Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu wɔ nuabarimanom ne nuabeanom?

Bible no ka saa wɔ Mateo 13:55, 56 ne Marko 6:3. Wɔde Hela asɛmfua (adelphos) a yehu wɔ hɔ no di dwuma de kyerɛ “honam fam anaa mmara kwan so abusuabɔ bi, [na] ɛkyerɛ anuanom a wofi awofo koro anaa anuanom a wɔyɛ agya anaa ɛna mma nkutoo.” (The Catholic Biblical Quarterly, January 1992)—12/15, kratafa 3.

Akodi mu nsakrae bɛn na ɛda adi, na mpɛn pii no dɛn na ɛde ba?

Nnansa yi akodi a ɛhaw adesamma yɛ amanko titiriw—ɔman biako mufo a wɔne wɔn ho wɔn ho di ako. Mmusua ntam nitan, nyamesom mu ntawtawdi, ntɛnkyea, ne amammuisɛm mu basabasayɛ nyinaa yɛ nneɛma atitiriw a ɛde amanko ba. Ade titiriw foforo a ɛde ɔmanko ba ne anibere a wɔde hwehwɛ tumi ne sika.—1/1, nkratafa 3-4.

Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu ankyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo kyere ne mpaebɔ nhwɛso no mu nsɛm gu wɔn tirim na woti mu ka?

Yesu de mpaebɔ nhwɛso yi mae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu. Bɛyɛ asram 18 akyi no, otii nsɛntitiriw a ɛwɔ n’akwankyerɛ a edi kan a ɛfa mpaebɔ ho no mu. (Mateo 6:9-13; Luka 11:1-4) Nea ɛda nsow wɔ ho ne sɛ wantĩ nsɛm a na ɛwɔ mpaebɔ nhwɛso a edi kan no mu, a ɛkyerɛ sɛ na ɛnyɛ sɛ ɔrekyerɛ ɔsom mu mpaebɔ bi a wɔbɛkyere agu wɔn tirim atĩ mu aka.—2/1, kratafa 8.

Wɔ Nsuyiri no akyi no, ɛhefa na aborɔnoma no nyaa ngodua ahaban a ɔde baa adaka no mu no?

Yennim nkyene dodow anaa ɔhyew a na ɛwɔ nsu no mu. Nanso, wonim ngodua sɛ sɛ wotwa to hɔ a, ɛsan fifi. Enti, ebia nnua bi tumi gyinaa nsu no ano na ɛfefɛw nhaban foforo wɔ nsuyiri no akyi.—2/15, kratafa 31.

Wɔ Nigeria amanko, a na wɔasiw akwan a ɛkɔ Biafra no mu no, ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no fa nyaa honhom fam aduan?

Wɔde aban dwumayɛni bi kɔɔ Europa, na wɔde ɔfoforo nso kɔɔ Biafrafo wimhyɛn gyinabea. Na wɔn baanu nyinaa yɛ Adansefo. Wɔde wɔn ho mae yɛɛ adwuma a ɛyɛ hu de honhom fam aduan baa Biafra, ma ɛde mfaso brɛɛ anuanom pii kosii sɛ ɔko no baa awiei wɔ 1970 mu.—3/1 kratafa 27.

Dɛn na Westphalia Asomdwoe Apam no dii ho dwuma, na ɔkwan bɛn so na ná nyamesom ho wom?

Ɔsesɛw no paee Roma Ahemman Kronkron no mu ma wobenyaa asɔre abiɛsa—Katolek, Luther ne Calvin Asɔre no. Wɔhyehyɛɛ Protestant Nkabom Kuw no ne Katolek Apam no wɔ afeha a ɛto so 17 mfiase. Afei, nyamesom mu akodi fii ase wɔ Bohemia na ɛdan amanaman ntam tumidi ho aperepere. Katolek ne Protestant atumfoɔ peree amammui mu tumidi ne aguadi mu mfaso. Awiei koraa no, wɔmaa asomdwoe ho kasa ahorow wɔ German mansin mu wɔ Westphalia. Wɔ bɛyɛ mfe anum akyi no, wɔde wɔn nsa hyɛɛ Westphalia Apam no ase wɔ 1648 mu, na ɛde Mfe Aduasa Ko no baa awiei na efii nea ɛmaa nnɛyi Europa bɛyɛɛ asasetam a ɛso aman no biara wɔ ne sodifo no ase.—3/15, nkratafa 20-3.

Dɛn na “aboa no” agyiraehyɛde, anaa edin no kyerɛ—nɔma 666 no?

Wɔka saa agyiraehyɛde yi ho asɛm wɔ Adiyisɛm 13:16-18. Aboa no gyina hɔ ma nnipa nniso, na “onipa akontaa ntoano” a aboa no wɔ no kyerɛ sɛ nniso ahorow da nnipa sintɔ ne pɛ a ɔnyɛ no adi. Akontaa ntoano 6 ne 60 ne 600 a wɔaka abom no kyerɛ sɛ enni mũ wɔ Onyankopɔn ani so. Wɔn a wɔwɔ saa agyiraehyɛde yi de ɔsom mu nidi ma Ɔman no, anaa wogye di sɛ wɔn nkwa gyina aboa no so.—4/1, nkratafa 4-7.