Rut 1:1-22

  • Elimelek abusua tu kɔɔ Moab (1, 2)

  • Naomi, Orpa, ne Rut bɛyɛɛ akunafo (3-6)

  • Rut bataa Naomi ne Naomi Nyankopɔn ho (7-17)

  • Naomi ne Rut san kɔɔ Betlehem (18-22)

1  Atemmufo no bere so no,*+ ɔkɔm baa asaase no so, na ɔbarima bi ne ne yere ne wɔn mma mmarima baanu tu fii Betlehem+ a ɛwɔ Yuda kɔyɛɛ ahɔho wɔ Moab+ asaase so. 2  Ɔbarima no din de Elimelek,* ne yere din de Naomi,* na ne mma baanu no din de Malon* ne Kilion.* Ná wɔyɛ Efratafo a wofi Betlehem a ɛwɔ Yuda. Bere a wokoduu Moab asaase so no, wɔtenaa hɔ. 3  Bere bi akyi no, Naomi kunu Elimelek wui, na ɛkaa ɔne ne mma baanu no. 4  Akyiri yi, ne mma no waree Moabfo mmea. Ɔbaako din de Orpa, ɛnna ɔbaako nso de Rut,+ na wɔtenaa hɔ bɛyɛ mfe du. 5  Afei ne mma baanu no, Malon ne Kilion nso wuwui. Enti ɔbea no kunu ne ne mma baanu no nyinaa wu gyaw no. 6  Bere a ɔwɔ Moab asaase so no, ɔtee sɛ Yehowa asan abɛhwɛ ne nkurɔfo ama wɔn aduan, enti ɔne ne nsenom siim sɛ wɔrefi Moab asaase so asan akɔ. 7  Otu fii baabi a na ɔne ne nsenom baanu no te no. Bere a wɔnam kwan so resan akɔ Yuda asaase so no, 8  Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom baanu no sɛ: “Monsan, obiara nkɔ ne maame fie. Yehowa nna ɔdɔ a enni huammɔ adi nkyerɛ mo,+ sɛnea mo nso moada no adi akyerɛ mmarima a wɔawu no na moada no adi akyerɛ me no. 9  Yehowa mma munnya ahotɔ* wɔ mo kununom fie.”+ Afei ofifew wɔn ano, na wɔn nyinaa sui denneennen. 10  Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Daabi, yɛne wo bɛkɔ wo nkurɔfo nkyɛn.” 11  Naomi nso kae sɛ: “Me mma, monsan. Dɛn nti na mopɛ sɛ mo ne me kɔ? Metumi asan awo mma ama moaware wɔn anaa?+ 12  Me mma, monsan. Monkɔ, na manyin dodo sɛ mɛware bio. Sɛ meka sɛ metumi anya kunu anadwo yi awo mma mpo a, 13  mubetumi atwɛn ama wɔanyinyin? Mubetumi atwɛn wɔn a morenware? Daabi, me mma. Mo asɛm yɛ me awerɛhow paa, efisɛ Yehowa ne me anni no yiye.”+ 14  Ɔkaa saa no, wɔsan sui denneennen, na Orpa few n’ase ano ne no dii nkra. Rut de, wansan; ɔbataa ne ho. 15  Enti Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Orpa asan kɔ ne nkurɔfo ne n’anyame nkyɛn. San na wo ne no nkɔ.” 16  Nanso Rut ka kyerɛɛ no sɛ: “Nhyɛ me sɛ minnyaw wo hɔ nsan nkɔ. Baabi a wobɛkɔ no, ɛhɔ na mɛkɔ, baabi a wobɛda no, ɛhɔ na mɛda. Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.+ 17  Baabi a wubewu no, ɛhɔ ara na mewu, na ɛhɔ ara nso na wobesie me. Gye owu na ɛbɛtetew me ne wo ntam, anyɛ saa a Yehowa ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.” 18  Bere a Naomi hui sɛ Rut asi ne bo sɛ ɔne no bɛkɔ no, wanhyɛ no bio. 19  Enti wɔn baanu no toaa so koduu Betlehem.+ Bere a woduu Betlehem pɛ, kurom hɔfo nyinaa puw bɛhwɛɛ wɔn, na mmea no bisae sɛ: “Naomi ni?” 20  Ɛnna ɔka kyerɛɛ mmea no sɛ: “Mommfrɛ me Naomi.* Momfrɛ me Mara,* efisɛ ade nyinaa so Tumfo no ne me adi no nwenweenwene.+ 21  Mekɔɔ no ma, nanso Yehowa ama maba no nsapan. Dɛn nti na mofrɛ me Naomi, bere a Yehowa abrɛ me ase, na ade nyinaa so Tumfo no ama awie me bɔne yi?”+ 22  Saa na ɛyɛe a Naomi ne n’ase Rut a ɔyɛ Moabni no san fii Moab asaase so bae.+ Bere a woduu Betlehem no, na wɔafi ase retwa baali.*+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Bere a na atemmufo no hwɛ ma atɛntrenee kɔ so no.”
Ɛkyerɛ, “Me Nyankopɔn Ne Hene.”
Ɛkyerɛ, “Anika.”
Efi Hebri asɛmfua bi mu. Ebetumi akyerɛ, “nofoonofoo; ɔyareyare.”
Ɛkyerɛ, “Ne Nna Reba Awiei.”
Nt., “homebea.”
Ɛkyerɛ, “Anika.”
Ɛkyerɛ, “Nwenenwene.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.