Samuel Nhoma a Ɛto So Abien 2:1-32

  • Dawid bɛyɛɛ ɔhene wɔ Yuda so (1-7)

  • Is-Boset bɛyɛɛ ɔhene wɔ Israel so (8-11)

  • Ntɔkwaw bɛdaa Saul fi ne Dawid fi ntam (12-32)

2  Ɛno akyi no, Dawid bisaa Yehowa sɛ:+ “Menkɔ Yuda nkurow no bi mu anaa?” Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wubetumi akɔ.” Ɛnna Dawid san bisae sɛ: “Ɛhe na menkɔ?” Na ɔkae sɛ: “Kɔ Hebron.”+  Ɛnna Dawid kɔɔ hɔ, ɔne ne yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam+ ne Abigail+ a bere bi na ɔware Karmelni Nabal no.  Dawid de mmarima a wɔka ne ho+ no nso kɔe, obiara ne n’abusua, na wɔkɔtenatenaa Hebron nkurow mu.  Ɛnna Yuda mmarima baa hɔ, na wɔsraa Dawid ngo sii no hene wɔ Yuda fi so.+ Nkurɔfo bɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yebes-Gileadfo na wosiee Saul.”  Enti Dawid tuu abɔfo kɔɔ Yebes-Gilead mmarima nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa nhyira mo sɛ moada ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ mo wura Saul, na moasie no.+  Na afei ma Yehowa nna ɔdɔ a enni huammɔ adi nkyerɛ mo na onni mo nokware. Nea moayɛ yi nti, me nso mɛda ayamye adi akyerɛ mo.+  Afei monhyɛ mo nsam den na munnya akokoduru, efisɛ mo wura Saul awu, na Yuda fi asra me de me asi wɔn so hene.”  Nanso saa bere no, na Ner ba Abner+ a ɔyɛ Saul asraafo no so sahene no afa Saul ba Is-Boset+ de no atwa asubɔnten no kɔ Mahanaim,+  na na wasi no hene wɔ Gileadfo,+ Asurifo, Yesreelfo,+ Efraimfo,+ Benyaminfo, ne Israelfo nyinaa so. 10  Bere a Saul ba Is-Boset bedii Israel so hene no, na wadi mfe 40, na odii hene mfe abien. Yuda fi de, na wɔwɔ Dawid afã.+ 11  Mfe* a Dawid de dii Yuda fi so hene wɔ Hebron no yɛ mfe ason ne abosome asia.+ 12  Akyiri yi, Ner ba Abner ne Saul ba Is-Boset nkoa fii Mahanaim+ kɔɔ Gibeon.+ 13  Na Seruia+ ba Yoab+ ne Dawid nkoa nso fii adi, na wokohyiae wɔ Gibeon ɔtare no ho; wɔtenatenaa ase, eyinom wɔ ɔtare no fã ha, na eyinom nso wɔ ɔtare no fã ha. 14  Afei Abner ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Yɛmma mmerante no nsɔre na wɔmfa nsi ani* mma yɛnhwɛ.” Ɛnna Yoab kae sɛ: “Ma wɔnsɔre ɛ.” 15  Enti obiara kan ne nnipa na wobegyinaa anim; Benyamin ne Saul ba Is-Boset nkurɔfo yɛ 12, na Dawid asomfo nso yɛ 12. 16  Sɛ obiara so ne yɔnko ti a, na ɔde ne sekan awɔ ne mfem, na wɔn nyinaa abom awu. Enti wɔfrɛɛ hɔ Helkat-Hasurim a ɛwɔ Gibeon. 17  Eyi akyi no, ntɔkwaw a ɛkɔɔ so saa da no mu yɛɛ den paa. Abner ne Israel mmarima dii nkogu wɔ Dawid nkoa no anim. 18  Saa bere no, na Seruia mma mmarima baasa no+ wɔ hɔ, Yoab,+ Abisai,+ ne Asahel;+ ná Asahel nan ase yɛ hare sɛ adowa a ɔwɔ wuram. 19  Asahel tuu mmirika dii Abner akyi, na wampɛ sɛ ɔman kɔ Abner nifa anaa ne benkum. 20  Bere a Abner twaa n’ani hwɛɛ n’akyi no, obisae sɛ: “Ɛyɛ wo Asahel anaa?” Na obuae sɛ: “Ɛyɛ me.” 21  Ɛnna Abner ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa w’ani kyerɛ nifa anaa benkum kɔkyere mmerante no baako, na nea wubenya wɔ ne ho biara fa.” Nanso Asahel annyae n’akyi di. 22  Enti Abner san ka kyerɛɛ Asahel sɛ: “Gyae m’akyi di, anyɛ saa a mekum wo. Ɛba saa a, mɛyɛ dɛn atumi ahwɛ wo nua Yoab anim?” 23  Nanso wansan. Enti Abner de ne peaw no to wɔɔ ne yam+ maa peaw no puee n’akyi, na ɔhwee fam wui amonom hɔ ara. Obiara du faako a Asahel hwee fam wui no a, na wagyina hɔ. 24  Ɛnna Yoab ne Abisai soo mmirika mu dii Abner akyi. Bere a owia rekɔtɔ no, wobeduu Amma bepɔw so. Sɛ obi rekɔ Gibeon sare so a, ɛne Gia di nhwɛanim. 25  Ɛhɔ na Benyaminfo no boaboaa wɔn ho ano sɛ kuw baako kogyinaa Abner akyi wɔ koko bi so. 26  Ɛnna Abner teɛɛm ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Enti sekan bedi nam akosi da bɛn? Wunnim sɛ awerɛhow na ɛde bɛba? Ɛnde da bɛn na wobɛka akyerɛ nkurɔfo no sɛ wonnyae wɔn nuanom akyi di?” 27  Ɛnna Yoab kae sɛ: “Sɛ́ nokware Nyankopɔn no te ase yi, sɛ woankasa mu a, anka gye sɛ anɔpa na obiara begyae ne nua akyi di.” 28  Afei Yoab bɔɔ abɛn, na ne mmarima no gyaee Israelfo no akyi di, na ɔko no baa awiei. 29  Abner ne ne mmarima nso siim kɔfaa Araba+ anadwo no nyinaa, na wokotwaa Yordan, na wɔnantew faa bon no mu* kopuee Mahanaim.+ 30  Bere a Yoab gyaee Abner akyi di no, ɔboaboaa nnipa no nyinaa ano. Wohui sɛ wuyi Asahel fi mu a, na wɔahwere Dawid nkoa no mu nnipa 19. 31  Nanso na Dawid nkoa no adi Benyaminfo ne Abner mmarima no so nkonim; wokunkum wɔn mmarima no mu 360. 32  Wɔfaa Asahel+ kosiee no wɔ ne papa amusiei wɔ Betlehem.+ Ɛnna Yoab ne ne mmarima no nantew anadwo no nyinaa, na wokoduu Hebron+ anɔpatutuutu.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “Nna dodow.”
Anaa “wonni aperepere.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wɔnantew faa Bitron.”