Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 51

‘Yehowa Gye Wɔn a Wɔn Abam Abu’

‘Yehowa Gye Wɔn a Wɔn Abam Abu’

“Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn honhom abotow.”—DW. 34:18.

DWOM 30 M’Agya, Me Nyankopɔn ne M’adamfo

NEA YƐREBESUA *

1-2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

ƐTƆ da a, sɛnea yɛn nkwa nna yɛ tiaa na ‘ɔhaw ahyɛ mu’ mã no, ɛbɛma yɛadwinnwen. (Hiob 14:1) Enti sɛ ɛtɔ da na yɛn abam bu a, ɛnyɛ nwonwa. Tete no, Yehowa asomfo pii nso tee nka saa ara. Wɔn mu bi mpo de, na wɔpɛ sɛ wowu. (1 Ahe. 19:2-4; Hiob 3:1-3, 11; 7:15, 16) Nanso Yehowa, Onyankopɔn a wɔde wɔn ho too no so no kyekyee wɔn werɛ, na ɔhyɛɛ wɔn den bere nyinaa. Wɔkyerɛw wɔn ho nsɛm too hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkyekye yɛn werɛ na yɛasua biribi afi mu.—Rom. 15:4.

2 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ Yehowa asomfo bi a wohyiaa ɔhaw maa wɔn abam bui, wɔne Yakob ba Yosef, okunafo Naomi ne n’ase Rut, Lewini a ɔkyerɛw Dwom 73, ne ɔsomafo Petro. Sɛn na Yehowa hyɛɛ wɔn den, na dɛn na yɛn mu biara betumi asua afi wɔn asɛm no mu? Saa nsɛmmisa yi ho mmuae ma yɛn awerɛhyem sɛ, “Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu” na “ogye wɔn a wɔn honhom abotow.”—Dw. 34:18.

WOBUU YOSEF ATENKYEA NA WODII N’ANI

3-4. Bere a na Yosef yɛ aberante no, asɛm bɛn na ɛtoo no?

3 Bere a na Yosef adi mfe 17 no, ɔsoo dae ahorow mmienu, na na ne nyinaa fi Onyankopɔn hɔ. Ná saa dae no kyerɛ sɛ, daakye Yosef bɛyɛ onipa titiriw a wobu no wɔ n’abusua mu. (Gen. 37:5-10) Nanso bere a Yosef soo saa dae no, ankyɛ na n’asetena dan butuwii. Ne nuanom no anna obu adi ankyerɛ no koraa, wɔtɔn no kɔɔ nkoasom mu. Ɔne Egyptfo panyin bi a wɔfrɛ no Potifar kɔtenae. (Gen. 37:21-28) Bere tiaa mu no, Yosef a na ɔda ne papa koma so no asetena sesãe koraa. Ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Egyptfo ahemfie panyin bi a ɔsom bosom fie.—Gen. 39:1.

4 Afei koraa na na nneɛma mu rebɛyɛ den ama Yosef. Potifar yere twaa atoro too Yosef so sɛ ɔpɛ sɛ ɔto no mmonnaa. Potifar anhwehwɛ asɛm no mu koraa na ɔma wɔde Yosef kɔtoo afiase, na wɔde nnade guu ne nan ne ne nsa. (Gen. 39:14-20; Dw. 105:17, 18) Wo de hwɛ sɛnea Yosef a ɔyɛ aberante no bɛte nka, bere a wotwaa asɛm too no so sɛ, ɔpɛ sɛ ɔto ne wura yere mmonnaa no. Afei hwɛ sɛnea na saa ntwatoso no bɛma wɔabɔ Yehowa dimmɔne. Akyinnye biara nni ho sɛ, na wei bɛma Yosef abam abu paa!

5. Bere a Yosef abam bui no, dɛn na ɛboaa no?

5 Bere a na Yosef yɛ akoa, ne bere a wɔde no kɔtoo afiase nyinaa, na biribiara nni hɔ a obetumi ayɛ de agye ne ho afi saa tebea no mu. Dɛn na ɛboaa no ma ɔde anigye gyinaa saa tebea no ano? Sɛ́ anka Yosef de n’adwene besi nneɛma a ontumi nyɛ so no, ɔyeree ne ho yɛɛ adwuma a na wɔde ahyɛ ne nsa no. Nea ɛsen ne nyinaa no, Yosef hui sɛ, Yehowa ne Obi a ne ho hia paa wɔ n’asetenam. Wei nti, biribiara a Yosef yɛe no, Yehowa hyiraa so.—Gen. 39:21-23.

6. Sɛn na ɛbɛyɛ sɛ dae a Yosef soe no ma onyaa awerɛkyekye?

6 Ɛbɛyɛ sɛ bere a Yosef dwinnwen dae a Yehowa ma ɔsoe bere bi a atwam ho no, ɛhyɛɛ no nkuran paa. Ɛma ohui sɛ ɔbɛsan ahu n’abusuafo bio, na nneɛma bɛyɛ yiye. Na saa pɛpɛɛpɛ na esii. Bere a Yosef dii mfe 37 no, dae a ɔsoe no baa mu ma ɛyɛɛ no nwonwa!—Gen. 37:7, 9, 10; 42:6, 9.

7. Sɛnea 1 Petro 5:10 kyerɛ no, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛagyina sɔhwɛ a yehyia no ano?

7 Nea yesua fi mu. Yosef asɛm no ma yehu sɛ yɛte wiase bɔne mu, na nkurɔfo ne yɛn nni no yiye. Yɛn nua Kristoni bi mpo betumi ayɛ ade ama no ahye yɛn. Nanso sɛ yehu sɛ Yehowa yɛ yɛn Botan anaa yɛn Guankɔbea a, ɛremma yɛn abam mmu, na yɛrennyae Yehowa som nso da. (Dw. 62:6, 7; kenkan 1 Petro 5:10.) Kae nso sɛ, bere a Yehowa maa Yosef soo dae no, na wadi bɛyɛ mfe 17. Wei ma yehu sɛ Yehowa wɔ ahotoso wɔ mmabun a wɔsom no no mu. Ɛnnɛ, mmabun pii te sɛ Yosef, na wɔwɔ Yehowa mu gyidi. Wɔn mu pii wɔ hɔ a, esiane sɛ wɔpɛ sɛ wodi Onyankopɔn nokware nti, wɔabu wɔn atɛnkyea de wɔn agu afiase.—Dw. 110:3.

MMEA MMIENU BI A AWERƐHOW HYƐƐ WƆN MA

8. Dɛn na ɛtoo Naomi ne Rut?

8 Esiane ɔkɔm kɛse bi a esii nti, Naomi ne n’abusua tu fii Yuda kɔtenaa ananafo asase so wɔ Moab. Bere a wɔwɔ hɔ no, Naomi kunu Elimelek wu gyaw ɔne ne mma mmarima mmienu no. Bere rekɔ so no, ne mma mmarima no waree Moabfo mmea, Rut ne Orpa. Mfe du akyi no, Naomi mma mmarima no wui a wɔannyaw mma biara wɔ akyi. (Rut 1:1-5) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ asɛm yi maa mmea mmiɛnsa yi werɛ howee! Ɛwom na Rut ne Orpa betumi asan aware foforo. Nanso Naomi a na ne mfe rekɔ anim no, na hena na ɔbɛhwɛ no? Ná Naomi abam abu ara ma bere bi ɔkae sɛ: “Mommfrɛ me Naomi. Momfrɛ me Mara, efisɛ ade nyinaa so Tumfoɔ no ne me adi no nwenweenwene paa.” Naomi a na ɔredi awerɛhow no sii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔ Betlehem, na Rut kaa ne ho kɔe.—Rut 1:7, 18-20.

Yehowa maa Naomi ne Rut hui sɛ, sɛ n’asomfo bi abam bu anaa wɔn werɛ how a, obetumi aboa wɔn ama wɔadi so. Obetumi aboa wo nso anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 8-13) *

9. Sɛnea Rut 1:16, 17, 22 kyerɛ no, sɛn na Rut hyɛɛ Naomi nkuran?

9 Ɔdɔ kann na ɛboaa Naomi maa ne koma tɔɔ ne yam. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Rut kɔɔ so bataa Noami ho de kyerɛe sɛ ɔdɔ no paa. (Kenkan Rut 1:16, 17, 22.) Bere a wɔkɔɔ Betlehem no, Rut yɛɛ adwumaden kɔsesaw atoko ase de hwɛɛ ɔne Naomi. Ɛno nti, obiara hui sɛ Rut yɛ ɔbea pa na ɔpɛ adwuma nso.—Rut 3:11; 4:15.

10. Ɔkwan bɛn so na Yehowa da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a ahia wɔn te sɛ Naomi ne Rut?

10 Yehowa maa Israelfo mmara bi a ɛma ɛda adi sɛ ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn a ahia wɔn te sɛ Naomi ne Rut. Ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo no sɛ, sɛ wotwa wɔn nnɔbae a, wonnyaw nea ɛwɔ anoano no mma wɔn a ahia wɔn no mma wɔnsesaw. (Lev. 19:9, 10) Enti na ɛho nhia sɛ Naomi ne Rut kɔsrɛsrɛ aduan. Ná wobetumi anya nea wohia a nkurɔfo remmu wɔn animtiaa.

11-12. Dɛn na Boas yɛe a ɛmaa Naomi ne Rut ani gyei?

11 Afuw a na Rut kɔsesaw atoko wom no, na ɛyɛ ɔdefo bi a wɔfrɛ no Boas dea. Sɛnea Rut bataa n’asebea Naomi ho, na ɔdaa ɔdɔ adi kyerɛɛ no no, ɛkaa Boas ma ɔkɔtɔɔ abusua no agyapade na ɔwaree Rut. (Rut 4:9-13) Boas ne Rut woo ɔba barima na wɔtoo ne din Obed. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Ɔhene Dawid nanabarima.—Rut 4:17.

12 Wo de hwɛ sɛ Naomi afa Obed ato ne nsa so, na wafi ne koma mu reda Yehowa ase! Ná ɛbɛma Naomi ani agye paa! Nanso daakye Naomi ne Rut benya biribi a ɛkyɛn wei. Sɛ wonyan wɔn a, wobehu sɛ, sɛɛ Obed bɛyɛɛ Yesu Kristo a ɔyɛ Mesia a wɔahyɛ no ho bɔ no nana!

13. Asuade a ehia bɛn na yenya fi Naomi ne Rut asɛm no mu?

13 Nea yesua fi mu. Sɛ yɛfa ɔhaw mu a ebetumi ama yɛn abam abu anaa ebetumi abubu yɛn koma. Ebia ɛbɛma yɛate nka sɛ ɔhaw yi de, ɛremfi yɛn so da. Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to yɛn Agya a ɔwɔ soro no so paa, na yɛbɛn yɛn nuanom Kristofo. Ɛwom, ebia Yehowa renyi ɔhaw no mfi hɔ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a Naomi kunu ne ne mma mmarima no wui no, wɔannyan wɔn. Enti yɛn nso, ɔbɛboa yɛn ama yɛagyina ɔhaw ano. Ebia ɔbɛfa yɛn nuanom a wofi wɔn koma mu da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn no so aboa yɛn.—Mmeb. 17:17.

LEWINI BI A ANKA ƆREYƐ AMAN

Bere a Lewini a ɔkyerɛw Dwom 73 no huu sɛnea ayɛ sɛ nneɛma rekɔ yiye ma wɔn a wɔnsom Yehowa no, anka ɔreyɛ aman. Yɛn nso ebi betumi ato yɛn (Hwɛ nkyekyɛm 14-16)

14. Dɛn na ɛmaa Lewini bi abam bui?

14 Lewini bi na ɔkyerɛw Dwom 73. Enti na ɔwɔ hokwan soronko, ɛne sɛ, na ɔsom wɔ baabi a wɔsom Yehowa. Nanso bere bi n’abam bui paa. Adɛn ntia? N’ani fii ase beree abɔnefo ne ahantanfo. Ná ɛnyɛ nneɛma bɔne a wɔreyɛ no nti, na mmom sɛnea na nneɛma kɔ yiye ma wɔn no na n’ani beree. (Dw. 73:2-9, 11-14) Ná ɛte sɛ nea abɔnefo yi wɔ biribiara; ahonyade, asetena pa, na na ɛte sɛ nea wonni ɔhaw biara. Bere a odwontofo no huu wei no, n’abam bui ara ma ɔkaa sɛ: “Ampa matew me komam kwa, na mahohoro me nsa bemdi mu kwa.” Yehu paa sɛ, na wei betumi ama wagyae Yehowa som.

15. Sɛnea Dwom 73:16-19, 22-25 ma yehu no, dɛn na ɛboaa Lewini a ɔkyerɛw saa dwom yi?

15 Kenkan Dwom 73:16-19, 22-25. Lewini no ‘kɔɔ Onyankopɔn kronkronbea kɛse no mu.’ Bere a ɔkɔɔ hɔ kɔkaa ne nuanom a wɔsom Yehowa ho no, ɛbɛyɛ sɛ otumi bɔɔ mpae, na ɔtɔɔ ne bo ase susuw asɛm no ho yiye. Enti ohui sɛ wanyɛ n’ade nyansam, efisɛ nea ɔyɛe no anka ebetumi ama no atwe ne ho afi Yehowa ho. Ɔsan hui sɛ, abɔnefo gyina baabi a “ɛhɔ yɛ toro” na “wɔn awiei” bɛba. Sɛ na Lewini no hu nneɛma sɛnea Yehowa hu no no a, na ɛremma n’abam mmu na n’ani remmere abɔnefo. Bere a ɔyɛɛ saa no, ɛmaa n’asom dwoo no na ɔsan nyaa anigye. Ɔkae sɛ: ‘Yehowa akyi no, minni obiara ho anigye asase so.’

16. Dɛn na yesua fi Lewini yi asɛm no mu?

16 Nea yesua fi mu. Sɛ ɛyɛ yɛn sɛ nneɛma rekɔ yiye ma nnipa abɔnefo mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere wɔn da. Anigye a wɔwɔ no yɛ aniso kɛkɛ na ɛnkyɛ, na daakye nso wɔrennya daa nkwa. (Ɔsɛnk. 8:12, 13) Sɛ yɛma yɛn ani bere wɔn a, yɛn abam bebu na ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam. Sɛnea ayɛ sɛ nneɛma rekɔ yiye ama abɔnefo no, sɛ wuhu sɛ w’ani reyɛ abere a, yɛ nea Lewini no yɛe no bi. Tie afotu a ɔdɔ wom a Onyankopɔn de ma no, na fa wo ho bɔ wɔn a wɔyɛ Yehowa apɛde no. Sɛ wodɔ Yehowa sen biribi foforo biara a, w’ani begye ankasa. Na wobɛkɔ so anantew ɔkwan a ɛkɔ “nkwa ankasa” mu no so.—1 Tim. 6:19.

PETRO MMERƐWYƐ MAA N’ABAM BUI

Bere a Petro abam bui no, wannyae Yehowa som. Sɛ yesusuw ne nhwɛso no ho a, ebetumi aboa yɛn, na yebetumi nso de aboa afoforo (Hwɛ nkyekyɛm 17-19)

17. Nneɛma bɛn na ɛmaa Petro abam bui?

17 Ná Petro yɛ ɔbarima a ɔde nsi ne ahokeka yɛ ade; ɛtɔ da a, na ɔpere ne ho kasa na ɔreyɛ biribi nso a, ɔnto ne bo. Ɛno nti ɛtɔ da a, na ɔyɛ nneɛma bi anaa ɔka nsɛm bi ma akyiri yi onu ne ho. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ obehu amane na wɔakum no no, Petro kaa Yesu anim sɛ, “Eyi remma wo so koraa.” (Mat. 16:21-23) Ɛhɔ ara Yesu teɛɛ Petro so. Bere a nnipadɔm bi baa Yesu so sɛ wɔrebɛkye no no, Petro peree ne ho twee sekan twaa ɔsɔfo panyin no akoa aso. (Yoh. 18:10, 11) Ɛha yi nso, Yesu teɛɛ Petro so. Afei nso Petro hoahoaa ne ho kae sɛ, sɛ nea ɛbɛto Kristo no bɛto asomafo no nyinaa hintidua a, ɔno de ɛrento no hintidua da! (Mat. 26:33) Sɛnea na Petro gye ne ho di no, na ɛnyɛ saa na nneɛma te koraa. Onipa ho suro nti, oyii ne Wura mae mprɛnsa. Ɛbaa saa no, Petro abam bui, ma “ofii adi kosui pii.” (Mat. 26:69-75) Ɛbɛyɛ sɛ obisaa ne ho sɛ, enti Yesu de ne bɔne bɛkyɛ no ni?

18. Bere a Petro abam bui no, dɛn na Yesu yɛ de boaa no?

18 Nanso Petro abam bui no, wamma nneɛma anhyɛ no so ma wannyae Yehowa som. Mfomso a odii nyinaa akyi no, wannyae Yehowa som na wantew ne ho amfi asomafo a aka no nso ho. (Yoh. 21:1-3; Aso. 1:15, 16) Dɛn na ɛboaa Petro ma ɔsan gyinaa ne nan so? Ade baako ne sɛ na Yesu adi kan abɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a Petro gyidi rengu asu. Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ sɛ ɔsan ba a, ɔnhyɛ ne nuanom den. Yehowa buaa mpae a Yesu fi ne komam bɔe no. Akyiri yi, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Petro nko ara, na akyinnye biara nni ho sɛ ɔhyɛɛ no den. (Luka 22:32; 24:33, 34; 1 Kor. 15:5) Ɛno akyi no, bere a asomafo no koyii nam anadwo mu no nyinaa a wɔannya bi no, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Saa bere yi, Yesu maa Petro hokwan a ɔde bɛkyerɛ sɛ ɔdɔ no. Ná Yesu de n’adamfo a ɔdɔ no no bɔne akyɛ no, na ɔde adwuma pii hyɛɛ ne nsa.—Yoh. 21:15-17.

19. Sɛn na Dwom 103:13, 14 boa yɛn ma yehu yɛn bɔne sɛnea Yehowa hu no no?

19 Nea yesua fi mu. Sɛnea Yesu ne Petro dii no ma yehu sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu te sɛ n’Agya pɛpɛɛpɛ. Enti sɛ yedi mfomso a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ Yehowa remfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn da. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ Satan na ɔpɛ sɛ yenya saa adwene no. Mmom sɛnea Yehowa dɔ yɛn na ɔte yɛn mmerɛwyɛ ase na ɔpɛ sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn no, ɛno na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so. Enti sɛ afoforo di mfomso tia yɛn a, ɛsɛ sɛ yesuasua sɛnea Yehowa ne yɛn di no.—Kenkan Dwom 103:13, 14.

20. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

20 Yosef, Naomi ne Rut, Lewini no, ne Petro nhwɛso no ma yenya awerɛhyem sɛ, “Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu.” (Dw. 34:18) Ɛtɔ da a, ɔma kwan ma sɔhwɛ ba yɛn so, na yɛn abam tumi bu. Nanso sɛ yehyia sɔhwɛ na Yehowa boa yɛn ma yetumi gyina ano a, ɛhyɛ yɛn gyidi den. (1 Pet. 1:6, 7) Ɛtɔ da a Yehowa asomfo a wodi no nokware abam tumi bu esiane sintɔ bi a ɛwɔ wɔn ho, anaa nsɛnnennen bi a wɔrehyia wɔ wɔn asetena mu. Adesua a edi hɔ mu no, yebehu sɛnea Yehowa boa n’asomfo anokwafo a wɔte saa.

DWOM 7 Yehowa, Yɛn Botan Kɛse

^ nky. 5 Yosef, Naomi ne Rut, Lewini bi, ne ɔsomafo Petro nyinaa hyiaa ɔhaw a ɛmaa wɔn abam bui. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa kyekyee wɔn werɛ na ɔhyɛɛ wɔn den. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea yebetumi asua afi nea ɛtoo wɔn, ne ayamhyehye a Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ wɔn no mu.

^ nky. 56 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Naomi, Rut, ne Orpa werɛ howee na wɔn abam bui bere a wɔn kununom wuwui no. Akyiri yi bere a wɔwoo Obed no, Rut, Naomi, ne Boas, dii ahurusi.