Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

• Dɛn nti na Onyankopɔn antwe Aaron aso wɔ sika nantwi ba a ɔyɛe no ho?

Aaron buu Onyankopɔn mmara a ɛfa abosonsom ho no so. (Ex. 20:3-5) Nanso, Mose paa Onyankopɔn kyɛw maa Aaron, na Mose adesrɛ no nyaa “tumi kɛse.” (Yak. 5:16) Ná Aaron adi nokware mfe pii. Nanso ɛmfa ho sɛ nkurɔfo no hyɛɛ Aaron sɛ ɔnyɛ ohoni no, akyiri yi, ɔma ɛdaa adi sɛ na ɔne wɔn nyɛ adwene, efisɛ ɔne Lewi mma nyinaa gyinaa Yehowa afã pintinn. (Ex. 32:25-29)—5/15, kratafa 21.

• Sɛ Kristoni bi hokafo sɛe aware a, dɛn na ebetumi aboa no ma wagyina ano?

Sɛ na ɔhokafo a ne ho nni asɛm no abɔ mmɔden de Bible mu nnyinasosɛm reyɛ adwuma a, ɛnde ɛnsɛ sɛ ɔma n’ahonim haw no sɛ ɔno na ɔmaa ɔwaresɛefo no yɛɛ bɔne. Onyankopɔn nim sɛ wuhia awerɛkyekye ne nkuranhyɛ. Obetumi afa wo mfɛfo Kristofo so akyekye wo werɛ.—6/15, kratafa 30-31.

• Dɛn nti na sɛ obi taa nom nsa na sɛ ɔmmow mpo a, ɛyɛ hu?

Bible bɔ kɔkɔ pefee sɛ sɛ obi taa nom nsã a, ɛsɛe ɔne Onyankopɔn ntam. (Mmeb. 23:20; Yes. 5:11, 12) Yesu kyerɛe sɛ sɛ obi nom nsa pii a, ɛmma onhu sɛnea bere a yɛwom yi ho hia fa. (Luka 21:34, 35)—7/1, kratafa 6.

• So Mmebusɛm 6:30 kyerɛ sɛ mfomso nni korɔnbɔ ho?

Ɛnkyerɛ saa. Nsɛm a ɛkeka ho no ma yehu sɛ nea ɔbɔ korɔn no bebu ne nneyɛe bɔne no ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn. Nokwarem no, sɛ ɔkɔm nti obi bɔ korɔn a, n’asɛm nyɛ aniberesɛm te sɛ obi a anibere anaa nsɛmmɔne a ɔpɛ sɛ odi nti na ɔbɔ korɔn no. Nanso, nea ɔkɔm nti ɔbɔ korɔn no ‘bɛbɔ dekode no ho,’ anaa obetua ka. Ɛnsɛ sɛ biribiara ma wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn anim dom no bɔ korɔn. (Mmeb. 6:31)—7/1, kratafa 13.

• Ɛsɛ sɛ nim a yenim sɛ Yehowa ‘hwɛ Komam’ no ka yɛn dɛn? (1 Sam. 16:7)

Esiane sɛ yenim sɛ nea ɛho hia Yehowa ne nea ɛwɔ obi komam—ne nsusuwii, ne nneyɛe, ne ne nkate nti, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛda su ahorow a ɛbɛma yɛn ho ayɛ fɛ wɔ Onyankopɔn ani so no adi?—7/1, kratafa 17.

• Ɔkwan bɛn so na na ɛna a ɔyɛ Yudani a n’ani kũ ne mma ho de bere a onya ma ne mma di dwuma yiye?

Ná ɛna a n’ani kũ ne mma ho no de hokwan a onya no kyerɛkyerɛ ne mma no Onyankopɔn Asɛm bere a ɔne wɔn nantew kɔ gua so ba no. (Deut. 6:6, 7) Afei nso, ebia ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mmabea sɛnea wɔtotɔ nneɛma wɔ gua so a wɔnsɛe sika pii. (Mmeb. 31:14, 18)—7/1, kratafa 19.

• Bible Nnyinasosɛm a ebetumi aboa awarefo bere a wɔne wɔn nsenom redi no bi ne dɛn?

Bible ka ɔbarima warefo ho asɛm sɛ ‘obegyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔfam ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.’ (Gen. 2:24) ‘Ɔbea ti ne ɔbarima’—kyerɛ sɛ, ne kunu. (1 Kor. 11:3)—7/1, kratafa 28.

• So Awufo Betumi Aboa Ateasefo?

Bible kyerɛkyerɛ mu ma emu da hɔ sɛ awufo ntumi mmoa ateasefo, efisɛ “awufo de, wonnim biribiara.” Nokwarem no, wonnim nea ɛrekɔ so, na wɔrentumi nyɛ biribiara mfa mmoa obiara. (Ɔsɛnk. 9:5, 6, 10)—7/1, kratafa 21.

• Kɔkɔbɔ bɛn na Bible de ma mmea ne mmarima akunafo wɔ wɔn ho a wɔbɛtew afi afoforo ho no ho?

Ɛwom sɛ ɛfata sɛ wo nkutoo nya bere de susuw nneɛma ho de, nanso Mmebusɛm 18:1 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ɔtew ne ho no hwehwɛ nea n’ankasa pɛ.” Ɛyɛ papa sɛ akunafo hwehwɛ mmoa fi abusuafo ne nnamfo a wodwen wɔn ho no hɔ. Kristofo asafo no boa paa wɔ eyi mu. (Yes. 32:1, 2)—7/1, kratafa 30.

• Wobɛyɛ dɛn aboa wo mma ma wɔn ani agye akenkan ho?

Sɛ woda ɔdɔ adi kyerɛ wo mma na woyɛ nhwɛso ma wɔn sɛ ɔwofo a, ɛboa wɔn ma wɔn ani gye akenkan ho. Afei nso, ma wɔn nsa nka nhoma ahorow. Kenkan ade den. Hyɛ wɔn nkuran ma wɔnkenkan bi, na munsusuw nea mokenkan no ho. Ma wo mma nkenkan ade nkyerɛ wo, na hyɛ wɔn nkuran ma wommisa nsɛm.—7/15, kratafa 26.