Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yesu Ma Onyankopɔn Trenee Da Adi Kɛse

Sɛnea Yesu Ma Onyankopɔn Trenee Da Adi Kɛse

Sɛnea Yesu Ma Onyankopɔn Trenee Da Adi Kɛse

“Onyankopɔn de [Kristo] sii hɔ sɛ mpatade denam ne mogya mu gyidi so. Ɔyɛɛ saa na ɔde ada n’ankasa trenee adi.”—ROM. 3:25.

1, 2. (a) Dɛn na Bible ma yehu fa tebea a adesamma wom no ho? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua asɛm yi mu?

NNIPA dodow no ara nim Bible mu asɛm a ɛfa atua a wɔtewee wɔ Eden turom no ho yiye. Nea Adam bɔne no de bae ka yɛn nyinaa sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ asɛm a edi so yi mu no. Ɛka sɛ: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Rom. 5:12) Ɛmfa ho mmɔden biara a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ no, yedi mfomso ma enti ehia sɛ Onyankopɔn de yɛn bɔne firi yɛn. Ɔsomafo Paulo mpo kae sɛ: “Papa a mepɛ no, menyɛ, na bɔne a mempɛ no, ɛno mmom na meyɛ. M’asɛm yɛ mmɔbɔ!”—Rom. 7:19, 24.

2 Esiane sɛ yɛn nyinaa yɛ abɔnefo nti, ɛfata sɛ yebisa yɛn ho nsɛm a ɛho hia yi sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wotumi woo Yesu a ofi Nasaret no sɛ onipa a bɔne biara nni no ho, na dɛn nti na wɔbɔɔ no asu? Ɔkwan bɛn so na sɛnea Yesu bɔɔ ne bra no maa Yehowa trenee daa adi kɛse? Nea ɛho hia sen ne nyinaa no, dɛn na Kristo wu no tumi yɛe?

Wɔkasa Tiaa Onyankopɔn Trenee

3. Ɔkwan bɛn na Satan faa so daadaa Hawa?

3 Yɛn awofo a wodi kan a wɔne Adam ne Hawa no anyɛ wɔn ade nyansam ma enti wɔpoo Onyankopɔn tumidi, na wɔmaa “ɔwɔ dedaw no, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan” no dii wɔn so. (Adi. 12:9) Susuw nea ɛyɛe a ɛbaa saa no ho hwɛ. Satan kasa tiaa ɔkwan a Yehowa Nyankopɔn fa so di tumi wɔ trenee mu no. Ɔnam asɛm a obisaa Hawa yi so na ɔyɛɛ saa. Obisaa no sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn kae sɛ munnni turo yi mu dua biara so aba?” Hawa tĩĩ ahyɛde a emu da hɔ a na Onyankopɔn de ama wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka dua pɔtee bi a na Onyankopɔn aka akyerɛ wɔn sɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka a wobewu no mu. Afei, Satan kyerɛe sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtorofo. Ɔbonsam kae sɛ, “Ɛnyɛ owu na mubewu.” Ɔkɔɔ so daadaa Hawa ma obegye dii sɛ Onyankopɔn de adepa bi rekame no, na sɛ odi aduaba no a, ɔbɛyɛ sɛ Onyankopɔn na watumi asi papa ne bɔne ho gyinae.—Gen. 3:1-5.

4. Ɛyɛɛ dɛn na nnipa bɛhyɛɛ Satan tumidi a ɛne Onyankopɔn de redi asi no ase?

4 Nea na Satan repɛ akyerɛ ankasa ne sɛ, sɛ adesamma twe wɔn ho fi Onyankopɔn ho na wɔn ankasa bɔ wɔn bra a, wɔn ani begye paa. Sɛ́ anka Adam begyina Onyankopɔn tumidi a ɛteɛ no akyi no, otiee ne yere, na ɔkɔkaa no ho ma wodii aduaba a na wɔabra wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wodi no. Ɛno nti, Adam hweree gyinabea a ɛyɛ pɛ a na ɔwɔ wɔ Yehowa anim no, na ɛno ama bɔne ne owu reteetee yɛn yayaayaw. Bere koro no ara no, ɛmaa nnipa bɛhyɛɛ Satan a ɔne “wiase yi nyame” no tumidi a ɛne Onyankopɔn de redi asi no ase.—2 Kor. 4:4; Rom. 7:14.

5. (a) Dɛn na Yehowa yɛe de dii n’asɛm so? (b) Anidaso bɛn na Onyankopɔn maa Adam ne Hawa asefo nyae?

5 Yehowa dii n’asɛm so pɛpɛɛpɛ buu Adam ne Hawa kumfɔ. (Gen. 3:16-19) Nanso, na ɛno nkyerɛ sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ayɛ kwa. Yebetumi aka no pen sɛ anyɛ kwa! Bere a Yehowa rebu Adam ne Hawa kumfɔ no, ɔmaa wɔn asefo a na wɔbɛba daakye no nyaa anidaso bi a ɛyɛ anigye. Ɔnam n’atirimpɔw a ɔdaa no adi sɛ ɔbɛma ‘aseni’ bi a Satan bɛka ne nantin aba no so na ɔma wonyaa saa anidaso no. Nanso, na saa Aseni a wɔhyɛɛ no ho bɔ no nantin kuru no bewu, na na ɔno nso ‘bɛbɔ Satan ti.’ (Gen. 3:15) Bible ka Yesu Kristo ho asɛm a edi so yi de kyerɛkyerɛ saa asɛm no mu. Ɛka sɛ: “Eyi nti na woyii Onyankopɔn Ba no adi, sɛnea ɔbɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.” (1 Yoh. 3:8) Nanso, ɔkwan bɛn so na Yesu abrabɔ ne ne wu maa Onyankopɔn trenee da adi kɛse?

Nea Yesu Asubɔ Kyerɛ

6. Yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔamfa Adam bɔne anwo Yesu?

6 Sɛ na Yesu nyin bɛyɛ ɔbarima mũ a, na ɔbɛyɛ te sɛ Adam a na ɔyɛ pɛ no pɛpɛɛpɛ. (Rom. 5:14; 1 Kor. 15:45) Eyi kyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ wɔwo Yesu sɛ onipa a ɔyɛ pɛ. Ná ɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ yiye? Ɔbɔfo Gabriel de nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ yi maa Yesu maame Maria sɛ: “Honhom kronkron bɛba wo so, na Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so. Ɛno nso nti na wɔbɛfrɛ nea wobɛwo no no kronkron, Onyankopɔn Ba.” (Luka 1:35) Ɛda adi sɛ, Maria kaa Yesu awo ho nsɛm bi kyerɛɛ Yesu wɔ ne mmofraase. Enti bere bi a Maria ne Yesu papa Yosef a ɔtetee no no kohuu Yesu wɔ Onyankopɔn asɔrefie no, abofra kumaa no bisaa wɔn sɛ: “So munnim sɛ etwa sɛ metena m’Agya fie?” (Luka 2:49) Ɛda adi sɛ, efi Yesu mmofraase pɛɛ no, na ɔno ankasa nim sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba. Enti, na Onyankopɔn trenee a ɔbɛma ada adi kɛse no ho hia no paa.

7. Nneɛma a ɛsom bo bɛn na na Yesu wɔ?

7 Ná Yesu kɔ nhyiam ahorow a na wɔyɛ de som Yehowa no ase daa de kyerɛ sɛ n’ani kũ nneɛma a ɛfa Yehowa som ho paa. Esiane sɛ na Yesu yɛ pɛ wɔ adwenem nti, ɛbɛyɛ sɛ ɔtee asɛm biara a wɔkae wɔ nhyiam no ase no ase, na saa ara nso na ɔtee nsɛm a ɔkenkan fii Hebri Kyerɛwnsɛm mu no nyinaa ase. (Luka 4:16) Ná Yesu san wɔ ade foforo bi a ɛsom bo—ne nipadua a ɛyɛ pɛ a na wobetumi de abɔ afɔre ama adesamma no. Bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, na ɔrebɔ mpae, na ɛbɛyɛ sɛ na ɔredwinnwen nkɔmhyɛsɛm a ɛwɔ Dwom 40:6-8 no ho.—Luka 3:21; monkenkan Hebrifo 10:5-10. *

8. Dɛn nti na na Yohane Osuboni no mpɛ sɛ ɔbɔ Yesu asu?

8 Mfiase no, na Yohane Osuboni no mpɛ sɛ ɔbɔ Yesu asu. Dɛn ntia? Efisɛ na Yudafo no ama Yohane rebɔ wɔn asu de akyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene wɔ bɔne a na wɔayɛ atia Mose Mmara no ho. Esiane sɛ na Yesu yɛ Yohane busuani a ɔbɛn no pɛɛ nti, ɛbɛyɛ sɛ na onim sɛ Yesu yɛ ɔtreneeni ma enti na onhia adwensakra. Yesu maa Yohane tee ase sɛ na ɛfata sɛ ɔbɔ No asu. Yesu kae sɛ: “Ɛno ne ɔkwampa a yɛbɛfa so adi nea ɛteɛ nyinaa so.”—Mat. 3:15.

9. Ná Yesu asubɔ no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne?

9 Esiane sɛ na Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ te sɛ Adam nti, na anka obetumi anya adwene sɛ obetumi awo mma anya asefo a wɔyɛ pɛ. Nanso, Yesu amfa n’adwene ankɔ daakye a ɛte saa so da, efisɛ na ɛnyɛ ɛno ne nea Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ. Ná Onyankopɔn asoma Yesu aba asase so sɛ ɔmmɛyɛ adwuma a Aseni anaa Mesia a na wɔahyɛ no ho bɔ no bɛyɛ no. Ná adwuma a Yesu bɛyɛ no bi ne sɛ ɔde ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no bɛbɔ afɔre. (Monkenkan Yesaia 53:5, 6, 12.) Nokwarem no, na Yesu asubɔ no nte sɛ yɛn de no. Esiane sɛ na Yesu yɛ Israel man a na wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no muni dedaw nti, na enhia sɛ ohyira ne ho so ma Yehowa ansa na wabɔ asu. Mmom no, na Yesu asubɔ no yɛ ne ho a na ɔde rema de ayɛ Onyankopɔn apɛde sɛnea na wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ Mesia no bɛyɛ no ho sɛnkyerɛnne.

10. Onyankopɔn apɛde a na Mesia no bɛyɛ no bi ne dɛn, na Yesu tee nka dɛn wɔ ho?

10 Ná Yehowa apɛde a Yesu bɛyɛ no bi ne sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa, na wayɛ nkurɔfo asuafo, na watete wɔn ma wɔn nso ayɛ asuafoyɛ adwuma no daakye. Nea na ɛka Yesu ho a ɔde bɛma ho nso ne ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ obegyina ɔtaa ne kum a na wobekum no yayaayaw ano de agyina Yehowa Nyankopɔn tumidi a ɛteɛ no akyi. Esiane sɛ na Yesu dɔ ne soro Agya no paa nti, n’ani gyei sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde, na na n’ani gye ho paa nso sɛ ɔde ne nipadua bɛbɔ afɔre. (Yoh. 14:31) N’ani gyei nso sɛ ohui sɛ wobetumi de ne nkwa a ɛyɛ pɛ no bo ama Onyankopɔn sɛ agyede de atɔ yɛn afi bɔne ne owu a ɛde yɛn ayɛ nkoa no mu. So Onyankopɔn gyee Yesu ho a ɔde mae sɛ obedi saa asɛyɛde a emu yɛ duru yi ho dwuma no toom? Yiw, ogye toom paa!

11. Dɛn na Yehowa yɛe de kyerɛe sɛ wagye Yesu atom sɛ Mesia anaa Kristo a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no?

11 Nsɛmpa akyerɛwfo baanan no nyinaa dii asɛm a Yehowa Nyankopɔn kaa no pefee de kyerɛe sɛ ogye Yesu tom bere a ofii Yordan Asubɔnten no mu puei no ho adanse. Yohane Osuboni no dii adanse sɛ: “Mihuu honhom no sɛ ɛresian sɛ aborɔnoma fi soro, na ebesii [Yesu] so . . . Na mahu adi ho adanse sɛ oyi ne Onyankopɔn Ba no.” (Yoh. 1:32-34) Bio nso, Yehowa kae saa bere no sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.”—Mat. 3:17; Mar. 1:11; Luka 3:22.

Odii Nokware Kosii Owu Mu

12. Dɛn na Yesu yɛe wɔ mfe abiɛsa ne fã a na edi n’asubɔ akyi no mu?

12 Bere a Yesu bɔɔ asu akyi pɛɛ no, ɔde ne ho mae mfe abiɛsa ne fã de kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo n’Agya ho nsɛm, ne Onyankopɔn tumidi a ɛteɛ no ho ade. Nantew a Yesu nantew kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so baabiara no ma ɔbrɛe, nanso biribiara antumi ansiw no kwan wɔ nokware no ho adanse fefeefe a na obedi no ho. (Yoh. 4:6, 34; 18:37) Yesu kyerɛkyerɛɛ afoforo Onyankopɔn Ahenni no ho ade. Yesu saa yare anwonwakwan so, ɔmaa nnipadɔm a na ɔkɔm de wɔn aduan, na onyan awufo mpo de kyerɛɛ nea Ahenni no bɛyɛ ama adesamma.—Mat. 11:4, 5.

13. Dɛn na Yesu kyerɛkyerɛ faa mpaebɔ ho?

13 Sɛ́ anka Yesu begye ne nkyerɛkyerɛ ne yare a ɔsae ho anuonyam afa no, ofi ahobrɛase mu de ho ayeyi nyinaa maa Yehowa de yɛɛ nhwɛso soronko. (Yoh. 5:19; 11:41-44) Yesu san ma yehuu nneɛma a ɛho hia sen biara a ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae. Ɛsɛ sɛ yɛsrɛ wɔ yɛn mpaebɔ mu nso sɛ ‘wɔntew’ Onyankopɔn din Yehowa no ho, na Onyankopɔn tumidi a ɛteɛ no mmesi Satan nniso bɔne no ananmu sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ‘apɛde bɛyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.’ (Mat. 6:9, 10) Yesu san ka kyerɛɛ yɛn sɛ ‘yɛnhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan’ mfa nyɛ mpae a ɛte saa a yɛbɔ no ho adwuma.—Mat. 6:33.

14. Ɛwom sɛ na Yesu yɛ pɛ de, nanso dɛn nti na na ɛho hia sɛ ɔbɔ mmɔden ansa na watumi ama Onyankopɔn atirimpɔw aba mu?

14 Bere a na Yesu afɔrebɔ wu no rebɛn no, obehuu asɛyɛde kɛse a na ɛda no so no yiye. Ná atɛnkyea ano a Yesu begyina ne owu yayaayaw a na obewu no na na ɛbɛma n’Agya atirimpɔw aba mu, na ama n’Agya din ho atew. Aka nnanum ma Yesu awu no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Afei me kra ho yeraw no, na dɛn na menka? Agya, gye me fi dɔn yi mu. Nanso eyi nti na maba dɔn yi mu.” Bere a Yesu kaa asɛm a ɛnyɛ nwonwa sɛ onipa biara betumi aka yi wiei no, wannwen nea ɔpɛ ho, na mmom ɔdan n’adwene kɔɔ ade a na ɛho hia paa no so, na ɔbɔɔ mpae sɛ: “Agya, hyɛ wo din anuonyam.” Ntɛm ara na Yehowa buae sɛ: “Mahyɛ no anuonyam na mɛsan ahyɛ no anuonyam bio.” (Yoh. 12:27, 28) Nokwarem no, na Yesu pɛ paa sɛ ogyina ne mũdi mu a na obekura ho sɔhwɛ a na emu yɛ den sen nea onipa biara ahyia pɛn no ano. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ Yesu soro Agya no asɛm a ɔka maa Yesu tee no ma onyaa ahotoso paa sɛ obetumi ama Yehowa tumidi ada adi kɛse na obiara ahu sɛ ɛno na ɛfata. Na otumi yɛɛ saa nso!

Nea Yesu Wu no Tumi Yɛe

15. Aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, dɛn nti na ɔkae sɛ: “Asa!” anaa wɔawie?

15 Bere a na Yesu sɛn asɛndua so a na ɔrebegu ahome a ɛyɛ yaw a etwa to no, ɔkae sɛ: “Asa!” anaa wɔawie. (Yoh. 19:30) Hwɛ nnwuma akɛse ara a na Onyankopɔn aboa Yesu ma watumi ayɛ wɔ mfe abiɛsa ne fã mu, fi bere a ɔbɔɔ asu kosii bere a owui no! Bere a Yesu wui no, asasewosow bi a ano yɛ den sii, na ɛkaa Roma sraani panyin a ɔhwɛ ma wokum Yesu no koma ma ɔkae sɛ: “Ampa ara Onyankopɔn Ba ni.” (Mat. 27:54) Ɛbɛyɛ sɛ ɔsraani no hui sɛ na wɔredi Yesu ho fɛw sɛ waka sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba. Ɛmfa ho nea wɔde yɛɛ Yesu biara no, Yesu kɔɔ so kuraa ne mũdi mu, na ɔma ɛdaa adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo a ne tirim yɛ den. Ná Satan abɔ wɔn a wogyina Onyankopɔn tumidi akyi nyinaa sobo sɛ: “Onipa de nea ɔwɔ biara bɛma de apere ne nkwa.” (Hiob 2:4, Complete Jewish Bible) Yesu nam nokware a odii no so ma ɛdaa adi sɛ na anka Adam ne Hawa betumi adi nokware wɔ sɔhwɛ a ɛnyɛ den koraa a wohyiae no mu. Nea ɛho hia sen biara no, Yesu nam n’asetena ne ne wu so gyinaa Yehowa tumidi a ɛteɛ no akyi, na ɔma ɛdaa adi kɛse. (Monkenkan Mmebusɛm 27:11.) So biribi foforo wɔ hɔ a Yesu wu no atumi ayɛ? Ebi wɔ hɔ ankasa!

16, 17. (a) Dɛn nti na Yehowa tumi buu N’adansefo a wɔtenaa ase ansa na Kristo reba no treneefo? (b) Dɛn na Yehowa yɛe de tuaa ne Ba no ka wɔ nokware a odii no ho, na dɛn na Awurade Yesu Kristo kɔ so yɛ?

16 Yehowa asomfo pii tenaa ase ansa na Yesu reba asase so. Onyankopɔn buu wɔn treneefo, na ɔma wonyaa owusɔre ho anidaso. (Yes. 25:8; Dan. 12:13) Nanso, dɛn na Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no gyinaa so tumi hyiraa nnipa abɔnefo wɔ ɔkwan a ɛte saa so? Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Onyankopɔn de [Yesu Kristo] sii hɔ sɛ mpatade denam ne mogya mu gyidi so. Ɔyɛɛ saa na ɔde ada n’ankasa trenee adi, efisɛ ɔde bɔne a wɔayɛ atwam no firii, bere a Onyankopɔn nyaa abotare no; sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda n’ankasa trenee adi wɔ saa bere yi mu, na ama wayɛ treneeni bere a obu onipa a ɔwɔ Yesu mu gyidi bem no.”—Rom. 3:25, 26. *

17 Yehowa nyan Yesu maa no dibea a ɛkorɔn a ɛsen nea na ɔwɔ ansa na ɔreba asase so no de tuaa no ka. Seesei Yesu yɛ honhom abɔde a ɔwɔ anuonyam, na ɔwɔ nkwa a owu nnim. (Heb. 1:3) Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ Ɔsɔfo Panyin ne Ɔhene no kɔ so boa n’akyidifo ma wɔma Onyankopɔn trenee da adi kɛse. Na hwɛ sɛnea ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛn soro Agya Yehowa na ɔyɛ obiara a ɔma Ne trenee da adi kɛse na ɔsom no nokware mu de suasua ne Ba no Katuafo!—Monkenkan Dwom 34:3; Hebrifo 11:6.

18. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu?

18 Anokwafo a wɔtenaa ase fi Habel bere so tɔnn no ne Yehowa nyaa abusuabɔ a emu yɛ den, efisɛ wonyaa Aseni a na wɔahyɛ no ho bɔ no mu gyidi ne ahotoso. Ná Yehowa nim sɛ ne Ba no bekura ne mũdi mu, na ne wu no na ɛbɛpopa “wiase [no] bɔne” afi hɔ koraa. (Yoh. 1:29) Nnipa a wɔte ase nnɛ nso nya Yesu wu no so mfaso. (Rom. 3:26) Enti, nhyira bɛn na Kristo agyede no betumi ama woanya? Ɛno na yebesusuw ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Ɔsomafo Paulo faa Dwom 40:6-8 mu asɛm no fii Hela Septuagint nkyerɛase a asɛm a ɛne “wusiesiee nipadua maa me” no wom no na ɛkaa asɛm a ɛwɔ Hebrifo 10:5-10 no. Saa asɛm no nni tete Hebri Kyerɛwnsɛm no nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu.

^ nky. 16 Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ kratafa 6 ne 7 no.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na wɔkasa tiaa Onyankopɔn trenee?

• Dɛn na na Yesu asubɔ no yɛ ho sɛnkyerɛnne?

• Dɛn na Yesu wu no tumi yɛe?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

So wunim nea na Yesu asubɔ no yɛ ho sɛnkyerɛnne?