Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Aware—Nea Ɔhyehyɛe ne N’atirimpɔw

Aware—Nea Ɔhyehyɛe ne N’atirimpɔw

“Yehowa Nyankopɔn de kaa ho sɛ: ‘Enye sɛ onipa no nko bɛtena. Merebɛyɛ ɔboafo ama no, ɔhokafo a ɔfata no.’”​—GEN. 2:18.

NNWOM: 36, 11

1, 2. (a) Bere bɛn na wɔhyehyɛɛ aware? (b) Ɔbarima ne ɔbea a wodii kan bɔɔ wɔn no, dɛn na na wobetumi ahu afa aware ho? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

AWARE nyɛ ade foforo wɔ nnipa asetena mu. Ɛnde yemmisa sɛ: Hena na ɔhyehyɛɛ aware, na atirimpɔw bɛn nti na ɔhyehyɛe? Sɛ yenya nsɛmmisa yi ho mmuae a, ɛbɛboa ama yɛanya aware ho adwene a ɛfata na yɛahu ɛso mfaso. Bere a Onyankopɔn bɔɔ onipa a odi kan, Adam wiei no, ɔde mmoa no nyinaa brɛɛ no sɛ ɔntoto wɔn din. Nanso, “onipa no de, na onni ɔboafo a ɔfata no.” Enti Onyankopɔn maa Adam daa nnahɔɔ, na oyii ne mfe mparow baako de bɔɔ ɔbea, na ɔde no brɛɛ ɔbarima no. (Kenkan Genesis 2:20-24.) Wei kyerɛ sɛ, Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware.

2 Yesu sii so dua sɛ, ɛyɛ Yehowa na ɔkae sɛ: “Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro.” (Mat. 19:4, 5) Ɛbɛyɛ sɛ Adam mfe mparow baako a Onyankopɔn de bɔɔ ɔbea a odi kan no maa awarefo a wodi kan no hui sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma mframa fa wɔn ntam. Ná Yehowa mpɛ sɛ awarefo gyae aware anaasɛ wɔware bi ka ho.

AWARE MA YEHOWA ATIRIMPƆW BAM

3. Atirimpɔw bɛn paa nti na wɔhyehyɛɛ aware?

3 Adam ani gyee ne yere hoɔfɛfo no ho paa, na akyiri yi, ɔtoo no din Hawa. Ná Hawa yɛ Adam ‘hokafo’ ne ne ‘boafo.’ Sɛ na wɔn mu biara yɛ ne fam de sɛ okunu ne ɔyere a, da biara da, na wɔn ani begye paa. (Gen. 2:18) Atirimpɔw paa nti a Onyankopɔn hyehyɛɛ aware ne sɛ, awarefo bɛwo ahyɛ asase so mã. (Gen. 1:28) Ɛwom sɛ mmofra dɔ wɔn awofo de, nanso na wobegyaw wɔn hɔ akɔware na wɔn nso akyekye wɔn mmusua. Ná nnipa bɛwo ahyɛ asase so ma sɛnea ɛsɛ, na wɔama asase nyinaa ayɛ paradise.

4. Dɛn na ɛbaa aware a edi kan no so?

4 Aware a edi kan no ankɔ yiye. Nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, Adam ne Hawa yɛɛ Yehowa so asoɔden. Wɔamfa hokwan a na wɔwɔ sɛ wotumi paw nea wɔpɛ no anni dwuma yiye. “Ɔwɔ dedaw no,” Satan Ɔbonsam, daadaa Hawa. Ɔmaa Hawa nyaa adwene sɛ, sɛ odi “papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no” aba a, obenya nimdeɛ soronko bi a ɛbɛma watumi asi nea ɛyɛ papa ne bɔne ho gyinae. Hawa anhwehwɛ Adam a na ɔyɛ ne ti no adwene wɔ asɛm no ho. Wei kyerɛ sɛ, wamfa obu amma ne kunu a ɔyɛ ne ti no. Adam nso antie Onyankopɔn asɛm. Ogyee aduaba a Hawa de maa no no dii.—Adi. 12:9; Gen. 2:9, 16, 17; 3:1-6.

5. Dɛn na yebetumi asua afi mmuae a Adam ne Hawa de maa Yehowa no mu?

5 Bere a Onyankopɔn bisaa Adam nea enti a odii aduaba no, ɔprɛɛ asɛm no too ne yere so. Ɔkae sɛ: “Ɔbea a wode no maa me no na ɔmaa me dua no aba no bi dii.” Hawa nso piaa asɛm no too ɔwɔ no so kae sɛ, ɔwɔ no na ɔdaadaa no. (Gen. 3:12, 13) Ɛwom sɛ wɔde nsɛm bi yiyii wɔn ho ano de, nanso na ntease biara nnim! Esiane sɛ nnipa baanu a wodi kan no yɛɛ Yehowa so asoɔden nti, Yehowa buu wɔn atɛn sɛ atuatewfo. Wei yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn paa! Sɛ aware bi bɛkɔ yiye a, ɛsɛ sɛ awarefo no mu biara tie Yehowa asɛm, na ogye ne mfomso tom.

6. Wobɛkyerɛkyerɛ Genesis 3:15 mu sɛn?

6 Nea Satan yɛe wɔ Eden nyinaa akyi no, Yehowa maa adesamma nyaa daakye ho anidaso. Saa anidaso no wɔ Bible nkɔmhyɛ a edi kan no mu. (Kenkan Genesis 3:15.) Yehowa kae sɛ ‘ɔbea no aseni’ no bɛbɔ ɔbɔfo a odii kan tew atua no ti. Yehowa nam saa asɛm no so ma yehu abusuabɔ soronko a ɔne abɔfo no wɔ. Abɔfo anokwafo pii na wɔresom Yehowa wɔ soro, na Yehowa afa wɔn sɛ ne yere. Akyiri yi, Kyerɛwnsɛm no kae sɛ, Onyankopɔn bɛsoma obi afi abɔfo anokwafo no mu ama ‘wabɛbɔ’ Ɔbonsam ti. Saa aseni no bɛma adesamma asoɔmmerɛwfo nsa aka nea Adam ne Hawa hweree no. Ɛne sɛ, adesamma asoɔmmerɛwfo bɛtena ase daa wɔ asase so ama Yehowa atirimpɔw abam.—Yoh. 3:16.

7. (a) Efi bere a Adam ne Hawa tew atua no, dɛn na aba aware so? (b) Dɛn na Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ okununom ne ɔyerenom yɛ?

7 Atua a Adam ne Hawa tewee no de ɔhaw baa wɔn aware no mu. Efi saa bere no, aware biara nni hɔ a ɔhaw nnim. Sɛ nhwɛso no, Hawa faa yaw mu wɔ ne nyinsɛn ne n’awo mu. N’asefo a wɔyɛ mmea nyinaa nso fa yaw koro no ara mu. Ná mmea ani begyina wɔn kununom. Nanso, na mmarima bedi wɔn yerenom so na wɔateetee wɔn mpo, sɛnea yehu wɔ aware pii mu nnɛ no. (Gen. 3:16) Bible hwehwɛ sɛ okununom di wɔn mmusua so wɔ ɔdɔ mu. Ɛsɛ sɛ ɔyerenom nso brɛ wɔn ho ase hyɛ wɔn kununom ase. (Efe. 5:33) Sɛ awarefo a wosuro Onyankopɔn bom yɛ ade a, ebetumi ama tebea ahorow a ɛde akasakasa ba so atew anaa afi hɔ koraa.

AWARE—ADAM BERE SO KOSI NSUYIRI NO SO

8. Aware a ɛkɔɔ so fi Adam bere so kosi Nsuyiri no so ho abakɔsɛm bɛn na yɛwɔ?

8 Adam ne Hawa woo mmabarima ne mmabea ansa na bɔne ne sintɔ de wɔn rekɔ owu mu. (Gen. 5:4) Wɔn ba a odi kan, Kain, waree n’abusuafo mmea no mu baako. Kain aseni Lamek ne ɔbarima a odi kan a Bible ka sɛ ɔwaree yerenom baanu. (Gen. 4:17, 19) Efi Adam so kosi Noa bere so Nsuyiri no so no, nnipa kakraa bi na Bible ka sɛ wɔsom Yehowa. Wɔn mu bi ne Habel, Enok, ne Noa ne n’abusua. Bible ka sɛ, Noa bere so no, “nokware Nyankopɔn mma no hui sɛ nnipa mmabea ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.” Abɔfo danee wɔn ho nnipa ne mmea wowoe, nanso na wei nyɛ ne kwan so. Wɔn mma no bɛyɛɛ awudifo a wɔsoso woware. Ná wɔfrɛ wɔn Nefilimfo. Afei nso, na “onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asase so mã, na ne komam nsusuwii nyinaa yɛ bɔne bere nyinaa.”—Gen. 6:1-5.

9. Dɛn na Yehowa yɛɛ abɔnefo wɔ Noa bere so, na dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi nea ɛkɔɔ so saa bere no mu?

9 Yehowa de Nsuyiri sɛee abɔnefo wɔ Noa bere so. Saa bere no, na asetenam nneɛma a nnipa yɛ no da biara da agye wɔn adwene. Nneɛma a egyee wɔn adwene no bi ne aware. Enti bere a “Noa a ɔyɛ trenee sɛnkafo” no reka ɔsɛe a na ɛreba ho asɛm no, wɔamfa no aniberesɛm. (2 Pet. 2:5) Yesu de nea ɛkɔɔ so saa bere no totoo nea ɛbɛkɔ so wɔ yɛn bere yi so no ho. (Kenkan Mateo 24:37-39.) Ɛnnɛ, yɛreka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse ansa na wiase bɔne yi awiei aba. Nanso, nnipa dodow no ara ntie. Momma yensua biribi mfi nea ɛkɔɔ so wɔ Noa bere so no mu. Ɛnsɛ sɛ yɛma abusuasɛm te sɛ aware ne mmofra ntetee mpo gye yɛn adwene ma yɛn werɛ fi sɛ Yehowa da no abɛn.

AWARE—NSUYIRI NO SO KOSI YESU BERE SO

10. (a) Nna mu ɔbrasɛe bɛn na na nkurɔfo de wɔn ho hyɛ mu wɔ mmeae pii? (b) Nhwɛso pa bɛn na Abraham ne Sara yɛe wɔ wɔn aware mu?

10 Ɛwom sɛ Noa ne ne mmabarima baasa no mu biara waree yere baako de, nanso tete no, na mmarima tumi ware yerenom pii. Wɔ mmeae pii no, nkurɔfo de wɔn ho hyɛɛ nna mu ɔbrasɛe mu, na wɔde kaa wɔn som mu amanne ho mpo. Bere a Abram (Abraham) ne ne yere Sarai (Sara) tiee Onyankopɔn asɛm na wotu kɔɔ Kanaan no, na ɛhɔfo de wɔn ho ahyɛ ɔbrasɛe mu araa ma na wɔmfa aware nyɛ hwee. Esiane sɛ na Sodomfo ne Gomorafo de wɔn ho ahyɛ aguamammɔ mu anaasɛ wɔfoa so nti, Yehowa ma wɔsɛee saa nkurow no. Nanso, Abraham de, ɔhwɛɛ n’abusua so yiye. Sara nso brɛɛ ne ho ase maa ne kunu de yɛɛ nhwɛso pa. (Kenkan 1 Petro 3:3-6.) Abraham hwɛ maa ne ba Isak waree obi a ɔsom Yehowa. Saa ara na Isak nso maa ne ba Yakob waree obi a ɔsom Yehowa. Yakob mma na wɔbɛyɛɛ Israel mmusuakuw 12 no agyanom.

11. Ɔkwan bɛn so na Mose Mmara no bɔɔ Israelfo ho ban?

11 Akyiri yi, Yehowa ne Yakob asefo (Israel) yɛɛ apam. Yehowa maa wɔn Mose Mmara no, na ɛbɔɔ awarefo ho ban maa wɔsom no. Sɛ nhwɛso no, na mmara no bi fa aware ho, na na aware dodow ho mmara nso ka ho. Mmara no kae sɛ, ɛnsɛ sɛ Israelfo ware abosonsomfo. (Kenkan Deuteronomium 7:3, 4.) Ɛba sɛ nsɛnnennen sɔre wɔ aware bi mu a, mpɛn pii no, na ɔman no mu mpanyimfo boa ma wosiesie. Sɛ ɔwarefo bi fa ne hokafo akyi, sɛ ninkuntwe ba ɔwarefo bi mu, anaa ɔwarefo bi tirim nteɛ no a, na mmara wɔ hɔ a wɔde ka ho asɛm. Ná wɔma awaregyae ho kwan, nanso na mmara wɔ hɔ a wɔde ka ɛno nso ho asɛm. Afei nso, na ɔbarima bi tumi gyina “biribi a enye” so gyae ne yere. (Deut. 24:1) Asɛm, “biribi a enye” no, Bible nkyerɛkyerɛ mu, nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ na ɔbarima bi ntumi nnyina nsɛm nketenkete bi so nnyae ne yere.—Lev. 19:18.

NTWA WO HOKAFO NKONTOMPO DA

12, 13. (a) Dɛn na na mmarima bi reyɛ wɔn yerenom wɔ Malaki bere so? (b) Ɛnnɛ, sɛ obi a wabɔ asu de obi hokafo guan a, dɛn na wɔbɛyɛ no?

12 Odiyifo Malaki bere so no, Yudafo mmarima pii twaa wɔn yerenom nkontompo. Wogyinaa nsɛm biara so kɛkɛ gyaee wɔn yerenom. Ebia saa mmarima no gyaee wɔn mmeranteberem yerenom kɔwaree mmabaa, anaa mmea a wɔsom abosom mpo. Bere a Yesu baa asase so no, na Yudafo mmarima da so ara twa wɔn yerenom nkontompo gyina “asɛm biara” so gyae wɔn aware. (Mat. 19:3) Yehowa Nyankopɔn kyi awaregyae a ɛte saa.​—Kenkan Malaki 2:13-16.

13 Ɛnnɛ, Yehowa nkurɔfo nsosɔ aware mu nkontompo a ɛte saa so. Nanso, ma yɛmfa no sɛ ɔbarima warefo anaa ɔbea warefo bi de obi hokafo aguan. Ɛno akyi no, ɔfa ɔkwan bi so gu n’aware dedaw no. Afei, ɔware nea ɔne no guanee no. Sɛ ɛba saa a, dɛn na wɔbɛyɛ no? Sɛ nea ɔyɛɛ bɔne no annu ne ho a, wobetu no afi asafo no mu na ama asafo no ho atew. (1 Kor. 5:11-13) Sɛ wobegye ɔdebɔneyɛfo no aba asafo no mu bio a, gye sɛ ‘ɔsow aba a ɛkyerɛ adwensakra.’ (Luka 3:8; 2 Kor. 2:5-10) Ɛwom sɛ asɛm a ɛte saa ntaa nsi wɔ asafo no mu de, nanso yɛrentumi mmu yɛn ani ngu nkontomposɛm a ɛte saa so. Wɔnkyerɛɛ bere tenten pɔtee a ɛsɛ sɛ edi ansa na wɔasan agye onipa a ɔte saa aba Onyankopɔn nkurɔfo mu. Nanso, ebia ebegye bere tenten kakra, afe anaa nea ɛboro saa, na ɔbɔnefo no de akyerɛ sɛ wanu ne ho ankasa ansa na wɔagye no aba asafo no mu. Sɛ wogye onipa no ba asafo no mu mpo a, ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ obegyina “Onyankopɔn atemmu agua no anim.”​—Rom. 14:10-12; hwɛ November 15, 1979, Ɔwɛn-Aban, Borɔfo de no kr. 31-32.

KRISTOFO AWARE

14. Ná Mose Mmara no atirimpɔw paa ne sɛn?

14 Mose Mmara no kyerɛɛ Israelfo kwan bɛyɛ mfe 1,500. Ɛboaa Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔkɔɔ so de nnyinasosɛm a ɛteɛ siesiee wɔn abusua mu nsɛm ne nsɛm foforo. Ɛsan kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ Mesia no so. (Gal. 3:23, 24) Bere a Yesu wui no, Mose Mmara no wiee n’adwuma, na Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe foforo. (Heb. 8:6) Saa nhyehyɛe no mu no, woyiyii nneɛma bi a na Mose Mmara no ma kwan fii hɔ.

15. (a) Aware ho gyinapɛn bɛn na wɔde yɛ adwuma wɔ Kristofo asafo no mu? (b) Sɛ Kristoni bi pɛ sɛ ogyae aware a, nneɛma bɛn na ehia sɛ osusuw ho?

15 Farisifo bi kobisaa Yesu asɛm bi faa awaregyae ho. Yesu buaa wɔn sɛ, ɛwom sɛ Mose maa kwan sɛ obi betumi agyae aware de, nanso “mfiase no na ɛnte saa.” (Mat. 19:6-8) Saa asɛm yi a Yesu kae no ma yehu sɛ, aware ho gyinapɛn a Onyankopɔn de mae wɔ Eden no, ɛno na na Kristofo asafo no de bɛyɛ adwuma. (1 Tim. 3:2, 12) Esiane sɛ awarefo yɛ “ɔhonam koro” nti, ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn ntam tetew. Bio nso, sɛ awarefo dɔ Onyankopɔn, na wɔn mu biara dɔ ne yɔnko a, wobetumi ahyɛ wɔn aware no mu den. Sɛ obi fa mmara kwan so gyae aware, na ɛnyɛ aguamammɔ nti a, ɛno mma no kwan sɛ obetumi asan aware. (Mat. 19:9) Odiyifo Hosea de ne yere Gomer a na ɔyɛ ɔwaresɛefo bɔne kyɛɛ no. Enti sɛ obi hokafo sɛe aware na onu ne ho a, obetumi de ne bɔne akyɛ no. Saa ara na bere a Israelfo bɔɔ aguaman wɔ honhom fam na wonuu wɔn ho no, Yehowa de wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. (Hos. 3:1-5) Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, sɛ obi nim sɛ ne kunu anaa ne yere asɛe aware, na ɛno akyi ɔne no da a, ɛkyerɛ sɛ ɔde ne hokafo no bɔne akyɛ no. Wei kyerɛ sɛ, ɔrentumi nka sɛ ɔregyina Kyerɛwnsɛm no so agyae aware.

16. Dɛn na Yesu ka faa sigyadi ho?

16 Bere a Yesu kae sɛ aguamammɔ nko ara na nokware Kristofo betumi agyina so agyae aware no, ɔkaa ‘wɔn a wɔwɔ sigyadi akyɛde’ nso ho asɛm. Ɔde kaa ho sɛ: “Obiara a obetumi agye eyi atom no, ma ɔnyɛ saa.” (Mat. 19:10-12) Nnipa pii di sigya sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asom Yehowa a biribiara rentwetwe wɔn adwene. Yɛkamfo wɔn a wɔreyɛ saa no.

17. Dɛn na ebetumi aboa Kristoni bi ama wasi gyinae sɛ ɔbɛware anaasɛ obedi sigya?

17 Dɛn na ebetumi aboa obi ama wasi gyinae sɛ obedi sigya anaasɛ ɔbɛware? Sɛ obi pɛ sɛ odi sigya a, ɛyɛ ɔno ankasa na ɛsɛ sɛ ofi ne komam si ho gyinae. Ɔsomafo Paulo kamfoo sigyadi, nanso ɔkae sɛ: “Esiane sɛ aguamammɔ abu so nti, ɔbarima biara nnya n’ankasa ne yere, na ɔbea biara nnya n’ankasa ne kunu.” Paulo de kaa ho sɛ: “Sɛ wontumi nhyɛ wɔn ho so a, wɔnware, na eye sɛ wɔbɛware sen sɛ akɔnnɔ bɛhyɛ wɔn so.” Sɛ obi ware a, etumi boa no ma akɔnnɔ nhyɛ ne so, na ankɔba sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ boasipem anaa ɔbrasɛe mu. Afei nso, ɛsɛ sɛ obi susuw mfe a wadi ho yiye efisɛ ɔsomafo no kae sɛ: “Sɛ obi dwen sɛ nea ɔreyɛ wɔ ne baabunyɛ ho mfata, na sɛ onii no nyɛ abofra bio a, ma ɔnyɛ nea ɔpɛ, sɛ saa na ɛsɛ sɛ ɛba a; ɔnyɛɛ bɔne. Ɔnware.” (1 Kor. 7:2, 9, 36; 1 Tim. 4:1-3) Nna ho akɔnnɔ hyɛ nnipa pii so wɔ wɔn mmabunbere mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ wei ma afoforo ka kyerɛ obi sɛ ɔnware. Ebia na onii no ho nkokwawee sɛnea ɛsɛ a obetumi adi aware mu asɛyɛde ho dwuma.

18, 19. (a) Sɛ Kristoni bi pɛ sɛ ɔware a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Sɛ Kristoni bi pɛ sɛ ɔware a, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ ɔbarima anaa ɔbea a wabɔ asu na ɔde ne koma nyinaa dɔ Yehowa. Ehia sɛ wɔn mu biara dɔ ne yɔnko paa ma enti wɔn baanu nyinaa pɛ paa sɛ wɔware. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wotie Yehowa afotu a ɛka sɛ yɛnware “Awurade mu nkutoo” no a, obehyira wɔn. (1 Kor. 7:39) Afei sɛ wɔware a, wobehu sɛ, Bible mu paa na wobenya afotu pa a ɛbɛma wɔn aware no asɔ.

19 “Nna a edi akyiri” yi mu no, mmarima ne mmea pii nni suban a ɛma aware gyina. Bible mu afotu a ebetumi aboa Kristofo a wɔaware ama wɔako atia saa ɔhaw no, yɛbɛka ho asɛm wɔ adesua a edi hɔ no mu. (2 Tim. 3:1-5) Biribiara a ɛbɛboa ama yɛn aware asɔ na ayɛ anigye no, Yehowa de ama yɛn wɔ n’Asɛm no mu. Wei bɛboa yɛn ama yɛne ne nkurɔfo akɔ so anantew ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so.​—Mat. 7:13, 14.