Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Nokwaredifo No A Yebesuasua No

Onyankopɔn Nokwaredifo No A Yebesuasua No

Onyankopɔn Nokwaredifo No A Yebesuasua No

“Munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.”—EFESOFO 5:1.

1. Dɛn na ebinom gye di fa nokware ho, na dɛn nti na wɔn nsusuwii no nteɛ?

“DƐN ne nokware?” (Yohane 18:38) Saa asɛm a Pontio Pilato bisaa no animtiaabu mu bɛyɛ mfirihyia 2,000 a atwam ni no kyerɛ sɛ ɛyɛ den yiye sɛ nkurɔfo behu nokware no. Nnipa pii begye atom saa nnɛ. Nokware ankasa ho aba asɛm. Ebia woate sɛ wɔka sɛ obiara kyerɛ nokware ase sɛnea n’ankasa pɛ, anaasɛ nokware wɔ anohyeto, anaasɛ nokware sesa bere nyinaa. Nsusuwii a ɛte saa no nteɛ. Botae titiriw a wɔde yɛ nhwehwɛmu na wosua ade ne sɛ wobehu nokwasɛm anaa nokware bi afa wiase a yɛte mu yi ho. Nokware nyɛ biribi a obiara kyerɛ ase sɛnea ɔpɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛ́ ebia ɔkra no wu anaasɛ enwu. Sɛ́ Satan wɔ hɔ anaasɛ onni hɔ. Sɛ́ asetra wɔ atirimpɔw anaasɛ enni atirimpɔw. Wɔ asɛm no biara mu no, mmuae biako pɛ na yebetumi anya. Biako bɛyɛ nokware na biako nso ayɛ atoro; abien no nyinaa ntumi nyɛ nokware.

2. Akwan bɛn so na Yehowa yɛ nokwaredi Nyankopɔn, na nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho afei?

2 Wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, yesusuw ho sɛ Yehowa yɛ nokwaredi Nyankopɔn. Onim nneɛma nyinaa ho nokwasɛm. Esiane sɛ Yehowa nte sɛ ne tamfo daadaafo Satan Ɔbonsam koraa nti, odi nokware daa. Bio nso, Yehowa fi ayamye mu da nokware no adi kyerɛ afoforo. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.” (Efesofo 5:1) Sɛ́ Yehowa Adansefo no, ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua no aka nokware no ho asɛm na yɛde abɔ yɛn bra? Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ saa? Na awerɛhyem bɛn na yɛwɔ sɛ Yehowa pene wɔn a wodi nokware akyi no so? Ma yɛnhwɛ.

3, 4. Ɔsomafo Paulo ne Petro kaa nea ebesi wɔ “nna a edi akyiri” mu no ho asɛm dɛn?

3 Yɛte bere bi a nyamesom mu atosɛm abu so mu. Sɛnea honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔhyɛɛ nkɔm no, nnipa pii a wɔwɔ hɔ “nna a edi akyiri” yi mu no katere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa mu ahoɔden. Ebinom ko tia nokware no, na ‘wɔn adwene asɛe.’ Bio nso, ‘nnipa bɔne asisifo kɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa, na wɔdaadaa wɔn.’ Ɛwom sɛ saafo yi sua ade daa de, “nanso wontumi nhu nokware no da.”—2 Timoteo 3:1, 5, 7, 8, 13.

4 Honhom kaa ɔsomafo Petro nso ma ɔkyerɛw nna a edi akyiri no ho asɛm. Sɛnea ɔhyɛɛ nkɔm no, ɛnyɛ sɛ nkurɔfo po nokware no kɛkɛ, na mmom wodi Onyankopɔn Asɛm ne wɔn a wɔbɔ nokware a ɛwom ho dawuru no ho fɛw. Saa fɛwdifo yi ‘di wɔn ankasa akɔnnɔ akyi’ bu wɔn ani gu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nsu yirii Noa bere so wiase no so, na eyi ama daakye atemmu bi da hɔ retwɛn wɔn. Wɔn akɔnnɔ nsusuwii no bɛyɛ asiane ama wɔn bere a Onyankopɔn bere du sɛ ɔbɛsɛe abɔnefo no.—2 Petro 3:3-7.

Yehowa Asomfo Nim Nokware No

5. Sɛnea odiyifo Daniel kyerɛ no, dɛn na ebesi wɔ “awiei bere” no mu, na ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ yi anya mmamu?

5 Bere a odiyifo Daniel reka “awiei bere” no ho asɛm no, ɔka siei sɛ biribi a ɛda nsow besi Onyankopɔn nkurɔfo mu—wɔbɛka nyamesom mu nokware mu gya. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nnipa bebree bɛtweetwee mu na nimdeɛ adɔɔso.” (Daniel 12:4) Ɔdaadaafo kɛse no ntumi mma Yehowa nkurɔfo adwene ntu mfra anaa omfura wɔn adwene ani. Wɔnam Bible mu a wɔtweetwee so anya nokware nimdeɛ. Wɔ afeha a edi kan mu no, Yesu buee n’asuafo no adwenem. “Obuee wɔn adwene mu ma wɔtee Kyerɛwnsɛm no ase.” (Luka 24:45) Wɔ yɛn bere yi so no, Yehowa ayɛ ade saa ara. Ɔnam N’asɛm, ne honhom, ne n’ahyehyɛde no so ama asase so nnipa ɔpepem pii ate nea onim dedaw—nokware no—ase.

6. Bible mu nokware ahorow bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo wɔ ho ntease nnɛ?

6 Sɛ́ Onyankopɔn nkurɔfo no, yɛte nneɛma pii ase a sɛ yɛnyɛ Yehowa nkurɔfo a anka yentumi ntease da. Yenim nsɛmmisa a wiase anyansafo de mfe pii atweetwee mu no ho mmuae. Sɛ nhwɛso no, yenim nea enti a nkurɔfo hu amane, nea enti a nkurɔfo wu, ne nea enti a nnipa ntumi mma wonnya wiase asomdwoe ne biakoyɛ no. Wɔama yɛahu nea ɛwɔ hɔ ma yɛn daakye nso—Onyankopɔn Ahenni, paradise asase, ne nkwa a enni awiei wɔ pɛyɛ mu. Yɛabehu Yehowa, Opumpuni no. Yɛasua ne su a ɛyɛ anigye no ho ade na yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya ne nhyira. Nokware no a yɛahu no ma yehu nea ɛnyɛ nokware. Nokware no a yɛde di dwuma no boa yɛn ma yenni nneɛma hunu akyi, ɛma yenya nea eye sen biara wɔ asetram, na ɛma yenya daakye ho anidaso a ɛyɛ anigye.

7. Henanom na wɔn nsa betumi aka Bible mu nokware no, na henanom na wɔn nsa ntumi nka?

7 So wote Bible mu nokware ase? Sɛ saa a, wɔahyira wo kɛse. Sɛ nhomakyerɛwfo bi kyerɛw nhoma a, mpɛn pii no ɔkyerɛw no wɔ ɔkwan a nnipakuw pɔtee bi ani begye ho so. Wɔkyerɛw nhoma bi ma wɔn a wɔn nhomasua kɔ anim, wɔkyerɛw ebi ma mmofra, na wɔkyerɛw afoforo nso ma wɔn a wɔhyɛ da sua nneɛma pɔtẽẽ bi ho ade. Ɛwom sɛ obiara nsa betumi aka Bible no bi de, nanso nnipakuw pɔtẽẽ bi na wobetumi ate ase akyerɛ ho anisɔ. Yehowa kyerɛw maa asase so ahobrɛasefo ne wɔn a wodwo. Nnipa a wɔte saa no betumi ate Bible no ase, ɛmfa ho wɔn nhomasua, amammerɛ, asetram gyinabea, anaa abusua a wofi mu. (1 Timoteo 2:3, 4) Ɔkwan foforo so no, wɔde Bible mu nokware ho ntease akame wɔn a wonni komapa no, ɛmfa ho sɛnea wonim nyansa anaa sɛnea wɔn nhomanim te. Ahantanfo, ne nnipa a wɔyɛ dwae rentumi nte Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛsom bo no ase. (Mateo 13:11-15; Luka 10:21; Asomafo no Nnwuma 13:48) Onyankopɔn nkutoo na obetumi ayɛ nhoma a ɛte saa.

Yehowa Asomfo Yɛ Nokwaredifo

8. Dɛn nti na na Yesu yɛ nokwaredi ho nhwɛso?

8 Yehowa yɛ nokwaredifo, na saa ara na N’adansefo yɛ nokwaredifo. Yesu Kristo, Yehowa Dansefo a ɔda nsow no, dii nokware no ho adanse denam nneɛma a ɔkyerɛkyerɛe ne ɔkwan a ɔfaa so traa ase na owui no so. Okuraa nokware a Yehowa asɛm ne ne bɔhyɛ ahorow yɛ no mu. Enti, na Yesu yɛ nokwaredi ho nhwɛso, sɛnea n’ankasa kae no.—Yohane 14:6; Adiyisɛm 3:14; 19:10.

9. Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka fa nokware a yɛbɛka ho?

9 Ná “ɔdom ne nokware ayɛ” Yesu “ma,” na “na nnaadaa nni n’anom.” (Yohane 1:14; Yesaia 53:9) Nokware Kristofo di nhwɛso a Yesu yɛe wɔ afoforo a yebedi wɔn nokware mu no akyi. Paulo tuu mfɛfo gyidifo fo sɛ: “Obiara nni ne yɔnko nokware, efisɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.” (Efesofo 4:25) Ná odiyifo Sakaria adi kan akyerɛw sɛ: “Monkeka nokwasɛm nkyerɛkyerɛ mo ho.” (Sakaria 8:16) Kristofo di nokware efisɛ wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani. Yehowa yɛ nokwaredifo na onim ɔhaw a atorodi de ba no. Ne saa nti, edi sɛ ɔhwɛ kwan sɛ n’asomfo bɛka nokware no.

10. Dɛn nti na nkurɔfo di atoro, na asiane bɛn na efi mu ba?

10 Wɔ nnipa pii fam no, ɛte sɛ nea atorodi yɛ ɔkwampa a wɔnam so nya mfaso horow bi. Nkurɔfo di atoro de kwati asotwe, de nya mfaso ɔkwan bi so, anaasɛ ɛma afoforo kamfo wɔn. Nanso, atorodi yɛ bɔne. Nea ɛsen saa no, ɔtorofo rentumi nnya Onyankopɔn anim dom. (Adiyisɛm 21:8, 27; 22:15) Sɛ afoforo nim yɛn sɛ nnipa a yedi nokware a, wogye nea yɛka di; wonya yɛn mu ahotoso. Nanso, sɛ wɔkyere yɛn sɛ yɛredi atoro biako pɛ mpo a, ɛbɛyɛ den sɛ wobegye biribi foforo biara a yɛbɛka no adi. Afrikafo bu bɛ bi sɛ: “Atoro biako sɛe nokware apem.” Ɛbɛ foforo ka sɛ: “Sɛ ɔtorofo ka nokware mpo a, wɔrennye no nni.”

11. Ɔkwan bɛn so na nokwaredi sen nokware a yɛbɛka kɛkɛ?

11 Nokwaredi kyerɛ pii sen nokware a yɛbɛka kɛkɛ. Ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so tra ase. Ɛkyerɛ nnipa ko a yɛyɛ. Ɛnyɛ nea yɛka nko so na yɛnam ka nokware no ho asɛm kyerɛ afoforo, na mmom nea yɛyɛ nso. Ɔsomafo Paulo bisae sɛ: “Wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ wonnwia ade no, wuwia ade? Wo a wuse wɔnnsɛe aware no, wosɛe aware?” (Romafo 2:21, 22) Sɛ yebetumi ada nokware no adi akyerɛ afoforo a, ɛsɛ sɛ yedi nokware wɔ yɛn akwan nyinaa mu. Edin a yebenya sɛ nokwaredifo no benya nkɛntɛnso kɛse wɔ sɛnea nkurɔfo bɛyɛ wɔn ade wɔ nea yɛkyerɛkyerɛ no ho so.

12, 13. Dɛn na abeawa bi kyerɛw faa nokwaredi ho, na dɛn na ɛboaa no ma onyaa abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn saa?

12 Mmabun a wɔwɔ Yehowa nkoa mu nso nim hia a nokwaredi ho hia no. Wɔ asɛmti bi a wɔkyerɛw ho asɛm wɔ sukuu mu no mu no, Jenny a na wadi mfe 13 saa bere no kyerɛwee sɛ: “Nokwaredi yɛ biribi a ɛsom bo ma me ankasa. Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa dodow no ara nni nokware nnɛ. Mehyɛ me ho bɔ sɛ medi nokware bere nyinaa wɔ m’asetram. Sɛ nokware a mɛka no mfa mfaso mmrɛ me anaa me nnamfonom mprempren mpo a, mɛkɔ so adi nokware. Mehwɛ hu sɛ me nnamfonom yɛ wɔn a wɔka nokware na wodi nokware.”

13 Bere a Jenny kyerɛkyerɛfo reka asɛmti a wɔkyerɛw ho asɛm yi ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wusua koraa sɛ wubenya abrabɔ ne suban ho gyinapɛn a emu yɛ den saa. Minim sɛ wobɛkɔ so akura wo gyinapɛn no mu efisɛ wowɔ su pa.” Dɛn na ɛboaa abeawa sukuuni yi ma onyaa abrabɔ ho su pa a ɛte saa? Wɔ asɛm a Jenny kyerɛwee no nnianim asɛm mu no, ɔkae sɛ ne som na “ɛhyehyɛ n’asetra ho gyinapɛn.” Mfe ason atwam fi bere a Jenny kyerɛw saa asɛm no. Sɛnea ne kyerɛkyerɛfo susuwii no, Jenny kɔ so da abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn adi wɔ n’asetram sɛ Yehowa Dansefo.

Yehowa Asomfo Da Nokware no Adi

14. Dɛn nti na Onyankopɔn asomfo titiriw wɔ asɛyɛde kɛse sɛ wobegyina nea ɛyɛ nokware akyi?

14 Nokwarem no, Yehowa Adansefo akyi no, ebia nnipa binom nso bɛka nokware na wɔabɔ mmɔden sɛ wobedi nokware. Nanso, sɛ́ Onyankopɔn asomfo no, yɛwɔ asɛyɛde kɛse ankasa sɛ yebegyina nea ɛyɛ nokware akyi. Wɔde Bible mu nokware—nokware a ebetumi akɔ daa nkwa mu—ahyɛ yɛn nsa. Enti, yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛbɛka saa nimdeɛ no ho asɛm akyerɛ afoforo. Yesu kae sɛ: “Obiara a wɔama no pii no, ne nkyɛn na wɔbɛhwehwɛ pii.” (Luka 12:48) Nokwarem no, wɔhwehwɛ pii fi wɔn a wɔde Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛsom bo ahyira wɔn no nkyɛn.

15. Anigye bɛn na wunya bere a woka Bible mu nokware kyerɛ afoforo no?

15 Bible mu nokware a yɛbɛka akyerɛ afoforo no de anigye ba. Te sɛ Yesu afeha a edi kan mu asuafo no, yɛka asɛmpa—anidasosɛm a ɛma akomatɔyam—no kyerɛ wɔn a “wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo,” ne wɔn a “ahonhommɔne kyerɛkyerɛ” afura wɔn ani na ama wɔn adwene atu afra no. (Mateo 9:36; 1 Timoteo 4:1) Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.” (3 Yohane 4) Yohane “mma”—ebia wɔn a ɔde nokware no kyerɛɛ wɔn no—ma onyaa anigye kɛse. Sɛ yehu sɛ nkurɔfo kyerɛ Onyankopɔn Asɛm ho anigye a, ɛma yɛn ani gye.

16, 17. (a) Dɛn nti na ɛnyɛ obiara na obegye nokware no? (b) Anigye bɛn na wubetumi anya bere a wobɔ Bible mu nokware ho dawuru no?

16 Nokwarem no, ɛnyɛ nnipa nyinaa na ebegye nokware no. Yesu kaa nokware a ɛfa Onyankopɔn ho no ho asɛm, bere a na nnipa pii ani nnye ho mpo no. Ɔka kyerɛɛ Yudafo asɔretiafo no sɛ: “Adɛn nti na munnye nni? Nea ofi Nyankopɔn mu no tie Nyankopɔn asɛm; eyi nti muntie; efisɛ mumfi Nyankopɔn mu.”—Yohane 8:46, 47.

17 Te sɛ Yesu no, yɛntwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛka Yehowa ho nokware a ɛsom bo no ho asɛm. Yɛnhwɛ kwan sɛ obiara begye nea yɛka no atom, efisɛ ɛnyɛ obiara na ogyee nea Yesu kae no toom. Nanso, nim a yenim sɛ yɛreyɛ nea ɛteɛ no ma yɛn ani gye. Yehowa fi n’adɔeyɛ mu pɛ sɛ yɛda nokware no adi kyerɛ adesamma. Sɛ́ wɔn a wokura nokware no, Kristofo yɛ hann kurafo wɔ wiase a aduru sum mu. Sɛ yɛnam yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛe so ma nokware ho hann no hyerɛn a, yebetumi aboa afoforo ma wɔahyɛ yɛn soro Agya no anuonyam. (Mateo 5:14, 16) Yɛda no adi wɔ baguam sɛ yɛpo atosɛm a Satan ka de dan nokware no, na yekura Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ kurennyenn na wɔmfraa mu no mu. Nokware a yenim na yɛka ho asɛm no betumi ama wɔn a wogye tom no anya ahofadi.—Yohane 8:32.

Di Nokware Akyi

18. Dɛn nti na Yesu kyerɛɛ Natanael ho anigye, na ɔkwan bɛn so na ɔyɛɛ saa?

18 Yesu dɔɔ nokware no, na ɔkaa ho asɛm. Wɔ n’asase so som adwuma mu no, ɔkyerɛɛ wɔn a na wodi nokware no ho anigye. Ɛdefa Natanael ho no, Yesu kae sɛ: “Hwɛ, nokware Israelni a nnaadaa nni ne mu ni!” (Yohane 1:47) Akyiri yi, wɔpaw Natanael a ɛda adi sɛ na wɔsan frɛ no Bartolomeo no sɛ asomafo 12 no mu biako. (Mateo 10:2-4) Hokwan bɛn ara ni!

19-21. Ɔkwan bɛn so na wohyiraa ɔbarima a bere bi na n’ani afura no wɔ akokoduru a ɔde kaa nokware no ho?

19 Bible mu nhoma a ɛne Yohane no ti bi nyinaa ka ɔbarima nokwafo foforo bi a Yesu hyiraa no ho asɛm. Yennim ne din. Nea yenim ara ne sɛ na ɔbarima no yɛ ɔdesrɛfo a ofi awo mu yɛ onifuraefo. Nkurɔfo ho dwiriw wɔn bere a Yesu buee ɔbarima yi ani no. Farisifo binom a wɔtan nokware no, a na wɔasusuw wɔ wɔn mu sɛ wɔbɛpam obiara a ɔkyerɛ Yesu mu gyidi afi hyiadan mu no tee anwonwakwan so ayaresa yi ho asɛm. Esiane sɛ na ɔbarima a bere bi na n’ani afura no awofo nim Farisifo no nsusuwii nti, wodii atoro kyerɛɛ wɔn sɛ wonnim nea ɛyɛe a wɔn ba no tumi huu ade anaa onii a obuee n’ani no.—Yohane 9:1-23.

20 Afei wɔde ɔbarima a wɔasa no yare no kogyinaa Farisifo no anim. Ɔde akokoduru kaa nokware a ɛwom, a na nea ebefi mu aba biara mfa ho. Ɔkyerɛkyerɛɛ nea ɛyɛe a onyaa ayaresa no mu, na ɔkyerɛɛ mu sɛ Yesu na ɔsaa no yare. Bere a ɔbarima a wɔasa no yare no ho dwiriw no sɛ nnipa atitiriw a wonim nhoma yi annye anni sɛ Yesu fi Onyankopɔn nkyɛn no, ɔde akokoduru hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonnye nokwasɛm no ntom: “Sɛ oyi mfi Nyankopɔn nkyɛn a, anka ɔrentumi nyɛ hwee.” Bere a na Farisifo no nhu nea wɔnka bio no, wɔyeyaw ɔbarima no sɛ ommu ade na wɔpam no fii hɔ.—Yohane 9:24-34.

21 Bere a Yesu tee eyi ho asɛm no, ofi ɔdɔ mu gyee bere hwehwɛɛ ɔbarima no. Bere a ohuu no no, ɔhyɛɛ gyidi a ɔbarima a bere bi na n’ani afura daa no adi no mu den. Yesu daa ne ho adi kyerɛɛ no pefee sɛ ɔne Mesia no. Hwɛ sɛnea wohyiraa saa ɔbarima no sɛ ɔkaa nokware! Nokwarem no, wɔn a wɔka nokware no wɔ Onyankopɔn anim dom.—Yohane 9:35-37.

22. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi nokware akyi?

22 Ɛsɛ sɛ yebu nokware a yebedi akyi no aniberesɛm. Ɛyɛ ade titiriw a ebetumi ama yɛne nnipa ne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa na yɛakura mu. Sɛ́ yebedi nokware no kyerɛ sɛ yemmuamua nsɛm so, yɛbɛyɛ nnipa a wodi mu, nnipa a wotumi bɛn yɛn na afoforo tumi de wɔn ho to yɛn so, na ɛno ma yenya Yehowa anim dom. (Dwom 15:1, 2) Sɛ́ yɛbɛyɛ atorofo no kyerɛ sɛ yɛbɛdaadaa afoforo, wontumi mfa wɔn ho nto yɛn so, yebedi atoro, na ɛno mma yennya Yehowa anim dom. (Mmebusɛm 6:16-19) Enti, fa yɛ wo botae sɛ wubedi nokware akyi. Nokwarem no, sɛ yebesuasua Onyankopɔn nokwaredifo no a, ɛsɛ sɛ yehu nokware no, yɛka nokware, na yɛde nokware no bɔ yɛn bra.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na yɛn ani betumi agye sɛ yenim nokware no?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Yehowa wɔ nokware a yebedi mu?

• Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ yɛbɛka Bible mu nokware akyerɛ afoforo?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yebedi nokware akyi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

Esiane sɛ wɔde Bible mu nokware no ahyɛ Kristofo nsa nti, wɔde nsi ka ho asɛm kyerɛ afoforo

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Wohyiraa onifuraefo a Yesu saa no yare no kɛse esiane sɛ ɔkaa nokware nti