Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ! Hann No Yɛ Anigye!

Hwɛ! Hann No Yɛ Anigye!

Hwɛ! Hann No Yɛ Anigye!

SƐ WODE wo ti apempem wɔ sum kabii mu pen a, anka wubehu sɛ ɛyɛ ahometew. Sɛ wuhu hann a, hwɛ sɛnea wo ho tɔ wo fa! Ebi nso a woakɔ tebea bi a ɛma wotee nka sɛ wowɔ sum kabii mu pɛn. Ebia wokɔɔ ɔhaw bi mu a na wunhu nea wonyɛ. Afei nkakrankakra wunyaa ano aduru. Sɛ́ wubenya ɔhaw bi a emu yɛ den ano aduru no yɛ anigye te sɛ nea woafi sum mu aba hann mu ara pɛ.

Wɔ afeha a edi kan no mu no, esiane Onyankopɔn ho nimdeɛ a na nnipa dodow no ara nni nti, na wɔwɔ sum mu. Bere a ɔsomafo Petro reka wɔn a wofii ɔsom a na wɔwɔ mu mu bedii Kristosom akyi ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: ‘Onyankopɔn frɛɛ mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso mu.’ (1 Petro 2:9) Wɔn fam no, na ɛte sɛ nea wɔafi sum kabii mu aba hann kɛse mu. Yebetumi de wɔn tebea no atoto obi a wayɛ ankonam a onni anidaso, na afei wabɛtɔ abusua bi a wɔwɔ anidaso mu ho.—Efesofo 2:1, 12.

“Woagyaw Ɔdɔ a na Wowɔ Kan No”

Kristofo a wodi kan no huu “nokware no”—nokware Kristofo gyidi ankasa no. (Yohane 18:37) Wohuu nokware hann nwonwaso no, na wɔyɛɛ nsakrae fii honhom fam sum mu baa hann a na ɛrehyerɛn no mu. Nanso anigye ne nsi a na Kristofo binom wɔ no ano brɛɛ ase nkakrankakra. Sɛ nhwɛso no, bere a afeha a edi kan no baa awiei no, ɔhaw kɛse bi sɔree wɔ Efesofo asafo no mu. Yesu Kristo a na wɔanyan no afi awufo mu no huu ɔhaw no, na ɔkae sɛ: “Nea mewɔ tia wo ne sɛ woagyaw ɔdɔ a na wowɔ kan no. Enti kae nea wufi hwee ase no, na sakra yɛ kan nnwuma no bio.” (Adiyisɛm 2:4, 5) Ná ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ Efeso no san hyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne nokware no mu den.

Na yɛn nso ɛ? Yɛn nso yɛabehu hann no, yɛabehu nokware a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Yɛabenya nokware no ho anigye. Nanso nsɛnnennen a adesamma rehyia no betumi ama nokware no ho dɔ a yɛwɔ no abrɛ ase. Ɔhaw ahorow a yɛrehyia wɔ “nna a edi akyiri mu no” nso betumi ama nokware no ho dɔ a yɛwɔ no ano adwo. Yɛte wiase bi a “emu yɛ den” mu—wiase a emu nnipa yɛ “ahopɛ, sikanibere, ahohoahoa, ahantan, wɔn a wɔka abususɛm, awofo so asoɔdenfo, bonniayɛfo, [ne] wɔn a wonni nokware.” (2 Timoteo 3:1, 2) Wɔn nkɛntɛnso betumi ama nsi a yɛde yɛ ade no ano abrɛ ase, na ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ano adwo.

Sɛ yɛagyaw ɔdɔ a na yɛwɔ kan no a, ehia sɛ ‘yɛkae nea yefi hwee ase no, na yɛsakra.’ Ɛsɛ sɛ yɛsan siesie yɛne Onyankopɔn ntam. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛantoto nokware no ho dɔ a yɛwɔ no ase. Hwɛ hia ara a ehia sɛ yɛn nyinaa nya adwempa, na yɛkɔ so nya Onyankopɔn ne ne nokware no ho dɔ!

‘Nokware a Ɛma Yɛde Yɛn Ho’

Hann a Kyerɛwnsɛm no mu nokware ma yenya no yɛ anigye, efisɛ Bible no ma yenya nsɛmmisa a ehia a ahaw adesamma mfe mpempem pii no ho mmuae. Nsɛmmisa no bi ni: Dɛn nti na yɛwɔ ha? Dɛn ne asetra atirimpɔw? Dɛn nti na bɔne wɔ hɔ? So owu akyi asetra wɔ hɔ? Yehowa ama yɛanya Bible nkyerɛkyerɛ ho nokwasɛm a ɛyɛ anigye. So ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛ eyinom ho anisɔ? Ɛnsɛ sɛ yebu nea yɛahu no adewa da!

Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.” (Yohane 8:32) Yesu ogye afɔre no ama yɛade yɛn ho afi bɔne ne owu ho. Esiane sɛ wiase no nni Onyankopɔn ho nimdeɛ na wonnim nea ɛreba nti, wɔde wɔn ti pempem wɔ sum mu, nanso yɛn de, nokware no ama yɛade yɛn ho. Anisɔ a yɛde bedwennwen nea yɛahu ho no bɛboa yɛn ma yɛahyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne n’Asɛm no mu den.

Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no sɛ: “Bere a mugyee Onyankopɔn asɛm a mote fii yɛn hɔ no, moannye no sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ankasa, na ɛno nso na ɛyɛ adwuma wɔ mo a moyɛ gyidifo no mu.” (1 Tesalonikafo 2:13) Tesalonikafo no tee na wɔde “anigye gyee [Onyankopɔn] asɛm no.” Ná wonni “esum” mu bio. Mmom no, na wɔabɛyɛ “hann mma.” (1 Tesalonikafo 1:4-7; 5:4, 5) Saa Kristofo no behui sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ, na ɔne ade nyinaa so tumfoɔ. Afei nso, ɔyɛ onyansafo, na ɔwɔ ɔdɔ ne mmɔborohunu. Sɛnea na Kristofo afoforo nim no, Tesalonikafo no nso behui sɛ na Yehowa nam ne Ba, Yesu Kristo ogye afɔre no so beyi wɔn bɔne afi hɔ.—Asomafo Nnwuma 3:19-21.

Ɛwom sɛ na Tesalonikafo no nni nokware no ho nimdeɛ pii de, nanso na wonim baabi a wobetumi anya afi. Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no betumi ama Onyankopɔn nipa “afata koraa a wɔasiesie no yiye ama adwuma pa biara.” (2 Timoteo 3:16, 17) Ná Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no betumi akɔ so asua ade, na wɔakɔ so ahu sɛ hann a efi Onyankopɔn hɔ no yɛ anigye ankasa. Ná wɔwɔ nea ɛbɛma wɔn ani agye bere nyinaa. (1 Tesalonikafo 5:16) Saa ara na ɛte wɔ yɛn fam.

Yɛn Kwan so Hann

Bere a odwontofo no reka nea enti a hann no yɛ anigye ho asɛm no, ɔtoo dwom sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.” (Dwom 119:105) Akwankyerɛ a yenya fi Onyankopɔn Asɛm mu no betumi ama yɛabɔ bra pa, na yɛanya asetra a abotɔyam wom. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ te sɛ po so hyɛn a ayera kwan. Nokware no a yebehu na yɛde abɔ yɛn bra no bɛbɔ yɛn ho ban afi ‘nkyerɛkyerɛ mframa biara a ɛwosow nkurɔfo biribiri te sɛ asorɔkye de wɔn di akɔneaba no’ ho.—Efesofo 4:14.

Bible ka sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” Ɛsan ka sɛ: “Nhyira ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo, nea n’ani da [Yehowa, NW], ne Nyankopɔn, so.” (Dwom 146:3, 5) Afei nso, Yehowa mu ahotoso a yebenya no bɛboa yɛn ma yɛadi ehu ne dadwen so. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monnnwennwene biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Nyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Nyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.” (Filipifo 4:6, 7) Sɛ yɛma hann a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no kyerɛ yɛn kwan a, yenya so mfaso ampa.

Monhyerɛn sɛ Kanea wɔ Wiase no Mu

Ade foforo a ɛma hann a efi Onyankopɔn Asɛm mu yɛ anigye ne sɛ, ebue hokwan ma nnipa yɛ adwuma a ɛho wɔ nyam paa no bi. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” Ansa na ɔde ahyɛde yi rema no, ɔkae sɛ: “Wɔde tumi nyinaa ama me wɔ soro ne asase so.”—Mateo 28:18-20.

Susuw onii a ɔreboa nokware Kristofo wɔ asɛmpaka adwuma no mu ne Bible mu nokware a yɛde rekyerɛkyerɛ nnipa a wɔwɔ aman nyinaa mu no ho hwɛ. Yesu hyɛɛ n’akyidifo no bɔ sɛ, ɔrennyaw wɔn. Nokwarem no, ɔtaa wɔn akyi bere a wɔnam asɛnka adwuma no ne “nnwuma pa” afoforo so ma ‘wɔn kanea hyerɛn’ no, na ɔreboa wɔn. (Mateo 5:14-16) Abɔfo nso ka yɛn ho wɔ asɛmpaka adwuma yi mu. (Adiyisɛm 14:6) Na Yehowa Nyankopɔn nso ɛ? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Miduae, Apolo guguu so nsu, nanso Onyankopɔn na ɔma enyinii.” Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛka “Nyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo” no ho!—1 Korintofo 3:6, 9.

Afei nso, susuw sɛnea wɔahyira nsi a yɛde yɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa no so no ho hwɛ. Yɛrentumi mfa biribiara ntoto hokwan a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ ‘yɛnhyerɛn sɛ wiase kanea no’ ho. Sɛ yɛma hann a efi Onyankopɔn Asɛm mu no da adi wɔ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe mu a, etumi ma yɛde mmoa ankasa ma nnipa komapafo. (Filipifo 2:15) Na sɛ yɛde nsi ka asɛm no na yɛkyerɛkyerɛ a, yɛn ani gye, efisɛ ‘Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi yɛn adwuma ne ɔdɔ a yɛdaa no adi wɔ ne din ho’ no.—Hebrifo 6:10.

‘Tɔ Aniduru a Wode Bɛsra W’ani’

Yesu kae wɔ asɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Laodikea asafo a na ɛwɔ hɔ wɔ afeha a edi kan mu no sɛ: ‘Tɔ aniduru a wode bɛsra w’ani na woahu ade fi me nkyɛn. Wɔn a mepɛ wɔn asɛm nyinaa miyi wɔn ntɛn teɛ wɔn so.’ (Adiyisɛm 3:18, 19) Nkurɔfo ani a afura wɔ Onyankopɔn asɛm ho no ano aduru ara ne “aniduru,” a ɛyɛ Yesu nkyerɛkyerɛ ne ne nteɛso no. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so nya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim a, ɛsɛ sɛ yetie Yesu afotu na yɛde bɔ yɛn bra, na afei yɛde akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu no nso yɛ adwuma. Ɛsɛ sɛ yenya adwene a Kristo wɔ no nso bi na yesuasua ne nhwɛso no. (Filipifo 2:5; 1 Petro 2:21) Wɔmfa aniduru no mma kwa. Yesu kae sɛ: ‘Tɔ fi me nkyɛn.’ Ebegye yɛn bere ne mmɔden a yɛbɛbɔ.

Sɛ yefi esum mu ba hann mu a, ebetumi agye bere kakra ansa na yɛahu ade yiye. Saa ara na Onyankopɔn Asɛm a yebesua na yɛahu nokware a ɛwɔ mu no gye bere. Egye bere nso na yɛatumi adwennwen nea yesua ho na yɛasusuw sɛnea nokware no som bo fa ho. Nanso, yɛn bere a ebegye ne mmɔden a yɛbɛbɔ ayɛ saa no fata. Dɛn ntia? Efisɛ hann no yɛ anigye!

[Mfonini wɔ kratafa 14]

‘Tɔ aniduru a wode bɛsra w’ani na woahu ade fi me nkyɛn’