Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Ahenni Ho Anisoadehu Nya Mmamu

Onyankopɔn Ahenni Ho Anisoadehu Nya Mmamu

Onyankopɔn Ahenni Ho Anisoadehu Nya Mmamu

“Eye sɛ moama mo ani aku [nkɔmhyɛsɛm] ho sɛ kanea a ɛhyerɛn sum mu.”—2 PETRO 1:19, NW.

1. Tebea ahorow abien bɛn na yehu wɔ wiase nnɛ?

NEA ɛrekɔ so titiriw wɔ wiase no mu nnɛ ne ɔhaw ahorow. Ɛte sɛ nea wontumi nyɛ adesamma haw ahorow no ho hwee, efi nneɛma a nkwa wom a atwa yɛn ho ahyia a ɛresɛe so kosi awudisɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa so. Wiase nyamesom ahorow no mpo ntumi mfaa mmoa biara mmae. Nokwarem no, wɔtaa ma asɛm no sɛee koraa bere a wɔma kateeyɛ, nitan, ne ɔmampɛ a ɛpaapae nnipa mu no mu yɛ den no. Sɛnea wɔka siei no, “sum kabii” akata “aman” so. (Yesaia 60:2) Nanso, bere koro no ara mu no, nnipa ɔpepem pii de ahotoso hwɛ daakye kwan. Dɛn ntia? Efisɛ wotie Onyankopɔn nkɔmhyɛsɛm sɛ “kanea a ɛhyerɛn sum mu.” Wɔma Onyankopɔn “asɛm” a yehu wɔ Bible mu nnɛ no kyerɛ wɔn kwan.—2 Petro 1:19.

2. Sɛnea Daniel nkɔmhyɛ a ɛfa “awiei bere no” ho kyerɛ no, henanom nkutoo na wɔma wɔte Onyankopɔn Asɛm ase?

2 Odiyifo Daniel kyerɛw sɛ wɔ “awiei bere no” mu no: “Nnipa bebree bɛtweetwee mu na nimdeɛ adɔɔso. Wɔbɛpɔw nnipa bebree ho ahoa wɔn ho atew wɔn ho, na abɔnefo bedi asɛmmɔne, na abɔnefo nyinaa renhu ase, na mmadwemma na ebehu ase.” (Daniel 12:4, 10) Wɔn a wofi komam ‘tweetwee’ Onyankopɔn Asɛm mu anaa wɔde nsiyɛ sua, wodi Onyankopɔn gyinapɛn so na wɔyɛ n’apɛde no nkutoo na wɔte N’asɛm ase.—Mateo 13:11-15; 1 Yohane 5:20.

3. Nokware titiriw bɛn na Bible asuafo a wodi kan no hui wɔ 1870 mfe no mu?

3 Yehowa Nyankopɔn fii ase ma wohuu “ɔsoro ahenni mu ahintasɛm no” yiye wɔ 1870 mu tɔnn ansa na “nna a edi akyiri” no refi ase. (2 Timoteo 3:1-5; Mateo 13:11) Saa bere no, Bible adesuafo kuw bi hui sɛ yɛremfa yɛn aniwa nhu Kristo sanba no sɛnea na nnipa dodow no ara susuw no. Sɛ wɔde Yesu si ahengua so wie a, ɔbɛsan aba, a nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔde n’adwene besi asase no so sɛ ɔhene. Nsɛnkyerɛnne na ɛbɛma n’asuafo ahu sɛ waba a aniwa nhu no.—Mateo 24:3-14.

Bere a Anisoadehu Bi Nya Mmamu

4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ahyɛ n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no gyidi den?

4 Ná ahosakra a wohui wɔ anisoadehu mu no yɛ Kristo a ɔwɔ Ahenni anuonyam mu no ho mfonini. (Mateo 17:1-9) Saa anisoadehu no hyɛɛ Petro, Yakobo, ne Yohane gyidi den bere a na nnipa pii agyae Yesu akyi di esiane sɛ wanyɛ nea wosusuw sɛ ɔbɛyɛ no nti. Saa ara na wɔ awiei bere yi mu no, Yehowa ahyɛ n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no gyidi den denam saa anisoadehu nwonwaso yi mmamu ne ho nkɔmhyɛ afoforo pii a wɔama wɔate ase yiye no so. Afei momma yensusuw Onyankopɔn Asɛm mu nokwasɛm a ɛhyɛ gyidi den yi bi ho.

5. Hena na ɛdaa adi sɛ ɔne Adekyee Nsoromma no, na bere bɛn na ‘opuei,’ na wɔ ɔkwan bɛn so?

5 Bere a ɔsomafo Petro reka ahosakra no ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Enti wɔahyɛ nkɔmhyɛsɛm no mu den ama yɛn; na eye sɛ moama mo ani aku ho sɛ kanea a ɛhyerɛn sum mu wɔ mo komam kosi sɛ ade bɛkye ma adekyee nsoromma apue.” (2 Petro 1:19, NW) Saa sɛnkyerɛnne kwan so “adekyee nsoromma” no ne Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no. (Adiyisɛm 22:16) ‘Opuei’ wɔ 1914 mu bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni sii hɔ wɔ soro na efii bere foforo ase no. (Adiyisɛm 11:15) Wɔ ahosakra a wohui wɔ anisoadehu no mu no, Mose ne Elia bɛkaa Yesu ho, na wɔne no bɔɔ nkɔmmɔ. Wɔyɛ henanom ho mfonini?

6, 7. Mose ne Elia gyina hɔ ma henanom wɔ ahosakra no mu, na nsɛm a ɛho hia bɛn na Kyerɛwnsɛm no da no adi wɔ wɔn a wogyina hɔ ma wɔn no ho?

6 Esiane sɛ Mose ne Elia nyaa Kristo anuonyam no mu kyɛfa nti, ɛsɛ sɛ adansefo anokwafo baanu yi gyina hɔ ma wɔn a wɔne Yesu bedi hene wɔ N’ahenni mu no. Ntease a ɛne sɛ Yesu wɔ yɔnko adedifo no ne Mesia a wɔasi ne hene ho anisoadehu a wɔmaa Daniel nyae no hyia. Daniel huu “obi a ɔte sɛ onipa ba” a ɔregye “daa tumi a ɛrentwam da” afi ‘Nea ne nna akyɛ’ a ɔne Yehowa Nyankopɔn no hɔ. Nanso hyɛ nea wɔde kyerɛɛ Daniel wɔ ɛno akyi pɛɛ no nsow. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahenni ne tumi ne kɛseyɛ bɛma ɔsorosoroni no akronkronfo man.” (Daniel 7:13, 14, 27) Yiw, bɛboro mfe ahanum ansa na ahosakra no resi no, Onyankopɔn daa no adi sɛ “akronkronfo” bi benya Kristo ahenni anuonyam no mu kyɛfa.

7 Henanom ne akronkronfo a wɔwɔ Daniel anisoadehu no mu no? Wɔn na ɔsomafo Paulo kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Honhom no ara ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnkodifo, nanso gye sɛ yɛne no hu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no anuonyam bi” no. (Romafo 8:16, 17) Akronkronfo no ne Yesu asuafo a wɔasra wɔn no. Yesu ka wɔ Adiyisɛm no mu sɛ: “Nea odi nkonim no, mɛma ɔne me atra m’ahengua so, sɛnea me nso madi nkonim na me ne m’agya te n’ahengua so no.” ‘Nkonimdifo’ a wɔanyan wɔn afi owu mu yi dodow yɛ 144,000, na wɔne Yesu bedi asase nyinaa so hene.—Adiyisɛm 3:21; 5:9, 10; 14:1, 3, 4; 1 Korintofo 15:53.

8. Ɔkwan bɛn so na Yesu asuafo a wɔasra wɔn no asom sɛnea Mose ne Elia yɛe no, na dɛn na afi mu aba?

8 Nanso, dɛn nti na wɔde Mose ne Elia gyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no? Nea enti a ɛte saa ne sɛ bere a saa Kristofo no da so ara wɔ ɔhonam mu no, wɔyɛ adwuma bi a ɛte sɛ nea Mose ne Elia yɛe no. Sɛ nhwɛso no, wɔsom sɛ Yehowa adansefo bere a wɔtaa wɔn mpo no. (Yesaia 43:10; Asomafo no Nnwuma 8:1-8; Adiyisɛm 11:2-12) Te sɛ Mose ne Elia no, wɔde akokoduru pa atoro som ho ntama na wotu nkurɔfo a wɔwɔ koma pa fo sɛ wɔmfa ɔsom a edi mu mma Onyankopɔn. (Exodus 32:19, 20; Deuteronomium 4:22-24; 1 Ahene 18:18-40) So wɔn adwuma no asow aba? Yiw! Sɛ yɛde sɛnea wɔaboa ma wɔaboaboa wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa ano awie no to nkyɛn a, wɔaboa “nguan foforo” ɔpepem pii ma wofi wɔn pɛ mu brɛ wɔn ho ase ma Yesu Kristo.—Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:4.

Kristo Wie Ne Nkonimdi

9. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 6:2 da sɛnea Yesu te nnɛ no adi?

9 Yesu nyɛ obi a ɔte afurum ba so bio, na mmom ɔyɛ Ɔhene a ɔwɔ tumi kɛse. Wɔda no adi sɛ ɔte ɔpɔnkɔ so, na ɛyɛ akodi ho sɛnkyerɛnne wɔ Bible mu. (Mmebusɛm 21:31) Adiyisɛm 6:2 ka sɛ: “Na mihui, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no kura ta. Na wɔmaa no abotiri, na ofii adi a ɔredi nkonim na wakodi nkonim.” Afei nso, Dawid kyerɛw Yesu ho asɛm sɛ: “Wo tumidi poma no, [Yehowa, NW] fi Sion bɛteɛ. ‘Di hene w’atamfo mfinimfini!’”—Dwom 110:2.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu nkonimdi ɔsatu fii ase yiye? (b) Ɔkwan bɛn so na nkonim a edi kan a Kristo dii no kaa wiase nyinaa?

10 Wɔn a Yesu dii wɔn so nkonim kan no ne n’atamfo a wɔwɔ tumi kɛse a wɔne Satan ne n’adaemone no. Bere a otuu wɔn fii soro no, ɔtow wɔn kyenee asase so. Esiane sɛ ahonhommɔne yi nim sɛ wɔn bere a aka no yɛ tiaa nti, wɔn bo afuw adesamma denneennen, na wɔama amanehunu kɛse aba. Wɔde apɔnkɔsotefo baasa na ɛyɛ amanehunu yi ho mfonini wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. (Adiyisɛm 6:3-8; 12:7-12) Sɛnea wɔkae wɔ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ‘ne ba ne wiase awiei ho sɛnkyerɛnne’ ho no mu no, apɔnkɔ no so a wɔte no de akodi, ɔkɔm ne owuyare aba. (Mateo 24:3, 7; Luka 21:7-11) Saa “awoko yaw” yi mu bɛkɔ so ayɛ den akosi sɛ Kristo ‘bewie ne nkonimdi’ denam Satan ahyehyɛde no ho biribiara a ɔbɛsɛe no no so. *Mateo 24:8.

11. Ɔkwan bɛn so na Kristofo asafo no ho abakɔsɛm di tumi a Kristo wɔ sɛ ɔhene no ho adanse?

11 Yesu ahenni tumi no da adi nso efisɛ wakora Kristofo asafo no so sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi adi n’ahyɛde a ɛne sɛ ɛnka Ahenni asɛm no wɔ wiase nyinaa no so. Wɔ ɔtaa a emu yɛ den a Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman no ne nniso a ɛtan Kristofo de ba wɔn so nyinaa akyi no, ɛnyɛ sɛ wɔakɔ so ayɛ asɛnka adwuma no nko, na mmom wɔayɛ no kɛse paa sen bere biara wɔ wiase abakɔsɛm mu. (Adiyisɛm 17:5, 6) Hwɛ sɛnea eyi adi Kristo ahenni ho adanse kɛse!—Dwom 110:3.

12. Dɛn nti na nnipa dodow no ara ntumi nhu sɛ Kristo aba a aniwa nhu no?

12 Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ nnipa dodow no ara a ɔpepem pii a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo ka ho no ntumi nhu sɛ nneɛma bi a ɛkɔ so ankasa a aniwa ntumi nhu no na ɛma nsɛm atitiriw sisi wɔ asase so. Wodi wɔn a wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no ho fɛw mpo. (2 Petro 3:3, 4) Dɛn ntia? Efisɛ Satan afura wɔn adwene ani. (2 Korintofo 4:3, 4) Nokwarem no, ofii ase furaa wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no ani wɔ honhom fam wɔ mfehaha pii a atwam no mu, na ɔma wɔpoo Ahenni anidaso a ɛsom bo no mpo.

Wɔpoo Ahenni Anidaso No

13. Dɛn na honhom fam sum no de bae?

13 Yesu ka siei sɛ te sɛ nwura a wodua wɔ awi mu no, awaefo bɛhyɛn Kristofo asafo no mu na wɔama pii aman afi kwan no so. (Mateo 13:24-30, 36-43; Asomafo no Nnwuma 20:29-31; Yuda 4) Ankyɛ biara na wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo yi gyee abosonsomfo afahyɛ, wɔn nneyɛe, ne wɔn nkyerɛkyerɛ toom kae sɛ ɛyɛ “Kristofo de.” Sɛ nhwɛso no, Buronya fi anyame Mithra ne Saturn som mu amanne mu. Nanso, dɛn na ɛmaa wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no gyee afahyɛ ahorow a emfi Kristosom mu yi toom? The New Encyclopædia Britannica (1974) ka sɛ: “Wɔde Buronya a ɛyɛ Yesu Kristo awo ho afahyɛ no sii hɔ bere a na hwɛ a wɔrehwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ na Kristo asan aba no brɛɛ ase no.”

14. Ɔkwan bɛn so na Origen ne Augustine nkyerɛkyerɛ no kyinkyim Ahenni nokware?

14 Susuw asɛmfua “ahenni” a wɔakyinkyim no nso ho hwɛ. The Kingdom of God in 20th-Century Interpretation nhoma no ka sɛ: “Origen [afeha a ɛto so abiɛsa nyamekyerɛfo no] na ɔsakraa sɛnea ‘ahenni’ kyerɛ ma Kristofo no yɛɛ no tumi a Onyankopɔn di wɔ komam no.” Origen de ne nkyerɛkyerɛ no gyinaa dɛn so? Wamfa annyina Kyerɛwnsɛm so na mmom “nyansapɛ ne wiase adwene a ɛyɛ soronko koraa wɔ Yesu ne asɔre a edi kan no de ho.” Augustine a ofi Hippo (354-430 Y.B.) kae wɔ ne nhoma De Civitate Dei (Onyankopɔn Kurow) no mu sɛ asɔre no ankasa ne Onyankopɔn Ahenni no. Saa nsusuwii a ennyina Kyerɛwnsɛm so no maa Kristoman mu asɔre ahorow no nyaa nea wobegyina so wɔ nyamesom mu agye amammui tumi. Wɔadi tumi yi wɔ mfehaha pii mu, na mpɛn pii no wodi wɔ atirimɔden kwan so.—Adiyisɛm 17:5, 18.

15. Ɔkwan bɛn so na Galatifo 6:7 anya mmamu wɔ Kristoman asɔre pii no fam?

15 Ɛnnɛ asɔre ahorow no retwa nea wɔagu no. (Galatifo 6:7) Ɛte sɛ nea wɔn mu pii tumi refi wɔn nsa no, na wɔrehwere wɔn asɔremma nso. Wohu eyi yiye wɔ Europa. Sɛnea Christianity Today nsɛmma nhoma kyerɛ no, “mprempren wɔnkɔ asɔre wɔ Europa asɔredan akɛseakɛse no mu bio, na mmom wɔde ayɛ tete nneɛma akorae, na akwantufo a wokyin hwehwɛ mmeaemmeae nkutoo na wɔtaa kɔ hɔ.” Wobetumi ahu saa tebea no ara wɔ wiase no mmeae foforo. Dɛn na eyi kyerɛ ma atoro som? So mmoa a ennya no bɛma agu? Na ɔkwan bɛn so na ɛbɛka nokware som?

Siesie Wo Ho Ma Onyankopɔn Da Kɛse No

16. Dɛn nti na ɔtan a wɔkɔ so nya ma Babilon Kɛse no kyerɛ biribi titiriw?

16 Sɛnea sɛ wusiw ne nsõ fi ase tu fi ogya bepɔw mu a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na apae no, saa ara na nyamesom ho tan a wɔkɔ so nya wɔ wiase no mmeae pii no kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na wɔasɛe atoro som. Ɛrenkyɛ Yehowa bɛma wiase no amammuifo ayɛ biako na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛpa Babilon Kɛse, ɔsom mu aguaman no ho ntama na wɔasɛe no. (Adiyisɛm 17:15-17; 18:21) So ɛsɛ sɛ nokware Kristofo suro nea ebesi no ne “ahohiahia kɛse” no mu nneɛma foforo a ebedi akyi aba no? (Mateo 24:21) Dabida! Sɛ Onyankopɔn sɛe abɔnefo a, wobenya nea ɛbɛma wɔadi ahurusi. (Adiyisɛm 18:20; 19:1, 2) Susuw nhwɛso a ɛfa afeha a edi kan no mu Yerusalem ne Kristofo a wɔtraa hɔ no ho hwɛ.

17. Dɛn nti na Yehowa asomfo anokwafo betumi de ahotoso ahwɛ wiase yi awiei kwan?

17 Bere a Roma asraafo betwaa Yerusalem ho hyiae wɔ 66 Y.B. mu no, Kristofo a na wɔn ani da hɔ wɔ honhom fam no koma antu anaa wɔansuro. Esiane sɛ na wɔde nsi sua Onyankopɔn Asɛm nti, na wonim sɛ “ne bɔ abɛn.” (Luka 21:20) Na wonim nso sɛ Onyankopɔn bebue kwan ama wɔaguan na wɔafa wɔn ho adi. Bere a ɛbaa saa no, Kristofo guanee. (Daniel 9:26; Mateo 24:15-19; Luka 21:21) Saa ara na nnɛ wɔn a wonim Onyankopɔn na wotie ne Ba no betumi de ahotoso ahwɛ wiase yi awiei kwan. (2 Tesalonikafo 1:6-9) Nokwarem no, sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, wɔde anigye ‘bɛma wɔn ti so ahwɛ soro, efisɛ wonim sɛ wɔn gye abɛn.’—Luka 21:28.

18. Dɛn na ebefi Yehowa asomfo a Gog bɛtow ahyɛ wɔn so no mu aba?

18 Sɛ obi a odi dwuma sɛ Gog a ofi Magog no, Satan bɛtow ahyɛ Yehowa Adansefo a wɔte hɔ dwoodwoo no so bere a wɔasɛe Babilon Kɛse no awie no. Esiane sɛ Gog dɔm no bɛba sɛ ‘omununkum abɛkata asase no so’ nti, wɔbɛhwɛ kwan sɛ wobedi nkonim a wɔmmrɛ koraa. Nanso wɔn ho bedwiriw wɔn yiye! (Hesekiel 38:14-16, 18-23) Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Na mihui sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no, wɔfrɛ no nea ɔsɛ gyidi no ɔnokwafo . . . na afoa nnamnam bi fi n’anom a ɔde bɛbobɔ amanaman.” Saa “Ahene mu hene” a onni nkogu yi begye Yehowa asomfo anokwafo na wɔasɛe wɔn atamfo nyinaa. (Adiyisɛm 19:11-21) Hwɛ awiei a ɛbɛma ahosakra ho anisoadehu no anya mmamu!

19. Ɔkwan bɛn so na nkonim koraa a Kristo bedi no bɛka n’asuafo anokwafo, na dɛn na ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden yɛ nnɛ?

19 Yesu ho “bɛyɛ nwonwa ama wɔn a wogye dii nyinaa.” (2 Tesalonikafo 1:10, NW) So wopɛ sɛ woka wɔn a wɔde nidi bɛhwɛ Onyankopɔn Ba nkonimdifo no ho? Ɛnde kɔ so hyɛ wo gyidi den na ‘siesie wo ho sie, efisɛ dɔn a wunsusuw no mu na onipa Ba no reba.’—Mateo 24:43, 44.

Ma W’ani Nna Hɔ

20. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no a Onyankopɔn de no ama yɛn no ho anisɔ? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

20 “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no tu Onyankopɔn nkurɔfo fo daa sɛ wɔnwɛn na wɔmma wɔn ani nna hɔ wɔ honhom mu. (Mateo 24:45, 46; 1 Tesalonikafo 5:6) So w’ani sɔ nkaesɛm ahorow a ɛyɛ ne bere mu de yi? So wode yɛ nneɛma a ɛho hia paa wɔ asetra mu? Dɛn nti na wummisa wo ho sɛ: ‘So mete honhom fam nneɛma ase yiye ma mitumi hu sɛ Onyankopɔn Ba no redi tumi wɔ soro? So mihu sɛ wayɛ krado sɛ ɔde Onyankopɔn atemmu bɛba Babilon Kɛse no ne Satan nhyehyɛe a aka no so?’

21. Dɛn nti na ebia ebinom nkɔ so mfa wɔn adwene nsi honhom fam nneɛma so bio, na dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade ntɛm?

21 Ebinom a wɔne Yehowa nkurɔfo rebɔ nnɛ no mfa wɔn adwene nsi honhom fam nneɛma so bio. So ebetumi aba sɛ wonni abotare anaasɛ boasetɔ, te sɛ nea Yesu asuafo a wɔtraa ase tete no mu bi yɛe no? So asetra mu dadwen, honam fam ade dodowpɛ ne ɔtaa anya wɔn so tumi? (Mateo 13:3-8, 18-23; Luka 21:34-36) Ebia ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛte nsɛm bi a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no tintim no ase. Sɛ eyi mu biara ato wo a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ fa nnamyɛ foforo sua Onyankopɔn Asɛm na bɔ Yehowa mpae sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛsan ne no anya abusuabɔ a emu yɛ den bio.—2 Petro 3:11-15.

22. Ɔkwan bɛn so na ahosakra a wohui wɔ anisoadehu mu ne ho nkɔmhyɛ foforo ho a yɛasusuw no aka wo?

22 Wɔde ahosakra ho anisoadehu no maa Yesu asuafo no bere a na wohia nkuranhyɛ. Ɛnnɛ yɛwɔ biribi a ɛsen saa koraa a ɛbɛhyɛ yɛn den—saa anisoadehu a ɛyɛ nwonwa no ne ho nkɔmhyɛ foforo pii a anya mmamu no. Bere a yesusuw saa nokwasɛm ahorow a ɛyɛ anigye ne nea ɛbɛkyerɛ daakye ho no, momma yɛn nso yemfi koma nyinaa mu nka ɔsomafo Yohane nsɛm yi bi: “Amen, Awurade Yesu, bra!”—Adiyisɛm 22:20.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Eyi kyerɛ sɛ te sɛ awoko yaw no, wiase no mu haw ahorow no bɛba ntoatoaso, emu bɛyɛ den na atra hɔ akyɛ ma ɛde ahohiahia kɛse no aba.

So Wokae?

• Wɔ 1870 mu no, dɛn na Bible asuafo kuw ketewaa bi hu faa Kristo sanba no ho?

• Ɔkwan bɛn so na ahosakra a wohui wɔ anisoadehu mu no anya mmamu?

• Nkɛntɛnso bɛn na nkonim a Yesu redi no anya wɔ wiase no ne Kristofo asafo no so?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛaka wɔn a wobenya nkwa no ho bere a Yesu wie ne nkonimdi no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Anisoadehu bi nya mmamu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

So wunim nea esii bere a Kristo fii ne nkonimdi no ase no?