Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma “Ayamye Mmara” Nkanyan Wo

Ma “Ayamye Mmara” Nkanyan Wo

LISA * kaa sɛ: “Ayamye a anuanom daa no adi no na ɛkaa me koma paa.” Ná ɔreka nea ɛmaa n’ani begyee nokware no ho. Biribi saa na Anne nso kae. Ɔkaa sɛ: “Wɔn ayamye no titiriw na ɛtwee me, na ɛnyɛ wɔn nkyerɛkyerɛ.” Seesei, anuanom mmea mmienu no nyinaa ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan Bible no na wɔadwinnwen ho. Nanso ade a ɛkaa wɔn koma paa ne anuanom ayamye no.

Akwan bɛn na yebetumi afa so ada ayamye adi ama aka nkurɔfo koma? Ma yɛnhwɛ akwan mmienu a yebetumi afa so ayɛ saa. Ɛno ne yɛn kasa ne yɛn nneyɛe. Afei, yɛbɛhwɛ wɔn a ɛsɛ sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ wɔn.

“AYAMYE MMARA” WƆ WO TƐKRƐMA SO

Ɔyere pa a ne ho asɛm wɔ Mmebusɛm ti 31 no, ɔwɔ “ayamye mmara” wɔ ne tɛkrɛma so. (Mmeb. 31:26) Sɛ ɔrekasa a, ɔma “mmara” yi kyerɛ no sɛnea ɛsɛ sɛ ɔkasa ne nea ɛsɛ sɛ ɔka. Ɛsɛ sɛ agyanom nso nya saa “mmara” yi wɔ wɔn tɛkrɛma so. Awofo dodow no ara nim paa sɛ, sɛ wɔrekasa akyerɛ wɔn ba na wɔkeka nsɛm a ɛyɛ yaw anaa wɔteɛteɛm gu no so a, ebetumi ahaw abofra no, na anhwɛ a ɔrentie nea awofo no reka no. Enti sɛ awofo yere wɔn ho ka kasadɛ kyerɛ wɔn mma a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama mmofra no sɛ wobetie na wɔadi so.

Woyɛ ɔwofo oo, wonyɛ ɔwofo oo, wobɛyɛ dɛn ama w’anom kasa ahyɛ nkuran? Sɛ yɛhwɛ Mmebusɛm 31:26 no fã a edi kan no a, yebenya mmuae no wɔ hɔ. Ɛhɔ ka sɛ: “Obue n’ano nyansam.” Nea wei kyerɛ ne sɛ, yɛbɛhwɛ yɛn kasa yiye, kyerɛ sɛ yɛbɛhwɛ nsɛm a epue fi yɛn anom ne ɛnne a yɛde kasa no yiye. Enti yɛrebɛkasa a, ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Asɛm a merebɛka yi, ɛde abufuw bɛba, anaa ɛde asomdwoe bɛba?’ (Mmeb. 15:1) Ampa, sɛ yedwen ansa na yɛakasa a, ɛboa paa.

Abebusɛm foforo nso ka sɛ: “Nsɛm a wotu no bumbum no, ɛte sɛ nea wɔde sekan rewowɔ obi.” (Mmeb. 12:18) Sɛ yehu sɛnea yɛn anom nsɛm ne ɛnne a yɛde kasa no betumi aka nkurɔfo a, yɛbɛhwɛ yɛn kasa yiye. Sɛ yɛde “ayamye mmara” no yɛ adwuma a, yɛrenka nsɛm a ɛyɛ yaw nkyerɛ nkurɔfo, na yɛrenteɛteɛm ngu wɔn so. (Efe. 4:31, 32) Yebeyi abufuw afi yɛn mu na yɛadwen nea yɛbɛka ho yiye. Ɛba saa a yɛbɛkasa brɛoo, na yɛaka kasadɛ. Yehowa yɛɛ nea yɛreka yi ho nhwɛso bere a ɔkaa ne somfo Elia a na wabɔ hu no koma too ne yam no. Ɔbɔfo a na Yehowa asoma no no de “ɛnne bi kasae brɛoo.” (1 Ahe. 19:12) Nanso sɛ yɛka kasadɛ anaa kasa a ɛhyɛ nkuran a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ yɛn yam ye. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nnwuma nso kyerɛ sɛ yɛn yam ye. Yɛbɛyɛ no sɛn?

YƐDE YƐN NNWUMA KYERƐ SƐ YƐN YAM YE A, ƐHYƐ NKURƆFO DEN

Sɛ yɛka kasadɛ, na yɛde yɛn nnwuma kyerɛ sɛ yɛn yam ye a, na yɛresuasua Yehowa. (Efe. 4:32; 5:1, 2) Lisa a yɛaka n’asɛm dedaw no kyerɛɛ sɛnea Adansefo no daa ayamye adi kyerɛɛ no. Ɔkaa sɛ: “Ɛbae sɛ na ɛsɛ sɛ yɛn abusua no tu fi baabi a yɛte no putupuru. Anuanom mmienu ne wɔn yerenom srɛɛ kwan fii adwumam bɛboaa yɛn ma yɛsesaw yɛn nneɛma. Saa bere no mpo, na mimfii ase nsuaa Bible!” Nea anuanom no yɛe no kaa Lisa koma ma ɔhwehwɛɛ nokware no mu yiye.

Anne a yɛadi kan aka ne ho asɛm no nso ani sɔɔ ayamye a Adansefo no daa no adi kyerɛɛ no no. Ɔkaa sɛ: “Sɛnea wiase no ayɛ nti, na me tirim ntene me wɔ biribiara ho. Ná minnye nnipa nni.” Ɔtoaa so sɛ: “Bere a mihyiaa Adansefo no, na minnye wɔn nni. Mekaa wɔ me tirim sɛ, ‘Adɛn nti na wɔreboa me saa?’ Nanso mihui sɛ biribiara a nea ɔne me sua ade no yɛ maa me no, oyii ne yam na ɛyɛe, enti migyee no dii.” Adepa bɛn na efii mu bae? Ɔde kaa ho sɛ: “Akyiri yi, mifii ase de m’adwene kɔɔ nea na meresua no so.”

Hyɛ no nsow sɛ, ayamye a ɔdɔ nti asafo no mufo daa no adi kyerɛɛ Lisa ne Anne no kaa wɔn koma paa, na ɛno ka ho bi nti na wosuaa nokware no. Ayamye a asafo no mufo daa no adi kyerɛɛ wɔn no ma wofii ase gyee Yehowa ne ne nkurɔfo dii.

SUASUA ONYANKOPƆN NA DA AYAMYE ADI KYERƐ NKURƆFO

Ebinom wɔ hɔ a baabi a wofi nti, ɛnyɛ den koraa sɛ wɔbɛka kasadɛ na wɔaserew. Sɛ obi amammerɛ anaa ne suban nti, obu ade a, eye. Nanso sɛ baabi a yefi nti na yɛte saa a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ Onyankopɔn ayamye no bi na yɛresuasua.—Fa toto Asomafo Nnwuma 28:2 ho.

Ayamye papa paa no, ɛyɛ Onyankopɔn honhom kronkron no aba. (Gal. 5:22, 23) Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn honhom no boa yɛn ma yɛda ayamye adi. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yesuasua Yehowa ne Yesu. Yɛn Kristofo de, yedwen nkurɔfo ho paa, na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa Nyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa no na ɛma yedwen nkurɔfo ho. Wei nti, yebetumi aka sɛ ayamye a yɛda no adi no yɛ suban pa a efi yɛn koma mu, na ɛsɔ Onyankopɔn ani.

HENANOM NA ƐSƐ SƐ YƐDA AYAMYE ADI KYERƐ WƆN?

Wɔn a wɔda ayamye adi kyerɛ yɛn ne wɔn a yenim wɔn no, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛda ayamye adi akyerɛ wɔn. (2 Sam. 2:6) Ɔkwan baako a yɛbɛfa so ada ayamye adi akyerɛ nkurɔfo ne sɛ, sɛ wɔyɛ ade ma yɛn a, yɛbɛda wɔn ase. (Kol. 3:15) Sɛ yɛn adwene yɛ yɛn sɛ, obi wɔ hɔ a, ɔno de ɛmfata sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ no nso ɛ?

Susuw wei ho hwɛ: Yehowa ne obi a ɔdom nkurɔfo anaa ɔda ayamye adi kyerɛ nnipa sen obiara. Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, ɛma yehu nea enti a ehia paa sɛ yɛda saa suban no adi. Wɔde asɛm “adom” adi dwuma mpɛn pii wɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛn na Onyankopɔn dom yɛn anaa ɔda ayamye adi kyerɛ yɛn?

Wo de, hwɛ nnipa ɔpepem pii a Yehowa da n’ayamye adi kyerɛ wɔn. Ɔma wonya biribiara a wohia, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so atena nkwa mu. (Mat. 5:45) Ansa na yɛrebehu Yehowa mpo, na wada n’ayamye adi akyerɛ yɛn. (Efe. 2:4, 5, 8) Wo de hwɛ oo, ɔde biribi a ɛsom bo ma no paa ama nnipa. Ɛno ne ne Dɔba a ɔwoo no koro no. Ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ Yehowa de agyede no ama yɛn “sɛnea n’adom bebrebe no te.” (Efe. 1:7) Bio nso, ɛwom sɛ yɛyɛ bɔne na yedi Yehowa huammɔ de, nanso ɔkɔ so ara kyerɛ yɛn kwan, na ɔkyerɛkyerɛ yɛn. Ne nkyerɛkyerɛ ne ne nsɛm te sɛ “osu a ɛretɔ” brɛoo gu sare so. (Deut. 32:2) Ayamye a ɔda no adi kyerɛ yɛn no, yɛrentumi ntua no ka da. Yenim paa sɛ, sɛ ɛnyɛ Yehowa ayamye a, anka yenni anidaso biara.—Fa toto 1 Petro 1:13 ho.

Enti yebetumi aka paa sɛ Yehowa ayamye ka koma, na ɛhyɛ den. Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nyiyim, na yɛka sɛ wei de yɛbɛda ayamye adi akyerɛ no, na wei de yɛrenna ayamye adi nkyerɛ no. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho suasua Yehowa, na yɛda ayamye adi kyerɛ nkurɔfo da biara. (1 Tes. 5:15) Sɛ yɛda ayamye adi bere nyinaa a, yɛbɛyɛ sɛ ogya a nkurɔfo tena ho wɔ awɔwbere mu. Yɛbɛyɛ awerɛkyekye ama yɛn abusuafo, yɛn nuanom Kristofo, wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma, wɔn a yɛne wɔn kɔ sukuu, ne nkurɔfo a yɛne wɔn te mpɔtam.

Wo de, hwɛ w’abusuafo ne w’asafo mufo a wo kasadɛ ne wo nneyɛe pa betumi ahyɛ wɔn nkuran. Ebia obi wɔ w’asafo mu a ohia obi a ɔbɛboa no ama wasiesie ne fie, adodɔw ne dan akyi, anaa wakɔtotɔ nneɛma abrɛ no. Bio nso, sɛ wowɔ asɛnka mu na wuhyia obi a ohia mmoa a, wubetumi ayɛ biribi aboa no anaa?

Suasua Yehowa, na ma “ayamye mmara” no nkyerɛ wo kwan wɔ wo kasa ne wo nneyɛe mu bere nyinaa.

^ Wɔasesa din ahorow no.