ honhom fam. Onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn, Yesu Kristo, daa ɔkwan a eye sen biara no adi pefee sɛ: ‘Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn.’ (Mateo 5:3) Ná onim sɛ honhom fam ahonyade de nhyira a ɛtra hɔ daa ba na ɛho wɔ mfaso koraa sen honam fam ahonyade a ɛntra hɔ daa no.—Luka 12:13-31.

So Mfaso Wɔ So Ankasa?

Greg ka sɛ: “M’awofo bɔɔ mmɔden biara daadaa me sɛ mfaso nni honhom fam nneɛma so. Nanso, manya asomdwoe kɛse sɛ midi honhom fam botae ahorow akyi efisɛ made me ho afi dadwen a ahonyade ho akansi de ba no ho.”

Honhom fam nneɛma ma yɛne afoforo ntam abusuabɔ nso yɛ papa. Sɛnea wote no na ɛma wunya nnamfo pa, na ɛnyɛ nneɛma a wowɔ nti. Bible kamfo kyerɛ sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo.” (Mmebusɛm 13:20) Bio nso, nyansa ne ɔdɔ na ɛma abusua di yiye, na ɛnyɛ honam fam nneɛma.—Efesofo 5:22–6:4.

Wɔamfa nneɛma a ɛho hia ne nneɛma a ɛho nhia ho nimdeɛ anwo yɛn. Ɛsɛ sɛ yesua fi yɛn atipɛnfo hɔ anaa beae bi a ɛkorɔn. Ɛno nti Bible nkyerɛkyerɛ betumi asakra su a yekura wɔ honam fam nneɛma ho no koraa. Don, a na ɔyɛ adwuma wɔ sikakorabea no, ka sɛ: “Wɔboaa me ma mesan susuw nneɛma ho bio, na misuae sɛ mɛma nea mihia wɔ asetram no ara adɔɔso ama me.”

Hwehwɛ Honhom Fam Ahonyade a Ɛtra Hɔ Daa

Honhom fam nneɛma de nhyira a ɛtra hɔ daa ba, na ɛnyɛ nea ɛba twam bere tiaa bi. Paulo kyerɛwee sɛ: “[Honam fam nneɛma] a wohu no nkyɛ mu twa, na nneɛma a wonhu no na ɛtra hɔ daa.” (2 Korintofo 4:18) Ɛyɛ nokware sɛ honam fam nneɛma betumi ama yɛn nsa aka yɛn mprempren ahiade de, nanso sɛ obi yɛ adifudepɛ a ɛremmoa no nkosi ase. Honhom fam nneɛma na ɛtra hɔ daa.—Mmebusɛm 11:4; 1 Korintofo 6:9, 10.

Bible kasa tia honam fam adedodowpɛ adwene a abu so nnɛ no. Ɛkyerɛ sɛnea yebesiw pɛsɛmenkominya akɔnnɔ ano denam yɛn ani a yɛbɛma ahwɛ tẽẽ no so. Ɛde adwene si nneɛma a ɛho hia paa, honhom fam ahonyade, so. (Filipifo 1:10) Ɛma yehu nea adifudepɛ kyerɛ—a ɛne som a obi som ne ho. Sɛ yɛde nea yesua fi Onyankopɔn Asɛm mu di dwuma a, yenya anigye kɛse. Yɛde yɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛkyɛ afoforo ade sen sɛ wɔbɛkyɛ yɛn ade. Nsusuwii a ɛma yɛkwati ahopɛ na ɛma yedi honhom fam nneɛma akyi bɛn ara ni!

Nokwarem no, sika betumi abɔ yɛn ho ban akosi baabi. (Ɔsɛnkafo 7:12) Nanso Bible ka no pefee sɛ: “Wo sika betumi afi wo nsa prɛko pɛ, na ebetumi afuw ntaban atu sɛ ɔkɔre.” (Mmebusɛm 23:5, Today’s English Version) Nkurɔfo de nneɛma pii—akwahosan, mmusua, ne ahonim pa mpo asesa honam fam adedodowpɛ ma adi wɔn awu. Nanso, honhom fam gyinabea pa a yebenya no bedi yɛn ahiade a ɛsen biara ho dwuma—yebenya ɔdɔ ne atirimpɔw, na yɛasom Onyankopɔn, Yehowa, a ɔwɔ dɔ no. Ɛsan twe adwene si ɔkwan a adesamma benya daa nkwa a pɛyɛ wɔ mu wɔ paradise asase so no so—anidaso a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no.

Ɛrenkyɛ nkɔso a adesamma hwɛ kwan sɛ wobenya no bɛbam koraa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. (Dwom 145:16) Saa bere no, ‘Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ’ asase nyinaa so ma. (Yesaia 11:9) Honhom fam nneɛma bebu so. Honam fam adedodow ne ɛho haw befi hɔ koraa. (2 Petro 3:13) Afei nneɛma a ɛma asetra yɛ nea abotɔyam wom kɛse—akwahosan a edi mũ, adwuma a abotɔyam wom, anigyede a ɛfata, abusuabɔ a ɛyɛ anigye, ne Onyankopɔn adamfofa a ɛtra hɔ daa—de nokware anigye bɛbrɛ adesamma daa.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6]

Hwɛ Wo Sika So Yiye!

Hu nea wuhia. Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae sɛ: ‘Ma yɛn da yi aduan sɛnea yehia no da biara.’ (Luka 11:3) Mmu nneɛma a wunyae a anka wopɛ no sɛ ade a ɛho behia ɔkyena. Kae sɛ ɛnyɛ w’ahode na ɛma wo nkwa.—Luka 12:16-21.

Yɛ sika ho nhyehyɛe. Nyɛ atotɔatotɔ hunu. Bible ka sɛ: “Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba, na obiara a ɔpere ho no, ɛde no kɔ ohia nko mu.” (Mmebusɛm 21:5) Yesu tuu n’atiefo fo sɛ wonsusuw nneɛma ho yiye ansa na wɔafi adwuma biara ase.—Luka 14:28-30.

Mmɔ ɛka a ɛho nhia. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, boaboa sika ano fa tɔ nneɛma a wopɛ sɛ wufiri no. Ɛbɛ no ka sɛ: “Ɔdefɛmfo yɛ nea ɔde fɛm akoa.” (Mmebusɛm 22:7) Sɛ wudi wo ho so na wohwɛ wo sika so yiye a, wubetumi ayɛ nhyehyɛe atotɔ nneɛma a ɛho hia kɛse mpo.

Nsɛe nneɛma. Hwɛ nea wowɔ so yiye sɛnea ɛbɛyɛ a worensɛe nneɛma pii na ama nea wowɔ dedaw no akyɛ. Yesu buu ade a wɔhwɛ so yiye sɛ adepa denam ɔkwan a ɔfaa so de nneɛma dii dwuma so.—Yohane 6:10-13.

Yɛ nneɛma a ehia paa no kan. Onyansafo ‘bɛtɔ bere’ de ayɛ nneɛma a ɛho hia ankasa.—Efesofo 5:15, 16.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]

Nea Osuahu Ma YesuaƆkwan Pa Bi Wɔ Hɔ a Ɛsen Saa

Yɛn suahu—sɛ ɛyɛ anigye anaa awerɛhow no, betumi ama yɛasua nneɛma pii a mfaso wɔ so. Nanso, so ɛyɛ nokware sɛ osuahu ne ɔkwampa a eye sen biara a wɔfa so sua biribi, sɛnea wɔtaa ka no no? Ɛnte saa, baabi pa bi wɔ hɔ a yebetumi anya akwankyerɛ afi. Odwontofo no huu baabi ko bere a ɔkae wɔ mpaebɔ mu sɛ: ‘W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann’ no.—Dwom 119:105.

Dɛn nti na nea yesua fi Onyankopɔn akwankyerɛ mu no ye koraa sen nea yesua fi yɛn ankasa suahu mu no? Ade biako ne sɛ, sɛ́ yebesua biribi afi osuahu nkutoo mu—a ɛyɛ nneɛma a wɔsɔ hwɛ mpɛn pii no—betumi asɛe nneɛma pii na adi yɛn awu nso. Afei nso ɛho nhia. Onyankopɔn ka kyerɛɛ tete Israelfo no sɛ: “Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—Yesaia 48:18.

Ade biako nti a Onyankopɔn Asɛm na ɛma yenya akwankyerɛ a ɛyɛ papa ne sɛ adesamma suahu ho kyerɛwtohɔ a edi mũ na akyɛ sen biara na ɛwom. Ebia woahu sɛ nneɛma a yesua fi afoforo yiyedi ne wɔn nkogudi mu a ɛma wode wo ho fi ɛyawdi biara mu no ye sen sɛ wubedi mfomso a wodii no ara bi. (1 Korintofo 10:6-11) Nea ɛho hia kɛse no, Onyankopɔn ama yɛn mmara a eye kyɛn so ne nnyinasosɛm a ebiara ne no nsɛ wɔ Bible no mu. ‘Yehowa mmara yɛ pɛ, . . . Yehowa, adanse atim, ɛma ayemfo hu nyansa.’ (Dwom 19:7) Akyinnye biara nni ho sɛ, nneɛma a yesua fi yɛn Bɔfo a ɔwɔ dɔ no nyansa mu no ne ɔkwan pa a ɛsen biara a wɔfa so sua ade.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4]

Wiase no pɛ sɛ wunya ne honam fam adedodowpɛ adwene no bi

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Nea ɛwɔ Bible mu no som bo sen sika anaa dwetɛ koraa