Yohane Adiyisɛm 13:1-18

  • Akekaboa bi a ɔwɔ ti ason pue fii po mu (1-10)

  • Aboa a ɔwɔ mmɛn abien pue fii asaase mu (11-13)

  • Aboa a ɔwɔ ti ason no honi (14, 15)

  • Akekaboa no ahyɛnsode ne ne nɔma (16-18)

13  Na okogyinaa* mpoano anwea so komm. Na mihuu akekaboa+ bi a ɔwɔ mmɛn du ne ti ason sɛ ɔrepue afi po+ mu. Ná ahemmotiri du bobɔ ne mmɛn ho, na na abusudin* nso wowɔ ne ti ho. 2  Akekaboa a mihuu no no, na ɔte sɛ ɔsebɔ, nanso na ne nan te sɛ osisi nan, ɛnna n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔwɔ a ne ho yɛ hu*+ no de n’ahoɔden ne n’ahengua ne tumi kɛse maa aboa no.+ 3  Na mihui sɛ ɛte sɛ nea wɔabɔ akekaboa no ti baako apira no paa. Nanso na wɔasa ekuru a anka ɛreyɛ akum no no.+ Na aboa no ho yɛɛ asaase nyinaa nwonwa ma wodii n’akyi. 4  Na wɔsom ɔwɔ a ne ho yɛ hu* no efisɛ ɔde tumi maa akekaboa no, na wɔsom akekaboa no kae sɛ: “Hena na ɔte sɛ akekaboa no, na hena na obetumi ne no ako?” 5  Na wɔmaa no ano a ɛkeka nsɛm akɛse ne abususɛm, na wɔmaa no tumi sɛ ɔmfa nyɛ adwuma abosome 42.+ 6  Na obuee n’ano kaa abususɛm+ tiaa Onyankopɔn, na ɔkaa abususɛm tiaa ne din ne baabi a ɔte, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔtete ɔsoro no.+ 7  Na wɔmaa no kwan sɛ ɔne akronkronfo no nko na onni wɔn so nkonim,+ na wɔmaa no mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa* ne aman nyinaa so tumi. 8  Na wɔn a wɔtete asaase so nyinaa bɛsom no. Wɔn mu biara nni hɔ a wɔakyerɛw ne din wɔ Oguammaa a wokum no+ no nkwa nhoma mmobɔwee+ mu, fi bere a wɔhyɛɛ wiase ase. 9  Sɛ obi wɔ aso a, ma ontie.+ 10  Sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyere obi kɔ a, wɔbɛkyere no akɔ. Sɛ obi de sekan kum a,* ɛsɛ sɛ wɔde sekan kum no.+ Eyi nti na ehia sɛ akronkronfo+ no mia wɔn ani+ na wonya gyidi+ no. 11  Na mihuu akekaboa foforo bi sɛ ɔrepue afi asaase mu. Ná ɔwɔ mmɛn abien te sɛ oguan ba, nanso ofii ase kasae te sɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hu.*+ 12  Ɔde akekaboa+ a odi kan no tumi nyinaa yɛ adwuma wɔ n’anim. Na ɔma asaase ne wɔn a wɔtete so no som akekaboa a odi kan no, nea wɔsaa ne kuru a anka ɛreyɛ akum no no.+ 13  Ɔyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse, na ɔma ogya mpo fi soro ba asaase so wɔ nnipa anim. 14  Esiane nsɛnkyerɛnne a wɔmaa no kwan ma ɔyɛe wɔ akekaboa no anim nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asaase so no, na ɔka kyerɛ wɔn a wɔtete asaase so no sɛ, wɔnyɛ ohoni+ mma akekaboa a na wɔde sekan apira no a ne ho atɔ no no.+ 15  Na wɔmaa no kwan sɛ ɔmfa ahome* mma akekaboa no honi no, sɛnea ɛbɛyɛ a akekaboa no honi no bɛkasa, na wama wɔakum wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔsom akekaboa no honi no nyinaa. 16  Ɔhyɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛse, asikafo ne ahiafo, wɔn a wɔade wɔn ho ne nkoa, sɛ wɔmma wɔn ahyɛnsode wɔ wɔn nsa nifa ho anaa wɔn moma so;+ 17  obiara rentumi ntɔ anaa ɔntɔn gye nea ɔwɔ ahyɛnsode no, aboa no din+ anaa ne din nɔma+ no. 18  Eyi mu na nyansa ho hia: Ma nea ɔwɔ nhumu mmu aboa no nɔma no ano, efisɛ ɛyɛ onipa nɔma; na ne nɔma no yɛ 666.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “edin a etwa Onyankopɔn adapaa.”
Kyerɛ sɛ, ɔwɔ a ne ho yɛ hu no kogyinaa.
Anaa “ɔtweaseɛ.”
Anaa “ɔtweaseɛ.”
Nt., “tɛkrɛma.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Sɛ sekan na ɛsɛ sɛ wɔde kum obi a.”
Anaa “ɔtweaseɛ.”
Anaa “honhom.”