Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛbɛyɛ Dɛn Ako Atia Adaemone?

Yɛbɛyɛ Dɛn Ako Atia Adaemone?

Yɛbɛyɛ Dɛn Ako Atia Adaemone?

“Abɔfo a wɔantra baabi a na wɔte mfiase na mmom wogyaw wɔn ankasa trabea a ɛsɛ no, [Onyankopɔn de] daa mpokyerɛ akyekyere wɔn akora wɔn wɔ esum kabii mu ama da kɛse no mu atemmu.”—YUDA 6.

1, 2. Nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre wɔ Satan Ɔbonsam ne adaemone no ho?

ƆSOMAFO Petro bɔ kɔkɔ sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn. Mo tamfo Bonsam nenam te sɛ gyata a ɔbobom apɛ obi amene no.” (1 Petro 5:8) Ɔsomafo Paulo nso kaa adaemone ho asɛm sɛ: “Mempɛ sɛ mo ne adaemone nya twaka biara. Muntumi nnom Yehowa kuruwa ne adaemone kuruwa ano; muntumi nnya kyɛfa wɔ ‘Yehowa pon’ so ne adaemone pon so.”—1 Korintofo 10:20, 21.

2 Henanom ne Satan Ɔbonsam ne adaemone no? Ɛyɛɛ dɛn na wɔbae, na bere bɛn na wɔbae? So Onyankopɔn na ɔbɔɔ wɔn? Tumi bɛn na wɔwɔ wɔ nnipa so? Dɛn na yebetumi ayɛ de abɔ yɛn ho ban afi wɔn ho?

Ɛyɛɛ Dɛn na Satan ne Adaemone no Bae?

3. Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn bɔfo bi bɛyɛɛ Satan Ɔbonsam?

3 Wɔ adesamma mfiase pɛɛ, bere a wɔbɔɔ nnipa too Eden turo mu no, Onyankopɔn bɔfo bi bɛyɛɛ otuatewfo. Dɛn ntia? Efisɛ n’ani ansɔ dwuma a na odi wɔ Yehowa soro ahyehyɛde mu no. Wɔbɔɔ Adam ne Hawa no, ohui sɛ obetumi ama wɔayɛ nokware Nyankopɔn no so asoɔden na wɔatwe wɔn ho afi ne ho abetie ɔno ɔbɔfo no. Ɔbɔfo yi nam atua a ɔtew tiaa Onyankopɔn ne nnipa baanu a wodi kan a ɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ bɔne no so yɛɛ ne ho Satan Ɔbonsam. Bere bi akyi no, abɔfo foforo nso tew atua kɔkaa ne ho. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa?—Genesis 3:1-6; Romafo 5:12; Adiyisɛm 12:9.

4. Dɛn na abɔfo atuatewfo bi yɛe ansa na Nsuyiri a ɛbae wɔ Noa nna no mu no reba?

4 Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ bere bi ansa na Nsuyiri kɛse a ɛbae wɔ Noa nna no mu reba no, abɔfo bi fii ase kyerɛɛ mmea a wɔwɔ asase so no ho anigye a ɛmfata. Bible ka sɛ: “Onyankopɔn mma [a wɔwɔ soro] huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ” wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Ná saa aware yi nyɛ ne kwan so de, na wɔwoo abran a wɔfrɛ wɔn Nefilim. (Genesis 6:2-4) Honhom abɔde a wɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden yi kɔkaa atua a Satan tew tiaa Yehowa no ho.

5. Bere a Yehowa de Nsuyiri kɛse bɛsɛee nnipa no, dɛn na ɛtoo abɔfo atuatewfo no?

5 Bere a Yehowa de Nsuyiri no baa adesamma so no, Nefilim no ne wɔn maamenom a wɔyɛ nnipa no wuwui. Tebea no maa abɔfo atuatewfo no faa honhom nipadua san kɔɔ honhom atrae. Nanso, wɔantumi ansan ne Onyankopɔn ‘ankɔtra baabi a na wɔte mfiase no.’ Mmom no, wɔde wɔn guu “sum kabii bun mu,” baabi a wɔfrɛ hɔ Tartarus.—Yuda 6; 2 Petro 2:4.

6. Dɛn so na adaemone no nam daadaa nnipa?

6 Efi bere a wɔamma abɔfo bɔne no kwan ‘ankɔtra baabi a na wɔte mfiase’ no, wɔabɛyɛ adaemone a wɔakɔka Satan ho, na wɔaboa no wɔ nneɛma bɔne a ɔyɛ mu. Efi saa bere no, adaemone no annya tumi amfa honam nipadua bio. Nanso, wotumi ma mmarima ne mmea de wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe ahorow mu. Adaemone no nso nam ahonhonsɛmdi paa so daadaa adesamma. Ebi ne nkonyaayi, akɔmfosɛm, ne adebisa. (Deuteronomium 18:10-13; 2 Beresosɛm 33:6) Ɔbonsam ne abɔfo bɔne no nyinaa benya atemmu koro—wɔbɛsɛe wɔn pasaa. (Mateo 25:41; Adiyisɛm 20:10) Nanso, ansa na wɔbɛsɛe wɔn no, ehia sɛ yegyina pintinn na yɛbɔ yɛn ho ban fi wɔn ho. Nyansa wom sɛ yesusuw tumi a Satan wɔ ne sɛnea yebetumi abɔ yɛn ho ban afi ɔne n’adaemone no ho yiye no ho.

Tumi Bɛn na Satan Wɔ?

7. Tumi bɛn na Satan wɔ wɔ wiase yi so?

7 Satan aka Yehowa ho nsɛmmɔne fi bere tenteenten. (Mmebusɛm 27:11) Wanya nnipa dodow no ara so nkɛntɛnso nso. Yohane nhoma a edi kan 5:19 ka sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” Ɛno nti na Ɔbonsam tumi de “asase so ahenni nyinaa” ne emu tumi ne ɛho anuonyam kyerɛɛ Yesu de sɔɔ no hwɛe no. (Luka 4:5-7) Ɔsomafo Paulo ka Satan ho asɛm sɛ: “Sɛ asɛmpa a yɛka no so akata ampa a, ɛso akata ama wɔn a wɔresɛe no, na wɔn mu na wiase yi nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, sɛnea ɛbɛyɛ na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann renhyerɛn mma wɔn.” (2 Korintofo 4:3, 4) Satan yɛ “ɔtorofo ne atoro agya” nanso ɔyɛ ne ho sɛ “hann bɔfo.” (Yohane 8:44; 2 Korintofo 11:14) Ɔwɔ tumi a obetumi de afura wiase sodifo ne wɔn mamfo adwene ani, na ɔwɔ akwan a ɔfa so yɛ saa nso. Ɔnam atosɛm ne atoro nkyerɛkyerɛ so adaadaa adesamma.

8. Dɛn na Bible ma yehu wɔ Satan nkɛntɛnso ho?

8 Bɛyɛ mfe 2,500 a atwam no, tumi a Satan wɔ ne ne nkɛntɛnso daa adi wɔ odiyifo Daniel bere so. Bere a Yehowa somaa ɔbɔfo sɛ ɔnkɔhyɛ Daniel nkuran no, “Persia ahemman [honhom mu] bapɔmma” no siw no kwan. Osiankaa ɔbɔfo nokwafo no nnafua 21 kosii sɛ “mmapɔmma atitiriw no mu biako, Mikael” bae bɛboaa no. Saa kyerɛwtohɔ no ara nso ka “Hela [adaemone] bapɔmma no” ho asɛm. (Daniel 10:12, 13, 20) Wɔka Satan ho asɛm wɔ Adiyisɛm 13:1, 2 sɛ “ɔtweaseɛ no” a ɔde “n’ahoɔden ne n’ahengua ne ne tumi kɛse” ma aboa a ogyina hɔ ma amammui ahyehyɛde no.

9. Henanom na Kristofo ne wɔn reko?

9 Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na ɛredi asi, na mmom yɛne nniso ahorow, tumidi, wiase yi sum mu atumfoɔ, ne ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ soro hɔnom na anya.” (Efesofo 6:12) Ɛnnɛ mpo, adaemone a wɔhyɛ Satan Ɔbonsam tumi ase no na wopiapia nnipa sodifo ne nnipa dodow no ara ma wonkunkum nnipa tɔre wɔn ase na wodi amumɔyɛsɛm a ani yɛ nyan. Afei momma yensusuw sɛnea yebetumi abɔ yɛn ho ban afi ahonhommɔne dɔm yi ho no ho.

Dɛn na Yebetumi Ayɛ De Abɔ Yɛn Ho Ban Afi Adaemone Ho?

10, 11. Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn ho ban afi Satan ne n’abɔfo bɔne no ho?

10 Yɛrentumi mfa yɛn ankasa ahoɔden anaa yɛn adwene nko ntia Satan. Paulo tu yɛn fo sɛ: “Monkɔ so nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden kɛseyɛ mu.” Ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ ahobammɔ fi Onyankopɔn nkyɛn. Paulo de ka ho sɛ: “Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina pintinn ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛe no . . . Monhyɛ akode a efi Nyankopɔn hɔ no nyinaa, na ama moatumi adi asi da bɔne no, na bere a moayɛ nneɛma nyinaa pɛpɛɛpɛ no, moagyina hɔ pintinn.”—Efesofo 6:10, 11, 13.

11 Paulo hyɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran mprenu sɛ ‘wɔnhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa.’ Asɛmfua “nyinaa” no kyerɛ sɛ, sɛ yɛanhyɛ akode no nyinaa a, ɛrentumi mmoa yɛn mma yɛnko ntia adaemone nhyɛso. Ɛnde, nneɛma bɛn na ɛka bom yɛ Onyankopɔn akode no a ɛho hia paa sɛ nnɛ Kristofo nya na wɔatumi abɔ wɔn ho ban afi adaemone ho?

Yɛbɛyɛ Dɛn ‘Agyina Pintinn’?

12. Dɛn na Kristofo bɛyɛ de nokware no akyekyere wɔn asen?

12 Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Munnyina hɔ pintinn na momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo.” (Efesofo 6:14) Akode abien a wɔaka ho asɛm wɔ ha yi ne bɛlt ne nkatabo. Ná ɛsɛ sɛ ɔsraani mia ne bɛlt mu denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛbɔ n’asen ho ban na watumi akura ne nkrante. Saa ara nso na ehia sɛ yɛde Bible mu nokware no kyekyere yɛn asen denneennen te sɛ bɛlt na ama yɛatumi de abɔ yɛn bra. So yɛwɔ nhyehyɛe a yɛde kenkan Bible no da biara? Abusua mũ no nyinaa de wɔn ho hyem anaa? So ɛyɛ yɛn su sɛ yebesusuw daa asɛm no ho sɛ abusua? Bio nso, so yɛkenkan nkyerɛkyerɛmu a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma wɔ nhoma ahorow mu no? (Mateo 24:45) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛnde na yɛrebɔ mmɔden de ɔsomafo Paulo afotu no ayɛ adwuma. Yɛwɔ video ne DVD ahorow nso a yebetumi anya Kyerɛwnsɛm mu afotu afi mu. Sɛ yeso nokware no mu denneennen a, ebetumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae a nyansa wom na abɔ yɛn ho ban afi nneɛma bɔne ho.

13. Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn koma ho ban?

13 Ná nkatabo no bɔ ɔsraani no koko, ne koma, ne n’akwaa afoforo ho ban. Sɛ Kristoni nya ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ adetrenee na ɔde Yehowa mmara abɔ ne bra a, obetumi abɔ ne koma ho ban. Sɛnkyerɛnne kwan so nkatabo no boa yɛn ma yɛfa Onyankopɔn Asɛm aniberesɛm. Bere a ‘yɛtan bɔne na yɛdɔ papa’ no, yesianka yɛn nan ‘fi kwammɔne nyinaa so.’—Amos 5:15; Dwom 119:101.

14. Dɛn na asɛm, ‘yɛmfa asomdwoe asɛmpa no nyɛ yɛn nan ase mpaboa’ no kyerɛ?

14 Ná Roma asraafo taa hyɛ mpaboa pa a na ɛma wotumi de twa akwansin pii wɔ atempɔn a ɛwowɔ Roma ahemman no mu no. Dɛn na asɛm “momfa asomdwoe asɛmpa no nyɛ mo nan ase mpaboa” no kyerɛ ma Kristofo? (Efesofo 6:15) Ɛkyerɛ sɛ yɛasiesie yɛn ho. Yɛayɛ krado sɛ yɛbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no bere biara. (Romafo 10:13-15) Nnam a yɛbɛyɛ wɔ Kristofo som adwuma no mu no bɔ yɛn ho ban fi Satan “nnɛɛdɛe” ho.—Efesofo 6:11.

15. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛho hia paa sɛ yenya gyidi kyɛm kɛse? (b) “Mmɛmma a ɛredɛw” bɛn na ebetumi ama yɛn gyidi ayɛ mmerɛw?

15 Paulo toa so sɛ: “Nea ɛsen ne nyinaa no, momfa gyidi kyɛm kɛse no a mubetumi de adum ɔbɔnefo no mmɛmma a ɛredɛw no nyinaa.” (Efesofo 6:16) Asɛm “nea ɛsen ne nyinaa no” a ɔde fii afotu a ɛne sɛ yɛmfa gyidi kyɛm kɛse no kyerɛ sɛ, akode yi ho hia paa. Ɛnsɛ sɛ yɛn gyidi hinhim. Gyidi te sɛ ɔkyɛm kɛse a ebetumi abɔ yɛn ho ban afi Satan “mmɛmma a ɛredɛw” ho. Eyinom betumi agyina hɔ ama dɛn nnɛ? Ebetumi ayɛ nsɛm yayaayaw, atosɛm, ne nokwasɛm a wɔakyinkyim no a yɛn atamfo ne awaefo ka de bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛn gyidi ayɛ mmerɛw no. “Mmɛmma” yi nso betumi ayɛ biribi a ɛbɛtwetwe yɛn ma yɛakodi honam fam nneɛma akyi, na ebetumi ama nneɛma a yɛbɛtotɔ agye yɛn adwene, na mpo ama yɛne wɔn a wɔde wɔn ahonyade hoahoa wɔn ho no asi akan. Ebia wɔasisi adan akɛse ne adan pa, atotɔ kar papa anaasɛ wɔde wɔn agude a ne bo yɛ den ne ntade a aba so hoahoa wɔn ho. Ɛmfa ho nea afoforo bɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yenya gyidi a ɛyɛ den a yebetumi de adum “mmɛmma a ɛredɛw” yi. Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so ama yɛn gyidi ayɛ den?—1 Petro 3:3-5; 1 Yohane 2:15-17.

16. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛanya gyidi a emu yɛ den?

16 Yɛnam Bible a yɛn ankasa besua ne mpae a efi komam a yɛbɛbɔ so betumi abɛn Onyankopɔn. Yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn gyidi nyɛ den, na afei yɛayɛ nea yɛrebɔ ho mpae no ho adwuma. Sɛ nhwɛso no, so yesiesie yɛn ho yiye ma dapɛn biara Ɔwɛn-Aban Adesua no, na yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛma mmuae? Sɛ yesua Bible ne Bible ho nhoma ahorow a, yɛn gyidi bɛyɛ den.—Hebrifo 10:38, 39; 11:6.

17. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agye “nkwagye dade kyɛw” no?

17 Afotu yi na Paulo de wiee Onyankopɔn akode a ɔkaa ho asɛm no: “Munnye nkwagye dade kyɛw ne honhom no nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm no.” (Efesofo 6:17) Ná dade kyɛw no na ɛbɔ ɔsraani no ti ne n’adwene a ɛma osi gyinae no ho ban. Saa ara na anidaso a yɛwɔ sɛ Kristofo no bɔ yɛn adwene ho ban. (1 Tesalonikafo 5:8) Sɛ́ anka yɛde wiase yi mu botae ne ahonyade a yebenya bɛhyɛ yɛn adwene mu no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si anidaso a Onyankopɔn de ama yɛn no so mmom sɛnea Yesu yɛe no.—Hebrifo 12:2.

18. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu Bible a yɛbɛkenkan no daa no so?

18 Ade a etwa to a yebetumi de abɔ yɛn ho ban afi Satan ne n’adaemone nkɛntɛnso ho ne Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ Bible mu no. Eyi nso yɛ ade foforo a enti ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu Bible a yɛkenkan no da biara no so. Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a edi mu a yenya no bɔ yɛn ho ban fi Satan atosɛm ne adaemone nnaadaa ne awaefo kasatia ho.

‘Mommɔ Mpae Bere Biara’

19, 20. (a) Dɛn na ɛbɛto Satan ne n’adaemone? (b) Dɛn na ebetumi ahyɛ yɛn den wɔ Onyankopɔn som mu?

19 Ɛrenkyɛ na wɔayi Satan, n’adaemone ne wiase bɔne no afi hɔ. Satan nim sɛ ne “bere a aka yɛ tiaa.” Ne bo afuw na ɔne wɔn a “wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu ho adansedi adwuma mu no” reko. (Adiyisɛm 12:12, 17) Ɛho hia sɛ yɛbɔ yɛn ho ban fi Satan ne n’adaemone no ho.

20 Hwɛ aseda ara a yebetumi de ama wɔ afotu a wɔde ama sɛ yɛnhyɛ Onyankopɔn akode nyinaaa no ho! Paulo de afotu yi na ewiee Onyankopɔn akode ho asɛm a ɔkae no: “Momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae bere biara wɔ honhom mu. Ne saa nti monwɛn daa na monsrɛ mma akronkronfo nyinaa.” (Efesofo 6:18) Mpaebɔ betumi ahyɛ yɛn den wɔ Onyankopɔn som mu na aboa yɛn ma yɛn ani ada hɔ. Momma yɛmfa Paulo afotu yi aniberesɛm na yɛnkɔ so mmɔ mpae, efisɛ eyi bɛboa yɛn ma yɛabɔ yɛn ho ban afi Satan ne n’adaemone ho.

Dɛn na Wusuae?

• Ɛyɛɛ dɛn na Satan ne n’adaemone no bae?

• Tumi bɛn na Ɔbonsam wɔ?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de abɔ yɛn ho ban afi Satan ne n’adaemone no ho?

• Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

“Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea”

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Wubetumi abobɔ nneɛma asia a ɛbom yɛ Onyankopɔn akode no din?

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Ɔkwan bɛn so na nnwuma yi a yɛde yɛn ho hyem no bɔ yɛn ho ban fi Satan ne n’adaemone ho?