Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Yehowa maa awaredodow ho kwan wɔ ne nkoa, tete Israelfo no mu, nanso seesei de, ɔmma hokwan saa. So ne gyinapɛn tumi sesa?

Yehowa nsesaa n’adwene wɔ awaredodow ho. (Dwom 19:7; Malaki 3:6) Ná ɛnka ne mfitiase nhyehyɛe ma nnipa no ho, na seesei nso ɛnka ho. Bere a Yehowa bɔɔ Hawa maa Adam sɛ ɔyere no, ɔkae sɛ Onyankopɔn gyinapɛn ne sɛ okunu nnya ɔyere biako. “Ne saa nti na ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.”—Genesis 2:24.

Bere a Yesu Kristo wɔ asase so no, otii saa gyinapɛn yi mu wɔ ne mmuae a ɔde maa wɔn a wobisaa no awaregu ne ware a wɔsan ware ho asɛm no mu. Ɔkae sɛ: “Monkanee sɛ efi mfiase no, nea ɔbɔɔ nnipa no, ɔbarima ne ɔbea na ɔyɛɛ wɔn, na ɔkae sɛ: Eyi nti na onipa begyaw agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro? Enti wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro.” Yesu de kaa ho sɛ: “Enti, mise mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware.” (Mateo 19:4-6, 9) Ɛda adi pefee wɔ eyi mu sɛ, sɛ obi ware ɔyere biako anaa nea ɛboro saa ka ne yere ho a, ɛno nso yɛ awaresɛe.

Ɛnde dɛn nti na wɔmaa awaredodow ho kwan wɔ tete mmere no mu? Ma ɛntra w’adwenem sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔma efii ase. Nea wodii kan bɔɔ ne din wɔ Bible no mu sɛ ɔware boroo biako ne Kain aseni Lamek. (Genesis 4:19-24) Bere a Yehowa de Nsuriyi no bae wɔ Noa bere so no, na Noa ne ne mmabarima baasa no mu biara wɔ ɔyere biako. Wɔsɛee wɔn a na wɔaware mmea pii no nyinaa wɔ Nsuriyi no mu.

Ɛwom sɛ bere a Yehowa paw Israelfo sɛ ne nkurɔfo wɔ mfehaha bi akyi no na awaredodow kɔ so wɔ wɔn mu dedaw de, nanso ɛda adi sɛ na ɔyere biako aware abu so wɔ hɔ. Onyankopɔn anhwehwɛ sɛ wɔtetew mmusua a na ɔyerenom a wɔwom boro biako no mu. Mmom, ɔmaa wɔn akwankyerɛ a emu yɛ den wɔ nneyɛe no ho.—Exodus 21:10, 11; Deuteronomium 21:15-17.

Ɛnyɛ nea Yesu ka faa Yehowa mfitiase gyinapɛn ma aware ho no mu nko na yehu sɛ awaredodow ho kwan a wɔmae no yɛ bere tiaa mu ade, na mmom yehu nso wɔ nea Onyankopɔn de honhom kronkron kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee no mu. Ɔkae sɛ: “Ɔbarima biara nnya n’ankasa ne yere, na ɔbea biara nnya n’ankasa ne kunu.” (1 Korintofo 7:2) Wɔsan de honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara a wɔbɛpaw no wɔ Kristofo asafo no mu sɛ ɔhwɛfo anaasɛ asafo mu ɔsomfo no yɛ “ɔyere biako kunu.”—1 Timoteo 3:2, 12; Tito 1:6.

Enti awaredodow ho kwan a Yehowa mae no baa awiei bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no. Saa bere no, wɔsan de mfitiase aware gyinapɛn a na ɛwɔ hɔ bere a Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea no sii hɔ bio: okunu biako, ɔyere biako. Ɛno ne gyinapɛn a ɛwɔ hɔ nnɛ wɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa mu.—Marko 10:11,12; 1 Korintofo 6:9, 10.