Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Hana Nyaa Asomdwoe

Sɛnea Hana Nyaa Asomdwoe

Sɛnea Hana Nyaa Asomdwoe

ƆBEA nokwafo bi bɔɔ mpae denneennen de yii Yehowa ayɛ. Ɔtee nka sɛ Onyankopɔn ama no so afi mfutuma mu, na wama n’awerɛhow adan anigye.

Ɔbea no din de Hana. Dɛn na ama sɛnea ɔte nka no asesa koraa saa? Dɛn nti na seesei ɔwɔ anigye mu saa? Yɛbɛyɛ dɛn anya ne suahu no so mfaso? Ma yensusuw Hana asɛm no ho mfa nhwehwɛ nsɛmmisa yi ho mmuae.

Ɔhaw a Abusua Bi Hyiae

Ná Hana yɛ Elkana a ɔyɛ Lewini a ɔte Efraim no yerenom baanu no mu baako. (1 Samuel 1:1, 2a; 1 Beresosɛm 6:33, 34) Ɛwom sɛ na ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ ɔbarima bɛware ɔyerenom bebree de, nanso ɔmaa hokwan wɔ Mose Mmara no ase. Ná Elkana abusua no som Yehowa, nanso ɔyerenom dodow aware taa de akameakame ba, sɛnea ɛda adi wɔ Elkana abusua mu no.

Ná Hana yɛ obonin, nanso na Penina a ɔyɛ Elkana yere foforo no wɔ mma pii. Hana kora ne Penina.—1 Samuel 1:2b.

Ná Israelfo mmea bu obi a ɔyɛ obonin animtiaa, na mpo ɛyɛ biribi a na ɛkyerɛ sɛ ɔmfata wɔ Onyankopɔn anim. Nanso biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ awo a na Hana ntumi nwo no kyerɛ sɛ Onyankopɔn ani nsɔ no. Nanso sɛ́ anka Penina bɛkyekye Hana werɛ no, ɔde ne mma a wawo wɔn no yii Hana ahii ma ɔyɛɛ mmɔbɔ.

Akwan a Wotutu Kɔɔ Yehowa Asɔrefie

Ɔhaw yi nyinaa akyi no, na Elkana abusua tu kwan kɔ Silo kɔbɔ afɔre ma Yehowa wɔ n’asɔrefie afe biara. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔnantew twa kwan kɔ ba. Wɔbɛkɔ bɛba no, na wɔatwa akwansin 40. Ná mmere a ɛtete saa bɛyɛ den ama Hana titiriw, efisɛ na Penina ne ne mma no nya asomdwoe afɔre no pii, nanso na Hana nya kyɛfa biako pɛ. Penina de hokwan a ɛtete saa yii Hana ahii sɛ obehuru ne bo, efisɛ na ɛte sɛ nea Yehowa ato “ne yafunu mu.” Saa ara na na oyi no ahii afe biara, ɛno nti ɛmaa Hana sui, na na onnidi. Akwantu a anka ɛsɛ sɛ ɛma Hana ani gye no ma odii awerɛhow mmom. Ne nyinaa akyi no, na Hana tutu saa akwan no kɔ Yehowa asɔrefie.—1 Samuel 1:3-7.

So wuhu nhwɛso pa a Hana yɛ maa yɛn no? Sɛ w’abam bu a, woyɛ w’ade dɛn? So wotew wo ho fi wo mfɛfo gyidifo ho? Hana anyɛ saa. Ɔde yɛɛ ne su sɛ ɔne Yehowa asomfo bɛbɔ. Ɛmfa ho sɛ yehyia tebea a ɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara.—Dwom 26:12; 122:1; Mmebusɛm 18:1; Hebrifo 10:24, 25.

Elkana bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyekye Hana werɛ na wahyɛ no nkuran ma waka nea ɛhaw no. Obisaa no sɛ: “Hana, ɛdɛn na wusu, na ɛdɛn na wunnidi, na ɛdɛn na wo bo nnwo? So minye memma wo mensen mmabarima du?” (1 Samuel 1:8) Ɛbɛyɛ sɛ na Elkana nnim ahii a na Penina yi Hana no, na ebia na Hana nso pɛ sɛ ogyina ɔhaw no ano mmom sen sɛ ɔbɛka ho asɛm. Sɛnea ɛte biara no, Hana nyaa Yehowa mu gyidi, na ɔkɔɔ ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu de hwehwɛɛ asomdwoe.

Hana Hyɛɛ Bɔ

Ná wodi asomdwoe afɔre wɔ Yehowa asɔrefie. Bere a wodidi wiei no, Hana sɔre kɔbɔɔ Nyankopɔn mpae. (1 Samuel 1:9, 10) Hana srɛe sɛ: “Asafo [Yehowa, NW], sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnde mede no mɛma [Yehowa, NW] ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan bi renka ne ti.”—1 Samuel 1:11.

Hana kaa biribi pɔtẽẽ ho asɛm wɔ ne mpaebɔ no mu. Obisaa ɔbabarima, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ obehyira ne so ama Yehowa ma wayɛ Ɔhotuafo ne nkwa nna nyinaa. (Numeri 6:1-5) Ná ɛsɛ sɛ ne kunu pene bɔhyɛ a ɛte saa so, na akyiri yi Elkana nneyɛe kyerɛe sɛ ɔpenee ne yere a ɔdɔ no no bɔhyɛ no so.—Numeri 30:6-8.

Sɛnea Hana bɔɔ mpae no maa Ɔsɔfo Panyin Eli nyaa adwene sɛ wabow nsa. Ná ɔbesebese n’ano, enti na Eli nte nsɛm a ɔreka no, efisɛ na Hana rekasa ne koma mu. Ná mpaebɔ no mu yɛ den. (1 Samuel 1:12-14) Hwɛ sɛnea Hana bɛte nka bere a Eli ka kyerɛɛ no sɛ wabow nsa no! Nanso Hana fi obu mu buaa ɔsɔfo panyin no. Bere a Eli hui sɛ Hana ‘awerɛhow ne ne yamgya dodo mu’ na ofi rebɔ mpae no, ɔkae sɛ: “Israel Nyankopɔn bɛma wo w’ade a wosrɛɛ no hɔ no.” (1 Samuel 1:15-17) Ɛnna Hana fii hɔ kɔe kodidii, na “n’anim [anyɛ] sɛ kan no bio.”—1 Samuel 1:18.

Dɛn na yebetumi asua afi eyi nyinaa mu? Sɛ yɛbɔ nneɛma a ɛhaw yɛn ho mpae kyerɛ Yehowa a, yebetumi ama wahu sɛnea yɛte nka na yɛafi yɛn koma mu de yɛn abisade ato n’anim. Sɛ biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ de adi ɔhaw no ho dwuma a, ɛsɛ sɛ yegyaw ma Yehowa. Biribi foforo biara nni hɔ a yebetumi ayɛ.—Mmebusɛm 3:5, 6.

Sɛ Yehowa asomfo fi wɔn koma mu bɔ mpae a, ɛda adi sɛ wobenya asomdwoe a Hana nyae no bi. Ɔsomafo Paulo kaa mpaebɔ ho asɛm sɛ: “Monnnwennwene biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Nyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Nyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.” (Filipifo 4:6, 7) Sɛ yɛde yɛn adesoa to Yehowa so a, ɛsɛ sɛ yegyaw ma odi ho dwuma. Afei ɛnsɛ sɛ yɛde haw yɛn ho bio te sɛ nea Hana amfa anhaw ne ho bio no.—Dwom 55:22.

Ɔde Ne Ba no Fɛm Yehowa

Afei Onyankopɔn danee n’adwene kɔɔ Hana so; onyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima. (1 Samuel 1:19, 20) Nnipa kakra a Bible ka sɛnea Onyankopɔn hwɛ ma wɔwoo wɔn ma wɔbɛyɛɛ n’asomfo no mu biako ho asɛm ni. Ná Elkana ne Hana babarima Samuel bɛba abɛyɛ Yehowa diyifo. Ná obedi dwuma titiriw bi wɔ ahemfo a na wobesisi wɔ Israel no mu.

Akyinnye biara nni ho sɛ Hana fii ase kyerɛkyerɛɛ Samuel Yehowa ho asɛm fi ne mmofraase. Nanso, so ne werɛ fii bɔ a na wahyɛ Yehowa no? Dabida! Ɔkae sɛ: “Gye sɛ abofra no atwa nufu ansa na mede no mɛkɔ, na wakopue [Yehowa, NW] anim, na watra hɔ daa.” Bere a na Samuel adi bɛyɛ mfe abiɛsa anaa nea ɛboro saa a otwaa nufu no, Hana de no kɔɔ Yehowa asɔrefie sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no.—1 Samuel 1:21-24; 2 Beresosɛm 31:16.

Bere a Hana ne ne kunu bɔɔ afɔre maa Yehowa wiei no, wogyaw Samuel maa Eli. Ɛbɛyɛ sɛ Hana soo ne babarima no nsa ka kyerɛɛ Eli sɛ: “O me wura, sɛ wo kra te ase yi, me wura, mene ɔbea a obegyinaa wo nkyɛn ha yi bɔɔ [Yehowa, NW] mpae no. Abofra yi ho mpae na mebɔe, na [Yehowa, NW] ama me ade a mesrɛɛ no hɔ no. Enti nso me de, mede refɛm [Yehowa, NW]; ne nna a ɔbɛtra ase nyinaa mede no mafɛm [Yehowa, NW].” Saa kwan yi so na Samuel fii ase de ne bere nyinaa som Onyankopɔn.—1 Samuel 1:25-28; 2:11.

Bere kɔɔ so no, akyinnye biara nni ho sɛ Hana werɛ amfi Samuel. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Ne na pam batakari kumaa bi ma no, na ɔde brɛ no daa afe a ɔne ne kunu rebɛbɔ daa afe afɔre no.” (1 Samuel 2:19) Ɛda adi sɛ Hana kɔɔ so bɔɔ mpae maa Samuel. Akyinnye biara nni ho sɛ, afe biara sɛ Hana kɔsra no a, ɔhyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ so nni nokware wɔ Onyankopɔn som mu.

Wɔ mmere a ɛtete saa mu biako no, Eli hyiraa Samuel awofo na ɔka kyerɛɛ Elkana sɛ: “[Yehowa, NW] mma wo asefo mfi ɔbea yi mu nsi nea ɔde no afɛm [Yehowa, NW] yi ananmu.” Nsɛm yi baa mu, wohyiraa Hana ne Elkana ma wɔwoo mmabarima foforo baasa ne mmabea baanu.—1 Samuel 2:20, 21.

Hwɛ nhwɛso pa ara a Elkana ne Hana yɛ ma Kristofo awofo! Sɛ yɛbɛka a, ɛnanom ne agyanom pii afi wɔn pɛ mu de wɔn mmabarima ne wɔn mmabea afɛm Yehowa. Wɔahyɛ wɔn nkuran ma wɔatu afi fie akɔyɛ bere nyinaa som adwuma no fã bi. Awofo a wɔwɔ ɔdɔ saa no fata nkamfo sɛ wɔde wɔn mma abɔ afɔre. Yehowa behyira wɔn.

Hana Anigye Mpaebɔ

Hwɛ sɛnea Hana a bere bi na ɔyɛ obonin no ani gyei! Wɔntaa nka mpae a mmea bɔe ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Nanso, Hana mpaebɔ abien ho asɛm na ɛwɔ Bible mu. Nea edi kan no fa sɛnea na ɔte nka bere a na ne werɛ ahow ne ahii a ne kora yii no no ho, na nea ɛto so abien no yɛ anigye mpaebɔ a ɔde daa Yehowa ase. Hana fii ase sɛ: “Me koma di [Yehowa, NW] mu ahurusi.” Odii ahurusi sɛ “obonin po wo,” na ɔkamfoo Yehowa sɛ “ɔma onipa so, ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu.” Nokwarem no, “ɔma ohiani so fi sumina so.”—1 Samuel 2:1-10.

Hana ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no ma yehu sɛ afoforo sintɔ anaa yɛn ho adwemmɔne a afoforo benya no betumi ahaw yɛn. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma ɔhaw a ɛte saa sɛe anigye a yɛde som Yehowa no. Ɔno ne mpaebɔ Tiefo kɛse a otie ne nkurɔfo anokwafo sufrɛ, ogye wɔn fi wɔn amanehunu mu, na ɔma wɔn asomdwoe pii ne nhyira afoforo.—Dwom 22:23-26; 34:6-8; 65:2.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Hana de Samuel fɛm Yehowa