Habakuk 2:1-20

  • ‘Mɛkɔ so awɛn atie asɛm a ɔbɛka’ (1)

  • Yehowa maa odiyifo no mmuae (2-​20)

    • ‘Kɔ so ara twɛn anisoadehu no’ (3)

    • Ɔtreneeni gyidi bɛma wanya nkwa (4)

    • Kaldeafo nnue, ɔhaw anum reba (6-20)

      • Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asaase so ma (14)

2  Baabi a migyina wɛn no, mɛkɔ so agyina hɔ;+Megyina akoban* no so. Mɛkɔ so awɛn na matie asɛm a ɔde bɛsoma me,Ne nea ɔteɛ me so a, mɛka.  2  Ɛnna Yehowa buaa me sɛ: “Kyerɛw anisoadehu no yiye gu abopon so,+Sɛnea ɛbɛyɛ a obi kenkan no den a, ɔremmrɛ ho.*+  3  Na anisoadehu no retwɛn sɛ ne bere bɛso,Na ɛrepɛ ntɛm aba mu,* na ɛrenni atoro. Sɛ ɛkyɛ* mpo a, kɔ so ara twɛn.*+ Efisɛ ɔkwan biara so ɛbɛba mu. Ɛrenka akyi.  4  Hwɛ onipa a ɔyɛ ahomaso;*Ne koma mu ntew. Ɔtreneeni de, ne nokwaredi* na ɛbɛma wanya nkwa.+  5  Esiane sɛ nsã yɛ okontomponi nti,Ɔbarima a ɔyɛ ahomaso rennu ne botae ho. Ɔte sɛ Ɔdamoa;* biribiara mmee no;*Ɔte sɛ owu; ɔmmee da. Daa ɔboaboa amanaman no ano,Na ɔka aman nyinaa boa ano ba ne nkyɛn.+  6  Enti eyinom nyinaa remmu no bɛ, wɔremmɔ no akutia, na wɔrenkasa ntwiw* no anaa?+ Wɔbɛka sɛ: ‘Nea ɔsesaw nneɛma a ɛnyɛ ne de nnue—Enkosi da bɛn?—Nea ɔma ne ho aka dɔɔso nnue!  7  Wɔn a wode wɔn ka no, wɔrensɔre nnyina mpofirim anaa? Wobenyan awosow wo denneennen,Na wɔbɛfa wo sɛ asade.*+  8  Esiane sɛ woafom aman pii ho nneɛma nti,Aman a aka nyinaa nso bɛfom wo ho nneɛma,+Efisɛ wokaa nnipa mogya gui,Na wode atirimɔdensɛm dii nsaase,Nkurow, ne emu nnipa nyinaa.+  9  Nea ɔpɛ mfaso bɔne ma ne fifo,Na ɔyɛ ne berebuw wɔ beae a ɛkorɔn,Sɛnea ɛbɛyɛ a obegye ne ho afi mmusu mu no, onnue! 10  Woabɔ pɔw bɔne ma ɛde animguase aba wo fi, Woakunkum nnipa pii de ayɛ bɔne atia wo ho.*+ 11  Ɔbo besu wɔ ɔfasu mu,Na mpuran agye so wɔ ɔdan no so. 12  Nea ɔde mogya kyekye kuropɔnNa ɔnam amumɔyɛ so ma kurow tim no, onnue! 13  Hwɛ, ɛnyɛ asafo Yehowa na ɔma nnipa yɛ adwumaden ma ekowie ogya mu,Na ɔma amanaman brɛ kwa anaa?+ 14  Yehowa anuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asaase so maSɛnea nsu kata po so no.+ 15  Nea ɔma ne yɔnko biribi nom,Na ɔde abufuw ne anibere ka ho ma ɔbowSɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛhwɛ n’adagyaw no, onnue! 16  Animguase na ɛbɛmee wo, ɛnyɛ anuonyam. Wo nso nom bi na wonhu sɛ wontwaa wo twetia.* Kuruwa a ɛwɔ Yehowa nsa nifa mu no bɛba wo so,+Na animguase bɛkata w’anuonyam so. 17  Atirimɔdensɛm a wode dii Lebanon no bi bɛba wo so,Na ɔsɛe a wode bɔɔ mmoa hu no bi bɛba wo so,Efisɛ wokaa nnipa mogya guiNa wode atirimɔdensɛm dii nsaase,Nkurow, ne emu nnipa nyinaa.+ 18  Sɛ odwumfo sen ohoni a,Mfaso bɛn na ɛwɔ so? Mfaso bɛn na ɛwɔ dade honi ne atoro kyerɛkyerɛfo so?Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ odwumfo de ne ho bɛto nea wayɛ so;Anyamehunu a entumi nkasa?+ 19  Nea ɔka kyerɛ dua sɛ: “Nyan!” Na ɔka kyerɛ ɔbo a ɛnkasa sɛ: “Sɔre! Kyerɛkyerɛ yɛn!” no, onnue! Hwɛ, wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ na afa ho,+Na ɔhome biara nnim.+ 20  Yehowa de, ɔwɔ n’asɔrefi kronkron no mu.+ Asaase nyinaa, monyɛ komm wɔ n’anim!’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.
Anaa “ɛbɛkɔ yɔɔ.”
Anaa “aba awiei.”
Anaa “ɛyɛ sɛ nea akyɛ.”
Anaa “twɛn no denneennen.”
Anaa “Hwɛ! Ne kra ahoman.”
Ebetumi nso akyerɛ, “ne gyidi.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “biribiara mmee ne kra.”
Anaa “wɔrento aborɔme mfa ntwiw.”
Anaa “nneɛma a wonya wɔ ɔko mu.”
Anaa “wo kra.”
Ebetumi nso akyerɛ, “na kɔ afã-afã.”