Yona 3:1-10

  • Yona tiee Onyankopɔn, na ɔkɔɔ Niniwe (1-4)

  • Asɛm a Yona ka kyerɛɛ Niniwefo no ma wɔsakraa wɔn adwene (5-9)

  • Onyankopɔn sesaa n’adwene; wansɛe Niniwe (10)

3  Na Yehowa ka kyerɛɛ Yona ne mprenu so sɛ:+ 2  “Sɔre kɔ Niniwe+ kuropɔn no mu na kɔka asɛm a mereka akyerɛ wo yi kyerɛ wɔn.” 3  Ɛnna Yona sɔre kɔɔ Niniwe+ sɛnea Yehowa kae no.+ Saa bere no, na Niniwe yɛ kurow kɛse,* na na wɔde nnansa na ɛnantew twa ho hyia. 4  Yona wuraa kurow no mu, na ɔnantew twaa da koro kwan. Ɔrekɔ nyinaa, na ɔreka sɛ: “Aka nnafua 40 pɛ na wɔadan Niniwe kurow yi abutuw.” 5  Ɛnna Niniwefo no gyee Onyankopɔn dii,+ na wɔka ma wɔyɛɛ akɔnkyen,* na wofurafuraa awerɛhow ntama,* efi ɔkɛse so kosi akumaa so. 6  Bere a Niniwe hene tee asɛm no, ɔsɔre fii n’agua so yii n’ahentaade guu hɔ furaa awerɛhow ntama,* na ɔtenaa nsõ mu. 7  Afei ɔma wɔbɔɔ dawuru wɔ Niniwe baabiara sɛ, “Mmara a ɔhene ne ne mpanyimfo ahyɛ ni: Ɛnsɛ sɛ onipa anaa aboa biara, nantwi oo, oguan oo, de biribi ka n’ano. Obiara nnnidi, na nsu mpo wɔnnnom bi. 8  Onipa ne aboa biara mfura awerɛhow ntama,* na wonsu denneennen mfrɛ Onyankopɔn, na obiara nsan mfi ne kwammɔne ne n’amumɔyɛsɛm ho. 9  Hena na onim, ebia nokware Nyankopɔn no bɛsesa n’adwene* na watwe n’abufuhyew no asan, na yɛanwuwu.” 10  Bere a nokware Nyankopɔn no huu nea wɔyɛe, sɛnea wɔsan fii wɔn akwammɔne so no,+ ɔsesaa n’adwene* wɔ ɔhaw a ɔkae sɛ ɔde bɛba wɔn so no ho, na wanyɛ wɔn hwee.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “kurow kɛse wɔ Onyankopɔn ani so.”
Anaa “wodii mmuada.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “benu ne ho.”
Anaa “onuu ne ho.”