Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 18

DWOM 1 Yehowa Su Ahorow

Gye “Asaase Nyinaa Temmufo” Mmɔborɔhunufo No Di!

Gye “Asaase Nyinaa Temmufo” Mmɔborɔhunufo No Di!

“Asaase nyinaa Temmufo no renyɛ nea ɛteɛ anaa?”GEN. 18:25.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛnea Yehowa beyi mmɔborɔhunu ne atɛntrenee adi akyerɛ wɔn a wɔnyɛ atreneefo a wɔbenya owusɔre no, adesua yi bɛma yɛate ase yiye.

1. Awerɛkyekyesɛm bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Abraham?

 BERE bi Onyankopɔn nam ɔbɔfo bi so ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔbɛsɛe Sodom ne Gomora. Ná Abraham wɔ gyidi paa, nanso saa asɛm no haw no. Enti obisaa Onyankopɔn sɛ: “Enti ampa ara sɛ wobɛpra atreneefo aka abɔnefo ho? . . . Asaase nyinaa Temmufo no renyɛ nea ɛteɛ anaa?” Yehowa too ne bo ase kyekyee n’adamfo a ɔda ne koma so yi werɛ. Asɛm a ɔka kyerɛɛ no no, ebetumi aboa yɛn nyinaa na akyekye yɛn werɛ. Ɛne sɛ: Onyankopɔn rensɛe atreneefo da.Gen. 18:​23-33.

2. Dɛn na ɛma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa bebu atɛntrenee bere nyinaa, na wada mmɔborɔhunu adi?

2 Yɛbɛyɛ dɛn anya awerɛhyem sɛ Yehowa bebu atɛntrenee bere nyinaa, na wada mmɔborɔhunu adi? Efisɛ yenim sɛ ‘Yehowa hwɛ nnipa komam.’ (1 Sam. 16:7) Nokwasɛm ne sɛ, onim “nea ɛwɔ ɔdasani biara komam.” (1 Ahe. 8:39; 1 Be. 28:9) Sɛnea Yehowa bu atɛn no, yɛrentumi nte ase nwie da. Ɛnyɛ nwanwa sɛ ɔsomafo Paul kaa Yehowa Nyankopɔn ho asɛm sɛ: “Yɛrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmu mu nwie da!”—Rom. 11:33.

3-4. Nsɛm bɛn na ɛtɔ da a ebetumi aba yɛn adwenem, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu? (Yohane 5:​28, 29)

3 Ne nyinaa mu no, ɛtɔ da a, nsɛm a Abraham bisae no bi betumi aba yɛn tirim. Ebia yebebisa mpo sɛ: ‘Nnipa a Yehowa sɛee wɔn, te sɛ wɔn a na ɛwɔ Sodom ne Gomora no, anidaso wɔ hɔ sɛ wɔbɛsan aba nkwa mu bio anaa? Wɔn a “wɔnyɛ atreneefo a wɔbɛsɔre afi awufo mu” no, Sodom ne Gomorafo no bi bɛka ho anaa?’—Aso. 24:15.

4 Momma yɛnkaakae yɛn ho wɔ nea yenim fa owusɔre no ho. Wɔn a ebenya “nkwa wusɔre” ne wɔn a ebenya “atemmu wusɔre” no, nnansa yi ara, yenyaa ho ntease foforo. a (Kenkan Yohane 5:​28, 29.) Saa ntease foforo yi akɔfa nsakrae foforo nso aba. Yebesusuw nsakrae yi ho wɔ adesua asɛm yi ne nea edi hɔ no mu. Sɛnea Yehowa bu atɛntrenee no, yebedi kan ahwɛ nea yennim wɔ ho. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ nea yenim wɔ ho.

NEA YENNIM

5. Wɔn a Yehowa sɛee wɔn wɔ Sodom ne Gomora no, bere bi a atwam no, dɛn na yɛn nhoma ahorow no ka faa wɔn ho?

5 Wɔn a Yehowa sɛee wɔn no, bere bi a atwam no, yɛn nhoma ahorow no kaa nea ɛbɛto wɔn no ho asɛm. Yɛkaa sɛ nnipa bi a Yehowa sɛee wɔn te sɛ wɔn a na ɛwɔ Sodom ne Gomora no, anidaso biara nni hɔ sɛ wɔbenya owusɔre. Nanso bere a yɛtoo yɛn bo ase suaa ɛho ade kɔɔ akyiri na yɛbɔɔ ho mpae no, yɛabehu sɛ yɛrentumi nsi no pi nka sɛ anidaso biara nni hɔ mma wɔn.

6. Yehowa atemmu a ɔde baa wɔn a wɔnyɛ atreneefo so no, emu bi ne nea ɛwɔ he, na ɛdɛn na yennim?

6 Bible mu nsɛm pii ka Yehowa atemmu a ɔde baa nnipa a wɔnyɛ atreneefo so ho asɛm. Ebi ne nnipa a yennim wɔn dodow a Nsuyiri no sɛee wɔn, aman nson a na ɛwɔ Bɔhyɛ Asaase no so a Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔntɔre wɔn ase, ne Asiriafo asraafo 185,000 a Yehowa bɔfo bi kunkum wɔn anadwo baako pɛ no. (Gen. 7:23; Deut. 7:​1-3; Yes. 37:​36, 37) So Bible ka no pefee sɛ, Yehowa buu saafo yi mu biara atɛn afebɔɔ, a anidaso biara nni hɔ sɛ wɔbenya owusɔre anaa? Daabi, ɛnka biribiara saa. Adɛn nti na yebetumi aka saa?

7. Wɔn a Nsuyiri no sɛee wɔn, ne Kaananfo a Israelfo no tɔree wɔn ase no, dɛn na yennim wɔ wɔn ho? (Hwɛ mfoni.)

7 Yennim sɛnea Yehowa buu wɔn mu biara atɛn. Afei nso, sɛ wɔnyaa hokwan sɛ wɔbesua Yehowa ho ade na wɔasakra oo, sɛ wɔannya hokwan oo, yennim. Ansa na Nsuyiri no reba no, Bible ka sɛ Noa ‘kaa trenee ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo.’ (2 Pet. 2:5) Nanso ɛnka sɛ bere a na ɔreyɛ saa adaka kɛse no, bere koro no ara na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛka asɛm no akyerɛ obiara a na ɔwɔ asaase so saa bere no. Amumɔyɛfo a na ɛwɔ Kaanan asaase so no nso, sɛ wɔn nyinaa nyaa hokwan sɛ wɔbesua Yehowa ho ade na wɔasakra oo, sɛ wɔannya oo, yennim.

Noa ne n’abusua reyɛ adaka kɛse no. Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ bere a na ɔreyɛ saa adaka no, bere koro no ara ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka asɛm no akyerɛ obiara a na ɔwɔ asaase so saa bere no (Hwɛ nkyekyɛm 7)


8. Nnipa a na ɛwɔ Sodom ne Gomora no, dɛn na yennim wɔ wɔn ho?

8 Nnipa a na ɛwɔ Sodom ne Gomora no nso ɛ? Ná ɔtreneeni Lot te wɔn mu. Nanso wohwɛ a, yebetumi asi no pi aka sɛ Lot kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn nyinaa anaa? Daabi. Nokwasɛm ne sɛ, na wɔyɛ amumɔyɛfo, nanso na wɔn mu biara nim nea ɛtene ne nea ɛntene anaa? Sɛ wobɛkae a, na mmarima a ɛwɔ kurow no mu pɛ sɛ wɔto Lot ahɔho no mmonnaa. Bible ka sɛ wɔn a ɛyɛɛ saa no, na ‘mmarimaa ne nkwakoraa’ ka ho. (Gen. 19:4; 2 Pet. 2:7) Wohwɛ a, yebetumi aka paa sɛ Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ mmɔborɔhunufo no buu wɔn mu biara atɛn, a anidaso biara nni hɔ sɛ wɔbenya owusɔre anaa? Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ, atreneefo du mpo nni kurow no mu. (Gen. 18:32) Wei kyerɛ sɛ na wɔnyɛ atreneefo, enti sɛ Yehowa sɛee wɔn a, na ɛyɛ ne kwan so. Ɛnde wohwɛ a, wɔn a ‘wɔnyɛ atreneefo a wɔbɛsɔre afi awufo mu’ no, yebetumi de yɛn nsa asi yɛn bo aka sɛ wɔn mu biara renka ho anaa? Daabi, yɛrentumi nsi no pi!

9. Dɛn na yennim wɔ Solomon ho?

9 Afei nso yɛhwɛ Bible mu a, yehu sɛ wɔn a na wɔyɛ atreneefo no, akyiri yi ebi yɛɛ Yehowa so asoɔden. Wɔn mu baako ne Ɔhene Solomon. Ná onim nea ɔyɛ a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani, na Yehowa nso hyiraa no paa; nanso akyiri yi, ɔkɔsom abosom. Ne bɔne no maa Yehowa bo fuwii paa, na ɛho nsunsuanso no tenaa hɔ kyɛe. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ Solomon “ne n’agyanom kɔdae”; wɔn mu bi ne Ɔhene Dawid nokwafo no. (1 Ahe. 11:​5-9, 43; 2 Ahe. 23:13) Nanso sɛ Bible ka sɛ Solomon “ne n’agyanom kɔdae” a, ɛno kyerɛ sɛ obenya owusɔre anaa? Bible no nka. Ebia ebinom bɛka sɛ, “nea wawu no, wɔde ne bɔne akyɛ no.” (Rom. 6:7) Ɛyɛ nokware, nanso wei nkyerɛ sɛ wɔn a wɔawuwu nyinaa benya owusɔre. Sɛ obi wu a, ɛnkyerɛ sɛ kyenkyen ara a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn san de ne nkwa ma no, te sɛ nea nkwa no yɛ ne dea. Owusɔre de, ɛyɛ akyɛde a efi ɔdɔ Nyankopɔn no hɔ. Wɔn a Yehowa pɛ sɛ wɔsom no afebɔɔ no, wɔn na Yehowa de saa akyɛde no dom wɔn. (Hiob 14:​13, 14; Yoh. 6:44) Solomon benya saa akyɛde no bi anaa? Yennim; Yehowa na onim. Nanso yenim sɛ Yehowa bɛyɛ nea ɛtene.

NEA YENIM

10. Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛsɛe nnipa anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (Hesekiel 33:11) (Hwɛ mfoni no nso.)

10 Kenkan Hesekiel 33:11. Yehowa ma yehu sɛnea ɔte nka wɔ nnipa a obebu wɔn atɛn no ho. Asɛm a odiyifo Hesekiel kyerɛwee no, Yehowa maa ɔsomafo Petro nso tii saa asɛm no mu. Ɔkaa sɛ: ‘Yehowa mpɛobiara bɛsɛe.’ (2 Pet. 3:9) Saa nokwasɛm yi kyekye yɛn werɛ, efisɛ yenim sɛ Yehowa ho mpere no sɛ ɔbɛsɛe nnipa afebɔɔ. Ne mmɔborɔhunu sõ, na bere biara a ɛfata sɛ ɔda mmɔborɔhunu adi no, ɔyɛ saa.

Nnipa ahorow ahorow pii a wɔnyɛ atreneefo a wɔbenyan wɔn no, wɔbenya hokwan asua Yehowa ho ade (Hwɛ nkyekyɛm 10)


11. Henanom na wɔrennya owusɔre, na yɛyɛ dɛn hu saa?

11 Wɔn a wɔrennya owusɔre no, dɛn na yenim wɔ wɔn ho? Wɔn mu kakraa bi pɛ na Bible ka wɔn ho asɛm. b Yesu ma ɛdaa adi sɛ Yuda Iskariot rennya owusɔre. (Mar. 14:21; hwɛ Yohane 17:12 c nso.) Yuda hyɛɛ da paa na oyii Yesu mae de yɛɛ Yehowa Nyankopɔn so asoɔden. (Hwɛ Marko 3:29 ne w07 7/15 kr. 18.) Yesu san kaa sɛ, nyamesom akannifo a wɔsɔre tiaa no no, wɔn mu bi nso rennya owusɔre. (Mat. 23:33) Ɔsomafo Paul nso kaa sɛ, sɛ awaefo ansakra wɔn adwene a, wɔrennya owusɔre.—Heb. 6:​4-8; 10:29.

12. Dɛn na yenim fa Yehowa mmɔborɔhunu ho? Ma ho nhwɛso.

12 Yehowa mmɔborɔhunu nso ɛ, dɛn na yenim fa ho? Dɛn na wayɛ de akyerɛ sɛ “ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe”? Wɔn a ɛyɛɛ bɔne akɛseakɛse no, momma yɛnhwɛ sɛnea ohuu wɔn mu bi mmɔbɔ. Ɔhene Dawid sei, ɔyɛɛ bɔne akɛseakɛse; ɔkɔfaa obi yere na odii awu mpo. Nanso Dawid nuu ne ho, enti Yehowa huu no mmɔbɔ de ne bɔne kyɛɛ no. (2 Sam. 12:​1-13) Ɔhene Manase nso, bɔne a odii de, yɛnka. Nanso ne bɔne akɛseakɛse bebree a ɔyɛe nyinaa akyi no, bere a onuu ne ho no, Yehowa huu no mmɔbɔ de ne nyinaa kyɛɛ no. (2 Be. 33:​9-16) Saa nhwɛso mmienu yi kae yɛn sɛ, bere biara a Yehowa hu sɛ ɛfata sɛ ohu obi mmɔbɔ no, ɔyɛ saa. Yehowa benyan wɔn a ɛte saa, efisɛ wɔgye toom sɛ wɔayɛ bɔne akɛse na wɔnuu wɔn ho.

13. (a) Adɛn nti na Yehowa huu Niniwefo no mmɔbɔ? (b) Akyiri yi, dɛn na Yesu ka faa Niniwefo no ho?

13 Sɛnea Yehowa huu Niniwefo no mmɔbɔ no, ɛno nso yenim ho asɛm. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yona sɛ: “Wɔn amumɔyɛ abedu m’anim.” Nanso bere a wɔnuu wɔn ho no, Yehowa dom wɔn de wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. Yona anna mmɔborɔhunu adi te sɛ Yehowa. Eduu baabi no, Yona bo fuwii, enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn kae no sɛ Niniwefo no ‘nnim papa ne bɔne’ mpo. (Yona 1:​1, 2; 3:10; 4:​9-11) Akyiri yi, Yesu de saa asɛm no kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo ma wɔhuu sɛnea Yehowa atɛntrenee ne ne mmɔborɔhunu te. Yesu kaa sɛ Niniwefo a wɔsakraa wɔn adwene no “bɛsɔre atemmu bere mu.”—Mat. 12:41.

14. Hokwan bɛn na Niniwefo no benya wɔ “atemmu wusɔre” no mu?

14 Sɛ Bible ka sɛ Niniwefo no “bɛsɔre atemmu bere mu” a, dɛn na ɛkyerɛ? Yesu kaa sɛ daakye, “atemmu wusɔre” bi bɛba. (Yoh. 5:29) Ne Mfirihyia Apem Nniso no ho asɛm na na ɔreka; saa bere no, “atreneefo ne wɔn a wɔnyɛ atreneefo” bɛsɔre afi awufo mu. (Aso. 24:15) Wɔn a wɔnyɛ atreneefo no benya “atemmu wusɔre.” Wei kyerɛ sɛ, Yehowa ne Yesu bɛhwɛ wɔn abrabɔ na wɔahwɛ sɛ wɔde Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ reyɛ adwuma anaa. Niniwefo a wɔbenya owusɔre no, sɛ wɔn mu bi ansom Yehowa saa bere no a, obeyi no afi hɔ afebɔɔ. (Yes. 65:20) Nanso wɔn a wɔbɛsom Yehowa nokwarem no de, wɔbetumi atena ase daa!—Dan. 12:2.

15. (a) Sodom ne Gomorafo a Yehowa sɛee wɔn no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ wɔn mu biara rennya owusɔre? (b) Asɛm a ɛwɔ Yuda 7 no, sɛn na yebetumi ate ase? (Hwɛ adaka a yɛato din, “ Asɛm a Yuda Kae No, Dɛn Na Na Ɔpɛ Sɛ Ɔkyerɛ?” no.)

15 Bere a na Yesu reka Sodom ne Gomorafo ho asɛm no, ɔkaa sɛ, sɛ “Atemmu Da” no du a, wɔn a wɔpoo no na wɔantie ne nkyerɛkyerɛ no, nea ɛbɛto wɔn no, ɛbɛkyɛn nea ɛtoo Sodom ne Gomorafo no. (Mat. 10:​14, 15; 11:​23, 24; Luka 10:12) Dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ? Ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ na Yesu rehaahaa n’ani aka asɛm. Nanso wohwɛ mu a, asɛ ɛnyɛ sɛ na ɔrehaahaa n’ani, efisɛ asɛm koro no ara bi na ɔka faa Niniwefo no nso ho. Ɛbɛyɛ sɛ asɛm paa ara na na Yesu reka no. “Atemmu Da” ho asɛm a ɔka faa Sodom ne Gomorafo no ho no, ɛno ara bi na ɔka faa Niniwefo no nso ho. Niniwefo no ne Sodom ne Gomorafo no nyinaa yɛɛ nneɛma bɔne. Nanso Niniwefo no de, wɔnyaa hokwan sakrae. Bio nso, kae nea Yesu ka faa “atemmu wusɔre” no ho no. Ɔkaa sɛ, “wɔn a wɔyɛɛ akyiwade no” benya atemmu wusɔre. (Yoh. 5:29) Enti yebetumi aka sɛ, ebia anidaso wɔ hɔ ma Sodom ne Gomorafo no. Ebetumi aba sɛ wɔn mu bi benya owusɔre, na ebia yebenya hokwan akyerɛkyerɛ wɔn Yehowa ne Yesu Kristo ho ade.

16. Sɛ Yehowa pɛ sɛ onyan obi a, dɛn na ɔhwɛ? (Yeremia 17:10)

16 Kenkan Yeremia 17:10. Nea yenim fa sɛnea Yehowa bu atɛn ho no, saa kyerɛwsɛm yi bɔ no mua. Ɛne sɛ: Bere nyinaa Yehowa ‘hwehwɛ koma mu, na ɔpɛɛpɛɛ onipa tirim adwene mu.’ Enti owusɔre a ɛbɛba daakye no, ‘obetua obiara ka sɛnea n’akwan te.’ Sɛ ehia sɛ Yehowa de ne nan si fam a, ɔbɛyɛ saa, sɛ ehia sɛ ɔda mmɔborɔhunu adi nso a, ɔbɛyɛ. Enti ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ asomasi anaa ɔbenten de, anidaso biara nni hɔ sɛ obenya owusɔre, gye sɛ yenim sɛ Bible aka saa!

‘ASAASE NYINAA TEMMUFO NO BƐYƐ NEA ƐTENE’

17. Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔawuwu no?

17 Efi bere a Adam ne Hawa kɔkaa Satan ho ma wɔtew Yehowa Nyankopɔn so atua no, nnipa ɔpepepem pii awuwu. Anokwa, dɔm a yɛn ‘tamfo owu’ de wɔn kɔ nyɛ agorɔ! (1 Kor. 15:26) Saa nkurɔfo yi nyinaa, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn? Kristo akyidifo anokwafo no, wɔbenyan wɔn mu kakraa bi a wɔn dodow si 144,000 ma wɔakɔ soro, na wɔrenwu bio. (Adi. 14:1) Afei nso, mmarima ne mmea anokwafo a wɔdɔ Yehowa no, wɔbenyan wɔn mu bebree sɛ “atreneefo” abɛtena asaase so; sɛ wɔkɔ so yɛ adetrenee wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no, ne sɔhwɛ a etwa to no mu a, wɔbɛtena ase afebɔɔ. (Dan. 12:13; Heb. 12:1) Afei nso Mfirihyia Apem no mu no, “wɔn a wɔnyɛ atreneefo,” kyerɛ sɛ, wɔn a wɔansom Yehowa da anaa “wɔn a wɔyɛɛ akyiwade” no mpo, wɔbenya hokwan a wɔbetumi de asesa wɔn abrabɔ abɛsom Yehowa. (Luka 23:​42, 43) Nanso wɔn a edii bɔne paa na wɔtew Yehowa so atua no de, wɔnni anidaso biara efisɛ Yehowa asi gyinae sɛ ɔrennyan wɔn da.—Luka 12:​4, 5.

18-19. (a) Wɔn a wɔawuwu no, sɛ Yehowa rebu wɔn atɛn a, adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ obebu atɛntrenee? (Yesaia 55:​8, 9) (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Wohwɛ a, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bebu atɛntrenee bere nyinaa anaa? Yiw! Ná Abraham nim saa; obehui sɛ Yehowa a ɔyɛ “asaase nyinaa Temmufo” no, onni mfomso, onim nyansa sen obiara, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso. Watete ne Ba no, na ɔde ahyɛ ne nsa sɛ ommu nnipa nyinaa atɛn. (Yoh. 5:22) Yehowa ne ne Ba Yesu nyinaa nim nea ɛwɔ onipa biara koma mu. (Mat. 9:4) Enti, wɔbebu atɛntrenee bere nyinaa!

19 Momma yennya awerɛhyem sɛ bere nyinaa Yehowa yɛ nea ɛtene. Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ yenni hokwan sɛ yebu atɛn; ɔno na ɔyɛ Temmufo. (Kenkan Yesaia 55:​8, 9.) Enti, yegyaw atemmu nyinaa ma Yehowa ne ne Ba no; yenim sɛ yɛn Hene Yesu suasua n’Agya atɛntrenee ne ne mmɔborɔhunu pɛpɛɛpɛ. (Yes. 11:​3, 4) Nanso, sɛnea Yehowa ne Yesu bebu atɛn wɔ ahohiahia kɛse no mu no nso ɛ? Dɛn na yennim wɔ ho? Na dɛn na yenim wɔ ho? Adesua a edi hɔ no bɛma yɛanya saa nsɛmmisa no ho mmuae.

DWOM 57 Yɛka Asɛmpa no Kyerɛ Nnipa Nyinaa

b Sɛ wopɛ Adam, Hawa, ne Kain ho asɛm a, hwɛ January 1, 2013, Ɔwɛn-Aban, kr. 12, ase hɔ asɛm.

c “Ɔsɛe ba” a wɔde dii dwuma wɔ Yohane 17:12 no kyerɛ sɛ Yuda awu afebɔɔ a anidaso biara nni hɔ sɛ obenya owusɔre.