Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monhyehyɛ Mo Ho Mo Ho Den

Monhyehyɛ Mo Ho Mo Ho Den

Monhyehyɛ Mo Ho Mo Ho Den

‘Eyinom ayɛ me awerɛkyekye.’—KOLOSEFO 4:11.

1, 2. Ɛmfa ho asiane a na ɛwɔ mu no, dɛn nti na Paulo nnamfo no kɔsraa no wɔ afiase?

SƐ WƆDE w’adamfo ato afiase bere a wunim sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara mpo a, ɛda so ara yɛ hu sɛ wubeyi w’anim aka sɛ ɔyɛ w’adamfo. Wɔn a wɔhwɛ afiase hɔ no betumi asusuw sɛ woyɛ nipa bɔnefo ma enti wɔde wɔn ani bedi w’akyi ahwɛ wo yiye sɛ worenkɔyɛ bɔne bi. Enti, egye akokoduru na ama woatumi akɔsra w’adamfo no wɔ afiase hɔ.

2 Nanso, saa pɛpɛɛpɛ na ɔsomafo Paulo nnamfo bi yɛe bɛyɛ mfe 1,900 a atwam ni. Wɔantwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛkɔ akɔsra Paulo wɔ afiase na wɔama no awerɛkyekye ne nkuranhyɛ a na ohia a ɛbɛma ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu akɔ so ayɛ den no. Henanom ne saa nnamfo anokwafo yi? Na dɛn na yebetumi asua afi akokoduru, nokwaredi, ne yɔnkodɔ a wɔdaa no adi no mu?—Mmebusɛm 17:17.

“Awerɛkyekye”

3, 4. (a) Paulo nnamfonom baanum no ne henanom, na dɛn na wɔyɛ maa no? (b) Dɛn ne “awerɛkyekye”?

3 Ma yɛnnan yɛn ani nkɔ afe 60 Y.B. mu. Na wɔakyere ɔsomafo Paulo ato afiase wɔ Roma esiane sɛ na wɔabɔ no atoro sobo sɛ otutu ɔman ase nti. (Asomafo no Nnwuma 24:5; 25:11, 12) Paulo bobɔɔ Kristofo baanum a wodidi so yi din sɛ wɔn na wɔyɛɛ no mmoa: Tihiko, ɔsomafo no ‘awurakwaa Awurade mu’ a ofi Asia mantam mu; Onesimo, “onua nokwafo dɔfo” a ofi Kolose; Aristarko, Makedoniani a ofi Tesalonika a na bere bi ɔyɛ Paulo “yɔnko dommum”; Barnaba a Paulo ne no yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no wɔfase Marko a ɔkyerɛw Bible mu nhoma a ne din da so no; ne Yusto, wɔn a na wɔyɛ ɔsomafo no “yɔnko adwumayɛfo Onyankopɔn ahenni no fam” no mu biako. Paulo kaa nnipa baanum no ho asɛm sɛ: ‘Eyinom na wɔayɛ me awerɛkyekye.’—Kolosefo 4:7-11.

4 Paulo kaa asɛm bi a ɛka koma faa mmoa a ne nnamfo anokwafo yi de maa no no ho. Ɔde Hela asɛmfua (pa·re·go·riʹa) a empue wɔ Bible no mu baabiara, gye saa nkyekyɛm yi nkutoo mu a wɔakyerɛ ase “awerɛkyekye” no na edii dwuma. Saa asɛmfua yi wɔ nkyerɛase pii, na na wɔtaa de ka nnuru a wɔde sa yare ho asɛm. * Wobetumi akyerɛ ase ‘nkuranhyɛ, ahodwo, awerɛkyekye, anaa ahotɔ.’ Ná Paulo hia awerɛkyekye a ɛte saa no, na saa mmarima baanum yi maa ne nsa kae.

Nea Enti a na Paulo Hia “Awerɛkyekye”

5. Ɛwom sɛ na Paulo yɛ ɔsomafo de, nanso dɛn na na ohia, na dɛn na yɛn nyinaa hia wɔ bere ne bere mu?

5 Ebia ɛbɛyɛ ebinom nwonwa sɛ na ɔsomafo paa te sɛ Paulo nso hia awerɛkyekye. Nanso, ɛho behiae sɛ wɔkyekye ne werɛ. Ɛyɛ nokware sɛ na Paulo gyidi yɛ den, na na wagyina ayayade, “ɔhwe a ɛtra so,” “owu amane” ne amanehunu afoforo pii ano. (2 Korintofo 11:23-27) Nanso, na ɔyɛ onipa, na sɛnea ɛte wɔ nnipa nyinaa fam no, bere bi wɔ hɔ a yehia sɛ wɔkyekye yɛn werɛ na wɔhyɛ yɛn gyidi den. Ná saa na ɛte wɔ Yesu mpo fam. Wɔ anadwo a etwa to ansa na ɔrebewu no, ɔbɔfo bi beyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ Getsemane “hyɛɛ no den.”—Luka 22:43.

6, 7. (a) Bere a na Paulo wɔ Roma no, henanom na wodii no huammɔ, na henanom na wɔkyekyee ne werɛ? (b) Nnwuma bɛn na Paulo nuanom Kristofo no yɛ maa no wɔ Roma, na wɔnam so yɛɛ no “awerɛkyekye”?

6 Ná Paulo nso hia awerɛkyekye. Bere a wɔde no kɔɔ Roma sɛ deduani no, n’ankasa nkurɔfo mpo annye no fɛw so. Saa Yudafo no mu fã kɛse no ara antie Ahenni nkrasɛm no. Bere a Yudafo no mu atitiriw no kɔɔ Paulo nkyɛn wɔ afiase hɔ no, kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma no ka sɛ: “Ebinom gyee nea ɔkae no dii, na ebinom nso annye anni. Na wɔn ano ankɔ bɛnkoro mu nti, wɔkɔe.” (Asomafo no Nnwuma 28:17, 24, 25) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yehowa dom no ho anisɔ a wɔankyerɛ no maa Paulo werɛ how fae! Yehu sɛnea ɔtee nka wɔ asɛm yi ho no wɔ krataa a na wakyerɛw mfe kakra a na atwam no akɔma asafo a na ɛwɔ Roma yi mu: “Midi awerɛhow kɛse ne daa yaw wɔ me koma mu. Na anka mepɛ sɛ woyi me ara fi Kristo ho yɛ abusude ma me nuanom [Yudafo] a ɔhonam fam wɔyɛ m’abusuafo.” (Romafo 9:2, 3) Eyi nyinaa akyi no, onyaa ayɔnkofo anokwafo a wɔn akokoduru ne wɔn dɔ maa ne koma tɔɔ ne yam wɔ Roma. Na wɔyɛ ne nuanom mapa wɔ Onyankopɔn som mu.

7 Ɔkwan bɛn so na saa anuanom baanum no yɛɛ awerɛkyekye? Afiase a na Paulo da no amma wɔantwe wɔn ho amfi ne ho. Mmom no, woyii wɔn yam de ɔdɔ yɛɛ nnwuma a esiane sɛ na Paulo da afiase nti na ontumi nyɛ no maa no. Sɛ nhwɛso no, Paulo somasomaa wɔn ma wɔde ne nkrataa ne n’anom nsɛm kɔmaa asafo ahorow. Wɔde anuanom a wɔwɔ Roma ne mmeae foforo no ho amanneɛbɔ a ɛhyɛ nkuran brɛɛ Paulo. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔde nneɛma te sɛ ntade a na ɔbɛhyɛ wɔ awɔw bere mu, nhoma mmobɔwee ne kyerɛwdua brɛɛ no. (Efesofo 6:21, 22; 2 Timoteo 4:11-13) Nneɛma pa a ɛte saa a wɔyɛe no nyinaa hyɛɛ ɔsomafo a na wɔakyere no ato afiase no den na esiane nkuranhyɛ a onyae no nti, ɔno nso bɛyɛɛ “awerɛkyekye” maa asafo ahorow ne ankorankoro bi.—Romafo 1:11, 12.

Ɔkwan a Yebetumi Afa so Ayɛ “Awerɛkyekye”

8. Dɛn na yebetumi asua afi ahobrɛase mu a Paulo fi kae sɛ ohia “awerɛkyekye” no mu?

8 Dɛn na yebetumi asua afi saa kyerɛwtohɔ a ɛfa Paulo ne ne yɔnko adwumayɛfo baanum yi ho no mu? Momma yensusuw ade biako a yebetumi asua yi ho: Egye akokoduru ne ahofama na ama yɛatumi aboa nkurɔfo bere a wɔrehu amane no. Bio nso, egye ahobrɛase na ama yɛagye atom sɛ yehia mmoa bere a yɛkɔ ahohia mu no. Ɛnyɛ ka nko na Paulo kae sɛ ohia mmoa na mmom ogyee mmoa a wɔde maa no no fɛw so, na ɔdaa wɔn a wɔboaa no no ase nso. Wante nka sɛ mmoa a obegye afi afoforo nkyɛn no bɛkyerɛ sɛ ɔyɛ mmerɛw anaasɛ ebegu n’anim ase, na ɛnsɛ sɛ yɛn so yɛte nka saa. Ka a yɛbɛka sɛ yenhia awerɛkyekye no bɛkyerɛ sɛ yɛwɔ tumi a ɛboro onipa de so. Kae, Yesu nhwɛso no ma yehu sɛ ɛtɔ mmere bi a, onipa a ɔyɛ pɛ mpo de nkotɔsrɛ hwehwɛ mmoa.—Hebrifo 5:7.

9, 10. Sɛ obi gye tom sɛ ohia mmoa a, ade pa bɛn na ebetumi afi mu aba, na nkɛntɛnso pa bɛn na ebetumi anya wɔ n’abusua ne asafo no mufo no so?

9 Sɛ wɔn a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa no gye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na wobetumi ayɛ na wɔn nso hia afoforo mmoa a, nneɛma pa pii betumi afi mu aba. (Yakobo 3:2) Saa a wɔyɛ no ma abusuabɔ a ɛwɔ wɔn a wɔde tumi ahyehyɛ wɔn nsa ne wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ saa tumidi no ase no mu bɛyɛ den, na ɛma wotumi di nkitaho a osuro biara nnim. Sɛ wɔn a wohia mmoa de ahobrɛase gye a, ɛbɛyɛ asuade ma afoforo a wɔwɔ tebea a ɛte saa ara mu no. Ɛma ɛda adi sɛ wɔn a wodi anim no yɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ, wɔwɔ mmerɛwyɛ na wobetumi abɛn wɔn.—Ɔsɛnkafo 7:20.

10 Sɛ nhwɛso no, sɛ mmofra behu sɛ wɔn awofo nso hyiaa ɔhaw bere a na wɔyɛ mmofra no a, etumi yɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wobegye mmoa a wɔn awofo de ma wɔn no atom bere a wɔrehyia nsɛnnennen ne sɔhwɛ no. (Kolosefo 3:21) Ɛno ma nkitahodi pa ba ɔwofo ne ne ba ntam. Ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wobegye nea Kyerɛwnsɛm no ka fa ɔhaw bi ho no atom ntɛm ara. (Efesofo 6:4) Saa ara na sɛ asafo no mufo no behu sɛ mpanyimfo nso wɔ ɔhaw ahorow, wotumi bɔ hu, na ɛnyɛ nneɛma nyinaa na wɔte ase a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn paa sɛ wobegye mmoa a mpanyimfo de ma wɔn no. (Romafo 12:3; 1 Petro 5:3) Bio nso, ebetumi abue nkitahodi ho kwan, ebetumi ama yɛde Kyerɛwnsɛm no atutu yɛn ho yɛn ho fo, na afei ahyɛ yɛn gyidi den. Kae sɛ ɛnnɛ ne bere a ɛsen biara a yɛn nuanom mmarima ne mmea hia awerɛkyekye.—2 Timoteo 3:1.

11. Dɛn nti na nnipa pii hia “awerɛkyekye” nnɛ?

11 Ɛmfa ho faako a yɛte, nipa ko a yɛyɛ, anaa mfe dodow a yɛadi no, mmere bi wɔ hɔ a yɛn nyinaa behyia ɔhaw ahorow. Saa na nnɛ wiase no abɛyɛ. (Adiyisɛm 12:12) Nsɛm a ɛhaw adwene a ɛtete saa no ma yehu sɛnea yɛn gyidi te. Tebea horow a ɛhaw adwene betumi asɔre wɔ adwumam, sukuu mu, abusua mu, anaa asafo no mu. Ebetumi aba sɛ yare kɛse bi anaa ɔhaw dedaw bi na ɛde aba. Sɛ w’aware mu hokafo, asafo mu panyin, anaasɛ w’adamfo bi bɛka nsɛm a nkyene wom kyerɛ wo hyɛ wo nkuran boa wo a, hwɛ sɛnea ɛbɛma wo ho ayɛ wo fɔmm afa! Ɛte sɛ aduru a wode asra wo ho baabi a etutu wo pɛpɛɛpɛ! Enti, sɛ wuhu sɛ wo nuanom bi kɔ tebea a ɛte saa mu a, kyekye wɔn werɛ. Anaasɛ sɛ ɔhaw bi rebunkam afa wo so a, ka kyerɛ asafo mu mpanyimfo no ma wɔmmoa wo.—Yakobo 5:14, 15.

Sɛnea Asafo no Betumi Aboa

12. Dɛn na asafo no muni biara betumi ayɛ de ahyɛ ne nuanom den?

12 Asafo no mufo nyinaa a mmofra ka ho betumi akyekye afoforo werɛ. Sɛ nhwɛso no, asafo nhyiam ne asɛnka a wokɔ no daa no hyɛ afoforo gyidi den. (Hebrifo 10:24, 25) Ɔsom kronn a wode nsi yɛ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ woredi Yehowa nokware, na ɛmfa ho ɔhaw ahorow a ebia worehyia no, worema w’ani ada hɔ wɔ wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu. (Efesofo 6:18) Nsiyɛ a ɛte saa no betumi ahyɛ afoforo den.—Yakobo 2:18.

13. Adɛn nti na ebinom betumi ayɛ mmerɛw, na dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn?

13 Ɛtɔ mmere bi a, asetram dadwen anaa ɔhaw afoforo betumi ama ebinom atoto wɔn asɛnka adwuma no ase anaasɛ wɔayɛ mmerɛw wɔ asɛnka adwuma no mu. (Marko 4:18, 19) Ebia yɛrenhu wɔn a wɔayɛ mmerɛw no wɔ asafo nhyiam ase. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ wɔda so ara dɔ Onyankopɔn. Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ wɔn gyidi den? Mpanyimfo betumi ayɛ wɔn mmoa denam nsrahwɛ so. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Wobetumi ahyɛ asafo no mufo nkuran ma wɔn nso aboa. Sɛnea yɛbɛka no no, ebia nsrahwɛ a ɛtete saa ara ne aduru a wɔn a wɔayɛ mmerɛw no hia na ama wɔn gyidi asan ayɛ den.

14, 15. Afotu bɛn na Paulo de ma yɛn wɔ afoforo a yɛbɛyɛ wɔn awerɛkyekye no ho? Ma asafo bi a ɛde saa afotu no dii dwuma no ho nhwɛso.

14 Bible no tu yɛn fo sɛ ‘yɛnkyekye wɔn a wɔn koma atu no werɛ, yenso wɔn a wɔyɛ mmerɛw no mu.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Ebia wɔn a “wɔn koma atu” no ahu sɛ wonni akokoduru bio na sɛ obi ammoa wɔn a wɔrentumi nni akwanside ahorow a ɛda wɔn anim no so. So wubetumi de mmoa a ɛte saa ama? Wɔakyerɛ asɛm “munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu” no ase sɛ “wobeso” wɔn a wɔayɛ mmerɛw no “mu pintinn” anaasɛ “wɔbɛbata wɔn ho.” Yehowa nguan no mu biara som bo ma no na ɔdɔ wɔn nyinaa. Ommu wɔn sɛ mfaso biara nni wɔn so, na ɔmpɛ sɛ wɔn mu biara bɛtwe ne ho. So wubetumi aboa asafo no ma ‘wɔaso’ wɔn a wɔayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu no “mu pintinn” kosi sɛ wɔn ho bɛsan ayɛ den bio?—Hebrifo 2:1.

15 Asafo mu panyin bi kɔsraa awarefo bi a na wɔayɛ mmerɛw mfe asia. Ɔpanyin no kyerɛwee sɛ: “Ayamye ne ɔdɔ a asafo mũ no yii no adi kyerɛɛ wɔn no kaa wɔn yiye ma ɛkanyan wɔn ma wɔsan bɛkaa nguankuw no ho bio.” Onuawa a na wayɛ mmerɛw no tee nka dɛn wɔ asafo no mufo nsrahwɛ no ho? Ɔka sɛ: “Bu a anuanom mmarima anaa mmea a wɔne wɔn bɛsraa yɛn no mu biara ammu yɛn fɔ anaa kasa a wɔankasa antia yɛn no na ɛboaa yɛn ma yetumi sɔre gyinaa yɛn anan so bio. Wɔdaa ntease adi, na wofi Kyerɛwnsɛm no mu hyɛɛ yɛn nkuran.”

16. Hena na wayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔbɛhyɛ wɔn a wohia awerɛkyekye no den?

16 Yiw, nokware Kristoni ani begye ho sɛ ɔbɛyɛ afoforo awerɛkyekye. Na sɛ yɛn nsɛm tebea sesa a, yɛn nuanom nso bɛkyekye yɛn werɛ. Nanso, nokwasɛm ne sɛ, ebetumi aba sɛ bere a yehia awerɛkyekye no, na onipa biara nni hɔ a ɔde bɛma yɛn. Nanso, Owura bi wɔ hɔ a ɔno de, ɔwɔ hɔ daa na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa yɛn. Ɔne Yehowa Nyankopɔn.—Dwom 27:10.

Yehowa—Ɔwerɛkyekyefo a Ɔsen Biara

17, 18. Akwan bɛn so na Yehowa hyɛɛ ne Ba, Yesu Kristo den?

17 Bere a wɔde Yesu bɔɔ dua mu no, ɔteɛɛm sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ.” (Luka 23:46) Ɛno akyi no owui. Ansa na asɛm yi rebesi no, na wɔakyere no ma ne nnamfo a wɔbɛn no paa de ehu aguan agyaw no. (Mateo 26:56) Ɛkaa Yesu nko a na Beae koro pɛ na na obetumi anya mmoa afi—N’agya a ɔwɔ soro no nkyɛn. Nokwarem, Yehowa mu ahotoso a onyae no anyɛ ɔkwa. Wotuaa nokware a Yesu di maa N’agya no so ka denam gyina a Yehowa ankasa gyinaa n’akyi no so.—Dwom 18:25; Hebrifo 7:26.

18 Yehowa de mmoa nyinaa a na Yesu hia na ama watumi akura ne mudi mu akosi sɛ obewu no maa no bere a na ne Ba no reyɛ n’asase so som adwuma no. Sɛ nhwɛso no, wɔ Yesu asubɔ a ɛkyerɛe sɛ ɔrebefi ne som adwuma ase no akyi pɛɛ no, ɔtee N’agya nne sɛ ɔreka sɛ ɔsɔ n’ani, na Osii so dua sɛ ɔdɔ no. Bere a na Yesu hia mmoa no, Yehowa somaa abɔfo ma wɔkɔhyɛɛ no den. Bere a Yesu hyiaa ne sɔhwɛ a emu yɛ den sen biara wɔ n’asase so asetra awiei no mu no, Yehowa tiee ne mpaebɔ ne ne nkotɔsrɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ eyinom hyɛɛ Yesu den.—Marko 1:11, 13; Luka 22:43.

19, 20. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ Yehowa bɛhyɛ yɛn den wɔ yɛn ahohia bere mu?

19 Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ yɛn Werɛkyekyefo titiriw a ɔhyɛ yɛn den. (2 Beresosɛm 16:9) Ahoɔden a ɛkyɛn so ne tumi nyinaa Wura no betumi abɛyɛ yɛn werɛkyekyefo ahohia mmere mu. (Yesaia 40:26) Ɔko, ohia, yare, owu, anaa yɛn ankasa sintɔ ahorow betumi de adwennwen kɛse abɛto yɛn so. Sɛ asetram sɔhwɛ no bɛyɛ sɛ ‘ɔtamfo hoɔdenfo’ a, Yehowa betumi abɛyɛ yɛn ahoɔden ne yɛn abannennen. (Dwom 18:17; Exodus 15:2) Ɔwɔ biribi a tumi wom paa a ɔde bɛboa yɛn—ne honhom kronkron no. Yehowa betumi afa ne honhom no so ama “nea onni home” anaa nea wabrɛ anya ahoɔden, na ama ‘ɔde ntaban aforo sɛ akɔre.’—Yesaia 40:29, 31.

20 Onyankopɔn honhom no ne ahoɔden a ɛsen biara a ɛwɔ amansan yi mu. Paulo kae sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” Yiw, yɛn soro Agya a ɔyɛ ɔdɔ no betumi ama yɛn “tumi a ɛboro so” na ama yɛatumi agyina amanehunu nyinaa ano akosi sɛ ‘ɔbɛyɛ ade nyinaa foforo’ wɔ Paradise a wahyɛ ho bɔ a yegyina n’abobow ano pɛɛ no mu.—Filipifo 4:13; 2 Korintofo 4:7; Adiyisɛm 21:4, 5.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Vine’s Complete Expository Dictionary of Old and New Testament Words, a W. E. Vine kyerɛwee no ka sɛ: “Sɛ wɔde asɛmfua [pa·re·go·riʹa] no adeyɛ asɛm di dwuma a, ɛkyerɛ nnuru a obi a ne ho yeraw no nom a ɛma ne ho dwo no.”

So Wokae?

• Ɔkwan bɛn so na anuanom a wɔwɔ Roma no yɛɛ “awerɛkyekye” maa Paulo?

• Akwan bɛn so na yebetumi ayɛ “awerɛkyekye” wɔ asafo no mu?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ yɛn Werɛkyekyefo a ɔsen biara?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Anuanom no bɛyɛɛ “awerɛkyekye” maa Paulo denam wɔn mmoa, nkuranhyɛ ne nnwuma a wɔyɛ maa no no so

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Mpanyimfo di anim hyɛ nguan no den