Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Kristofo Bɛyɛ Ama Wɔn Aware Asɔ

Nea Kristofo Bɛyɛ Ama Wɔn Aware Asɔ

“Sɛ́ ankorankoro no, mo mu biara nnɔ ne yere sɛ ne ho; na ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.”​—EFE. 5:33.

NNWOM: 87, 3

1. Ɛwom sɛ aware biara ahyɛase yɛ anigye de, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ awarefo hwɛ kwan sɛ ɛbɛto wɔn? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

SƐ AYEFORO a wasiesie ne ho fɛfɛɛfɛ kopue ne kunu anim wɔ wɔn ayeforohyia da a, wɔn ani gye paa. Ebedu saa bere no, na nantew a edi aware anim ama ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho no mu ayɛ den. Enti na wɔayɛ krado sɛ wɔbɛka aware ntam no de akyerɛ sɛ wobedi wɔn ho nokware. Nokwasɛm ne sɛ, ebehia sɛ wɔn mu biara yɛ nsakrae na ama wɔatumi akyekye wɔn abusua foforo no. Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no na ɔhyehyɛɛ aware, na ɔpɛ sɛ awarefo ani gye na wɔn aware sɔ. Ɛno nti, Onyankopɔn Asɛm no de afotu pa ma awarefo. (Mmeb. 18:22) Nanso, Kyerɛwnsɛm no ka no pefee sɛ nnipa a wɔtɔ sin de, sɛ wɔware a, wɔn “ho behiahia wɔn ɔhonam mu.” (1 Kor. 7:28) Ɛnde, dɛn na awarefo bɛyɛ na ama ahohiahia a ɛte saa so atew? Na dɛn na ɛbɛma Kristofo aware asɔ?

2. Ɔdɔ bɛn na ɛsɛ sɛ awarefo da no adi?

2 Bible ma yehu sɛ ɔdɔ ho hia. Onuadɔ (Hela, phi·liʹa) ho hia wɔ aware mu. Ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ (eʹros) ma awarefo ani gye, na abusua mu dɔ (stor·geʹ) nso ho hia bere a mmofra aba aware no mu. Nanso, ɛyɛ ɔdɔ a egyina nnyinasosɛm so (a·gaʹpe) na ɛma aware sɔ. Ɔsomafo Paulo kaa saa ɔdɔ yi ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mo mu biara nnɔ ne yere sɛ ne ho; na ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.”—Efe. 5:33.

OKUNU NE ƆYERE​—NEA ƐSƐ SƐ WƆN MU BIARA YƐ

3. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a ɛwɔ aware mu yɛ den kodu he?

3 Paulo kyerɛwee sɛ: “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ maa asafo no.” (Efe. 5:25) Ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo suasua no na wɔdodɔ wɔn ho sɛnea ɔdɔɔ wɔn no. (Kenkan Yohane 13:34, 35; 15:12, 13.) Ɛno nti, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awarefo dɔ mu yɛ den paa. Sɛ ɛho behia sɛ wɔn mu biara wu ma ne yɔnko mpo a, ɛsɛ sɛ wotumi yɛ saa. Na sɛ akasakasa a emu yɛ den wɔ aware no mu a, wɔn mu hena na ɔbɛyɛ n’adwene sɛ obewu ama ne yɔnko? A·gaʹpe dɔ de, ɛnte saa. Ɛno de, “ɛtɔ ne bo ase biribiara mu, egye biribiara di, ɛwɔ biribiara mu anidaso, na egyina biribiara ano.” Anokwa, “ɔdɔ to ntwa da.” (1 Kor. 13:7, 8) Sɛ awarefo a wosuro Onyankopɔn kae sɛ wɔaka ntam sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho na wɔadi wɔn ho nokware a, ɛbɛboa wɔn ama wɔayɛ baako. Wei nti, sɛ nsɛmnsɛm biara sɔre wɔn ntam a, wɔbɛbɔ mmɔden de nnyinasosɛm a edi mũ a Yehowa de ama no asiesie.

4, 5. (a) Okunu na ɔyɛ abusua ti. N’asɛyɛde ne sɛn? (b) Ɛsɛ sɛ ɔyere bu tiyɛ sɛn? (d) Nsakrae bɛn na na ɛsɛ sɛ awarefo bi yɛ?

4 Paulo kaa awarefo no mu biara asɛyɛde ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Momma ɔyerenom mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa wɔn kununom te sɛ nea wɔreyɛ ama Awurade, efisɛ okunu yɛ ne yere ti, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no ti no.” (Efe. 5:22, 23) Tiyɛ ho nhyehyɛe yi nkyerɛ sɛ okunu ho hia sen ne yere. Mmom, ɛboa ɔyere no ma odi n’asɛyɛde a ɛno nti Onyankopɔn bɔɔ no no ho dwuma. Onyankopɔn kae sɛ: “Enye sɛ onipa no [Adam] nko bɛtena. Merebɛyɛ ɔboafo ama no, ɔhokafo a ɔfata no.” (Gen. 2:18) Sɛnea Kristo a ɔyɛ “asafo no ti” di asafo no so ɔdɔ mu no, saa ara na ɛsɛ sɛ okunu a ɔyɛ Kristoni di ne yere so wɔ ɔdɔ mu. Ɔyɛ saa a, ɛma ne yere koma tɔ ne yam, na n’ani gye. Ɛboa ɔyere no nso ma ɔda obu adi, ɔboa ne kunu, na ɔbrɛ ne ho ase ma no.

5 Cathy [1] gye tom sɛ ehia sɛ awarefo yɛ nsakrae. Ɔka sɛ: “Bere a menwaree no, na mede me ho. Me ara na na mehwɛ me ho. Mewaree no, na ehia sɛ meyɛ nsakrae efisɛ na ɛsɛ sɛ mitie me kunu. Ɛtɔ da a, na ayɛ den, nanso esiane sɛ yɛyɛ nea Yehowa pɛ nti, ama mframa mfa yɛn ntam koraa.” Ne kunu Fred nso ka sɛ: “Ná ɛyɛ den ma me paa sɛ mesi gyinae. Enti bere a mewaree no de, na asɛm no asɛe koraa efisɛ na ɛsɛ sɛ misisi gyinae ma nnipa baanu. Nanso, sɛ mebɔ Yehowa mpae hwehwɛ ne mmoa, na meyɛ aso tie nea me yere wɔ ka a, ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ mesi gyinae. Mete nka sɛ yɛayɛ baako ankasa!”

6. Sɛ nsɛnnennen sɔre wɔ aware mu a, ɔkwan bɛn so na ɔdɔ yɛ adwuma sɛ “koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ”?

6 Sɛ aware bɛkɔ yiye a, ɛsɛ sɛ awarefo no mu biara bu n’ani gu ne yɔnko mfomso so. Ɛsɛ sɛ ‘wɔkɔ so nya wɔn ho abotare na wɔde firifiri wɔn ho korakora.’ Ɛnyɛ dɛn ara a, wɔn mu baako bɛfom ne yɔnko. Nanso sɛ ɛba saa a, wonya hokwan sua biribi fi saa mfomso no mu. Ɛboa wɔn ma wɔde bɔne firifiri wɔn ho, na wɔma ɔdɔ yɛ n’adwuma sɛ “koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” (Kol. 3:13, 14) Bio nso, “ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye. . . . Ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu.” (1 Kor. 13:4, 5) Sɛ mente-me-ho-ase bi yi ne ti a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ siesie no ntɛm ara. Ehia sɛ Kristofo a wɔyɛ awarefo siesie wɔn ntam nsɛmnsɛm biara ansa na wɔakɔda. (Efe. 4:26, 27) Egye ahobrɛase ne akokoduru na ama awarefo atumi afi wɔn komam aka sɛ, “Mepa wo kyɛw, ná minnim sɛ nea meyɛe no bɛhaw wo saa.” Nanso, sɛ awarefo nya akokoduru ka a, etumi ma asɛm de n’asɛm kɔ, na ɛma wotumi ka bɛn wɔn ho paa.

ƐSƐ SƐ AWAREFO NO MU BIARA YƐ NE YƆNKO BRƐBRƐ

7, 8. (a) Nna ho afotu bɛn na Bible de ma awarefo? (b) Adɛn nti na ehia sɛ awarefo korɔkorɔ wɔn ho?

7 Bible de afotu pa ma awarefo wɔ sɛnea wobenya adwene a ɛfata wɔ nna ho. (Kenkan 1 Korintofo 7:3-5.) Ɛho hia sɛ wɔn mu biara dwen ne yɔnko nkate ne n’ahiade ho. Sɛ okunu anyɛ ne yere brɛbrɛ anaa wankorɔkorɔ no na ɔne no da a, ebetumi ayɛ den ama ne yere sɛ n’ani begye. Bible ka kyerɛ okununom sɛ wɔne wɔn yerenom ntena “wɔ nimdeɛ mu.” (1 Pet. 3:7) Ɛnsɛ sɛ awarefo no mu biara hyɛ ne yɔnko ne no da, na mmom ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa pene so ansa. Ɛwom sɛ ɔbarima no tumi nya nna ho akɔnnɔ ntɛm sen ɔbea no de, nanso ɛfata sɛ wɔn baanu nyinaa adwene hyia wɔ ho.

8 Ɛwom sɛ Bible nkyerɛ baabi a awarefo betumi asuso wɔn ho mu anaa wɔafew wɔn ho ano akodu ansa na wɔanya nna mu kyɛfa de, nanso ɛka sɛ wobetumi akyerɛ wɔn dɔ. (Nmd. 1:2; 2:6) Enti ɛsɛ sɛ awarefo a wɔyɛ Kristofo yɛ wɔn ho brɛbrɛ anaa wɔkorɔkorɔ wɔn ho.

9. Adɛn nti na ɛnyɛ papa sɛ obi benya ɔbea anaa ɔbarima bi a ɔnyɛ ne hokafo ho akɔnnɔ?

9 Sɛ awarefo dɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa paa a, wɔremma obiara anaa biribiara nsɛe wɔn aware. Awarefo binom ahwɛ ponografi anaa aguamansɛm mfonini araa ma wɔn aware agyigya anaa asɛe mpo. Ɛsɛ sɛ awarefo yere wɔn ho paa ko tia onipa foforo biara ho akɔnnɔ a wobenya ne aguamansɛm mfonini a wɔbɛhwɛ. Sɛ ɔwarefo bi yɛ nneɛma bi a ɛreyɛ ayɛ sɛ ɔde ne ho rehyehyɛ obi a ɔnyɛ ne hokafo a, ɛsɛ sɛ ogyae efisɛ ɛnkyerɛ ɔdɔ. Sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn hu adwene ne nneyɛe nyinaa a, ɛbɛma yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani, na yɛama yɛn ho atew.​—Kenkan Mateo 5:27, 28; Hebrifo 4:13.

BERE A NSƐNNENNEN ASƆRE WƆ AWARE MU

10, 11. (a) Awaregyae ho nsɛm te sɛn nnɛ? (b) Dɛn na Bible ka fa ntetewmu ho? (d) Dɛn na ɛbɛboa awarefo na wɔampere wɔn ho antetew mu?

10 Sɛ nsɛnnennen gye ntini wɔ aware bi mu a, ebia awarefo no mu baako anaa wɔn baanu nyinaa bɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtetew mu anaasɛ wobegyae aware. Aman bi so no, aware a wɔhyehyɛ nyinaa, bɛboro emu fã kowie awaregyae mu. Ɛwom sɛ Kristofo asafo no mu de, awaregyae ntaa nsisi, nanso aware mu nsɛmnsɛm redɔɔso wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu, na ɛhaw adwene paa.

11 Bible de akwankyerɛ yi ma awarefo sɛ: “Ɔyere ne ne kunu nntetew mu; nanso ɛba sɛ ɔne no tetew mu a, ɔnnware, anyɛ saa a ɛsɛ sɛ ɔne ne kunu no kɔbom bio; na okunu nso mmfi ne yere ho.” (1 Kor. 7:10, 11) Ɛsɛ sɛ awarefo bu ntetewmu sɛ ɛyɛ aniberesɛm. Sɛ nsɛm a emu yɛ den sɔre wɔ aware mu a, anhwɛ a ɛbɛyɛ awarefo no sɛ, sɛ wɔtetew mu a, wɔn mu biara ho bɛtɔ no. Nanso, ɛno mmom na ɛtaa kɔfa ɔhaw pii ba. Yesu tĩĩ asɛm bi a Onyankopɔn kae mu sɛ, ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔfam ne yere ho. Ɛno akyi no, Yesu kae sɛ: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.” (Mat. 19:3-6; Gen. 2:24) Saa asɛm yi san kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ okunu anaa ɔyere ‘tetew nea Onyankopɔn aka abom no mu.’ Yehowa pɛ sɛ awarefo bom tena wɔn nkwa nna nyinaa. (1 Kor. 7:39) Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ yɛn nyinaa bebu akontaa akyerɛ Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ wei boa awarefo ma wɔyere wɔn ho siesie wɔn ntam nsɛmnsɛm ntɛm ara, sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma rennye wɔn nsam.

12. Dɛn na ebetumi ama awarefo bi ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtetew mu?

12 Sɛ awarefo no annya nea na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya wɔ aware mu a, ɛde ɔhaw ba. Sɛ wɔn nsa anka anigye a na wɔrehwehwɛ no a, ebetumi ama wɔn abam abu, wɔate nka sɛ wɔasisi wɔn, anaa wɔn bo afuw mpo. Ɛsono sɛnea nsɛm tumi haw awarefo no mu biara ne sɛnea wɔtetee wɔn mu biara nso. Wei betumi de nsɛmnsɛm anaa wontwiwontwi aba. Sikasɛm, nsenom, ne sɛnea wɔtete mmofra nso betumi de akasakasa aba. Nanso, nea ɛhyɛ nkuran ne sɛ, Kristofo a wɔyɛ awarefo dodow no ara tumi siesie wɔn ntam nsɛmnsɛm efisɛ wɔma Onyankopɔn kyerɛ wɔn kwan.

13. Dɛn paa na awarefo betumi agyina so atetew mu?

13 Ɛtɔ da a, awarefo betumi anya biribi agyina so atetew mu. Tebea ahorow a emu yɛ den a ebinom gyina so tetew wɔn aware mu na edidi so yi: Obi hokafo hyɛ da sɛ ɔrenhwɛ n’abusua, obi hokafo yɛ no ayayade, anaa ɔhyɛ no katee sɛ ɔremma ɔnsom Onyankopɔn. Kristofo a wɔyɛ awarefo hyia nsɛnnennen a, ɛsɛ sɛ wɔma asafo mu mpanyimfo boa wɔn. Saa anuanom a wɔn ho akokwaw yi betumi aboa awarefo ma wɔde afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ayɛ adwuma. Sɛ yɛresiesie yɛn aware mu nsɛmnsɛm a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ Yehowa honhom kronkron. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛmfa Bible mu nnyinasosɛm nyɛ adwuma, na yɛnna honhom aba no nso adi.​—Gal. 5:22, 23. [2]

14. Asɛm bɛn na Bible ka kyerɛ Kristofo a wɔn ahokafo nyɛ Yehowa asomfo?

14 Kristofo binom ahokafo nnya mmɛyɛɛ Yehowa asomfo. Bible ma Kristoni a ɔwɔ tebea a ɛte saa mu hu nea enti paa a ɛsɛ sɛ ɔkɔ so tena aware no ho. (Kenkan 1 Korintofo 7:12-14.) Sɛ Kristoni bi hokafo a onnya mmɛyɛɛ Yehowa somfo no nim oo, onnim oo, esiane sɛ ne hokafo yɛ gyidini nti, ne ‘ho tew.’ Onyankopɔn bu mma nkumaa biara a wɔwɔ sɛ wɔyɛ “kronn” ma enti ɔbɔ wɔn ho ban. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɔbea, wobɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛnyɛ wo na wubegye wo kunu nkwa? Anaasɛ ɔbarima, wobɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛnyɛ wo na wubegye wo yere nkwa?” (1 Kor. 7:16) Ɛkame ayɛ sɛ, Yehowa Adansefo asafo biara mu no, wubenya awarefo a nea ɔyɛ Kristoni no ‘agye ne hokafo no nkwa.’

15, 16. (a) Afotu bɛn na Bible de ma ɔyerenom a wɔyɛ Kristofo a wɔn kununom nnya mmɛyɛɛ Onyankopɔn asomfo? (b) Sɛ Kristoni bi hokafo a “onnye nni no ka sɛ ɔrekɔ a,” dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni no yɛ?

15 Ɔsomafo Petro tuu ɔyerenom a wɔyɛ Kristofo fo sɛ, wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa wɔn kununom, “na sɛ ebinom anyɛ aso amma asɛm no a, ɔyerenom nam wɔn abrabɔ so anya wɔn a ɔkasa nka ho, efisɛ wɔn ankasa bedi [wɔn] abrabɔ kronn ne obu a emu dɔ no ho adanse.” Sɛ ɔyere de ‘honhom a ɛyɛ komm na edwo a ɛsom bo wɔ Onyankopɔn anim’ bɔ ne bra a, ɛbɛboa paa ama wanya ne kunu aba nokware som mu sen sɛ ɔbɛka Kristofo gyidi ho asɛm akyerɛ ne kunu bere nyinaa.​—1 Pet. 3:1-4.

16 Na sɛ ɔhokafo a ɔnyɛ gyidini no ka sɛ ɔretetew mu nso ɛ? Bible ka sɛ: “Sɛ nea onnye nni no ka sɛ ɔrekɔ a, ma ɔnkɔ; obi ntumi nhyɛ onuabarima anaa onuabea sɛ akoa wɔ tebea a ɛte saa mu, na asomdwoe mu na Onyankopɔn afrɛ mo aba.” (1 Kor. 7:15) Wei nkyerɛ sɛ Kristoni no anya Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛbɛma watumi asan aware. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔhyɛ ne hokafo a ɔnyɛ gyidini no sɛ ɔnkɔ so ntena aware no ho. Sɛ wɔtetew mu a, ebia Kristoni no benya asomdwoe kakra. Kristoni no betumi ahwɛ kwan sɛ ne hokafo a ɔkɔ no bɛsan aba ama wɔabom asiesie wɔn aware no, na ebia akyiri yi wabɛyɛ ne yɔnko gyidini.

NEA ƐSƐ SƐ ƐHO HIA YƐN PAA WƆ YƐN AWARE MU

Sɛ wode honhom fam nneɛma di kan a, wubetumi anya anigye pii wɔ w’aware mu (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Dɛn paa na ɛsɛ sɛ ɛho hia Kristofo a wɔyɛ awarefo?

17 Esiane sɛ yɛadu akyiri wɔ “nna a edi akyiri” no mu nti, yehu sɛ ‘mmere mu ayɛ den.’ (2 Tim. 3:1-5) Nanso, sɛ yɛkɔ so yɛ den wɔ honhom fam a, ɛbɛboa yɛn paa ama yɛako atia wiase nkɛntɛnso bɔne no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Bere a aka no sua.” Ɔtoaa so sɛ: “Efi saa bere yi rekɔ no, wɔn a wɔwɔ yere no nyɛ sɛnea wonni bi, . . . na wɔn a wɔde wiase di dwuma no mmma wiase nnnye wɔn adwene.” (1 Kor. 7:29-31) Ɛnyɛ sɛ na Paulo reka akyerɛ awarefo sɛ wommu wɔn ani ngu wɔn asɛyɛde so. Nanso, esiane sɛ bere a aka no sua nti, ɛsɛ sɛ wɔde honhom fam nneɛma di kan.​—Mat. 6:33.

18. Adɛn nti na Kristofo aware betumi asɔ na ayɛ anigye?

18 Ɛwom sɛ yɛte mmere a emu yɛ den paa mu, na nnipa pii aware resɛe de, nanso yɛn aware betumi asɔ na ayɛ anigye. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Kristofo a wɔyɛ awarefo ne Yehowa nkurɔfo bɔ, na wɔde Kyerɛwnsɛm mu afotu bɔ wɔn bra, na wɔma Yehowa honhom kronkron kyerɛ wɔn kwan a, “nea Onyankopɔn aka abom no” wɔrentetew mu da.​—Mar. 10:9.

^ [1] (nkyekyɛm 5) Wɔasesa din ahorow no.

^ [2] (nkyekyɛm 13) Hwɛ nkekaho, “Nea Bible Ka Wɔ Awaregyae ne Ntetewmu Ho” wɔ nhoma a wɔato din “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” kr. 219-221.