Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 37

Wubetumi Agye Anuanom Adi

Wubetumi Agye Anuanom Adi

‘Ɔdɔ gye biribiara di, ɛwɔ biribiara mu anidaso.’—1 KOR. 13:4, 7.

DWOM 124 Yebedi Nokware Daa

NEA YƐREBESUA *

1. Ɛnnɛ wiase yi mu no, adɛn nti na ɛnyɛ nwanwa sɛ nkurɔfo nnye afoforo nni?

 NNIPA a ɛwɔ Satan wiase yi mu nhu nea wonnye no nni. Daa, aguadifo, amanyɔfo ne nyamesom akannifo di wɔn huammɔ. Wɔn nnamfo, wɔn a wɔte bɛn wɔn anaa wɔn abusuafo mpo, ɛyɛ den sɛ wobegye wɔn adi. Ɛnsɛ sɛ wei yɛ yɛn nwanwa. Bible hyɛɛ nkɔm sɛ: ‘Awiei mmere no mu no, nnipa bedi nkurɔfo huammɔ, wɔbɛsɛe nkurɔfo din, na wobeyi nkurɔfo ama.’ Wei kyerɛ sɛ, nnipa besuasua wiase yi nyame a ɔne nokware abɔ nsianho no.—2 Tim. 3:1-4; 2 Kor. 4:4.

2. (a) Henanom na yebetumi de yɛn ho ato wɔn so, na dɛn bio na yebetumi de yɛn ho ato so? (b) Adwene bɛn na ebinom betumi anya?

2 Yɛn Kristofo de, yenim sɛ Yehowa paa na yebetumi agye no adi. (Yer. 17:7, 8) Yegye di sɛ ɔdɔ yɛn, na ‘ɔrennyaw ne nnamfo da.’ (Dw. 9:10) Yebetumi agye Kristo Yesu nso adi, efisɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn. (1 Pet. 3:18) Afei nso, Bible mu asɛm a yɛde ayɛ adwuma wɔ yɛn asetenam no ama yɛahu sɛ Bible betumi akyerɛ yɛn kwan yiye. (2 Tim. 3:16, 17) Yegye di paa sɛ, yebetumi de yɛn ho ato Yehowa, Yesu ne Bible no so. Nanso ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na wobetumi agye anuanom a ɛwɔ asafo no mu adi. Sɛ saa a, adɛn nti na yebetumi agye anuanom adi?

YƐRENTUMI NKƆ NNYAW YƐN NUANOM KRISTOFO

Wokɔ wiase baabiara a, yɛwɔ anuanom a wɔn nso dɔ Yehowa a yebetumi agye wɔn adi (Hwɛ nkyekyɛm 3)

3. Hokwan titiriw bɛn na yɛn nyinaa wɔ? (Marko 10:29, 30)

3 Abusua kɛse a emufo nyinaa som Yehowa no, Yehowa de yɛn abɛka ho. Wei yɛ hokwan kɛse paa, na ɛde nhyira pii brɛ yɛn! (Kenkan Marko 10:29, 30.) Wokɔ wiase baabiara a, yɛwɔ anuanom a wɔn nso dɔ Yehowa, na wɔreyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔde ne mmara bɛbɔ wɔn bra. Ebia ɛsono kasa a yɛka, yɛn amammerɛ anaa ntaade a yɛhyɛ, nanso da a edi kan a yebehyia wɔn mpo no, yɛte nka sɛ yɛyɛ abusua baako. Yɛn ani gye ho paa sɛ, yɛne wɔn bɛbom ayi yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no ayɛ, na yɛasom no.—Dw. 133:1.

4. Adɛn nti na yɛrentumi nkɔ nnyaw yɛn nuanom Kristofo?

4 Ɛnnɛ paa ne bere a ɛsɛ sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo yɛ baako. Ɛtɔ mmere bi na yehyia ɔhaw a, wɔboa yɛn. (Rom. 15:1; Gal. 6:2) Wɔboa yɛn nso ma yɛyere yɛn ho wɔ Yehowa som mu, na yɛkɔ so hyɛ yɛn gyidi den. (1 Tes. 5:11; Heb. 10:23-25) Sɛ anuanom nka yɛn ho, ɛnna yɛn nko ara reko tia yɛn atamfo a wɔne Satan Ɔbonsam ne ne wiase bɔne yi a, anka yɛbɛte nka sɛn? Ɛrenkyɛ koraa Satan ne n’apamfo bɛtow ahyɛ Onyankopɔn asomfo so. Saa bere no, sɛ yɛn nuanom ka yɛn ho a, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ yɛn dɛ afa!

5. Adɛn nti na ebetumi ayɛ den ama ebinom sɛ wobegye anuanom adi?

5 Ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobegye anuanom adi, efisɛ ebia na ne nua Kristoni bi akoyi n’ahintasɛm adi, anaa wadi no huammɔ. Ebi nso a, na asafo no muni bi aka asɛm bi anaa wayɛ biribi ama ahye no paa. Nneɛma a ɛtete saa betumi ama ayɛ den sɛ ebinom begye anuanom adi. Ɛnde, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛagye anuanom adi?

ƆDƆ BOA YƐN MA YEGYE ANUANOM DI

6. Sɛn na ɔdɔ boa yɛn ma yegye anuanom di? (1 Korintofo 13:4-8)

6 Sɛ yebetumi agye anuanom adi a, gye sɛ yɛdɔ wɔn. Korintofo nhoma a edi kan ti 13 ka nea ɔdɔ yɛ, ne nea ɛnyɛ ho asɛm. Sɛ yesusuw ho a, ebetumi aboa yɛn ama yɛagye afoforo adi, na sɛ wodi yɛn huammɔ mpo a, yɛasan anya wɔn mu gyidi. (Kenkan 1 Korintofo 13:4-8.) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nkyekyɛm 4 no ka sɛ, “ɔdɔ wɔ abotare na ne yam ye.” Sɛ yɛyɛ Yehowa bɔne mpo a, onya yɛn ho abotare. Wei nti, sɛ yɛn nua bi ka asɛm anaa ɔyɛ biribi ma ɛhyɛ yɛn abufuw anaa ɛyɛ yɛn yaw a, ɛsɛ sɛ yenya ne ho abotare. Nkyekyɛm 5 toa so sɛ: “[Ɔdɔ] bo nhaw no. Ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu.” Yɛmpɛ sɛ yɛde ‘bɔne hyɛ yɛn mu,’ kyerɛ sɛ, sɛ yɛn nua bi yɛ biribi tia yɛn a, yɛremfa nhyɛ yɛn tirim na daakye yɛakɔfa ho asɛm aba. Ɔsɛnkafo 7:9 ka sɛ, ɛnsɛ sɛ ‘yɛyɛ ntɛm fa abufuw.’ Eye paa sɛ yɛde asɛm a ɛwɔ Efesofo 4:26 no bɛyɛ adwuma. Ɛhɔ ka sɛ: “Mommma abufuw no nntena hɔ nnkosi sɛ owia bɛtɔ.”

7. Nnyinasosɛm a ɛwɔ Mateo 7:1-5 no, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛanya yɛn nuanom mu gyidi?

7 Ade foforo a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya yɛn nuanom mu gyidi ne sɛ, yebehu wɔn sɛnea Yehowa hu wɔn no. Onyankopɔn dɔ wɔn, na ommu bɔne a wɔyɛ no ho akontaa. Enti yɛn nso, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa. (Dw. 130:3) Sɛ́ anka yɛde yɛn adwene besi wɔn mmerɛwyɛ so no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho de yɛn adwene si wɔn suban pa so. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hu adepa a wobetumi ayɛ daakye. (Kenkan Mateo 7:1-5.) Sɛ wɔyɛ biribi na yɛante ase mpo a, ɛnsɛ sɛ yedwen adwemmɔne ma wɔn, efisɛ ɔdɔ ‘gye biribiara di.’ (1 Kor. 13:7) Saa asɛm no nkyerɛ sɛ Yehowa pɛ sɛ yegye afoforo di kɛkɛ, na mmom nea enti a ɔpɛ sɛ yegye wɔn di ne sɛ, wɔada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ anokwafo. *

8. Wobɛyɛ dɛn agye anuanom adi?

8 Worentumi nka nkyerɛ obi sɛ ommu wo anaa onnye wo nni. Egye bere na obi atumi ayɛ saa. Ɛnde, wobɛyɛ dɛn agye anuanom adi? Bɔ mmɔden hu wɔn yiye. Wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ wɔ adesua ase. Wo ne wɔn nyɛ nhyehyɛe nkɔ asɛnka. Nya wɔn ho abotare, na ma wɔn akwannya a wobetumi de akyerɛ sɛ wɔyɛ anokwafo. Obi a wopɛ sɛ wuhu no yiye no, ahyɛase no de, ebia ɛnyɛ wo kokoam nsɛm nyinaa na wobɛka akyerɛ no. Nkakrankakra bere a mo ayɔnkofa no mu reyɛ den no, ebia ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wobɛka wo komam nsɛm akyerɛ no. (Luka 16:10) Nanso sɛ onua bi yi wo kokoam asɛm adi a, dɛn na wubetumi ayɛ? Nyɛ ntɛm ne no ntwa ayɔnkofa mu, na mmom ma no bere. Anuanom kakraa bi a ebia wɔadi wo huammɔ nti, nka sɛ worennye onua biara nni bio. Wei wɔ yɛn adwene mu no, momma yɛnhwɛ Yehowa asomfo anokwafo bi a wɔtenaa ase tete no. Ɛwom sɛ ebinom dii wɔn huammɔ, nanso wɔkɔɔ so ara gyee afoforo dii.

SUASUA WƆN A WƆKƆƆ SO GYEE AFOFORO DII NO

Ɛwom sɛ mfiase no, Eli ne Hanah ankasa yiye, nanso Hanah kyerɛe sɛ ogye Yehowa nhyehyɛe tom (Hwɛ nkyekyɛm 9)

9. (a) Ɛwom sɛ Yehowa ananmusifo bi yɛɛ bɔne, nanso dɛn na Hanah yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ogye Yehowa nhyehyɛe tom? (b) Wohwɛ nea Hanah yɛe no a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wugye Yehowa nhyehyɛe tom? (Hwɛ mfoni no.)

9 Onua bi a ɔwɔ hokwan wɔ asafo no mu adi wo huammɔ pɛn? Sɛ saa a, ɛnde sɛ wususuw nea Hanah faa mu no ho a, ɛbɛboa wo. Saa bere no, Ɔsɔfo Panyin Eli na na odi Israel man no anim ma wɔsom Yehowa. Nanso na n’abusua nyɛ nhwɛso pa. Ne mma a na wɔn nso yɛ asɔfo no, na wɔn abrabɔ nye koraa, nanso wɔn papa anhyɛ da anteɛ wɔn so. Yehowa ampɛ ntɛm annye asɔfodi no amfi Eli nsam. Ne nyinaa mu no, Hanah annan n’akyi ankyerɛ Onyankopɔn anka sɛ, mpɛn dodow a Eli yɛ ɔsɔfo panyin wɔ ntamadan no mu de, ɔrenkɔ hɔ nkɔsom. Awerɛhow a na Hanah redi nti, ofii ne koma nyinaa mu bɔɔ mpae, nanso bere a Eli huu no no, odii mfomso susuw sɛ wabow. Sɛ́ anka ɔbɛto ne bo ase ahwɛ nea enti a ɔbea a wabotow yi reyɛ saa no, ɔkasa tiaa no mmom. (1 Sam. 1:12-16) Ɛno mpo no, Hanah hyɛɛ bɔ sɛ, sɛ ɔwo ɔbabarima a, ɔbɛma wakɔsom wɔ ntamadan no mu ma Eli ahwɛ no so. (1 Sam. 1:11) Wohwɛ a, na Eli mma no hia nteɛso anaa? Yiw, na bere a ɛsɛ mu no, Yehowa twee wɔn aso. (1 Sam. 4:17) Nanso Onyankopɔn hyiraa Hanah ma ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Samuel.—1 Sam. 1:17-20.

10. Ɛwom sɛ ebinom dii Ɔhene Dawid huammɔ, nanso dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ogye afoforo di?

10 Wo yɔnko berɛbo bi adi wo huammɔ pɛn? Sɛ saa a, wo de hwɛ nea ɛtoo Ɔhene Dawid nso. Ná n’adamfo baako din de Ahitofel. Bere a Dawid ba Absalom yɛe sɛ obegye ahenni no afi ne papa nsam no, Ahitofel kɔkaa Absalom ho ne no tew atua. Wo de, hwɛ sɛ Dawid ankasa yam ba ne ne yɔnko berɛbo ayi no ama; na ɛbɛyɛ no yaw paa! Nanso Dawid anka sɛ huammɔ a wɔadi no no nti, ɔrennye afoforo nni bio. Ne yɔnko nokwafo Husai de, ɔkɔɔ so gyee no dii, efisɛ wankɔka atuatewfo no ho. Sɛ na Dawid gye Husai di a, na ɛnyɛ kwa efisɛ Husai daa no adi sɛ ɔyɛ adamfo pa. Ɔde ne nkwa mpo too asiane mu boaa Dawid.—2 Sam. 17:1-16.

11. Dɛn na Nabal nkoa no mu baako yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ Abigail mu gyidi?

11 Momma yɛnhwɛ nea Nabal nkoa no mu baako nso yɛe. Ná Dawid ne ne mmarima no ayi wɔn yam abɔ Israelni bi a ne din de Nabal nkoa ho ban. Bere bi akyi no, Dawid kɔsrɛɛ osikani Nabal sɛ aduan biara a obenya no, ɔmfa mma no na ɔmfa mma ne mmarima no. Nabal amma Dawid ne ne mmarima no hwee, enti Dawid bo fuwii paa na ɔyɛe sɛ ɔbɛkɔ akokum ɔbarima biara a ɔwɔ Nabal fie. Nabal nkoa no mu baako kɔkaa nea asi no kyerɛɛ Nabal yere Abigail. Esiane sɛ na akoa no wɔ fie hɔ bi nti, na onim sɛ Abigail betumi atwitwa agye no. Ɛwom, na anka obetumi aguan, nanso onyaa Abigail mu gyidi sɛ obetumi ayɛ nea asi no ho biribi. Nea enti a otumi gyee Abigail dii ne sɛ, na nkurɔfo nim sɛ Abigail nim nyansa. Nea efii mu bae no ma yehu sɛ, gyidi a onyae wɔ Abigail mu no fata. Abigail nyaa akokoduru ne Dawid kasae, enti nea na Dawid abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, ɔtwe sanee. (1 Sam. 25:2-35) Abigail nyaa Dawid mu awerɛhyem sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ.

12. Ɛmfa ho sɛ na Yesu asuafo no di mfomso no, dɛn na ɔyɛ de kyerɛe sɛ ogye wɔn di?

12 Ɛmfa ho sɛ na Yesu asuafo no di mfomso no, na ogye wɔn di. (Yoh. 15:15, 16) Bere a Yakobo ne Yohane kɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn dibea soronko wɔ Ahenni no mu no, Yesu anka sɛ ɛnyɛ adwempa na wɔde resom Yehowa, na saa ara nso na wanka sɛ ɔremma wɔnyɛ asomafo bio. (Mar. 10:35-40) Akyiri yi, anadwo a wɔkyeree Yesu no, n’asuafo no nyinaa guan gyaw no. (Mat. 26:56) Ne nyinaa mu no, Yesu kɔɔ so gyee wɔn dii. Wɔn sintɔ nyinaa, na n’ani tua, nanso “ɔdɔɔ wɔn kosii awiei.” (Yoh. 13:1) Wonyan Yesu no, ɔde adwuma kɛse bi hyɛɛ n’asomafo anokwafo 11 no nsa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wonni anim ma wɔnyɛ asuafoyɛ adwuma no, na wɔnhwɛ ne nguan a wɔsom bo no. (Mat. 28:19, 20; Yoh. 21:15-17) Gyidi a onyae wɔ mmarima a wɔtɔ sin yi mu no anyɛ kwa. Wɔn nyinaa de nokwaredi somee, kosii sɛ wowiee wɔn som adwuma wɔ asaase so. Hanah, Dawid, Nabal akoa no, Abigail, ne Yesu nyinaa tumi gyee nnipa a ɛtɔ sin dii, enti ɛsɛ sɛ yesuasua wɔn.

SƐNEA YƐBƐSAN AGYE YƐN NUANOM ADI

13. Dɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yebegye yɛn nuanom adi?

13 Woaka wo kokoam asɛm akyerɛ onua bi ma ɔde akodi nkɔmmɔ pɛn? Biribi saa si a, ebetumi ahaw wo paa. Bere bi, onuawa bi kaa ne kokoam asɛm kyerɛɛ asafo mu panyin bi. Ade kyee no, ɔpanyin no yere frɛɛ onuawa no hyɛɛ no nkuran. Wei kyerɛ sɛ na ɔpanyin no aka onuawa no kokoam asɛm no akyerɛ ne yere. Enti, ɛma ɛyɛɛ den maa onuawa no sɛ ɔbɛsan agye ɔpanyin no adi. Nanso onuawa no ampa abaw; ɔhwehwɛɛ mmoa. Okohuu ɔpanyin foforo, na ɔboaa no ma ɔsan nyaa mpanyimfo no mu gyidi bio.

14. Dɛn na ɛboaa onua bi ma ɔsan nyaa mpanyimfo bi mu gyidi?

14 Onua bi ne asafo mu mpanyimfo bi tenaa adowa nhoma so kyɛe, na na ɔte nka sɛ ɔrentumi nnye wɔn nni bio. Nanso asɛm tiawa bi a onua bi a obu no paa kae no, ofii ase dwen ho. Ɛne sɛ: “Satan na ɔyɛ yɛn tamfo, na ɛnyɛ yɛn nuanom.” Onua no bɔɔ mpae susuw saa asɛm no ho kɔɔ akyiri, na ewiee ase no, otumi ne mpanyimfo no siesiee wɔn ntam.

15. Adɛn nti na ebetumi agye bere ansa na yɛasan anya obi mu gyidi? Ma ho nhwɛso.

15 Hokwan bi afi wo nsa pɛn anaa? Biribi saa si a, ebetumi ayɛ wo yaw paa. Afe 1930 reba mu hɔ no, Nasifo no baraa yɛn adwuma no wɔ Germany. Saa bere no, na Grete ne ne maame yɛ Adansefo a wɔmfa wɔn som nni agorɔ. Grete nyaa hokwan taepoo Ɔwɛn-Aban no bi maa ne mfɛfo agyidifo. Bere a anuanom no hui sɛ ne papa sɔre tia nokware no, wogyee hokwan no fii ne nsam efisɛ na wosuro sɛ anhwɛ a na papa no akɔtew wɔn to. Wei nyinaa nka mfua, bere a Wiase Ko a Ɛtɔ So Mmienu no rekɔ so no, anuanom no amma Grete ne ne maame nsɛmma nhoma no bi, na sɛ wohyia wɔn abɔnten nso a, na womfii wɔn. Wei yɛɛ wɔn yaw paa! Grete kaa sɛ asɛm no hyee wɔn yiye, na ɛkyɛe paa ansa na ɔretumi de akyɛ saa anuanom no, na wasan anya wɔn mu gyidi. Eduu baabi no, ohui sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yehowa de akyɛ wɔn, enti ɛsɛ sɛ ɔno nso de kyɛ wɔn. *

“Satan na ɔyɛ yɛn tamfo, na ɛnyɛ yɛn nuanom”

16. Biribiara a ebetumi asiw yɛn kwan sɛ yebenya anuanom mu gyidi no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yi fi hɔ?

16 Sɛ biribi a ɛyɛ yaw saa ato wo pɛn a, yere wo ho sɛ wobɛsan anya anuanom mu gyidi. Ebetumi agye bere, nanso wo brɛ renyɛ kwa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ yɛadi aduan bi ma yɛayare pɛn a, ebia yɛbɛhwɛ yɛn adidi yiye. Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ yebegyae adidi anaa yɛrennidi bio. Saa pɛpɛɛpɛ na sɛ onua baako bi adi yɛn huammɔ a, ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ yɛrentumi nnye anuanom a aka nyinaa nni bio. Ade yi, yɛn nyinaa tɔ sin. Sɛ yɛyere yɛn ho san nya anuanom mu gyidi a, yɛn ani begye paa, na ɛbɛma yɛahu nea yebetumi ayɛ de aboa ama obiara anya ne yɔnko mu gyidi wɔ asafo no mu.

17. Adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yegye anuanom di, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Satan wiase yi mu no, nipa nnye ne yɔnko nipa nni, nanso yebetumi agye yɛn nuanom a ɛwɔ wiase nyinaa adi, efisɛ yɛdodɔ yɛn ho. Gye a yegye yɛn nuanom di no, ɛno na ama yɛn ani agye na baakoyɛ wɔ yɛn ntam no, na yenim sɛ mmere bɔne a ɛda yɛn anim no nso, ɛbɛyɛ ahobammɔ ama yɛn. Na sɛ obi adi wo huammɔ pɛn ma enti ɛyɛ den sɛ wobɛsan agye no adi nso ɛ? Bɔ mmɔden hu asɛm no sɛnea Yehowa hu no no, fa Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma, nya ɔdɔ a emu yɛ den ma anuanom, na suasua ebinom a Bible ka wɔn ho asɛm no. Yebetumi ayere yɛn ho ayi yawdi biara afi yɛn mu, na yɛasan anya anuanom mu gyidi. Yɛyɛ saa a, yebenya nnamfo bebree a ‘wɔkyɛn onua mpo a wɔntwe wɔn ho da.’ (Mmeb. 18:24) Sɛnea yɛtaa ka no, benkum guare nifa, na nifa nso aguare benkum. Enti sɛ yegye anuanom di a, ɛsɛ sɛ wɔn nso tumi gye yɛn di. Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛn nuanom atumi agye yɛn adi.

DWOM 99 Anuanom Mpempem Bebree

^ Ɛsɛ sɛ yegye anuanom di. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw, efisɛ ɛtɔ da a wotumi di yɛn huammɔ. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ Bible nnyinasosɛm ahorow bi, na yɛahwɛ ebinom a ɛtenaa ase tete no nhwɛso. Wei a yebesusuw ho no bɛboa yɛn ama yɛagye anuanom adi, na sɛ wodi yɛn huammɔ mpo a, yɛasan anya wɔn mu gyidi.

^ Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, asafo no mufo bi wɔ hɔ a, ebia yɛrentumi nnye wɔn nni. (Yuda 4) Ɛntaa nsi, nanso ebia ɛwom ara a anuanom atorofo ‘bekyinkyim nsɛm’ de adaadaa ebinom. (Aso. 20:30) Nnipa a ɛte saa de, ɛnsɛ sɛ yegye wɔn di, anaa yetie wɔn.

^ Sɛ wopɛ sɛ wuhu pii fa Grete suahu no ho a, hwɛ 1974 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, kr. 129-131.