Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ ‘Yɛkɔ so Wɛn’

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ ‘Yɛkɔ so Wɛn’

“Monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim da ko a mo Wura bɛba.”—MAT. 24:42.

NNWOM: 136, 129

1. Nea enti a ehia sɛ yehu bere a yɛwom ne nea ɛrekɔ so wɔ baabi a yɛwɔ no, fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

YƐMFA no sɛ yɛwɔ nhyiam ase. Afei yehu sɛ wɔɔkye abɛtɔ TV kɛse no so. Yehu sɛ aka simma nnum ama bere no aso. Afei yehu sɛ ɛso atew aba nnan, mmiɛnsa, mmienu, baako! Ɛba saa a, yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛtena ase na yetie nnwom a wɔde fi nhyiam no ase no. Wei kyerɛ sɛ, bere aso sɛ yɛyɛ komm tie nnwom dɛdɛɛdɛ a Ɔwɛn-Aban asafo no asankubɔfo rebɔ no. Nea ɛsen saa no, yesiesie yɛn adwene ne yɛn koma ma ɔkasa horow a yɛrebetie no. Na sɛ ebinom ma nneɛma twetwe wɔn adwene, wɔbɔ kyenku, anaa wɔne wɔn nnamfonom bɔ nkɔmmɔ ma enti wonhu sɛ dwumadi no rebefi ase nso ɛ? Ɛba saa a, nea ɛkyerɛ araa ne sɛ, wɔankɔ so anwɛn anhu bere a wɔwɔ mu. Saa ara nso na wɔanhwɛ nea ɛrekɔ so wɔ baabi a wɔwɔ no. Enti wɔanhu sɛ oguamtenani no aba asɛnka agua no so, wɔrebɔ nnwom, na atiefo nso atenatena ase. Nea yɛaka yi betumi aboa yɛn ama yɛahu asɛnkɛse bi a “ɛrebobɔ ba.” Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ paa sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm no remmɛto yɛn mpofirim. Ɛyɛ asɛm bɛn?

2. Adɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ‘wɔnkɔ so nwɛn’?

2 Yesu Kristo reka “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” ho asɛm no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monkɔ so nhwɛ, monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim bere a wɔahyɛ no.” Ɛno akyi no, Yesu tuu n’asuafo no fo mpɛn pii sɛ: “Monkɔ so nwɛn.” (Mat. 24:3; kenkan Marko 13:32-37.) Mateo kyerɛwtohɔ a ɛfa asɛm koro yi ara ho no ma ɛda adi sɛ Yesu bɔɔ n’akyidifo no kɔkɔ sɛ: “Enti monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim da ko a mo Wura bɛba. . . . Munsiesie mo ho, efisɛ dɔn a mo ani nna so mu na onipa Ba no bɛba.” Ɔkae bio sɛ: “Enti monkɔ so nwɛn, na munnim da anaa dɔn no.”—Mat. 24:42-44; 25:13.

3. Adɛn nti na yɛyɛ aso tie Yesu kɔkɔbɔ no?

3 Yɛn Yehowa Adansefo de, yɛfa Yesu kɔkɔbɔ no aniberesɛm paa. Yenim sɛ yɛadu akyiri wɔ “awiei bere no” mu, na ɛrenkyɛ na “ahohiahia kɛse” no afi ase! (Dan. 12:4; Mat. 24:21) Yehu sɛ akodi a ɛyɛ hu, ɔbrasɛe ne amumɔyɛ redɔɔso, na nyamesom ama nkurɔfo adwene atu afra. Saa ara na aduankɔm, ɔyaredɔm, ne asasewosow nso rekɔ so wɔ wiase nyinaa. Yehowa nkurɔfo reyɛ Ahenni asɛmpaka adwuma bi a wɔnyɛɛ bi saa da wɔ baabiara. (Mat. 24:7, 11, 12, 14; Luka 21:11) Sɛnea Awurade mmae no bɛma Onyankopɔn atirimpɔw abam, ne nea ɛbɛyɛ ama yɛn no, yɛde anigye rehwɛ kwan denneennen.—Mar. 13:26, 27.

ƐDA NO REBƐN

4. (a) Adɛn nti na yebetumi agye adi sɛ, seesei de, Yesu nim bere a Harmagedon bɛba? (b) Ɛwom sɛ yennim bere a ahohiahia kɛse no befi ase de, nanso ahotoso bɛn na yebetumi anya?

4 Yenim sɛ yɛwɔ bere pɔtee a yɛde fi nhyiam dwumadi biara ase. Nanso, sɛ yɛyere yɛn ho sɛ dɛn koraa a, afe pɔtee a ahohiahia kɛse no befi ase mpo yentumi nkyerɛ, na kampɛsɛ yɛakyerɛ ɛda ne dɔn no. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkae sɛ: “Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho de obiara nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro ne Ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko.” (Mat. 24:36) Nanso seesei de, wɔama Kristo tumi wɔ soro sɛ ontu Satan wiase no so sa. (Adi. 19:11-16) Enti, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ seesei de, Yesu nim bere a Harmagedon bɛba. Nanso yɛn de, yennim. Ɛho hia paa sɛ yɛkɔ so wɛn kosi sɛ ahohiahia no bɛba. Nanso Yehowa de, onim da a ahohiahia kɛse no befi ase. Wahyɛ bere pɔtee a awiei no bɛba ato hɔ. Ɔrekan nna no akosi sɛ ahohiahia kɛse no befi ase, na bere a wahyɛ sɛ ebefi ase no, “ɛrenka akyi.” (Kenkan Habakuk 2:1-3.) Yɛbɛyɛ dɛn anya ahotoso a ɛte saa?

5. Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛ Yehowa hyɛ nkɔm a, ɛbam pɛpɛɛpɛ wɔ bere a wahyɛ mu?

5 Yehowa hyɛ nkɔm a, ɛbam bere nyinaa; ɛnka akyi. Bere a ogyee Israelfo fii Egypt no, hwɛ sɛnea odii ne bere so pɛpɛɛpɛ! Mose reka Nisan 14, 1513 ansa na Kristo reba ho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mfe ahanan aduasa soe pɛpɛɛpɛ no, da no ara na Yehowa asafodɔm no fii Egypt asase so kɔe.” (Ex. 12:40-42) Saa “mfe ahanan aduasa” no fii ase bere a Yehowa apam a ɔne Abraham yɛe no fii ase yɛɛ adwuma afe 1943 ansa na Kristo reba. (Gal. 3:17, 18) Bere bi akyi, Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Hu sɛ w’asefo bɛkɔ akɔyɛ ahɔho wɔ obi man so na wɔasom wɔn, na nkurɔfo no bedi wɔn ani mfe ahanan.” (Gen. 15:13; Aso. 7:6) “Mfe ahanan” ahohia a wɔkɔɔ mu no fii ase afe 1913 ansa na Kristo reba. Saa bere no na wotwaa Isak nufu na Ismael dii ne ho fɛw no. Ɛbaa awiei bere a Israelfo no fii Egypt afe 1513 ansa na Kristo reba. (Gen. 21:8-10; Gal. 4:22-29) Yehowa hyɛɛ bere pɔtee a ɔde begye ne nkurɔfo too hɔ, na mfe ahanan twaam ansa na ɛresi!

6. Adɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa begye ne nkurɔfo?

6 Ná Yosua ka wɔn a wogyee wɔn fii Egypt no ho. Ɔkaee Israelfo no sɛ: “Munim mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ nsɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn aka akyerɛ mo no mu asɛm biako mpo ntɔɔ fam. Ne nyinaa aba mu; biako mpo ntɔɔ fam.” (Yos. 23:2, 14) Yɛn nso, Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ obegye yɛn nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu. Yebetumi anya ahotoso sɛ obedi ne bɔhyɛ so. Nanso, sɛ wɔsɛe wiase yi na yɛpɛ sɛ yenya yɛn ti didi mu a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so wɛn.

SƐ YEBENYA YƐN TI ADIDI MU A, ƐSƐ SƐ YƐKƆ SO WƐN

7, 8. (a) Tete no, na ɔwɛmfo adwuma ne sɛn, na dɛn na yebetumi asua afi nea na wɔyɛ no mu? (b) Sɛ ɔwɛmfo reyɛ n’adwuma na ɔda a, asɛm bɛn na na etumi si? Ma ɛho nhwɛso.

7 Yebetumi asua biribi afi nea ɛkɔɔ so tete no mu, na ama yɛahu sɛnea ehia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ. Saa bere no, na wɔtow afasu atenten twa nkurow akɛse ho hyia. Saa nkurow no baako ne Yerusalem. Afasu no bɔɔ nkurow no mufo ho ban fii wɔn atamfo ho. Afei nso, na nkurɔfo kogyina afasu no so hwɛ nsase a atwa wɔn ho ahyia no. Ná wɔma awɛmfo gyinagyina afasu no so ne apon ano awia ne anadwo. Sɛ asiane bi reba a, na ɛsɛ sɛ wɔbɔ kurow no mufo kɔkɔ. (Yes. 62:6) Ná ɛsɛ sɛ awɛmfo no ma wɔn ani da hɔ na wɔhwɛ yiye na wɔanna, efisɛ na ɛyɛ nkwa ne owu asɛm.—Hes. 33:6.

8 Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kae sɛ, afe 70 no, esiane sɛ na awɛmfo a wɔrewɛn Yerusalem ɔfasu apon ano adeda nti, Roma asraafo ko faa Antonia Abankɛse no. Ná abankɛse no bɛn Yerusalem fasu no. Romafo no fi hɔ bɔ wuraa asɔrefie hɔ de ogya kɔtoo mu. Wei na ɛde ahohiahia a ɛsen biara a na ebi mmaa Yerusalem ne Yuda man no so pɛn no baa awiei.

9. Ɛnnɛ, dɛn na nnipa dodow no ara nnim?

9 Ɛnnɛ, aman dodow no ara wɔ “awɛmfo” ne mfiri akɛse a wɔde wɛn wɔn ahye so. Wɔhwɛ sɛ nnipa bi nwiawia wɔn ho mma wɔn man mu anaa atamfo bi mmɛsɛe wɔn asomdwoe. Nanso asiane a saa “awɛmfo” yi tumi hu araa ne nea aman a wɔyɛ wɔn atamfo anaa nnipa bi de ba wɔn so no. Wonnim mpo sɛ Onyankopɔn soro Ahenni bi wɔ hɔ a Yesu Kristo na odi so. Afei nso, wonnim sɛ wɔnam saa Ahenni no so na ebebu amanaman nyinaa atɛn. (Yes. 9:6, 7; 56:10; Dan. 2:44) Nanso sɛ yɛma yɛn ani da hɔ, na yɛwɛn wɔ Onyankopɔn som mu a, bere biara a saa atemmu no bɛba no, na yɛasiesie yɛn ho.—Dw. 130:6.

KƆ SO WƐN, MMA BIRIBIARA NTWETWE W’ADWENE

10, 11. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho, na adɛn ntia? (b) Dɛn na ɛma wugye di sɛ Ɔbonsam adaadaa nkurɔfo ama wɔmfa Bible nkɔmhyɛ nyɛ hwee?

10 Yɛnhwɛ ɔwɛmfo a wawɛn anadwo mũ nyinaa a wantɔ nko baako mpo. Nanso bere a ade reyɛ akye no, saa bere no na ɔte nka sɛ wabrɛ paa na n’ani kum. Saa ara na dodow a yɛrebɛn wiase awiei no, dodow no ara na ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛwɛn. Sɛ yɛankɔ so anwɛn a, hwɛ asɛm a ɛbɛto yɛn! Momma yensusuw tebea bɔne mmiɛnsa bi ho nhwɛ. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, ebetumi ama yɛatɔ nko.

11 Ɔbonsam redaadaa nkurɔfo ama wɔayɛ anibiannaso wɔ honhom fam. Aka bere tiaa bi ama wɔakum Yesu no, ɔbɔɔ n’asuafo no kɔkɔ mprɛnsa wɔ “wiase yi sodifo” no ho. (Yoh. 12:31; 14:30; 16:11) Ná Yesu nim sɛ Ɔbonsam bɛma nnipa adwene aduru sum. Ná ɛno bɛma wɔabu wɔn ani agu Onyankopɔn nkɔmhyɛ a ɛfa daakye ho no so. (Sef. 1:14) Satan nam wiase atoro som ahemman no so afura nkurɔfo adwene ani. Sɛ wo ne afoforo rebɔ nkɔmmɔ a, dɛn na wuhu? Nneɛma nhyehyɛe yi rekɔ n’awiei, na biribiara kyerɛ sɛ Kristo redi Onyankopɔn Ahenni no so tumi. Nanso, wunhu sɛ Ɔbonsam “afura wɔn a wonnye nni no adwene ani” ama wonhu adanse no anaa? (2 Kor. 4:3-6) Sɛ wowɔ asɛnka mu a, wotaa te sɛ nkurɔfo ka sɛ: “M’ani nnye ho” anaa? Mpɛn pii no, sɛ yɛka kyerɛ wɔn sɛ wiase yi rebɛsɛe a, wɔnyɛ ho hwee.

12. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma Ɔbonsam daadaa yɛn?

12 Sɛ woka asɛmpa no na nkurɔfo antie a, mma w’abam mmu, kɔ so ara wɛn. Wunim nea ɛfata sɛ woyɛ. Paul kyerɛw ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Munim yiye sɛ Yehowa da no reba sɛnea ɔkorɔmfo ba anadwo no ara pɛ.” (Kenkan 1 Tesalonika 5:1-6.) Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Munsiesie mo ho, efisɛ dɔn a munsusuw saa mu na onipa Ba no reba.” (Luka 12:39, 40) Ɛrenkyɛ, Satan bɛdaadaa nnipa dodow no ara ama wɔagye adi sɛ asetena ayɛ nea “asomdwoe ne dwoodwoo” wom. Ɔbɛma wɔanya adwene sɛ biribiara rekɔ yiye wɔ wiase. Na yɛn nso ɛ? Sɛ ‘yɛwɛn na yɛma yɛn ani da hɔ’ a, saa atemmu da no ‘remmɛto yɛn mpofirim te sɛ akorɔmfo.’ Ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm da biara na yedwinnwen nea Yehowa ka kyerɛ yɛn no ho no.

13. Wiase honhom no aka adesamma sɛn, na dɛn na yebetumi ayɛ de akwati suban bɔne a ɛte saa?

13 Wiase honhom no ama nkurɔfo retɔ nko wɔ honhom fam. Nneɛma a ɛwɔ wiase agye nnipa pii adwene araa ma ‘wonnim wɔn honhom mu ahiade.’ (Mat. 5:3) Wiase afɛfɛde a ɛkanyan “ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ” no, ɛno na wodi akyi denneennen. (1 Yoh. 2:16) Afei nso, nnwumakuw a ɛyɛ nneɛma de gyigye nkurɔfo ani no ama nnipa ‘abɛdɔ anigyede.’ Afe biara wɔyɛ nneɛma pii a ɛtwetwe nkurɔfo adwene. (2 Tim. 3:4) Ɛno nti, Paulo ka kyerɛɛ Kristofo sɛ mma ‘wɔnnyɛ nhyehyɛe nnto hɔ mmma honam akɔnnɔ.’ Saa suban no ama nkurɔfo adeda wɔ honhom fam.—Rom. 13:11-14.

14. Kɔkɔbɔ bɛn na ɛwɔ Luka 21:34, 35?

14 Onyankopɔn honhom na yɛpɛ sɛ ɛkyerɛ yɛn kwan, na ɛnyɛ wiase honhom. Yehowa nam ne honhom so ama yɛahu nsɛm a ɛrebesisi. [1] (1 Kor. 2:12) Nanso, ɛnyɛ den koraa sɛ obi beyi n’adwene afi Onyankopɔn som so. Sɛ yegyaagyae yɛn ho a, asetena mu nneɛma nketenkete mpo betumi ama yɛagyae Yehowa som. (Kenkan Luka 21:34, 35.) Sɛ ebinom hu sɛ yɛrewɛn a, wobetumi adi yɛn ho fɛw, nanso ɛnsɛ sɛ ɛno ma yɛte tena. (2 Pet. 3:3-7) Mmom, ɛsɛ sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo kɔ asafo nhyiam daa, efisɛ ɛhɔ na Onyankopɔn honhom wɔ.

So woreyɛ nea wubetumi biara na ama wɔakɔ so awɛn honhom fam? (Hwɛ nkyekyɛm 11-16)

15. Asɛm bɛn na ɛtoo Petro, Yakobo, ne Yohane, na dɛn na ebetumi ama asɛm a ɛte saa ato yɛn nso?

15 Yɛn mmerɛwyɛ betumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛkɔ so awɛn. Ná Yesu nim sɛ bɔne wɔ nnipa ho, na esiane sɛ yɛyɛ mmerɛw nti, yetumi di mfomso. Ade rebɛkye ama wɔakum Yesu no, momma yɛnhwɛ asɛm bi a esii. Ná ehia sɛ Yesu bɔ ne soro Agya mpae na ama watumi akura ne mũdi mu. Yesu ka kyerɛɛ Petro, Yakobo, ne Yohane sɛ ‘wɔnkɔ so nwɛn,’ na ɔrekɔbɔ mpae aba. Nanso, asuafo no anhu aniberesɛm a na ɛwɔ nea na ɛrebesi no mu. Sɛ́ anka wɔbɛhwɛ akyi ama wɔn Wura no, wɔantumi anni wɔn mmerɛwyɛ so, enti wɔdae. Ɛwom sɛ na Yesu nso abrɛ de, nanso wanna, ɔbɔɔ n’Agya mpae denneennen. Ná anka ɛsɛ sɛ ne namfonom no nso yɛ saa ara.—Mar. 14:32-41.

16. Sɛnea Luka 21:36 kyerɛ no, dɛn na Yesu kae sɛ yɛnyɛ bere a ‘yɛrewɛn’ no?

16 Sɛ obi wɔ adwempa a, ɛno ara nkyerɛ sɛ “ɔrewɛn” wɔ honhom fam. Ansa na asuafo mmiɛnsa no rededa wɔ Getsemane turom hɔ no, na Yesu adi kan aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnkɔ so mmɔ Yehowa mpae. (Kenkan Luka 21:36.) Enti yɛn nso, sɛ yebetumi akɔ so awɛn wɔ Onyankopɔn som mu a, ehia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛbɔ mpae.—1 Pet. 4:7.

MONKƆ SO NWƐN

17. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛasiesie yɛn ho ama nea ɛreba nnansa yi ara no?

17 Esiane sɛ Yesu kae sɛ awiei no bɛba wɔ ‘dɔn a yɛn ani nna so mu’ nti, ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛtɔ nko wɔ honhom fam. Satan ne ne wiase no de afɛfɛde ne nneɛma a mfaso nni so daadaa yɛn, nanso ɛnsɛ sɛ yekodi akyi. (Mat. 24:44) Yehowa ne Kristo nam Bible no so ma yehu nneɛma a wɔbɛma yɛn nsa aka nnansa yi ara. Bio nso, wɔama yɛahu sɛnea yebetumi akɔ so awɛn. Enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hyɛ yɛn gyidi den, yɛbɛn Yehowa, na yɛde Ahenni nneɛma di kan wɔ yɛn asetena mu. Afei, ehia sɛ yehu bere a yɛwom. Saa ara nso na nsɛm a ɛresisi wɔ wiase no, ɛsɛ sɛ yɛte ase na ama yɛasiesie yɛn ho ama nea ɛreba no. (Adi. 22:20) Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya yɛn ti adidi mu!

^ [1] (nkyekyɛm 14) Hwɛ Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi! nhoma no ti 21.