Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛsɛ Sɛ Onyankopɔn Nkurɔfo Dɔ Ayamye

Ɛsɛ Sɛ Onyankopɔn Nkurɔfo Dɔ Ayamye

Ɛsɛ Sɛ Onyankopɔn Nkurɔfo Dɔ Ayamye

“Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi wo hɔ sen sɛ wobɛyɛ adetrenee na woadɔ ayamye na wode ahobrɛase ne wo Nyankopɔn anantew?”—MIKA 6:8, NW.

1, 2. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Yehowa hwɛ kwan sɛ ne nkurɔfo bɛda ayamye adi? (b) Ayamye ho nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

YEHOWA yɛ ayamye Nyankopɔn. (Romafo 2:4; 11:22) Hwɛ sɛnea anka ɛsɛ sɛ nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, kyerɛ saa nokwasɛm no ho anisɔ! Wɔ Eden turom no, na abɔde a aniwa hu a ɛkyerɛ Onyankopɔn ayamye a ɔda no adi kyerɛ adesamma atwa wɔn ho ahyia, na na wobetumi anya mu anigye. Na Onyankopɔn kɔ so da ayamye adi kyerɛ nnipa nyinaa, a abɔnefo a wonni ayɛ mpo ka ho.

2 Esiane sɛ wɔbɔɔ nnipa wɔ Onyankopɔn suban so nti, wɔwɔ tumi a wɔde da Onyankopɔn su horow adi. (Genesis 1:26) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ, Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛda ayamye adi. Sɛnea Mika 6:8 ka no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ‘dɔ ayamye.’ Nanso dɛn ne ayamye? Ɔkwan bɛn so na ɛne Onyankopɔn su a aka no wɔ abusuabɔ? Esiane sɛ nnipa tumi da ayamye adi nti, dɛn nti na amumɔyɛ ne basabasayɛ ahyɛ wiase mã saa? Dɛn nti na sɛ́ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛda ayamye adi bere a yɛne afoforo di nsɛm no?

Dɛn Ne Ayamye?

3. Wobɛkyerɛ ayamye ase dɛn?

3 Wɔda ayamye adi denam afoforo yiyedi ho anigye kɛse a wɔkyerɛ so. Yeyi no adi kyerɛ denam nneyɛe a ɛboa ne nsɛm a ɛkyerɛ sɛ yedwen afoforo ho a yɛka so. Sɛ́ yɛbɛda ayamye adi no kyerɛ sɛ yɛbɛyɛ papa na yɛnyɛ ade a epira. Ɔyamyefo wɔ adamfofa su, odwo, ɔwɔ ayamhyehye, ɔwɔ mmɔborohunu. Ɔyɛ afoforo adɔe na odwen wɔn ho. Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre.” (Kolosefo 3:12) Enti, ayamye yɛ nokware Kristoni biara sɛnkyerɛnne kwan so atade no fã.

4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa adi kan ada ayamye adi akyerɛ adesamma?

4 Yehowa Nyankopɔn na wadi kan ada ayamye adi. Sɛnea Paulo kae no, ɛyɛ bere a ‘yɛn Agyenkwa Nyankopɔn ayamye ne ɔdɔ a ɔwɔ ma nnipa daa ne ho adi’ no, na ‘sɛnea ne mmɔborohunu te no, ɔnam aguare a ɛde yɛn baa nkwa mu ne honhom kronkron a ɛyɛɛ yɛn foforo no so gyee yɛn nkwa.’ (Tito 3:4, 5) Onyankopɔn ‘guare’ Kristofo a wɔasra wɔn no anaasɛ ɔtew wɔn ho wɔ Yesu mogya mu, na ɔde Kristo agyede afɔrebɔ no so mfaso di dwuma ma wɔn. Ɔnam honhom kronkron so nso yɛ wɔn foforo, na wɔbɛyɛ “abɔde foforo” sɛ Onyankopɔn mmakan a ɔde honhom awo wɔn. (2 Korintofo 5:17) Bio nso, ayamye ne ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no trɛw ka “nnipakuw kɛse” a “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu” no.—Adiyisɛm 7:9, 14; 1 Yohane 2:1, 2.

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan da ayamye adi?

5 Ayamye nso yɛ Onyankopɔn honhom kronkron anaa n’adeyɛ tumi aba no fã. Paulo kae sɛ: “Honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ. Mmara bi ngu eyinom.” (Galatifo 5:22, 23) Ɛnde, so ɛnsɛ sɛ wɔn a Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan no da ayamye adi kyerɛ afoforo?

Nokware Ayamye Nyɛ Mmerɛwyɛ

6. Bere bɛn na ayamye kyerɛ mmerɛwyɛ, na dɛn ntia?

6 Nnipa binom bu ayamye sɛ mmerɛwyɛ. Wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ obi ma n’asɛm yɛ den, na ɛtɔ mmere bi mpo a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ aniammɔho, na ama afoforo atumi ahu sɛ ɔyɛ den. Nanso, nokwasɛm no ne sɛ, egye ahoɔden ankasa na ama obi ayɛ ɔyamyefo pa na wakwati sɛ ɔbɛda ayamye a ɛnteɛ adi. Esiane sɛ nokware ayamye yɛ Onyankopɔn honhom aba no fã nti, entumi nkyerɛ mmerɛwyɛ su a ɛma wɔpene abrabɔ bɔne so. Nanso, ayamye a ɛnteɛ yɛ mmerɛwyɛ a ɛma obi pene bɔneyɛ so.

7. (a) Ɔkwan bɛn so na Eli yɛɛ anibiannaso? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ yiye na wɔanna ayamye a ɛnteɛ adi?

7 Sɛ nhwɛso no, susuw Israel sɔfopanyin Eli ho hwɛ. Ɔyɛɛ anibiannaso wɔ nteɛso a ɔde maa ne mmabarima, Hofni ne Pinehas a wɔsomee sɛ asɔfo wɔ ahyiae ntamadan no mu no mu. Esiane sɛ na wɔn ani nsɔ afɔrebɔde no fã a Onyankopɔn Mmara kyerɛ sɛ wɔmfa mma wɔn no nti, na wɔma ɔsomfo bi kogye nammono fi nea ɔrebɔ afɔre no nkyɛn ansa na wahyew srade no wɔ afɔremuka no so. Eli mmabarima no nso ne mmea a na wɔsom wɔ ahyiae ntamadan no ano no bɔɔ aguaman. Nanso, sɛ́ anka Eli begye Hofni ne Pinehas dwumadi afi wɔn nsa no, ɔkaa wɔn anim bɔkɔɔ. (1 Samuel 2:12-29) Ɛnyɛ nwonwa sɛ na “[Yehowa, NW] asɛm ho yɛ nã nna no mu”! (1 Samuel 3:1) Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo hwɛ yiye na wɔanna ayamye a ɛnteɛ adi ankyerɛ abɔnefo a wobetumi de asafo no honhom fam yiyedi ato asiane mu no. Nokware ayamye mmu ani ngu nsɛm a enye ne nneyɛe a ebu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow so no so.

8. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa nokware ayamye adi?

8 Yɛn Nhwɛsofo, Yesu Kristo, anna ayamye a ɛnteɛ adi da. Ná ɔno ne nokware ayamye nhwɛso ankasa. Sɛ nhwɛso no, ‘ne yam hyehyee no maa nnipa no, efisɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.’ Nnipa komapafo ansuro sɛ wɔbɛba Yesu nkyɛn, na wɔde wɔn mma nkumaa mpo brɛɛ no. Susuw ayamye ne ayamhyehye ara a ɔdaa no adi bere a “ɔyɛɛ wɔn atuu de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn” no ho hwɛ. (Mateo 9:36; Marko 10:13-16) Ɛwom sɛ na Yesu wɔ ayamye de, nanso ogyinaa nea na ɛteɛ wɔ ne soro Agya no aniso no akyi pintinn. Yesu ampene bɔne so da; onyaa ahoɔden fii Onyankopɔn hɔ de kasa tiaa nyamesom akannifo nyaatwomfo no. Sɛnea yehu wɔ Mateo 23:13-26 no, otii nsɛm a edi so yi mu mpɛn pii: “Munnue, mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo!”

Ayamye ne Onyankopɔn Su Afoforo

9. Ɔkwan bɛn so na ayamye ne abodwokyɛre ne papayɛ wɔ abusuabɔ?

9 Ayamye ne su horow a Onyankopɔn honhom ma wonya no wɔ abusuabɔ. Wɔbɔ din wɔ “abodwokyɛre” ne “papayɛ” ntam. Nokwarem no, onipa a ɔwɔ ayamye no da saa su no adi denam abodwokyɛre a onya so. Onya boasetɔ ma atirimɔdenfo mpo. Wɔde ayamye bata papayɛ ho efisɛ mpɛn pii no, wɔda papayɛ adi bere a wɔyɛ nneɛma a ɛso bɛba afoforo mfaso no. Ɛtɔ mmere bi a, wotumi kyerɛ Hela asɛmfua a wɔde di dwuma wɔ Bible mu ma “ayamye” no ase “papayɛ.” Saa su yi a tete Kristofo daa no adi no maa abosonsomfo ho dwiriw wɔn araa ma sɛnea Tertullian kyerɛ no, wɔfrɛɛ Yesu akyidifo no ‘nnipa a ayamye ahyɛ wɔn mma.’

10. Ɔkwan bɛn so na wɔde ayamye bata ɔdɔ ho?

10 Abusuabɔ bi da ayamye ne ɔdɔ ntam. Yesu kaa n’akyidifo no ho asɛm sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Na ɛdefa saa ɔdɔ yi ho no, Paulo kae sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye.” (1 Korintofo 13:4) Wɔde ayamye ne ɔdɔ bom wɔ asɛmfua “adɔe,” a wɔtaa de di dwuma wɔ Kyerɛwnsɛm mu no nso mu. Nokware dɔ na ɛde saa ayamye yi ba. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “adɔe” no kyerɛ pii sen brɛbrɛ kɛkɛ a wɔyɛ obi. Ɛyɛ ayamye a efi ɔdɔ mu de ne ho bata biribi ho kosi sɛ atirimpɔw nti a ɔyɛɛ saa no bɛbam. Yehowa da n’adɔe anaa nokware dɔ adi wɔ akwan ahorow so. Sɛ nhwɛso no, ɛda adi wɔ ɔkwan a ɔfa so gye nkurɔfo na ɔbɔ wɔn ho ban no mu.—Dwom 6:4; 40:11; 143:12.

11. Awerɛhyem bɛn na Onyankopɔn adɔe ma yenya?

11 Yehowa adɔe twe nkurɔfo bɛn no. (Yeremia 31:3) Sɛ Onyankopɔn nokware asomfo hia ogye anaa mmoa a, wonim sɛ n’adɔe yɛ nokware dɔ ampa. Ɛrenni wɔn huammɔ. Enti, wobetumi abɔ mpae wɔ gyidi mu, sɛnea odwontofo a ɔkaa nea edi so yi yɛe no: “Na me de, m’ani da w’adɔe so, me koma bedi wo nkwagye mu ahurusi.” (Dwom 13:5) Esiane sɛ Onyankopɔn dɔ yɛ nokware nti, n’asomfo betumi anya ne mu ahotoso koraa. Wɔwɔ saa awerɛhyem yi: “[Yehowa, NW] rentow ne man nkyene, na ɔrennyaw n’agyapade.”—Dwom 94:14.

Dɛn Nti na Amumɔyɛ Ahyɛ Wiase Mã Saa?

12. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na atirimɔden nniso nyaa ne mfiase?

12 Nea esii wɔ Eden turom no ma yenya asɛmmisa yi ho mmuae. Wɔ onipa abakɔsɛm mfiase pɛɛ no, honhom abɔde bi a ɔbɛyɛɛ pɛsɛmenkominya ne ahantan no bɔɔ ne tirim sɛ obedi wiase no so. Esiane ne tirimbɔ no nti, ɔbɛyɛɛ “wi yi ase sodifo,” a ne tirim yɛ den ankasa. (Yohane 12:31) Ɔbɛyɛɛ Satan Ɔbonsam, Onyankopɔn ne nnipa tamfo titiriw. (Yohane 8:44; Adiyisɛm 12:9) Ne pɛsɛmenkominya tirimbɔ a ɛne sɛ ɔde tumidi bi a ɛne Yehowa tumidi a ayamye wom di asi besi hɔ no daa adi bere tiaa bi akyi wɔ bere a wɔbɔɔ Hawa no. Enti, nniso bɔne nyaa ne mfiase bere a Adam pawee sɛ ɔbɛde ne ho afi Onyankopɔn tumidi ho, na ɔpoo N’ayamye koraa no. (Genesis 3:1-6) Sɛ́ anka Adam ne Hawa bedi wɔn ho so ankasa mmom no, wɔbaa Ɔbonsam pɛsɛmenkominya ne ahantan nkɛntɛnso ase, na wɔbɛyɛɛ ne nniso no nkoa.

13-15. (a) Dɛn ne ɔhaw a efii Yehowa trenee tumidi a wɔpoe mu bae no bi? (b) Dɛn nti na amumɔyɛ wɔ wiase yi mu saa?

13 Susuw nea efii mu bae no bi ho. Wotuu Adam ne Hawa fii asase no fã a na ɛyɛ paradise no mu. Wofii turo a emu yɛ anigye a na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobenya afifide ne nnuaba a ahoɔden wom mu kɔɔ asetra dennen mu wɔ Eden turo no akyi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam sɛ: “Sɛ woatie wo yere nne, na woadi dua a mehyɛɛ wo sɛ nni no bi nti, wo nti wɔadome asase. Ɛyaw mu na wubedidi so, wo nkwa nna nyinaa.” Dome a wɔdomee asase no kyerɛ sɛ na afei de, ɛso adwumayɛ bɛyɛ den. Nea efii asase a wɔdomee ma efifii nsɔe ne nnɛnkyɛnse mu bae no kaa Adam asefo paa ma Noa papa, Lamek, kae sɛ ‘wɔn nsa ano brɛ wɔ asase a Yehowa adome no no so.’—Genesis 3:17-19; 5:29.

14 Adam ne Hawa san hweree asomdwoe a wɔwɔ no na wɔbaa ahohia mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Ɔdɔ na mɛma wo yaw ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso. Ɛyaw mu na wobɛwo mma, na w’ani begyina wo kunu, na ɔno na obedi wo so.” Akyiri yi, Kain, Adam ne Hawa ba a odi kan no, dii amumɔyɛsɛm kɛse bi bere a okum ne nua Habel no.—Genesis 3:16; 4:8.

15 Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Te sɛ ne sodifo no, wiase a ɛwɔ hɔ nnɛ no da subammɔne ahorow, te sɛ pɛsɛmenkominya ne ahantan adi. Ɛnyɛ nwonwa sɛ basabasayɛ ne amumɔyɛsɛm ahyɛ wiase mã saa! Nanso ɛrennyɛ saa daa. Yehowa bɛhwɛ ma ayamye ne ayamhyehye ada adi wɔ N’ahenni mu, na ɛnyɛ atirimɔden ne amumɔyɛ.

Ayamye Bɛda Adi Wɔ Onyankopɔn Ahenni Mu

16. Dɛn nti na ayamye hyɛ Onyankopɔn tumidi a ɔnam Kristo Yesu so da no adi no agyirae, na dɛn na eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ?

16 Yehowa ne N’ahenni no so Hene a wapaw no, Kristo Yesu, hwehwɛ sɛ wɔn manfo bɛda wɔn ho adi sɛ nnipa a wɔwɔ ayamye. (Mika 6:8) Yesu Kristo kaa sɛnea ayamye bɛhyɛ nniso a N’agya de ahyɛ ne nsa no agyirae no ho asɛm bi. (Hebrifo 1:3) Yebetumi ahu eyi wɔ Yesu nsɛm a ɛpaa atoro nyamesom akannifo a wɔde nnesoa a emu yɛ duru soaa nkurɔfo no ho ntama no mu. Ɔkae sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” (Mateo 11:28-30) Asase so atumfoɔ pii, sɛ́ wɔyɛ nyamesomfo anaa atumfoɔ afoforo no, de mmara ne nnwuma hunu pii hyɛ wɔn nkurɔfo so. Nanso, nea Yesu hwehwɛ fi n’akyidifo hɔ no yɛ nea ɛboa wɔn ankasa na ɛnyɛ nea ɛboro wɔn ahoɔden so. Kɔndua a abotɔyam ne ayamye wom bɛn ara ni! So ɛnkanyan yɛn ma yɛnyɛ sɛ ɔno na yɛnna ayamye adi nkyerɛ afoforo?—Yohane 13:15.

17, 18. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ wɔn a wɔne Kristo di ade wɔ soro ne n’asase so ananmusifo no bɛda ayamye adi?

17 Yesu nsɛm a ɛka koma a ɔka kyerɛɛ n’asomafo no si sɛnea Onyankopɔn Ahenni nniso no yɛ soronko koraa wɔ nnipa nniso ho no so dua. Bible ka sɛ: “Na akasakasa bi nso baa wɔn mu sɛ wɔn mu hena na wobebu no kɛse. Na osee wɔn sɛ: Wiase amanaman ahene di wɔn so ahensɛm, na wɔn a wodi wɔn so tumi no, wɔfrɛ wɔn adɛɛfo. Na mo de, monnyɛ sa, na mmom nea ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ sɛ akumaa; na nea ɔyɛ otitiriw nyɛ sɛ nea ɔsom. Na hena na ɔso, nea ɔte aduan ho anaasɛ nea ɔsom? Ɛnyɛ nea ɔte aduan ho? Na me de, mewɔ mo mu sɛ nea ɔsom.”—Luka 22:24-27.

18 Nnipa atumfoɔ hwehwɛ sɛ wɔbɛda wɔn kɛseyɛ adi denam nkurɔfo no a ‘wodi wɔn so ahensɛm’ ne abodin akɛse a wɔhwehwɛ so, te sɛ nea abodin a ɛtete saa ma wɔyɛ kɛse sen wɔn a wodi wɔn so no. Nanso, Yesu kae sɛ kɛse ankasa a obi bɛyɛ no gyina afoforo a ɔbɛsom wɔn so—nsi mu a obefi ayere ne ho asom afoforo. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔne Kristo bedi ade wɔ soro anaasɛ wɔbɛsom sɛ n’asase so ananmusifo no nyinaa bɔ mmɔden sɛ wobedi n’ahobrɛase ne ayamye nhwɛso no akyi.

19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu daa sɛnea Yehowa ayamye mu dɔ no adi? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Yehowa wɔ ayamye a yɛbɛda no adi mu?

19 Ma yɛnhwɛ afotu foforo a efi ɔdɔ mu a Yesu de mae no. Bere a Yesu rekyerɛ sɛnea Yehowa ayamye mu dɔ fa no, ɔkae sɛ: ‘Sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfo nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn. Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo yiye no yiye a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfo nso yɛ saa ara. Na sɛ mofɛm wɔn a mo ani da so sɛ mubegye wɔn hɔ bio a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfo nso fɛm nnebɔneyɛfo sɛ wobegye saa ara bio. Na monnɔ mo atamfo, na monyɛ yiye na momfɛm wɔ nea ani nni biribi so, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ nea ɔwɔ sorosoro no mma, efisɛ ɔno de, oye ma bonniayɛfo ne nnipa bɔne. Enti monyɛ timmɔbɔ sɛnea mo agya nso yɛ timmɔbɔ no.’—Luka 6:32-36.

20 Onyankopɔn ayamye nyɛ pɛsɛmenkominya. Ɛnhwehwɛ biribi mfi afoforo hɔ, na sɛ ɛyɛ biribi ma obi a, ɛnhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ bi ama no. Yehowa fi ayamye mu ‘ma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so.’ (Mateo 5:43-45; Asomafo no Nnwuma 14:16, 17) Bere a yesuasua yɛn soro Agya no, ɛnyɛ pira na yempira bonniayɛfo nko, na mmom yɛyɛ wɔn papa nso, wɔn a wɔyɛ yɛn atamfo mpo. Sɛ yɛda ayamye adi a, yɛkyerɛ Yehowa ne Yesu sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛtra Onyankopɔn Ahenni no ase, bere a ayamye ne su pa ahorow bɛda adi wɔ nnipa abusuabɔ nyinaa mu no.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛda Ayamye Adi?

21, 22. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda ayamye adi?

21 Sɛ́ nokware Kristofo no, ɛho hia paa sɛ yɛda ayamye adi. Ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom reyɛ adwuma wɔ yɛn mu. Bio nso, sɛ yɛda nokware ayamye adi a, yesuasua Yehowa Nyankopɔn ne Kristo Yesu. Ayamye yɛ ahwehwɛde ma wɔn a wɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no nkoa nso. Enti, ɛsɛ sɛ yɛdɔ ayamye na yesua sɛnea yɛbɛda no adi.

22 Dɛn ne akwan pa a yebetumi afa so ada ayamye adi wɔ yɛn da biara da asetram no bi? Asɛm a edi hɔ no besusuw saa asɛmti no ho.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn ne ayamye?

• Dɛn nti na wiase no yɛ baabi a amumɔyɛ ne basabasayɛ wɔ saa?

• Yɛyɛ dɛn hu sɛ ayamye bɛda adi wɔ Onyankopɔn nniso mu?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtra Onyankopɔn Ahenni mu no da ayamye adi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Kristofo mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ayamye adi bere a wɔne nguan no redi nsɛm no

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yehowa da ayamye adi kyerɛ n’asomfo wɔ ahokyere mmere mu mpo

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

Yehowa fi ayamye mu ma owia bɔ na osu tɔ gu nnipa nyinaa so