Yona 4:1-11

  • Yona bo fuwii, na na ɔpɛ sɛ owu (1-3)

  • Yehowa kyerɛɛ Yona sɛnea obenya mmɔborɔhunu (4-11)

    • “Enti wo bo afuw denneennen yi, eye?” (4)

    • Onyankopɔn de kɔntoa yɛɛ mfatoho maa Yona (6-10)

4  Nanso Yona ani annye asɛm no ho koraa, na ne bo fuwii yiye. 2  Enti ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Ao, Yehowa, ɛnyɛ asɛm a mewɔ m’asaase so no mekae no ara na ɛda hɔ yi? Ɛno nti na miguanee sɛ merekɔ Tarsis no,+ efisɛ minim sɛ woyɛ Onyankopɔn a wowɔ ayamhyehye* ne mmɔborɔhunu, wo bo mfuw ntɛm, wo dɔ a enni huammɔ nni ano,+ na ɛhaw wo sɛ wobɛma amanehunu aba. 3  Afei Yehowa, mesrɛ wo, gye me nkwa* fi me nsam, na eye sɛ mewu sen sɛ mɛtena ase.”+ 4  Na Yehowa bisaa no sɛ: “Enti wo bo afuw denneennen yi, eye?” 5  Ɛnna Yona fii kurow no mu kɔɔ apuei fam baabi kɔtenaa hɔ, na ɔbɔɔ apata* bi tenaa ne nwini ase sɛ ɔretwɛn ahwɛ nea ɛbɛto kurow no.+ 6  Na Yehowa Nyankopɔn maa kɔntoa* bi fifi kataa Yona so, na onyaa onwini ma egyee no fii n’ahoyeraw mu. Kɔntoa yi nti, Yona ani gyei papaapa. 7  Nanso ade kyee a anim retetew no, nokware Nyankopɔn no maa ɔsã bɛwee kɔntoa no, na ewui. 8  Bere a owia puei no, Onyankopɔn maa apuei mframa a emu yɛ hyew bɔe, na owia hyee Yona apampam ma ɔyɛɛ mmerɛw. Afei ɔsrɛe ara sɛ onwu,* na ɔka sii so sɛ: “Eye sɛ mewu sen sɛ mɛtena ase.”+ 9  Ɛnna Onyankopɔn bisaa Yona sɛ: “Wohwɛ a eye sɛ kɔntoa yi nti, wo bo fuw denneennen saa?”+ Obuae sɛ: “Eye sɛ me bo afuw. Me bo afuw ara ma minyae a anka mawu.” 10  Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Wo de, kɔntoa yi mpo asɛm haw wo. Nanso woammrɛ ho, na ɛnyɛ wo na woma enyinii. Efifii anadwo baako, na ewui anadwo baako. 11  Na me de, Niniwe kurow kɛse+ a emu nnipa boro 120,000 a wonnim papa ne bɔne,* ɛne wɔn mmoa bebrebe yi asɛm nhaw me anaa?”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “woyɛ ɔdomfo.”
Anaa “me kra.”
Anaa “ɔsese.”
Kyerɛ sɛ afifide bi a ɛsow kɔntoa. Ebetumi nso akyerɛ, “adedenkuruma.”
Anaa “ɔsrɛe sɛ ne kra nwu.”
Anaa “wonnim wɔn nifa nnim wɔn benkum.”