Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yehowa Nim Wɔn a Wɔyɛ Ne Dea’

‘Yehowa Nim Wɔn a Wɔyɛ Ne Dea’

“Sɛ obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno nso nim no.”—1 KOR. 8:3.

1. Bible mu asɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo betumi de nneɛma bi adaadaa wɔn ho? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

ANƆPA bi na Ɔsɔfo Panyin Aaron gyina Yehowa ntamadan ano ayɛ krado rebɛhyew aduhuam. Saa bere no ara nso na Kora ne ne mmarima 250 gyina ɔfa baabi rebɛhyew aduhuam. (Num. 16:16-18) Sɛ w’ani bɔ mmarima no so prɛko pɛ a, wobɛka sɛ wɔn nyinaa yɛ Yehowa asomfo a asɛm biara nni wɔn ho. Nanso wunim, na Kora ne n’akyitaafo no yɛ atuatewfo ahantanfo a wɔpɛ sɛ wogye asɔfodi no fi Aaron nsam. (Num. 16:1-11) Na ɛyɛ wɔn sɛ Onyankopɔn begye wɔn atom, nanso na wɔredaadaa wɔn ho. Nokwasɛm ne sɛ na adwene a ɛte saa yɛ animtiaabu mu animtiaabu, efisɛ na wosusuw sɛ wobetumi atu mfuturu agu Yehowa ani. Nanso na Yehowa nim nea ɛwɔ wɔn komam, na ohui sɛ nyaatwom ayɛ wɔn ma.Yer. 17:10.

2. Dɛn na na Mose aka sɛ ebesi, na ɛbaam anaa?

2 Na Mose adi kan aka sɛ: “Ɔkyena anɔpa Yehowa bɛkyerɛ nea ɔyɛ ne dea.” (Num. 16:5) Dɛn na Yehowa de kyerɛe sɛ onim n’asomfo mapa ne nyaatwomfo nkontompofo? Yehowa maa ogya fii soro bɛhyew Kora ne “mmarima ahanu  aduonum a na wokurakura aduhuam no.” (Num. 16:35; 26:10) Aaron deɛ Yehowa amfa ne nsa anka no, na na eyi kyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn somfo nokwafo ne ɔsɔfo panyin a ogye no tom.Monkenkan 1 Korintofo 8:3.

3. (a) Dɛn na esii wɔ ɔsomafo Paulo bere so? (b) Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne atuatewfo no dii wɔ Mose bere so a, dɛn na yesua fi mu?

3 Bɛboro mfe 1,500 akyi no, biribi a ɛte saa sii wɔ ɔsomafo Paulo bere so. Ebinom a wɔseɛ sɛ wɔyɛ Kristofo gyee atoro nkyerɛkyerɛ gyinaa mu, nanso na wɔda so ara wɔ asafo no mu. Sɛ obi gyina akyi a, ɔbɛka sɛ awaefo yi yɛ Onyankopɔn asomfo a asɛm biara nni wɔn ho. Nanso nokware a ɛwom ne sɛ na wɔte sɛ mpataku a wɔde nguan nhoma adura wɔn ho ‘resɛe ebinom gyidi.’ (2 Tim. 2:16-18) Nea ɛrekɔ so nyinaa na Yehowa ani tua. Na Paulo nim nea Onyankopɔn de yɛɛ Kora ne n’akyitaafo atuatewfo no, enti na ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛyɛ nea ɛrekɔ so no ho biribi. Momma yɛnhwɛ asɛm bi a Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi mu.

“MENE YEHOWA; MENSAKRAE”

4. Ahotoso bɛn na na Paulo wɔ? Ɔkwan bɛn so na ɔdaa eyi adi kyerɛɛ Timoteo?

4 Na Paul nim paa sɛ Yehowa hu nyaatwomfo a wɔayɛ wɔn ho ɔsoro abɔfo. Saa ara nso na na ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa nim wɔn a woyi wɔn yam som no. Nsɛm a honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo no ma yehu sɛ na Paulo wɔ ahotoso sɛ Yehowa nim biribiara a ɛrekɔ so. Paulo kae sɛ awaefo resɛe asafo no mufo binom gyidi, na ɛno akyi no, ɔtoaa so sɛ: “Eyi nyinaa mu no, Onyankopɔn fapem a ɛyɛ den no da so ara gyina hɔ, na ɛwɔ nsɔano yi: ‘Yehowa nim wɔn a wɔyɛ ne de’; afei nso: ‘Ma obiara a ɔbɔ Yehowa din no ntwe ne ho mfi nea ɛnteɛ ho.’”2 Tim. 2:18, 19.

5, 6. Adɛn nti na asɛm, “Onyankopɔn fapem a ɛyɛ den” no da nsow? Yebetumi aka sɛ asɛm yi kaa Timoteo sɛn?

5 Paulo asɛm no mu yɛ duru kakra. Asɛmfua “fapem” kyerɛ nneɛma horow wɔ Bible mu. Ɛho nhwɛso bi ni: Wɔde gyinaa hɔ maa tete Israel ahenkurow Yerusalem. (Dw. 87:1, 2) Ɛtɔ da nso na Bible rekyerɛ dwuma a Yehowa de Yesu di a, ɛde toto fapem ho. (1 Kor. 3:11; 1 Pet. 2:6) Nanso asɛm “Onyankopɔn fapem a ɛyɛ den” no da nsow, efisɛ epue pɛnkoro pɛ wɔ Bible mu. Ɛnde, dɛn na na ɛwɔ Paulo adwenem bere a ɔde saa asɛm no dii dwuma no?

6 Paulo tĩĩ Kora ho asɛm a Mose kae a ɛwɔ Numeri 16:5 no mu. Ɛno akyi na ɔde asɛm, “Onyankopɔn fapem a ɛyɛ den” no toaa so. Na Paulo retwe Timoteo adwene asi nsɛm a esii Mose bere so no so. Na ɔpɛ sɛ Timoteo hu sɛ atuatew biara a ɛrekɔ so wɔ asafo no mu no, Yehowa ani tua, na ɔbɛyɛ ho biribi bere a ɛsɛ mu. Sɛnea Kora antumi ansesa Yehowa akwan no, saa ara na awaefo a na wɔwɔ asafo no mu rentumi nsesa nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ. Paulo ankyerɛ nea asɛm, “Onyankopɔn fapem a ɛyɛ den” no kyerɛ ankasa. Nanso yebetumi aka sɛ nea ɔkae no boaa Timoteo ma ɔde ne werɛ hyɛɛ Yehowa mu.

7. Adɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bedi asɛntrenee ne nokware daa?

7 Yehowa akwan nsesa da. Dwom 33:11 ka sɛ: “Yehowa agyina de, etim hɔ daa; ne komam nsusuwii wɔ hɔ fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so.” Kyerɛw nsɛm foforo ka sɛ Yehowa tumidi, n’adɔe, ne trenee, ne ne nokwaredi wɔ hɔ daa. (Ex. 15:18; Dw. 106:1; 112:9; 117:2) Malaki 3:6 ka sɛ: “Mene Yehowa; mensakrae.” Yakobo 1:17 nso ka sɛ  Yehowa nte sɛ “sunsuma a ɛsakra na ɛdannan.”

“NSƆANO” A ƐMA YƐDE YƐN WERƐ HYƐ YEHOWA MU

8, 9. Sɛ yɛhwɛ asɛm a wɔakyerɛw wɔ “Onyankopɔn fapem a ɛyɛ den” no so a, dɛn na yebetumi asua afi mu?

8 Asɛm a Paulo kae wɔ 2 Timoteo 2:19 no boa ma yetwa biribi ho mfonini wɔ yɛn adwenem. Ɛte sɛ fapem bi a wɔakyerɛw biribi wɔ so na wɔasɔ ano a wuntumi mpopa. Tete no na wɔtaa kyerɛw nsɛm gu ɔdan fapem ho. Ɛma nnipa hu odwumfo a osii dan no anaa nea dan no yɛ ne dea. Paulo ne Bible kyerɛwfo a odi kan a ɔde asɛm yi yɛɛ ntotoho. * Wɔakyerɛw nsɛm mmienu wɔ “Onyankopɔn fapem a ɛyɛ den” no so. Asɛm a edi kan ne “Yehowa nim wɔn a wɔyɛ ne de,” na nea ɛto so mmienu ne “Ma obiara a ɔbɔ Yehowa din no ntwe ne ho mfi nea ɛnteɛ ho.” Eyi ma yɛkae asɛm a ɛwɔ Numeri 16:5.Monkenkan.

9 Sɛ yɛhwɛ asɛm a wɔakyerɛw wɔ “Onyankopɔn fapem a ɛyɛ den” no so a, dɛn na yebetumi asua afi mu? Yehowa asomfo betumi abɔ n’afotu, n’ahyɛde, ne n’akwan mua. Ne nyinaa gyina nokwasɛm mmienu yi so: (1) Yehowa dɔ wɔn a wodi no nokware, (2) Yehowa kyi nneyɛe bɔne. Ɛnde, eyi fa awaefo a wɔwɔ asafo no mu ho sɛn?

10. Awaefo nneyɛe kaa anokwafo a wɔwɔ Paulo bere so no sɛn?

10 Yebetumi aka sɛ na awaefo nneyɛe haw Timoteo ne anuanom anokwafo a wɔaka no. Ebia Kristofo bi bisae sɛ, ‘Adɛn nti koraa na yɛagyae awaefo ma wɔreyɛ nea wɔpɛ wɔ asafo no mu?’ Anaa ebia wobisae sɛ, ‘Enti Yehowa nhu sɛ awaefo de ne som adura wɔn anim kɛkɛ? Na yɛn a yɛakum yɛn ho pɛ sɛ yedi no nokware no nso ɛ, ohu yɛn anaa?’Aso. 20:29, 30.

Timoteo amma awaefo annya no (Hwɛ nkyekyɛm 10-12)

11, 12. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Paulo krataa no hyɛɛ Timoteo gyidi den?

11 Akyinnye biara nni ho sɛ Paulo krataa no hyɛɛ Timoteo gyidi den. Ɔkaee Timoteo asɛm a esii bere a Kora ne n’apamfo tew atua no. Yehowa paa wɔn ho ntama sɛ wɔyɛ nyaatwomfo atuatewfo a wonni kyɛfa biara wɔ ne som mu, na ɔsɛee wɔn. Nanso ɔdaa no adi sɛ Aaron na wapaw no. Enti nea na Paulo repɛ akyerɛ ara ne sɛ ebinom wɔ asafo no mu a wɔyɛ Kristofo  nwurawura, nanso Yehowa nim wɔn a wɔyɛ ne dea, sɛnea na onim wɔn a wɔwɔ n’afa wɔ Mose bere so no.

12 Yebetumi de yɛn werɛ ahyɛ Yehowa mu, efisɛ ɔnsakra. Okyi abɔnefosɛm, na ɛrenkyɛ koraa ɔbɛtwe abɔnefo a wonnu wɔn ho no aso. Ná Timoteo ‘bɔ Yehowa din,’ enti na ɛsɛ sɛ ɔno ara nso hwɛ yiye na Kristofo atorofo no annya ne so nkɛntɛnso. *

NOKWARE SOM SO WƆ NHYIRA PII

13. Awerɛhyem bɛn na yebetumi anya wɔ Yehowa mu?

13 Sɛ yɛhwɛ asɛm a Paulo kyerɛw Timoteo no a, yebetumi anya yɛn de afi mu. Ɔkwan bɛn so? Yehowa nim paa sɛ yɛayi yɛn yam resom no. Nanso ɛnyɛ nim ara na onim kɛkɛ, na mmom yɛda ne koma so. Bible ka sɛ Yehowa de n’ani “kyini asase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.” (2 Be. 16:9) Enti momma yennya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛde “koma a emu tew” som Yehowa a, yɛn nsa rensi fam da.1 Tim. 1:5; 1 Kor. 15:58.

14. Ɔsom bɛn na Yehowa kyi?

14 Nanso biribi foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow. Yehowa kyi nyaatwom som kɔkɔɔkɔ. N’ani “kyini asase so baabiara,” na ohu wɔn a ‘wɔn koma nni mũ wɔ ne ho.’ Mmebusɛm 3:32 ka sɛ “Yehowa kyi okontomponi,” enti sɛ obi yɛ ne ho sɛ ɔsoro abɔfo na odi bɔne wɔ sum ase a, ɔno ara ne gyegyiregye. Onipa na obi betumi ayɛ biribi saa asie no, na ɛnyɛ Yehowa. Yehowa tumi sõ na ɔdɔ trenee, enti “nea ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yiye.”Mmeb. 28:13; monkenkan 1 Timoteo 5:24; Hebrifo 4:13.

15. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati, na adɛn ntia?

15 Yehowa asomfo dodow no ara de wɔn koma nyinaa resom. Ɛnyɛ ade a yɛhwɛ kwan sɛ onua anaa onuawa bi bɛyɛ ne ho duaburoni na ɔde nyaatwom asom Yehowa. Nanso sɛ biribi a ɛte saa sii wɔ Mose bere so ne tete Kristofo no bere so a, ɛnnɛ nso ebetumi asi. (2 Tim. 3:1, 5) Ɛnde, nea yɛreka yi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde bɔne susuw yɛn nuanom Kristofo na yɛka sɛ wɔn som yɛ nnipa ani so de anaa? Dabida! Ɛbɛyɛ mfomso sɛ yebenya yɛn nuanom ho adwene a ɛte saa bere a yenni adanse biara. (Monkenkan Romafo 14:10-12; 1 Korintofo 13:7.) Aniberesɛm koraa a ɛwom ne sɛ, sɛ yenya yɛn nuanom ho adwene a ɛmfata na yesusuw sɛ wɔn som mfi komam a, ɛbɛma yɛne Yehowa ankasa ntam asɛe.

16. (a) Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ na nyaatwom annye ntini wɔ ne komam? (b) Dɛn na yebetumi asua afi adaka a wɔato din “ Monkɔ So Nsɔ Nhwɛ, Monkɔ So Mpɛɛpɛɛ Mo Mu” no mu?

16 Ɛsɛ sɛ Kristoni biara sɔ n’ankasa adwuma anaa ne nneyɛe hwɛ. (Gal. 6:4) Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, yɛanhwɛ yiye a yɛde adwene a ɛmfata bɛsom Yehowa bere mpo a yennim. (Heb. 3:12, 13) Enti ɛwɔ hɔ wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ yɛpɛɛpɛɛ yɛn mu hwɛ adwene a yɛde som Yehowa. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Medɔ Yehowa paa, na migye tom sɛ ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ Pumpuni no? Eyi nti na mesom no anaa? Anaa nneɛma pa a menya wɔ Paradise nti na meresom no?’ (Adi. 4:11) Sɛ yebisa yɛn ho nsɛm saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahwehwɛ yɛn mu yiye na yɛatu nyaatwom ase afi yɛn komam.

NOKWAREDI DE ANIGYE BA

17, 18. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yeyi yɛn yam som Yehowa?

17 Sɛ yɛyere yɛn ho som Yehowa yiye a, yebenya nhyira pii. Odwontofo no kae  sɛ: “Anigye ne onipa a Yehowa mmu mfomso ngu no so, na ɔnyɛ ɔdaadaafo.” (Dw. 32:2) Sɛ yɛbɔ mmɔden tu nyaatwom ase fi yɛn komam a, yɛn ani begye nnɛ, na anigye a enni kabea nso da hɔ retwɛn yɛn daakye.

18 Ɛrenkyɛ Yehowa bɛpa nyaatwomfo a wɔhyɛ sum ase di bɔne nyinaa ho ntama. Ɔyɛ saa a, afei “nsonsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam” bɛda adi pefee. (Mal. 3:18) Seesei de, momma yɛnkyekye yɛn werɛ efisɛ “Yehowa ani wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ.”1 Pet. 3:12.

^ nky. 8 Akyiri yi ɔsomafo Yohane kyerɛw biribi a ɛte saa wɔ Adiyisɛm 21:14. Ɔkae sɛ wɔakyerɛw asomafo 12 no din wɔ “fapem dumien” so.

^ nky. 12 Adesua a edi hɔ no bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yebesuasua Yehowa na yɛakyi abɔnefosɛm.