Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɔnnɔ So Adansedi Wɔ Mexico Asasesin A Wɔka Engiresi Kasa Wom Mu

Bɔnnɔ So Adansedi Wɔ Mexico Asasesin A Wɔka Engiresi Kasa Wom Mu

Bɔnnɔ So Adansedi Wɔ Mexico Asasesin A Wɔka Engiresi Kasa Wom Mu

BERE bi a na ɔsomafo Paulo retwɛn ne mfɛfo akwantufo wɔ Atene no, ɔde hokwan no dii adanse bɔnnɔ so. Bible no bɔ amanneɛ sɛ: “Na gua so nso daa ɔne wɔn a wɔbɛto no kasa.” (Asomafo no Nnwuma 17:17) Bere a Yesu retu kwan afi Yudea akɔ Galilea no, odii Samariani bea a na ɔwɔ abura bi ho no adanse bɔnnɔ so. (Yohane 4:3-26) So wo nso wode hokwan biara a wunya no ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no?

Mexico asasesin a wɔka Engiresi kasa wom no ye ma bɔnnɔ so adansedi titiriw. Nsrahwɛfo bɛsra hɔ ahomegyebea no, sukuupɔn adesuafo afoforo ba hɔ kɔ bere nyinaa, ahɔho a wɔwɔ Mexico a wɔakɔ pɛnhyen ba wɔn agodibea ne wɔn adidibea ahorow hɔ. Yehowa Adansefo a wɔte Engiresi kasa no ho akokwaw wɔ sɛnea wɔne saafo no fi nkɔmmɔbɔ ase. Nokwarem no, wɔde hokwan biara a wobenya ka asɛm no kyerɛ ɔhɔho biara anaa obiara a ɔka Engiresi kasa no. Momma yɛnhwɛ ɔkwan a wɔfa so yɛ no.

Adansefo a wofi aman horow so a wɔresom wɔ Mexico mmeae a wɔka Engiresi kasa no da wɔn ho adi mpɛn pii kyerɛ wɔn a ɛda adi sɛ wɔyɛ ahɔho a wɔaba hɔ no bisa wɔn faako a wofi bae. Eyi ma ɔhɔho no bisa Ɔdansefo no nea ɔreyɛ wɔ Mexico hɔ, na ɛno ma Ɔdansefo no kwan ma ɔka ne Kristofo gyidi ho asɛm kyerɛ no. Sɛ nhwɛso no, anyɛ den koraa amma Gloria a ɔresom wɔ faako a mmoa ho hia wɔ Oaxaca asasesin a wɔka Engiresi kasa wom mu no sɛ obefi nkɔmmɔbɔ ase wɔ saa kwan no so. Bere bi a Gloria awie bɔnnɔ so adansedi wɔ kurow no nhyiambea na ɔrekɔ fie no, awarefo bi a wofi England ma ogyinae. Na ɔbea no teɛɛm sɛ: “Mansusuw da sɛ mehu obibini bea sɛ ɔnenam Oaxaca mmɔnten so ha!” Sɛ anka Gloria bo befuw no, ɔserewee, na wofii ase bɔɔ nea enti a waba Mexico no ho nkɔmmɔ. Ɔbea no too nsa frɛɛ Gloria sɛ ɔmmra ne fi ne wɔn mmɛnom kɔfe. Bere a Gloria ne ɔbea no yɛɛ nsrahwɛ ho nhyehyɛe wiei no, ɔmaa no Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no bi, nanso ɔbea no annye, na ɔkae sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Gloria kae sɛ n’ani gye ho sɛ ɔne wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no bɛbɔ nkɔmmɔ na ɔbɛpɛ sɛ ɔbea no kyerɛ n’adwene wɔ asɛm a ɛne “Mmeae a Wɔsom—So Yehia?” no ho. Ɔbea no penee so na ɔkae sɛ: “Sɛ wubetumi ama magye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ampa a, anka ɛbɛyɛ nwonwa papa.” Nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye pii kɔɔ so wɔ bere a wɔrenom kɔfe no. Akyiri yi, awarefo no san kɔɔ England, nanso wɔnam Intanɛt so toaa nkɔmmɔbɔ no so.

Gloria san ne Saron, sukuuni bi a ofi Washington, D.C., a waba Oaxaca ne mmea a wofi kurom hɔ reyɛ atuhoama adwuma na ɔde anya n’abodin krataa no bɔɔ nkɔmmɔ. Bere a Gloria kamfoo Saron wɔ ne mmɔdenbɔ ho wiei no, ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a waba Mexico no mu kyerɛɛ no. Eyi kowiee Bible mu nkɔmmɔbɔ ne nea Onyankopɔn bɛyɛ ama obiara a ɛnyɛ ahiafo nko mu. Saron kae sɛ ɛyɛ nwonwa sɛ bere a ɔwɔ United States no ɔne Ɔdansefo biara ankasa da, nanso nipa a odii kan ne no kasae wɔ Mexico yɛ Yehowa Dansefo! Saron penee Bible adesua so na ntɛm ara ofii ase kɔɔ Kristofo nhyiam ahorow.

Ahɔho pii atu aba Mexico mpoano ahomegyebea hɔ rebɛhwehwɛ paradise tebea. Laurel de eyi dii dwuma de fii nkɔmmɔbɔ ase wɔ Acapulco de bisaa nkurɔfo sɛ, Acapulco te sɛ paradise sen baabi a wofi bae no anaa, na na obisa wɔn nea wɔn ani gye ho wɔ hɔ. Afei ɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn sɛ ɛrenkyɛ biara asase nyinaa bɛdan paradise ankasa. Saa kwan yi a ɔfaa so ne ɔbea bi a ofi Canada a ohyiaa no wɔ mmoa ho nnuruyɛfo adwumayɛbea bɔɔ nkɔmmɔ no kowiee Bible adesuayɛ mu. So wubetumi afa saa kwan yi so adi adanse wɔ faako a wote no?

‘Wɔ Mmorɔn ne Mmɔnten So’

Wɔtaa fi nkɔmmɔbɔ ase wɔ mmorɔn ne mmɔnten so denam bisa a wobisa sɛ: “Wote Engiresi kasa?” no so. Mexicofo pii te Engiresi kasa esiane adwuma a wɔyɛ anaasɛ tra a wɔatra United States pɛn no nti.

Adansefo awarefo bi kɔɔ aberewa bi a na ɔte mmubuafo akongua mu a ɔyarehwɛfo bi repia no nkyɛn. Wobisaa aberewa no sɛ otumi ka Engiresi kasa anaa. Obuae sɛ otumi ka efisɛ na ɔde mfe pii atra United States. Ogyee Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a ɔnkenkan bi da no, na ɔde ne din a ɛne Consuelo ne n’address maa wɔn. Bere a akyiri yi wɔkɔsraa no wɔ nnannan akyi no, wohui sɛ faako a ɔte no yɛ beae a Katolek nkokorafo hwɛ ayarefo. Mfiase no, na ɛyɛ den sɛ wɔne Consuelo bɛkasa efisɛ na nkokorafo no anya adwemmɔne, enti wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔrentumi ne wɔn nhyia. Awarefo no srɛɛ nkokorafo no dennennen sɛ wɔmma Consuelo nte sɛ wɔaba hɔ na wɔpɛ sɛ wokyia no. Ntɛm ara na Consuelo ka kyerɛɛ awarefo no sɛ wɔmmra mu. Efi saa bere no, wɔne aberewa a wadi mfe 86 yi ayɛ Bible adesua daa, ɛmfa ho nsɛmmɔne a nkokorafo no keka faa ho no. Afei wakɔ Kristofo nhyiam ahorow no bi.

Mmebusɛm 1:20 ka sɛ: “Nyansa teɛm mmorɔn so, ɔma wɔte ne nne mmɔnten so.” Hwɛ sɛnea eyi tumi baa saa wɔ San Miguel de Allende abɔnten so. Da koro anɔpa bi, Ralph kɔtoo ɔbarima bi a n’ani afi sɛ ɔte benkyi bi so. Ɛyɛɛ ɔbarima no nwonwa sɛ Ralph maa no Ɔwɛn-Aban ne Nyan! na ɔbarima no kaa n’asetram nsɛm kyerɛɛ no.

Na ɔyɛ kan sraani a ɔkɔɔ Vietnam ko no bi na esiane sɛ ohuu nnipa pii a wowuwui wɔ ɔko no mu bere a na ɔda so yɛ sraani no nti, ama wanya adwenemhaw. Woyii no fii akono kɔɔ nsraban mu. Na adwuma a ɔyɛ wɔ saa beae hɔ ne sɛ obeguare asraafo a wɔawuwu no ma wɔasiesie wɔn agu hyɛn mu de wɔn akɔ United States. Afei, wɔ mfe 30 akyi no, ehu ne osuro da so ara haw no. Saa anɔpa no a na ɔte abɔnten hɔ no, na ɔrebɔ mpae de ahwehwɛ mmoa.

Kan sraani no gyee nsɛmma nhoma no na ɔpenee nsa a wɔtoo frɛɛ no kɔɔ Ahenni Asa so no so. Bere a ɔkɔɔ nhyiam no akyi no, ɔkae sɛ saa nnɔnhwerew abien a odii wɔ Ahenni Asa so no ne bere a edi kan a ɔtee asomdwoe nka wɔ mfe 30 mu. Adapɛn kakraa bi pɛ na saa ɔbarima yi dii wɔ San Miguel de Allende, nanso wɔne no yɛɛ Bible adesua pii na ɔkɔɔ nhyiam ahorow no nyinaa bi ansa na ɔrefi hɔ akɔ ne kurom. Wɔyɛɛ nhyehyɛe maa no na ama watoa n’adesua no so.

Bɔnnɔ so Adansedi Wɔ Adwumam ne Sukuu Mu

So woreda wo ho adi sɛ Yehowa Adansefo no mu biako wɔ w’adwumam? Adrián, a ɔtɔn adan ma wɔn a wobegye wɔn ahome wɔ Cape San Lucas no, yɛ saa. Nea efii mu bae ne sɛ, Judy a ɔne no yɛ adwuma no kae sɛ: “Wɔ mfe abiɛsa pɛ a abɛsen kɔ no, sɛ woka kyerɛɛ me sɛ daakye mɛba abɛyɛ Yehowa Dansefo a, anka mɛka sɛ, ‘Merenyɛ bi ara da!’ Nanso, misii gyinae sɛ mɛpɛ sɛ mɛkenkan Bible no. Mibisaa me ho sɛ, ‘So esiane sɛ mepɛ akenkan nti ɛrenyɛ den mma me?’ Nanso, bere a mekenkan bɛyɛ nkratafa asia pɛ wiei no na mibehui sɛ mihia mmoa. Nipa a ne ho asɛm baa me tirim sɛ obetumi aboa me ne Adrián a me ne no yɛ adwuma no. Mepɛe sɛ me ne no kasa efisɛ na ɔno nkutoo ne obi a ne ho nni asɛm wɔ adwumam hɔ.” Adrián penee so ntɛm ara sɛ ɔne Katie a ɔrebɛware no no bɛkɔ, akɔma Judy nsɛmmisa no nyinaa ho mmuae. Katie ne no fii Bible adesua ase, na ankyɛ koraa na Judy bɛyɛɛ Ɔdansefo a wɔabɔ no asu.

Ɛdefa bɔnnɔ so adanse a wodi wɔ sukuu mu no nso ho ɛ? Na Adansefo baanu bi resua Spania kasa wɔ sukuupɔn bi mu nanso, da koro bi esiane sɛ wɔkɔɔ Kristofo nhyiam bi ase nti wɔantumi ankɔ sukuu. Bere a wɔsan baa sukuu no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka nea wɔkɔyɛe no ho asɛm wɔ Spania kasa mu nkyerɛ wɔn. Wɔde saa hokwan no dii adanse wɔ Spania kasa mu sɛnea wobetumi biara. Ná Silvia a ɔyɛ wɔn kyerɛkyerɛfo no ani gye Bible nkɔmhyɛ no ho. Enti, ɔpenee so ma wɔne no suaa Bible wɔ Engiresi kasa mu na mprempren ɔyɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo. N’abusua no mufo pii nso resua Bible no. Silvia ka sɛ: “Mahu nea mede bere tenten ahwehwɛ no.” Yiw, bɔnnɔ so adansedi betumi asow aba pa.

Hokwan Afoforo a Wɔde Di Dwuma

Ahɔhoyɛ a yɛbɛda no adi betumi abue kwan ama adansedi. Jim ne Gail a wɔresom wɔ San Carlos, Sonora no, hui sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Ɔbea bi a ɔde ne nkraman rekyinkyin anɔpa 6:00 bi gyina kamfoo wɔn fie hɔ. Jim ne Gail too nsa frɛɛ no sɛ ɔne wɔn mmɛnom kɔfe. Wɔ mfe 60 a na ɔbea no de atra ase nyinaa mu no, saa bere yi ne bere a edi kan a ɔtee Yehowa ne daa nkwa ho anidaso ho asɛm. Wɔne no fii Bible adesua ase.

Adrienne nso da ayamye adi kyerɛ ahɔho. Na ɔredidi wɔ adidibea bi wɔ Cancún, na aberantewa bi bebisaa no sɛ ofi Canada anaa. Bere a obuae sɛ ofi hɔ no, aberantewa no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔne ne maame rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa ne nuabea ma wayɛ sukuu ho kyerɛwtohɔ bi afa Canadafo ho. Aberantewa no maame a ɔka Engiresi kasa no bɛtraa Adrienne nkyɛn. Bere a Adrienne de ntoboase buaa nsɛm a ɛfa Canadafo ho wiei akyi no, ɔkae sɛ: “Nanso atirimpɔw pɔtee bi nti na mifi Canada baa ha—merebɛboa nkurɔfo ma wɔasua Bible no. So w’ani begye ho?” Ɔbea no buae sɛ n’ani gye ho. Ná wagyae n’asɔre bɛyɛ mfe du ni na wabɔ mmɔden sɛ n’ankasa besua Bible no. Ɔde ne telefon nɔma ne n’address maa Adrienne, na wɔne no fii Bible adesua a ɛma abotɔyam ase.

“Tow W’abodoo Gu Nsu Ani”

Bible mu nokware ho asɛm a wɔka bere biara no taa kowie adanse a wodi nnipa a wɔn bere sua anaasɛ wonni bere koraa no mu ma wɔte Ahenni nkrasɛm no. Wɔ adidibea bi wɔ Zihuatanejo hyɛn gyinabea a nnipa pii taa kɔ hɔ no, Ɔdansefo bi too nsa frɛɛ ahɔho baanu bi sɛ wɔmmɛtra ne pon no ho, efisɛ na beae hɔ ayɛ ma. Na saa awarefo no atutu akwan wɔ po so akɔ mmeae mmeae mfe ason. Wɔkaa nneɛma bi a wɔmpɛ wɔ Yehowa Adansefo ho asɛm. Bere a wodii nkɔmmɔ wɔ adidibea hɔ wiei no, Ɔdansefo no kɔsraa awarefo no wɔ wɔn ahyɛmma no mu na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn baa ne fie. Wogye nsɛmma nhoma bɛboro 20 ne nhoma 5 na wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛhwehwɛ Adansefo no akyi kwan wɔ wɔn hyɛn gyinabea a edi so no so.

Jeff ne Deb huu abusua bi ne wɔn babea fɛfɛɛfɛ bi wɔ adidibea bi a ɛwɔ Cancún adetɔnbea. Bere a wɔkamfoo abofra no, n’awofo too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔne wɔn mmedi pizza (paanoo a n’akade gu so). Wobehui sɛ saa abusua yi fi India. Na ná wɔntee Yehowa Adansefo ho asɛm da na wonhuu yɛn nhoma biara nso da. Bere a wofii adetɔnbea hɔ no na wɔama wɔn Adansefo no nhoma no bi.

Jeff hyiaa biribi a ɛte saa ara wɔ supɔw bi a ɛwɔ Yucatán mpoano fa Chinafo awarefo bi a afei koraa na wɔaware ho, na wɔka kyerɛɛ Jeff sɛ ontwa wɔn mfonini, na Jeff de anigye penee so. Obehui sɛ ɛwom sɛ awarefo no atra United States mfe 12 a atwam ni nanso, wonhuu Yehowa Adansefo no da na wɔntee wɔn ho asɛm nso da! Wɔbɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Jeff hyɛɛ wɔn nkuran sɛ sɛ wodu fie a wɔnhwehwɛ Adansefo no akyi kwan.

Asɛm bi betumi asi wɔ wo mpɔtam hɔ a ebetumi abue hokwan ma woadi adanse bɔnnɔ so. Bere a United States mampanyin kɔsraa Mexico mampanyin wɔ faako a ɔyɛn apɔnkɔ a ɛbɛn Guanajuato no, nsɛnkyerɛwfo kaa ho asɛm wɔ wiase nyinaa. Adansefo abusua bi sii gyinae sɛ wɔde saa hokwan no bedi adanse wɔ Engiresi kasa mu. Nkurɔfo tiei paa. Sɛ nhwɛso no, na sɛnkyerɛwfo bi aka akodi pii a asisi te sɛ nea esii wɔ Kosovo ne Kuwait no ho asɛm. Na na ne yɔnko bi a ɔne no yɛ adwuma awu wɔ ne nsa so bere a ɔsraani bi a ɔtɛw baabi bɔɔ no tuo no. Bere a sɛnkyerɛwfo no tee owusɔre ho asɛm no, ɔde nusu daa Onyankopɔn ase sɛ wama wahu sɛ asetra wɔ atirimpɔw. Ɔkae sɛ, ɛwom sɛ ɔrenhu Adansefo awarefo no bio de, nanso ɔde asɛmpa a efi Bible mu yi besie ne komam.

Sɛnea atifi hɔ suahu no da no adi no, yɛntaa nhu nea efi adansedi a ɛte saa mu ba no. Nanso, Ɔhene Salomo nyansafo no kae sɛ: “Tow w’abodoo gu nsu ani, na daakye bi wubehu.” Ɔsan nso kae sɛ: “Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien nyinaa bɛbom ayɛ yiye.” (Ɔsɛnkafo 11:1, 6) Yiw, fa nsiyɛ “tow w’abodoo gu” nsu pii ani na fi ayamye mu “gu w’aba,” sɛnea Paulo ne Yesu ne nnɛyi Adansefo a wɔwɔ Mexico nsasesin a wɔka Engiresi kasa wom mu yɛe no.