Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 24

Yehowa Bɔnefakyɛ De, Ɛso Bi Nni

Yehowa Bɔnefakyɛ De, Ɛso Bi Nni

“O Yehowa, wuye, na wuyi wo yam de bɔne kyɛ; wo dɔ a enni huammɔ no dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.”—DW. 86:5.

DWOM 42 Onyankopɔn Somfo Mpaebɔ

NEA YƐREBESUA *

1. Nokwasɛm bɛn na Ɔhene Solomon kaa wɔ Ɔsɛnkafo 7:20?

 ƆHENE Solomon kaa sɛ: “Ɔtreneeni biara nni asaase so a adepa nko ara na ɔyɛ a ɔnyɛ bɔne da.” (Ɔsɛnk. 7:20) Saa asɛm no yɛ nokware turodoo! Yɛn nyinaa yɛ abɔnefo. (1 Yoh. 1:8) Enti ehia sɛ Onyankopɔn de yɛn nyinaa bɔne kyɛ yɛn. Afei nso, ehia sɛ afoforo de yɛn bɔne kyɛ yɛn.

2. Sɛ wo yɔnko berɛbo bi de wo bɔne kyɛ wo a, ɛma wote nka sɛn?

2 Ɛda adi sɛ, wokae bere bi a wofom wo yɔnko berɛbo bi. Esiane sɛ na wopɛ sɛ musiesie mo ntam nti, wufii wo komam paa no kyɛw. Bere a w’adamfo no de kyɛɛ wo koraa no, wotee nka sɛn? Sɛ́ wo koma tɔɔ wo yam? Yegye di sɛ w’ani gyei!

3. Dɛn na yɛde yɛn adwene besi so wɔ adesua yi mu?

3 Yɛpɛ sɛ Yehowa yɛ yɛn Adamfo a ɔbɛn yɛn paa. Nanso, ɛwom a, yetumi ka asɛm bi anaa yɛyɛ biribi ma ɛhaw no. Nanso yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ yɛn? Sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ ne sɛnea nnipa nso de bɔne kyɛ no, nsonsonoe bɛn na ɛwom? Afei nso, henanom na Onyankopɔn de wɔn bɔne kyɛ wɔn?

YEHOWA AYƐ KRADO SƐ ƆDE BƆNE BƐKYƐ

4. Yɛbɛyɛ dɛn anya ahotoso sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ?

4 Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ. Bere a Yehowa kaa ne ho asɛm kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so no, ɔnam ɔbɔfo bi so kaa sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye, nea ne bo mfuw ntɛm, nea ne dɔ a enni huammɔ nni ano, na ne nokwaredi dɔɔso. Ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ nnipa mpempem, na ɔde mfomso ne mmarato ne bɔne kyɛ.” (Ex. 34:6, 7) Yehowa yɛ Onyankopɔn a ne yam ye na ɔwɔ mmɔborɔhunu; wayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔde abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne bɛkyɛ wɔn.—Neh. 9:17; Dw. 86:15.

Biribiara a yɛafa mu wɔ asetena mu a anya yɛn su ne yɛn ban so nkɛntɛnso no, Yehowa ani tua ne nyinaa (Hwɛ nkyekyɛm 5)

5. Sɛnea Dwom 103:13, 14 ma yehu no, nim a Yehowa nim nnipa yiye no, dɛn na ɛkanyan no ma ɔyɛ?

5 Yehowa na ɔbɔɔ yɛn, enti onim yɛn ho biribiara. Ɔdasani biara a ɔte asaase yi so no, onim ne ho biribiara. Wohwɛ a, ɛnyɛ nwonwa? (Dw. 139:15-17) Wei nti, sintɔ biara a yenya fii yɛn awofo hɔ no, onim. Biribiara a yɛafa mu wɔ asetena mu a anya yɛn su ne yɛn ban so nkɛntɛnso mpo, n’ani tua ne nyinaa. Nim a Yehowa nim nnipa yiye saa no, ɛkanyan no ma ɔyɛ dɛn? Ɛkanyan no ma oyi mmɔborɔhunu adi kyerɛ yɛn.—Dw. 78:39; kenkan Dwom 103:13, 14.

6. Dɛn na Yehowa ayɛ a ɛkyerɛ sɛ wayɛ krado sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ?

6 Yehowa ayɛ biribi de akyerɛ sɛ wayɛ krado sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ. Onim sɛ nea Adam, onipa a odi kan no yɛe nti, yɛn nyinaa abɛyɛ abɔnefo a owu da hɔ retwɛn yɛn. (Rom. 5:12) Ná biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ de agye yɛn ho ne afoforo afi bɔne ne owu nsam. (Dw. 49:7-9) Nanso, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ ne ayamhyehye no yɛɛ nhyehyɛe bi a na ebetumi ama yɛanya yɛn ho atetew. Dɛn na ɔyɛe? Sɛnea Yohane 3:16 ma yehu no, Yehowa somaa ne Ba a ɔwoo no koro no ma obewu maa yɛn. (Mat. 20:28; Rom. 5:19) Yesu besii yɛn anan wui, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ogye no di no benya ne ho atetew. (Heb. 2:9) Bere a Yehowa hui sɛ ne Dɔba no rewu animguase wu yayaayaw no, ɛbɛyɛ sɛ etwaa ne nsono mu! Wohwɛ a, sɛ Yehowa mpɛ sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn a, anka ɔbɛsoma ne Ba no ama wabewu ama yɛn?

7. Wɔn a Yehowa yii ne yam de wɔn bɔne kyɛɛ wɔn a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, ebi ne henanom?

7 Yɛhwɛ Bible mu a, yehu nnipa pii a Yehowa yii ne yam de wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. (Efe. 4:32) Wɔn mu hena na ne ho asɛm aba wo tirim? Ebia woakae Ɔhene Manase. Saa onipabɔnefo no yɛɛ nneɛma bɔne bebree de hyɛɛ Yehowa abufuw. Odii abosonsom mu akoten paa. Okunkum ɔno ara ne mma de wɔn bɔɔ afɔre maa abosom. Ɔsen ohoni bi mpo de kosii Yehowa asɔrefie kronkron hɔ pɛɛ. Bible ka ne ho asɛm sɛ: “Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuw.” (2 Be. 33:2-7) Nanso bere a Manase fii ne komam nuu ne ho no, Yehowa de kyɛɛ no korakora. Onyankopɔn de n’ahenni no mpo san maa no. (2 Be. 33:12, 13) Ebia Ɔhene Dawid nso ho asɛm aba wo tirim. Ɔyɛɛ bɔne akɛse tiaa Yehowa. Ebi ne sɛ ɔsɛee aware san dii awu. Nanso bere a Dawid fii ne komam nuu ne ho, na ogyee ne mfomso toom no, Yehowa de kyɛɛ ɔno nso. (2 Sam. 12:9, 10, 13, 14) Ampa, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ. Afei nso, sɛnea yebehu no, sɛ Yehowa de bɔne kyɛ a, ɛnte sɛ nnipa de koraa.

SƐNEA YEHOWA DE BƆNE KYƐ NO DA MU FUA

8. Dɛn na ɛma Yehowa yɛ Ɔtemmufo a ɔda mu fua?

8 Yehowa ne “asaase nyinaa temmufo no.” (Gen. 18:25) Sɛ obi yɛ ɔtemmufo papa a, ɛsɛ sɛ ɔte mmara no ase yiye. Saa na Yehowa te, efisɛ ɔyɛ yɛn Temmufo, na ɔsan yɛ yɛn Mmarahyɛfo. (Yes. 33:22) Sɛ yɛreka nneɛma a ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne a, obiara nni hɔ a onim no yiye sen Yehowa. Dɛn bio na ɛsɛ sɛ ɔtemmufo papa tumi yɛ? Ɛsɛ sɛ otumi hu nokwasɛm biara a ɛfa asɛm bi ho ansa na wabu atɛn. Sɛ saa a, ɛnde Yehowa yɛ Ɔtemmufo a ɔda mu fua, efisɛ onim nokwasɛm a ɛfa asɛm biara ho.

9. Sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔde bɔne kyɛ a, dɛn na ogyina so yɛ saa?

9 Yehowa nte sɛ nnipa atemmufo. Ɔno de, asɛm biara a ɛbɛba n’anim no, onim ɛho nokwasɛm nyinaa. (Gen. 18:20, 21; Dw. 90:8) Nea nnipa nhu anaa wɔnte nyinaa, ɔno de onim. Su ahorow a obi nya fii n’awofo hɔ, ntetee a onyae, baabi a ɔtenae, ne sɛnea odwen nneɛma ho, a ne nyinaa aka abom ama wanya suban a ɔwɔ no, Yehowa te ase paa. Yehowa hwehwɛ koma mu nso. Biribiara a epiapia obi ma ɔyɛ nea ɔyɛ biara no, Yehowa nim ne nyinaa. Yɛrentumi mfa biribiara nsie Yehowa. (Heb. 4:13) Enti ansa na Yehowa de bɔne bɛkyɛ no, na wahwɛ nokwasɛm a ɛfa asɛm no ho nyinaa.

Yehowa bu atɛntrenee. Nnipa mu nyiyim biara nni n’akwan mu. Obiara rentumi mma no braeb (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa bu atɛntrenee bere nyinaa? (Deuteronomium 32:4)

10 Yehowa bu atɛntrenee bere nyinaa. Nnipa mu nyiyim biara nni n’akwan mu. Ɛremma da sɛ ɔbɛhwɛ obi ahoɔfɛ, ne sika, n’anuonyam anaa ne dom akyɛde ho ansa na ɔde ne bɔne akyɛ no. (1 Sam. 16:7; Yak. 2:1-4) Obiara rentumi nhyɛ Yehowa anaa ɔmma no braeb sɛ ɔnyɛ biribi. (2 Be. 19:7) Onnyina abufuw anaa atenka so mmu atɛn da. (Ex. 34:7) Wei ma yehu paa sɛ Yehowa ne Ɔtemmufo papa paa, efisɛ ntease ne nhumu a ɔwɔ no de, adutwam.—Kenkan Deuteronomium 32:4.

11. Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa bɔnefakyɛ da mu fua?

11 Hebri Kyerɛwnsɛm no akyerɛwfo hui sɛ Yehowa bɔnefakyɛ da mu fua. Ɛtɔ da na wɔreka Yehowa bɔnefakyɛ ho asɛm a, Hebri asɛmfua a wɔde di dwuma no, nhoma bi ka sɛ, “sɛ Onyankopɔn de obi bɔne kyɛ no a, ɛnna wɔde saa asɛmfua no di dwuma. Nanso sɛ onipa de ne yɔnko nipa bɔne kyɛ no a, wɔmfa saa asɛmfua no nni dwuma da, efisɛ saa bɔnefakyɛ no nni mu te sɛ Onyankopɔn de no.” Yehowa nko ara na ɔwɔ tumi sɛ ɔde ɔbɔnefo a wanu ne ho bɔne bɛkyɛ no korakora. Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, dɛn na yenya?

12-13. (a) Sɛ Yehowa de obi bɔne kyɛ no a, dɛn na onya? (b) Sɛ Yehowa de obi bɔne kyɛ no a, ɛboa no kosi bere bɛn?

12 Sɛ yegye tom sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn a, yenya “ahotɔ mmere.” Ebi ne asomdwoe ne ahonim pa. Saa bɔnefakyɛ no de, “Yehowa ankasa” nkyɛn na efi, na ɛnyɛ nnipa. (Aso. 3:19) Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ayɔnkofa a na yɛne no wɔ no, ɔsan ma yɛn nsa ka no pɛpɛɛpɛ te sɛ nea yɛnyɛɛ bɔne biara da.

13 Sɛ Yehowa nya de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɔrenkɔfa ho asɛm mma bio anaa ɔrentwe yɛn aso nso wɔ ho bio da. (Yes. 43:25; Yer. 31:34) Yehowa pia yɛn bɔne no kɔ akyirikyiri “sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no.” * (Dw. 103:12) Sɛ yedwinnwen sɛnea Yehowa yi ne yam de bɔne kyɛ no ho a, ɛma anisɔ ne obu a yɛwɔ ma no no yɛ kɛse. (Dw. 130:4) Nanso henanom na Onyankopɔn de wɔn bɔne kyɛ wɔn?

HENANOM NA ONYANKOPƆN DE WƆN BƆNE BƐKYƐ WƆN?

14. Ebesi ha yi, nea Yehowa gyina so de bɔne kyɛ no, dɛn na yɛasua afa ho?

14 Sɛnea yɛahu no, Yehowa pɛ sɛ ɔde obi bɔne kyɛ no a, ɛnyɛ sɛnea bɔne no sõ anaa esua no na ɔhwɛ. Afei nso, yɛahu sɛ Yehowa ne yɛn Bɔfo, yɛn Mmarahyɛfo ne yɛn Temmufo, enti ɔwɔ nimdeɛ paa. Wei nti, sɛ ɔpɛ sɛ ɔde obi bɔne kyɛ no a, ogyina saa nimdeɛ no so na ɛyɛ. Nneɛma bɛn na ɛyɛ a ɔhwɛ?

15. Sɛnea Luka 12:47, 48 kyerɛ no, ade baako bɛn na ɛyɛ a Yehowa hwɛ?

15 Ade baako a ɛyɛ a Yehowa hwɛ ne sɛ, na ɔbɔnefo no nim sɛ nea na ɔreyɛ no yɛ bɔne anaa. Yesu kyerɛkyerɛɛ wei mu fann wɔ Luka 12:47, 48. (Kenkan.) Sɛ obi boapa bɔ ne tirim pɔw yɛ bɔne a onim paa sɛ Yehowa kyi a, na wayɛ bɔne a ɛsõ. Sɛ obi yɛ saa a, anhwɛ a na Yehowa amfa ankyɛ no. (Mar. 3:29; Yoh. 9:41) Nanso ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ bɔne a yɛyɛ no, ɛtɔ da a yenim, nso yɛyɛ. Ɛba saa a, yebetumi anya bɔnefakyɛ anaa? Yiw, efisɛ ade foforo nso wɔ hɔ a Yehowa hwɛ.

Sɛ yefi yɛn komam nu yɛn ho a, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn (Hwɛ nkyekyɛm 16-17)

16. Dɛn ne ahonu, na sɛ Yehowa de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn a, adɛn nti na ehia sɛ yenu yɛn ho?

16 Ade foforo a Yehowa hwɛ ne sɛ, ɔbɔnefo no anu ne ho ampa anaa. Dɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ wanu ne ho? Ɛne sɛ “ɔbɛsakra n’adwene, ne suban anaa nea esi n’ani so.” Nea ɛka ho ne sɛ nneɛma bɔne a wayɛ anaa nneɛma pa a ɛsɛ sɛ ɔyɛ a wanyɛ no, obedi ho yaw anaa obedi ho awerɛhow paa. Obi a wanu ne ho no, ɛnyɛ bɔne a wayɛ no nko ara na odi ho yaw, mmom, nea ɛma ɔyɛɛ mmerɛw a ɛde no kɔɔ bɔne mu no, odi ɛno nso ho yaw. Kae sɛ Ɔhene Manase ne Ɔhene Dawid nyinaa yɛɛ bɔne akɛse, nanso Yehowa de kyɛɛ wɔn efisɛ wofii wɔn komam nuu wɔn ho. (1 Ahe. 14:8) Enti sɛ Yehowa de obi bɔne bɛkyɛ no a, ɛsɛ sɛ ohu adanse a ɛkyerɛ sɛ onii no anu ne ho. Nanso sɛ yɛyɛ bɔne na yedi ho yaw a, na yenwiei. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma pɔtee bi ka ho. * Wei nso ne ade foforo a Yehowa hwɛ.

17. Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛadane yɛn ho, na adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛdane yɛn ho na yɛansan ankɔyɛ saa bɔne no bio? (Yesaia 55:7)

17 Ade foforo nso a ɛho hia a Yehowa hwɛ ne sɛ yɛadane yɛn ho anaa. Dɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ wadane ne ho? Ɛne sɛ ɔbɛsesa n’akwan na wagyae nneɛma bɔne a ɔyɛ no, na wabɛyɛ nea Yehowa pɛ. (Kenkan Yesaia 55:7.) Ɛsɛ sɛ ɔsesa n’adwene koraa na ɔma Yehowa adwene kyerɛ no kwan. (Rom. 12:2; Efe. 4:23) Ɛsɛ sɛ osi ne bo sɛ nneɛma bɔne a na agye n’adwene abɔ so ne ɔbrafĩ a ɔwom no, obeyi no akwa. (Kol. 3:7-10) Ɛwom, gyidi a yɛwɔ wɔ Kristo afɔrebɔ no mu no, ɛno paa na Yehowa gyina so de yɛn bɔne kyɛ yɛn, na ɔhohoro yɛn ho fi yɛn bɔne ho. Nanso sɛ Yehowa begyina Yesu afɔrebɔ no so de yɛn bɔne akyɛ yɛn a, gye sɛ ohu sɛ yɛayere yɛn ho paa sɛ yɛbɛsesa yɛn abrabɔ.—1 Yoh. 1:7.

NYA AHOTOSO SƐ YEHOWA DE WO BƆNE BƐKYƐ WO

18. Dɛn na yɛasua afa sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no ho?

18 Momma yɛmmɔ nsɛntitiriw a yɛasusuw ho no mua. Sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no, ɛso bi nni; obiara nto no wɔ amansan yi mu. Adɛn nti na yɛreka saa? Nea edi kan, wayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ. Nea ɛtɔ so mmienu, onim yɛn ho biribiara. Onim sɛnea yɛte yiye, na ɔno paa ne obi a obetumi ahu sɛ yɛanu yɛn ho ampa anaa. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, na ɔde akyɛ yɛn koraa te sɛ nea yɛnyɛɛ bɔne biara. Wei ma yenya ahonim pa, na ɔsan gye yɛn tom.

19. Ɛwom sɛ yɛtɔ sin, enti yɛbɛkɔ so ayɛ bɔne, nanso adɛn nti na yɛn ani betumi agye?

19 Ɛwom, esiane sɛ yɛtɔ sin nti, yɛbɛkɔ so ayɛ bɔne. Nanso, asɛm a ɛwɔ Insight on the Scriptures, Ɔfã 2, kratafa 771 no betumi akyekye yɛn werɛ. Ɛhɔ ka sɛ: “Esiane sɛ Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo nti, ɔkae sɛ n’asomfo wɔ mmerɛwyɛ. Wei nti, sɛ sintɔ a wɔde woo wɔn no ma wodi mfomso a, ɛnsɛ sɛ daa wodi ho awerɛhow. (Dw 103:8-14; 130:3) Sɛ wɔreyɛ nea wobetumi biara anantew Onyankopɔn akwan so a, ɛnde wɔn ani betumi agye. (Flp 4:4-6; 1Yo 3:19-22).” Wei hyɛ yɛn nkuran paa!

20. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

20 Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛabehu sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne na yefi yɛn koma mu nu yɛn ho a, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ yɛn. Nanso, yɛbɛyɛ dɛn asuasua sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no? Akwan bɛn so na sɛnea yɛde bɔne kyɛ no te sɛ Yehowa de no, nanso nsonsonoe bɛn na ɛwom? Adɛn nti na ɛho hia sɛ yehu saa nsonsonoe no? Adesua a edi hɔ no mu no, yebenya saa nsɛmmisa no ho mmuae.

DWOM 45 Me Komam Nsusuwii

^ Yehowa ma yɛn awerɛhyem wɔ n’Asɛm no mu sɛ, wayɛ krado sɛ ɔde abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne bɛkyɛ wɔn. Nanso ɛtɔ da a, yebetumi ate nka sɛ yɛmfata sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a yebetumi agye adi sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne na yefi yɛn komam nu yɛn ho a, Onyankopɔn ayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ yɛn.

^ Hwɛ nhoma a yɛato din Bɛn Yehowa no ti 26, nky. 9.

^ ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: “Ahonu”—Sɛ yɛka sɛ obi anu ne ho a, ɛkyerɛ sɛ wasesa n’adwene na ɛyɛ ne yaw paa sɛ wammɔ ne bra yiye, anaa ɛyɛ no yaw paa sɛ ɔyɛɛ nneɛma bɔne bi. Afei nso, ɛyɛ ne yaw sɛ wanyɛ nea anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Sɛ obi anu ne ho ampa a, ne nneyɛe na ɛbɛkyerɛ. Ɔkwan a ɔnam so no, ɔbɛsesa.