Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Nsa Nyɛ Tiaa

Yehowa Nsa Nyɛ Tiaa

Ti Aduonu

Yehowa Nsa Nyɛ Tiaa

Yesaia 59:1-21

1. Ná tebea no te dɛn wɔ Yuda, na dɛn na na nnipa pii resusuw ho?

YUDA man no kyerɛe sɛ na wɔne Yehowa ayɛ apam. Nanso, na ɔhaw wɔ baabiara. Ná atɛntrenee ho ayɛ na, nsɛmmɔnedi ne nhyɛso abu so, na anidaso a na wɔwɔ sɛ wobenya nkɔso no amma mu. Ná biribi atoto ankasa. Ná nnipa pii ntumi nhu sɛ ebia Yehowa besiesie tebea no anaa. Eyi ne tebea a na ɛwɔ hɔ wɔ Yesaia bere so. Nanso, Yesaia kyerɛwtohɔ a ɛfa saa bere yi ho no nyɛ tete abakɔsɛm ara kwa. Ná nkɔmhyɛ kwan so kɔkɔbɔ ahorow wɔ ne nsɛm no mu ma obiara a ɔkyerɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn nanso obu n’ani gu Ne mmara so no. Na nkɔmhyɛ a efi honhom mu a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia ti 59 no fi ayamye mu hyɛ wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom Yehowa ɛmfa ho sɛ wɔte mmere a emu yɛ den na emu yɛ hu mu no nyinaa nkuran.

Wɔtwe Wɔn Ho Fi Nokware Nyankopɔn Ho

2, 3. Dɛn nti na na Yehowa remmɔ Yuda ho ban?

2 Wo de susuw ho hwɛ—na Yehowa nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no abɛyɛ awaefo! Wɔadan wɔn akyi akyerɛ wɔn Yɛfo, ma enti woyii wɔn ho fii ne nsa a ahobammɔ wom no ase. Eyi nti, wohyiaa amanehunu a emu yɛ den. So ebetumi aba sɛ wɔde wɔn ahokyere no ho asodi too Yehowa so? Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, “NW”] nsa nyɛ tiaa a ɛnso ogye, na n’aso nyɛ duru a ɛnte asɛm, na mmom mo amumɔyɛ ne nea ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam pan, na mo bɔne na akata n’ani afi mo ho a enti ontie.”—Yesaia 59:1, 2.

3 Saa nsɛm no yɛ nokware turodoo. Yehowa da so ara yɛ nkwagye Nyankopɔn. Sɛ́ “mpaebɔ tiefo” no, otie n’asomfo anokwafo mpaebɔ. (Dwom 65:2) Nanso, onhyira nnebɔneyɛfo. Nkurɔfo no ankasa na wɔtwee wɔn ho fii Yehowa ho. Wɔn ankasa bɔne na ɛma ɔkataa n’ani fii wɔn ho.

4. Sobo bɛn na wɔbɔɔ Yuda?

4 Nokwasɛm ne sɛ, na Yuda ho kyerɛwtohɔ nye koraa. Yesaia nkɔmhyɛ no kaa sobo a na etia wɔn no bi ho asɛm sɛ: “Mogya akeka mo nsam, na amumɔyɛ agu mo nsateaa ho fĩ; mo ano keka atosɛm, mo tɛkrɛma woro nkontompo.” (Yesaia 59:3) Nkurɔfo no dii atoro kekaa amumɔyɛsɛm. ‘Nsa a mogya akeka mu’ ho asɛm a ɛwom no kyerɛ sɛ na ebinom adi awu mpo. Hwɛ sɛnea wɔbɔɔ Onyankopɔn a ɛnyɛ awudi nko na ne Mmara bara na mmom ɛmma kwan nso sɛ ‘wobɛtan wo nua wo koma mu’ no ahohora! (Leviticus 19:17) Ɛsɛ sɛ Yudafo bɔne a na enni ano, ne nea na ebefi mu aba ɔkwan biara so no kae yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no biara sɛ odi ne nsusuwii ne ne nkate bɔne biara so. Anyɛ saa a, yebetumi ayɛ nneɛma bɔne a ɛbɛma yɛatwe yɛn ho afi Onyankopɔn ho.—Romafo 12:9; Galatifo 5:15; Yakobo 1:14, 15.

5. Ná Yuda amumɔyɛ no akɔ akyiri akodu he?

5 Ná yare a ɛne bɔne no aka ɔman mũ no nyinaa. Nkɔmhyɛ no kɔɔ so kae sɛ: “Obiara nsamena asɛntrenee so, na obiara nni asɛm nokware so; wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuw; wonyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusu.” (Yesaia 59:4) Obiara nka asɛntrenee. Na ɛyɛ den mpo sɛ wubehu obi a wubetumi de wo ho ato no so anaasɛ ɔka nokware wɔ asɛnnibea. Ná Yuda adan n’akyi akyerɛ Yehowa, na ɔde ne ho ato apam a ɔne amanaman, ne ahoni a nkwa nnim mpo, ayɛ so. Eyinom nyinaa yɛ “ahuhude,” na mfaso biara nni so. (Yesaia 40:17, 23; 41:29) Ne saa nti, na wotu agyina pii, nanso na mfaso mma emu biara so. Ná wɔyɛ nhyehyɛe, nanso na nea efi mu ba ara ne ɔhaw ne amumɔyɛ.

6. Ɔkwan bɛn so na Kristoman tebea no te sɛ Yuda de?

6 Amumɔyɛ ne basabasayɛ a na ɛkɔ so wɔ Yuda no ne nea ɛkɔ so wɔ Kristoman mu no di nsɛ yiye. (Hwɛ “Yerusalem a Awae—Kristoman Nsɛso,” a ɛwɔ kratafa 294 no.) Aman a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no ako wiase nyinaa ko abien atirimɔden so. Ɛde besi nnɛ no, ada adi sɛ Kristoman som no nni tumi a ɛde besiw mmusuakuw asetɔre ne mmusua ntam nnipakum a ɛrekɔ so wɔ emufo mu no ano. (2 Timoteo 3:5) Ɛwom sɛ Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn Ahenni so de, nanso Kristoman aman no akɔ so de wɔn ho ato asraafo akode ne amammui mu apam ahorow so sɛ nea ɛbɛbɔ wɔn ho ban. (Mateo 6:10) Nokwarem no, wiase aman a wɔyɛ akode kɛse no mu dodow no ara wɔ Kristoman aman mu! Yiw, sɛ Kristoman de ne ho to nnipa mmɔdenbɔ ne wɔn nhyehyɛe so sɛ ɛno na ɛbɛma wanya dwoodwoo asetra daakye a, ɛnde na ɔno nso de ne ho ato “ahuhude” so.

Aba Bɔne a Wotwa

7. Dɛn nti na Yuda nhyehyɛe ahorow kowiee amanehunu mu nko?

7 Abosonsom ne atorodi remma ɔmanfo nni wɔn ho ni. Esiane sɛ wɔde wɔn ho hyehyɛɛ nneɛma a ɛte saa mu nti, afei de na Yudafo a wonni nokware no retwa ɔhaw a wɔn ankasa gui no so aba. Yɛkenkan sɛ: “Wosow ɔkyereben nkesua, na wɔnwene ananse ntontan; nea odi wɔn nkesua wu, na wotia bi so a, ɛpae ahurutoa.” (Yesaia 59:5) Biribi pa biara amfi Yuda nhyehyɛe ahorow, fi ne mfiase kosi n’awiei, mu amma. Nea wɔn nsusuwii bɔne de bae ara ne amumɔyɛsɛm, sɛnea ɔkyereben nkesua bobɔ akyereben no ara pɛ. Na ɔman no huu amane.

8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na asɛm wɔ Yuda nsusuwii ho?

8 Ebia Yudafo no yɛe sɛ wɔnam basabasayɛ so bɛbɔ wɔn ho ban, nanso na wobedi nkogu. Basabasayɛ ntumi nsi Yehowa mu ahotoso ne adetreneeyɛ ananmu sɛ ade a ɛma wonya ahobammɔ sɛnea ntontan ntumi nsi ntade ananmu mmɔ obi ho ban wɔ awɔw bere mu no. Yesaia kae sɛ: “Wɔn ntontan no renyɛ atade, na nnipa remfa nea wɔyɛ nkata wɔn ho; wɔn nnwuma yɛ abusudwuma, na akokobirisɛmdi wɔ wɔn nsam. Wɔn anan tutu mmirika kɔyɛ bɔne, na wɔyɛ ntɛm kohwie mogya a edi bem gu; wɔn adwene yɛ abusudwene, ɔsɛe ne obubu wɔ wɔn atempɔn mu.” (Yesaia 59:6, 7) Na asɛm wɔ Yuda nsusuwii ho. Ɔdaa subammɔne adi denam basabasayɛ so a ɔnam bɔɔ mmɔden sɛ obedi ne haw ahorow ho dwuma so. Anhaw no sɛ na nnipa a ɔyɛɛ wɔn bɔne no pii ho nni asɛm, na na wɔn mu bi yɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo.

9. Dɛn nti na Kristoman akannifo ntumi nnya nokware asomdwoe?

9 Nsɛm a efi honhom mu yi kae yɛn Kristoman mogyahwiegu bebrebe no. Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa bebu no atɛn wɔ toto a watoto Kristosom ano ma ɛyɛ awerɛhow no ho! Te sɛ Yudafo a na wɔwɔ Yesaia bere so no, Kristoman afa ɔkwan a ɛnteɛ so esiane sɛ n’akannifo susuw sɛ ɛno nkutoo ne ɔkwan a ɛfata nti. Bere a wɔka asomdwoe ho asɛm no, wɔyɛ amumɔyɛde. Abirabɔsɛm bɛn ara ni! Esiane sɛ Kristoman akannifo da so fa saa kwan yi so nti, wɔn nsa ntumi nka asomdwoe ankasa da. Ɛte sɛ nea nkɔmhyɛ no kɔɔ so kae no: “Asomdwoe kwan de, wonnim, na atɛntrenee nni wɔn akwan mu; wɔayɛ wɔn akwan akɔntɔnkye, obiara a ɔfa so nnim asomdwoe.”—Yesaia 59:8.

Wɔwɔ Ntwɛtwɛdɛ Wɔ Honhom Fam Sum Mu

10. Asɛm bɛn na Yesaia gyinaa Yuda ananmu kae?

10 Ná Yehowa ntumi nhyira Yuda akwammɔne no so. (Dwom 11:5) Enti bere a Yesaia gyinaa ɔman no nyinaa ananmu kasae no, ogyee Yuda afɔdi no toom sɛ: “Atemmu ne yɛn ntam aware, na trenee nso nto yɛn no; yɛtwɛn hann, na hwɛ, esum ni, ne ɔhyerɛn nso, na sum kabii mu na yɛnam. Yesinsiane ɔfasu ho sɛ afuraefo, na yesinsiane sɛ wɔn a wonni aniwa; yehintiw awia ketee sɛ kusuu mu, yehinhim atwentwemfo mu sɛ awufo. Yɛn nyinaa po so sɛ asisi, na yesi apini sɛ mmorɔnoma.” (Yesaia 59:9-11a) Yudafo no amma Onyankopɔn Asɛm anyɛ wɔn nan ase kanea ne wɔn kwan so hann. (Dwom 119:105) Ne saa nti, na nneɛma ayɛ basaa. Na wohintiw awia ketee te sɛ nea wɔnam anadwo. Ná ɛte sɛ nea wɔawuwu. Bere a na wɔrepɛ ogye no, wɔpoo so gyegyeegye sɛ asisi a ɔkɔm de wɔn anaasɛ wɔapira. Ebinom sii apini awerɛhow mu, te sɛ aborɔnoma a wayɛ ankonam.

11. Dɛn nti na na Yuda nsa renka atɛntrenee ne nkwagye a na ɔhwɛ kwan no?

11 Ná Yesaia nim no yiye sɛ wɔn tebea no fi atua a na Yuda atew atia Onyankopɔn no. Ɔkae sɛ: “Yɛtwɛn atemmu, nso ebi nni hɔ, ne nkwagye, nso ɛne yɛn ntam ware. Na yɛn mmaratode dɔɔso w’anim, na yɛn bɔne di yɛn adanse; na yɛn mmaratode da yɛn anim, na yɛn amumɔyɛde nso, yenim. Yɛatõ [Yehowa, “NW”] mmara atwa no nkontompo, na yɛapa yɛn Nyankopɔn akyi; yɛkasa nhyɛso ne mfomso kasa, yesusuw atosɛm wɔ koma mu yi no adi.” (Yesaia 59:11b-13) Esiane sɛ na Yudafo no nnuu wɔn ho nti, na wɔn mmarato da so wɔ wɔn so. Esiane sɛ na ɔman no agyaw Yehowa nti na atɛntrenee nni asase no so. Ná wɔada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ atorofo ɔkwan biara so, na na wɔahyɛ wɔn nuanom so mpo. Hwɛ sɛnea wɔte sɛ Kristoman mufo nnɛ! Ɛnyɛ atɛntrenee nko na wɔn mu pii bu wɔn ani gu so, na mmom wɔtaa Yehowa Adansefo anokwafo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no denneennen nso.

Yehowa Bu Atɛn

12. Ná wɔn a atemmu hyɛ wɔn nsa wɔ Yuda no su te dɛn?

12 Ná ɛte sɛ nea atɛntrenee, adetrenee, anaa nokware biara nni Yuda. “Wɔde atemmu asan akyiri kɔ, na trenee akogyina akyirikyiri; na nokware ahwe ase gua so, na nea ɛteɛ ntumi mma mu.” (Yesaia 59:14) Wɔ Yuda kurow pon akyi no, mmeae bi wɔ hɔ a na mpanyimfo no hyia di asɛm. (Rut 4:1, 2, 11) Ná ɛsɛ sɛ saa mmarima no bu atɛn trenee mu na wodi trenee akyi, a wonnye adanmude. (Deuteronomium 16:18-20) Mmom no, wobuu atɛn sɛnea na wɔn pɛsɛmenkominya adwene te. Nea enye koraa no, wobuu obiara a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ papa no sɛ nea wobetumi afow no ntɛm ara. Yɛkenkan sɛ: “Na nokware ayɛ ade a ɛho yɛ nã, na nea ɔtwe ne ho fi bɔne ho no, wɔfow no.”—Yesaia 59:15a.

13. Esiane sɛ Yuda atemmufo totoo wɔn adwuma ase nti, dɛn na na Yehowa bɛyɛ?

13 Wɔn a wɔankasa antia nneyɛe bɔne akokoduru so no werɛ fii sɛ na Onyankopɔn nyɛ obi a onhu ade, onnim biribi, anaasɛ onni tumi. Yesaia kyerɛwee sɛ: [Yehowa, “NW”] hui, na ɛyɛɛ n’ani so bɔne sɛ atemmu bi nni hɔ, na ohui sɛ ɔbarima bi nni hɔ, na ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ɔkamafo bi nni hɔ; ɛnna ne basa gyee no, na ne trenee wowaw no.” (Yesaia 59:15b, 16) Esiane sɛ atemmufo a na wɔapaw wɔn no totoo wɔn adwuma ase nti, na Yehowa de ne ho begye asɛm no mu. Sɛ ɔyɛ saa a, na ɔbɛyɛ ade wɔ trenee ne tumi mu.

14. (a) Su bɛn na nnipa pii kura nnɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa asiesie ne ho sɛ ɔbɛyɛ biribi?

14 Tebea a ɛte saa ara wɔ hɔ nnɛ. Yɛte wiase bi a nnipa pii “ani nwu ade bio” mu. (Efesofo 4:19) Nnipa kakraa bi pɛ na wogye di sɛ Yehowa de ne ho begye nsɛm mu ayi bɔne afi asase so. Nanso Yesaia nkɔmhyɛ no da no adi sɛ Yehowa ani wɔ nnipa nsɛm so. Obu atɛn n’ankasa ne bere mu, na ɔyɛ ade sɛnea n’atemmu te. So n’atemmu teɛ? Yesaia da no adi sɛ ɛteɛ. Ɛdefa Yuda man ho no, ɔkyerɛwee sɛ: [Yehowa hyɛɛ] trenee sɛ nkatabo, na nkwagye dade kyɛw hyɛɛ ne ti, na ɔhyɛɛ aweredi atade kataa ne ho, na ofuraa ninkuntwe sɛ ntama.” (Yesaia 59:17) Nkɔmhyɛ asɛm yi yɛ Yehowa ho mfonini sɛ ɔkofo a wahyehyɛ ne ho ama ɔko. Ne botae ne sɛ obegye nkwa wɔ ne kwan so. Ogye di sɛ ne trenee yɛ nea edi mũ koraa a asɛm biara nni ho. Na obebu atɛn nsiyɛ mu a osuro biara nnim. Akyinnye biara nni ho sɛ trenee bedi nkonim.

15. (a) Sɛ Yehowa bu atɛn a, ɔkwan bɛn so na nokware Kristofo bɛyɛ wɔn ade? (b) Dɛn na yebetumi aka afa Yehowa atemmu ahorow ho?

15 Ɛnnɛ wɔ nsase bi so no, nokware no atamfo bɔ mmɔden sɛ wobesiw Yehowa asomfo adwuma no ano denam wɔn ho atosɛm ne nnaadaasɛm a wɔkeka de sɛe wɔn din no so. Nokware Kristofo ntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobegyina nokware no akyi, nanso wɔnhwehwɛ sɛ wɔn ankasa bedi were. (Romafo 12:19) Sɛ Yehowa ne Kristoman awaefo redi a, n’asomfo a wɔwɔ asase so no rennya ne sɛe no mu kyɛfa. Wonim sɛ Yehowa nkutoo na aweredi wɔ no, na sɛ bere no du a, ɔbɛyɛ ade a ɛfata. Nkɔmhyɛ no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Sɛ wɔyɛe no, saa ara na ɔbɛhyɛ wɔn ananmu de abufuhyew ama n’ahohiafo, ne akatua ama n’atamfo; nsuano aman nso, ɔde akatua bɛhyɛ wɔn ananmu.” (Yesaia 59:18) Wɔ Yesaia bere so no, ɛnyɛ teɛ nko na na Onyankopɔn atemmu bɛteɛ na mmom na ebedu baabiara bi nso. Ná ebedu “nsuano aman,” akyirikyiri nsase so. Ná obiara renyɛ nea ɔwɔ akyirikyiri dodo anaa watew ne ho koraa a enti Yehowa atemmu renka no.

16. Henanom na wobenya wɔn ti adidi mu wɔ Yehowa atemmu mu, na dɛn na wobesua afi wɔn ti a wobenya adidi mu no mu?

16 Yehowa bu wɔn a wɔyere wɔn ho yɛ nea ɛteɛ no treneefo. Yesaia ka siei sɛ saafo no benya wɔn ti adidi mu afi asase ano akosi asase ano—asase nyinaa so. Na Yehowa ahobammɔ a wobenya no bɛma nidi ne obu a wɔwɔ ma no no mu ayɛ den kɛse. (Malaki 1:11) Yɛkenkan sɛ: “Wobesuro [Yehowa, “NW”] din afi atɔe, ne anuonyam afi owia puebea, na ɔbɛba sɛ asu a ano yɛ den a [Yehowa, “NW”] ahum de reba.” (Yesaia 59:19) Te sɛ ahum bi a ano yɛ den a ɛrepia nsu pii di n’anim na ɛrepra biribiara a ɛwɔ ne kwan mu no, Yehowa honhom beyi akwanside ahorow biara afi hɔ ama n’apɛde abam. Ne honhom no wɔ tumi sen tumi biara a onipa wɔ. Sɛ ɔde di dwuma de bu nnipa ne amanaman atɛn a, obedi nkonim koraa ɔkwan biara so.

Anidaso ne Nhyira a Wɔn a Wɔanu Wɔn Ho no Benya

17. Hena ne Sion Gyefo, na bere bɛn na ogye Sion?

17 Wɔ Mose Mmara no ase no, na ogyefo bi tumi tɔ Israelni bi a ɔtɔn ne ho kɔ nkoayɛ mu. Wɔadi kan aka Yehowa ho asɛm wɔ Yesaia nkɔmhyɛ nhoma no mu sɛ nnipa a wonu wɔn ho no Gyefo. (Yesaia 48:17) Afei wɔsan ka ne ho asɛm bio sɛ wɔn a wɔanu wɔn ho no Gyefo. Yesaia yɛɛ Yehowa bɔhyɛ no ho kyerɛwtohɔ sɛ: “Ɔbɛba sɛ ogyefo ama Sion ne Yakob mu wɔn a wɔsan fi mmarato mu no, [Yehowa, “NW”] asɛm ni.” (Yesaia 59:20) Saa bɔhyɛ a awerɛkyekye wom yi baa mu wɔ afe 537 A.Y.B. Nanso na ebenya ne mmamu foforo. Ɔsomafo Paulo faa saa nsɛm yi fii Septuagint nkyerɛase mu de dii dwuma faa Kristofo ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛno ansa na Israel nyinaa benya nkwa, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ogyefo no befi Sion aba abɛdan amumɔyɛsɛm afi Yakob ho. Na apam a me ne wɔn bɛpam bere a meyi wɔn bɔne makɔ no ni.” (Romafo 11:26, 27) Nokwarem no, na Yesaia nkɔmhyɛ no wɔ mmamu a ɛkɔ akyiri yiye—nea ebedu yɛn bere yi so ne akyiri. Ɔkwan bɛn so?

18. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Yehowa de “Nyankopɔn Israel” no bae?

18 Wɔ afeha a edi kan mu no, Israel man no nkaefo ketewaa bi gyee Yesu toom sɛ Mesia no. (Romafo 9:27; 11:5) Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, Yehowa hwiee ne honhom kronkron guu gyidifo bɛyɛ 120 so de wɔn baa n’apam foforo a Yesu Kristo yɛ ntamgyinafo no mu. (Yeremia 31:31-33; Hebrifo 9:15) Saa da no na “Nyankopɔn Israel,” ɔman foforo a emufo nyɛ Abraham honam fam abusua, na mmom wɔnam Onyankopɔn honhom so na ɛwoo wɔn no, bae. (Galatifo 6:16) Efi Kornelio so no, wɔde Amanaman mufo a wontwaa twetia bɛkaa ɔman foforo no ho. (Asomafo no Nnwuma 10:24-48; Adiyisɛm 5:9, 10) Saa kwan no so na Yehowa Nyankopɔn nam faa wɔn ma wɔbɛyɛɛ ne honhom mu mma, Yesu mfɛfo adedifo.—Romafo 8:16, 17.

19. Apam bɛn na Yehowa ne Nyankopɔn Israel no yɛe?

19 Afei Yehowa ne Nyankopɔn Israel no bɛyɛɛ apam. Yɛkenkan sɛ: “Me de, eyi ne me ne wɔn apam no, [Yehowa, “NW”] na ose: me honhom a ɛwɔ wo so no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anom no, ɛremfi w’anom ne w’asefo anom ne w’asefo asefo anom, [Yehowa, “NW”] na ose, efi sesɛɛ de bɛkɔ akosi daa.” (Yesaia 59:21) Sɛ́ ebia na nsɛm yi fa Yesaia ankasa ho anaasɛ ɛnte saa no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbaam wɔ Yesu a wɔmaa no awerɛhyem sɛ ‘obehu n’asefo’ no so. (Yesaia 53:10) Yesu kaa nsɛm a na wate afi Yehowa nkyɛn, na na Yehowa honhom wɔ no so. (Yohane 1:18; 7:16) Sɛnea ɛfata no, ne nuanom ne ne mfɛfo adedifo, Nyankopɔn Israel no mufo no nso nya Yehowa honhom kronkron na wɔka asɛm a wɔate afi wɔn soro Agya no nkyɛn no kyerɛ. Wɔn nyinaa yɛ ‘nkurɔfo a Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn.’ (Yesaia 54:13; Luka 12:12; Asomafo no Nnwuma 2:38) Sɛ́ ɛnam Yesaia so anaa Yesu a Yesaia yɛɛ ne ho mfonini wɔ nkɔmhyɛ kwan so so no, Yehowa hyɛɛ bɔ saa bere no sɛ ɔrensesa wɔn da, na mmom ɔde wɔn bedi dwuma sɛ n’adansefo akosi daa. (Yesaia 43:10) Nanso, henanom ne wɔn ‘asefo’ a wɔn nso benya apam yi so mfaso no?

20. Ɔkwan bɛn so na ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Abraham no nyaa ne mmamu wɔ afeha a edi kan no mu?

20 Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ tete mmere mu sɛ: “W’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.” (Genesis 22:18) Nea ɛne eyi hyia no, honam fam Israel nkaefo ketewaa bi a wogyee Mesia no toom no kɔɔ aman pii mu kɔkaa Kristo ho asɛmpa no. Ɛdefi Kornelio so no, Amanaman mufo a wontwaa twetia pii nam Yesu, Abraham Aseni no so ‘nyaa nhyira.’ Wɔbɛyɛɛ Nyankopɔn Israel no fã ne Abraham aseni no nuanom. Wɔyɛ Yehowa ‘man kronkron’ a wɔn ahyɛde ne sɛ ‘wɔbɛka nea ɔfrɛɛ wɔn fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ akyerɛ’ no fã.—1 Petro 2:9; Galatifo 3:7-9, 14, 26-29.

21. (a) ‘Asefo’ bɛn na Nyankopɔn Israel no anya wɔ nnɛ bere yi mu? (b) Ɔkwan bɛn so na apam, anaa nhyehyɛe a Yehowa ne Nyankopɔn Israel yɛe no kyekye ‘asefo’ no werɛ?

21 Ɛnnɛ, ɛte sɛ nea wɔaboaboa Nyankopɔn Israel no nyinaa ano awie. Nanso, wɔkɔ so hyira amanaman no—na wɔrehyira wɔn kɛse. Ɔkwan bɛn so? Ɛne sɛ Nyankopɔn Israel no anya ‘asefo,’ Yesu asuafo a wɔn anidaso ne sɛ wobenya daa nkwa wɔ paradise asase so. (Dwom 37:11, 29) Yehowa akyerɛkyerɛ saa ‘asefo’ yi nso, na wɔrekyerɛ wɔn n’akwan. (Yesaia 2:2-4) Bere a wɔmfa honhom kronkron mmɔ wɔn asu anaa wommu wɔn sɛ apam foforo no mufo no, Yehowa honhom kronkron no hyɛ wɔn den ma wodi akwanside ahorow nyinaa a Satan de ba wɔn akwan mu wɔ asɛnka adwuma no mu no so. (Yesaia 40:28-31) Mprempren wɔn dodow adu ɔpepem pii na wɔkɔ so dɔ bere a wɔn ankasa kɔ so nya asefo no. Yehowa apam, anaa nhyehyɛe a ɔne wɔn a wɔasra wɔn no ayɛ no ma saa ‘asefo’ yi nya ahotoso sɛ Yehowa bɛkɔ so de wɔn nso adi dwuma sɛ n’akasamafo akosi daa.—Adiyisɛm 21:3, 4, 7.

22. Ahotoso bɛn na yebetumi anya wɔ Yehowa mu, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn?

22 Ɛnde, ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ so akura gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no mu. Ɔwɔ ɔpɛ sɛ obegye yɛn, na obetumi agye yɛn nso! Ne nsa renyɛ tiaa da; obegye ne nkurɔfo a wodi nokware no bere nyinaa. Wɔn a wɔde wɔn ho to no so nyinaa bɛkɔ so aka ne nsɛmpa no ‘afi sesɛɛ akosi daa.’

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 294]

Yerusalem a Awae—Kristoman Nsɛso

Yerusalem, Onyankopɔn man a wapaw no ahenkurow no yɛɛ Onyankopɔn soro ahyehyɛde a honhom abɔde na wɔwom ne Kristofo a wɔasra wɔn a wɔanyan wɔn kɔ soro sɛ Kristo ayeforo no nso ho mfonini. (Galatifo 4:25, 26; Adiyisɛm 21:2) Nanso, mpɛn pii na Yerusalemfo anni Yehowa nokware, na wɔkaa kurow no ho asɛm sɛ aguaman ne ɔwaresɛefo. (Hesekiel 16:3, 15, 30-42) Wɔ saa tebea no mu no, Yerusalem yɛɛ Kristoman a awae no ho mfonini ma ɛfatae.

Yesu frɛɛ Yerusalem nea ‘okum adiyifo na osiw wɔn a wɔsomaa wɔn ne nkyɛn abo.’ (Luka 13:34; Mateo 16:21) Te sɛ Yerusalem a anni nokware no, Kristoman kyerɛ sɛ wɔsom nokware Nyankopɔn no, nanso wɔaman afi n’akwantrenee so koraa. Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa de trenee gyinapɛn koro no ara a ɔde buu Yerusalem a na awae no atɛn no bebu Kristoman nso atɛn.

[Mfonini wɔ kratafa 296]

Ɛsɛ sɛ ɔtemmufo bu atɛn trenee mu, odi trenee akyi, na onnye adanmude biara

[Mfonini wɔ kratafa 298]

Te sɛ asubɔnten a ayiri no, Yehowa atemmu bɛpra akwanside ahorow biara afi hɔ ma n’apɛde ayɛ hɔ

[Mfonini wɔ kratafa 302]

Yehowa yɛ apam sɛ hokwan a ne nkurɔfo wɔ sɛ wɔyɛ n’adansefo no remfi wɔn nsa da