Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Hwɛ! Yɛn Nyankopɔn Ni’

‘Hwɛ! Yɛn Nyankopɔn Ni’

‘Hwɛ! Yɛn Nyankopɔn Ni’

Nsɛm a yɛasusuw ho wɔ adesua nsɛm abien yi mu no gyina Bɛn Yehowa nhoma a woyii no adi wɔ amantam nhyiam a wɔyɛe wɔ wiase nyinaa wɔ 2002 ne 2003 mu no so.—Hwɛ asɛm “Edii Me Komam Ahiade Bi Ho Dwuma” a efi ase wɔ kratafa 20 no.

‘Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani daa no so sɛ obegye yɛn no ni; Yehowa ni.’—YESAIA 25:9.

1, 2. (a) Yehowa frɛɛ tete agya Abraham dɛn, na dɛn na eyi betumi ama yɛasusuw? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ yebetumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den?

“M’ADAMFO.” Saa na Yehowa, ɔsoro ne asase Bɔfo no frɛɛ tete agya Abraham. (Yesaia 41:8) Susuw ho hwɛ—sɛ́ onipa desani ne Amansan Hene bɛfa adamfo! Ebia wobesusuw sɛ, ‘So metumi abɛn Onyankopɔn yiye saa?’

2 Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ yebetumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den saa. Abraham ne no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den saa efisɛ ‘onyaa Yehowa mu gyidi.’ (Yakobo 2:23) Ɛnnɛ nso, Yehowa ne ‘tẽefo di atirimsɛm.’ (Mmebusɛm 3:32) Bible hyɛ yɛn nkuran wɔ Yakobo 4:8 sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” Ɛda adi pefee sɛ, sɛ yɛyɛ biribi a ɛbɛma yɛabɛn Yehowa a, ɔbɛyɛ ho biribi. Nokwarem no, ɔbɛbɛn yɛn. Nanso, so saa nsɛm a efi honhom mu yi kyerɛ sɛ yɛn—nnipa abɔnefo a yɛnyɛ pɛ no—na yedi kan tu anammɔn? Dabida. Nea ama yetumi ne Yehowa di atirimsɛm ne sɛ yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ dɔ no adi kan afa akwan atitiriw abien so dedaw.—Dwom 25:14.

3. Akwan abien bɛn na Yehowa afa so a ama ayɛ yiye sɛ yɛne no bɛfa adamfo?

3 Nea edi kan no, Yehowa yɛɛ nhyehyɛe maa Yesu ‘de ne kra bɛyɛɛ agyede maa nnipa pii.’ (Mateo 20:28) Saa agyede afɔre no ma ɛyɛ yiye sɛ yɛbɛbɛn Onyankopɔn. Bible ka sɛ: “Yɛdɔ, efisɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kan.” (1 Yohane 4:19) Yiw, esiane sɛ Onyankopɔn “na ɔdɔɔ yɛn kan” nti, ɔno na ɔyɛɛ nhyehyɛe a yɛnam so ne no bɛfa adamfo no. Nea ɛto so abien no, Yehowa ayi ne ho adi akyerɛ yɛn. Wɔ adamfofa biara mu no, nea ɛma wɔbɛn kɛse no gyina hu a wohu obi yiye, na wonya obu ma ne su ahorow a ɛda nsow ne n’akwan no so. Susuw nea eyi kyerɛ ho hwɛ. Sɛ anka Yehowa yɛ obi a wahintaw, Onyankopɔn a yennim no a, anka yentumi mmɛn no da. Nanso, sɛ́ anka Yehowa de ne ho behintaw no, ɔpɛ sɛ yebehu no. (Yesaia 45:19) Ɔda ne ho adi wɔ N’asɛm Bible mu wɔ ɔkwan bi a yebetumi ate ase so—adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ ɔdɔ nko na ɔdɔ yɛn na mmom ɔpɛ sɛ yehu no na yɛdɔ no sɛ yɛn soro Agya nso.

4. Sɛ yehu Yehowa su ahorow no yiye a, yɛbɛte nka dɛn wɔ ne ho?

4 So woahu sɛ abofra ketewaa bi ateɛ ne nsa akyerɛ ne papa so de anigye ne obu a edi mũ aka akyerɛ ne nnamfo sɛ, “Me papa ni” pɛn? Onyankopɔn asomfo wɔ biribiara a wobegyina so ate nka saa ara wɔ Yehowa ho. Bible hyɛ bere bi a nnipa anokwafo bɛteɛm sɛ: ‘Hwɛ! Yɛn Nyankopɔn ni’ ho nkɔm. (Yesaia 25:8, 9) Dodow a yɛte Yehowa su ahorow ase no, dodow no ara na yɛbɛte nka sɛ yɛwɔ Agya ne Adamfo pa a oye sen biara. Yiw, Yehowa su ahorow a yɛbɛte ase no ma yenya nneɛma pii a yebegyina so abɛn no. Enti ma yɛnhwehwɛ sɛnea Bible da nea yebetumi afrɛ no Yehowa su atitiriw—ne tumi, n’atɛntrenee, ne nyansa, ne ne dɔ—no mu. Yebesusuw saa su ahorow yi mu abiɛsa a edi kan no ho wɔ asɛm yi mu.

“Tumi mu Ɔkɛse”

5. Dɛn nti na ɛfata sɛ Yehowa nkutoo na wɔfrɛ no “Ade Nyinaa so Tumfoɔ,” na akwan bɛn so na ɔde ne tumi kɛse no di dwuma?

5 Yehowa yɛ “tumi mu ɔkɛse.” (Hiob 37:23) Yeremia 10:6 ka sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, [Yehowa, NW]; wo na woyɛ kɛse, na wo din nso sõ, mmaninyɛ mu.” Nea ɛnte sɛ abɔde biara no, Yehowa wɔ tumi a enni ano. Esiane saa nti, ɔno nkutoo na wɔfrɛ no “Ade Nyinaa so Tumfoɔ.” (Adiyisɛm 15:3) Yehowa de ne tumi kɛse no bɔ ade, sɛe ade, bɔ ade ho ban, na ɔde siesie ade. Susuw nhwɛso abien pɛ ho—ne tumi a ɔde bɔ ade ne ne tumi a ɔde bɔ nneɛma ho ban.

6, 7. Owia tumi te dɛn, na nokwasɛm titiriw bɛn na edi ho adanse?

6 Sɛ wugyina abɔnten ahohuru bere a owia abɔ denneennen a, wote nka dɛn wɔ wo were mu? Ɔhyew a efi owia no mu. Nanso, ɛyɛ Yehowa adebɔ tumi ankasa na wote no. Owia ano yɛ den dɛn? Ɔhyew a ɛwɔ ne mfinimfini no bɛyɛ digrii Celsius ɔpepem 15. Sɛ wubu owia no mfinimfini fã bi a ne kɛse te sɛ akoroteaa ti ba asase yi so ha a, wuntumi mmɛn saa ade ketewaa a ɛyɛ hyew no kilomita 140! Anibu biara mu no, tumi a efi owia mu ba no ne nuklea atopae ɔpepehaha pii mu tumi yɛ pɛ. Nanso, asase no twa nuklea fononoo nwonwaso no ho hyia wɔ beae bi a ɛma ntam kwan no yɛ nea ɛfata. Sɛ asase bɛnee ɛho pii a, anka ɛso nsu bɛyow; sɛ ɛkɔɔ akyiri pii nso a, anka asase nyinaa bɛdan nsukyenee. Sɛ ɛbɛn no pii anaasɛ ɛkɔ akyiri pii a anka nkwa ntumi ntra so.

7 Ɛwom sɛ nnipa pii nkwa ankasa gyina owia no so de, nanso wobu wɔn ani gu so. Enti, wɔhwere nneɛma a yebetumi asua afa owia ho no. Dwom 74:16 ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Wo na woasiesie akanea ne owia.” Yiw, owia no hyɛ Yehowa, ‘ɔsoro ne asase yɛfo’ no anuonyam. (Dwom 146:6) Ɛno mpo no, ɛyɛ abɔde a enni ano a ɛma yehu Yehowa tumi kɛse no mu biako pɛ. Dodow a yesua Yehowa adebɔ tumi ho ade no, dodow no ara na obu a yɛwɔ ma no no yɛ kɛse.

8, 9. (a) Nsɛm a ɛka koma bɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛbɔ n’asomfo ho ban na wahwɛ wɔn? (b) Ɔhwɛ bɛn na na Bible mu guanhwɛfo de ma ne nguan, na dɛn na eyi kyerɛkyerɛ yɛn fa yɛn Guanhwɛfo Kɛse no ho?

8 Yehowa de ne tumi kɛse no bɔ n’asomfo ho ban hwɛ wɔn so nso. Bible no de nsɛm bi a emu da hɔ, na ɛka koma, di dwuma de kyerɛkyerɛ Yehowa bɔhyɛ ahorow a ɛfa ne hwɛ a ɔdɔ wom ho no mu. Sɛ nhwɛso no, hyɛ Yesaia 40:11 nsow. Yehowa de ne ho toto Oguanhwɛfo ho, na ɔde ne nkurɔfo toto nguan ho wɔ hɔ. Yɛkenkan sɛ: “Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.” So wubetumi ayɛ nea wɔka ho asɛm wɔ saa nkyekyɛm yi mu no ho mfonini wɔ w’adwene mu?

9 Mmoa kakraa bi pɛ na wontumi mmɔ wɔn ho ban te sɛ nguan. Ná ɛsɛ sɛ Bible mmere mu guanhwɛfo nya akokoduru de bɔ ne nguan ho ban fi mpataku, asisi, ne agyata mpo ho. (1 Samuel 17:34-36; Yohane 10:10-13) Nanso, mmere bi wɔ hɔ a na nguan no ho ban a wɔbɛbɔ na wɔahwɛ wɔn no hwehwɛ sɛ wɔyɛ wɔn brɛbrɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛ oguan bi wo wɔ baabi a ɛmmɛn nguankuw no a, ɔkwan bɛn so na na oguanhwɛfo pa no bɛhwɛ oguammaa a onni ahoɔden no so ma asiane biara anto no? Na otumi soa no ne “kokom” nna bi—wɔ ne soro atade a wahodwo no mu. Nanso, ɔkwan bɛn so na na oguammaa kumaa no kodu oguanhwɛfo no kokom? Ebetumi aba sɛ oguammaa no bɛkɔ oguanhwɛfo no nkyɛn na ɔde ne ho atwitwiw ne nan ho. Nanso, ɛyɛ oguanhwɛfo no na ɛsɛ sɛ ɔbɔ ne mu ase fa oguammaa no, na ɔde no to ne kokom brɛoo. Ɔpɛ a yɛn Guanhwɛfo Kɛse no wɔ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban ayɛ yɛn brɛbrɛ ho nhwɛso bɛn ara ni!

10. Ahobammɔ bɛn na Yehowa de ma nnɛ, na dɛn nti na ahobammɔ a ɛte saa ho hia titiriw?

10 Yehowa ayɛ nea ɛsen ahobammɔ ho bɔhyɛ ara kwa. Wɔ Bible mmere mu no, ɔdaa no adi anwonwakwan so sɛ otumi ‘yi wɔn a wɔde fɛre som no fi sɔhwɛ mu.’ (2 Petro 2:9) Na ɛnnɛ nso ɛ? Yenim sɛ ɔmfa ne tumi mmɔ yɛn ho ban mfi amanehunu nyinaa ho nnɛ. Nanso, ɔma yɛn biribi a ɛho hia paa—honhom fam ahobammɔ. Yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ dɔ no bɔ yɛn ho ban fi honhom fam haw ho denam nea ehia a ɔde ma yɛn a ebetumi ama yɛagyina sɔhwɛ ahorow ano na yɛabɔ yɛne ne ntam abusuabɔ ho ban no so. Sɛ nhwɛso no, Luka 11:13 ka sɛ: ‘Sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa honhom kronkron mma wɔn a wobisa no?’ Saa tumi a ɛsen biara no betumi ama yɛagyina sɔhwɛ anaa ɔhaw biara a yebehyia ano. (2 Korintofo 4:7) Enti ɛnyɛ mfe kakraa bi na Yehowa yɛ ade de bɔ yɛn nkwa ho ban, na mmom ɔbɔ ho ban daa. Bere a saa anidaso no wɔ yɛn adwenem no, yebetumi abu nhyehyɛe yi mu amanehunu biara sɛ ‘ɛyɛ mprempren de a ɛyɛ hare.’ (2 Korintofo 4:17) So ɛntwe yɛn mmɛn Onyankopɔn a ofi ɔdɔ kɛse mu de ne tumi di dwuma ma yɛn no?

“Yehowa Dɔ Atɛntrenee”

11, 12. (a) Dɛn nti na Yehowa atɛntrenee twe yɛn bɛn no? (b) Dɛn na Dawid ka faa Yehowa atɛntrenee ho, na ɔkwan bɛn so na nsɛm a efi honhom mu yi betumi akyekye yɛn werɛ?

11 Yehowa yɛ nea ɛteɛ, na ɔkɔ so yɛ saa bere nyinaa a ɔnyɛ nyiyim. Onyankopɔn atɛntrenee nyɛ anuonyampɛ su a ɛpam yɛn, na mmom ɛyɛ su a ɔdɔ wom a ɛma yɛbɛn Yehowa. Bible ka saa su yi ho asɛm a ɛka koma pefee. Ɛnde, afei, momma yensusuw akwan abiɛsa a Yehowa fa so da n’atɛntrenee adi ho.

12 Nea edi kan, Yehowa atɛntrenee ka no ma odi n’asomfo nokware. Odwontofo Dawid behuu Yehowa atɛntrenee ho ade yi. Dɛn na Dawid fi n’ankasa suahu ne Onyankopɔn akwan ho ade a osuae mu kae? Ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] dɔ [atɛntrenee, NW], na ɔrennyaw n’ahotefo. Ɔhwɛ wɔn so daa.” (Dwom 37:28) Awerɛhyem a awerɛkyekye wom bɛn ara ni! Yɛn Nyankopɔn rennyaw wɔn a wodi no nokware no da. Enti yebetumi de yɛn ho ato n’abusuabɔ ne n’adɔe so. N’atɛntrenee na ɛma yenya eyi mu ahotoso!—Mmebusɛm 2:7, 8.

13. Ɔkwan bɛn so na sɛnea Yehowa dwen mmɔborɔfo ho no daa adi wɔ Mmara a ɔde maa Israel no mu?

13 Nea ɛto so abien no, Onyankopɔn atɛntrenee di amanehunufo ahiade ho dwuma. Sɛnea Yehowa dwen ahiafo ho no da adi wɔ Mmara a ɔde maa Israel no mu. Sɛ nhwɛso no, Mmara no yɛɛ nhyehyɛe a na ɛbɛma wɔahwɛ nyisaa ne akunafo. (Deuteronomium 24:17-21) Bere a Yehowa ankasa huu sɛnea na asetra betumi ayɛ den ama mmusua a ɛte saa no, ɔbɛyɛɛ wɔn agya Temmufo ne Bammɔfo. (Deuteronomium 10:17, 18) Ɔbɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ sɛ wosisi mmea ne mmofra a wonni ahobammɔ no a, obetie saafo no sufrɛ. Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Exodus 22:22-24 no, ɔkae sɛ: ‘M’abufuw ano bɛyɛ den.’ Bere a abufuw nka Onyankopɔn su atitiriw ho no, sɛ wɔhyɛ da bu ntɛnkyea, titiriw sɛ wobu tia ahiafo ne wɔn a wonni ɔboafo a, ɛka no ma ɔfa abufuw trenee so.—Dwom 103:6.

14. Dɛn na ɛyɛ nnipa anim a Yehowa nhwɛ no ho adanse a ɛda nsow?

14 Nea ɛto so abiɛsa no, Bible ma yɛn awerɛhyem wɔ Deuteronomium 10:17 sɛ, Yehowa ‘nhwɛ nnipa anim na onnye adanmude.’ Esiane sɛ Yehowa nte sɛ nnipa pii a wɔwɔ tumi anaa nkɛntɛnso no nti, honam fam ahonyade anaa ɔhonam ani hwɛbea nnya no so nkɛntɛnso. Ɔnhwɛ nnipa anim na ɔnyɛ nyiyim koraa. Adanse a edi mũ ankasa a ɛkyerɛ sɛ ɔnhwɛ nnipa anim ni: Ɛnyɛ nnipa atitiriw kakraa bi pɛ na wobetumi abɛyɛ ne nokware asomfo, na wɔahwɛ kwan sɛ wobenya nkwa a enni awiei. Mmom no, Asomafo no Nnwuma 10:34, 35 ka sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” Anidaso a ɛyɛ anigye yi ho kwan wɔ hɔ ma obiara, a asetram gyinabea, honam ani hwɛbea, anaa ɔman a wɔte mu mfa ho. So ɛno nyɛ atɛntrenee ankasa a eye sen biara? Nokwarem no, Yehowa atɛntrenee ase a yɛbɛte no twe yɛn bɛn no!

‘O Onyankopɔn Nyansa Bun a Emu Dɔ!’

15. Dɛn ne nyansa, na ɔkwan bɛn so na Yehowa da no adi?

15 Biribi kaa ɔsomafo Paulo ma ɔteɛɛm kaa asɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Romafo 11:33 no: ‘O Onyankopɔn nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ!’ Yiw, sɛ yesusuw Yehowa nyansa a ɛdɔɔso no afã horow ho a, ɛma yɛn ho dwiriw yɛn. Nanso, ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛkyerɛ saa su yi mu? Nyansa ka nimdeɛ, nhumu, ne ntease bom na ɛde yɛ adwuma. Yehowa gyina ne nimdeɛ a ɛdɔɔso ne ne ntease a emu dɔ so sisi gyinae a eye sen biara bere nyinaa, na odi ho dwuma denam ɔkwan a obiara ntumi nsusuw ho da so.

16, 17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa abɔde ahorow di ne nyansa a enni ano no ho adanse? Ma nhwɛso.

16 Yehowa nyansa a enni ano no ho adanse pɔtee no bi ne dɛn? Dwom 104:24 ka sɛ: “[Yehowa, NW], wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma.” Nokwarem no, dodow a yesua nneɛma a Yehowa ayɛ ho ade no, dodow no ara na ɛma yɛn ho dwiriw yɛn. Hwɛ, nyansahufo ahu nneɛma pii afi Yehowa abɔde ho ade a wosua no mu! Wɔ mfiridwuma mu mpo no, wɔwɔ afã bi a wɔnam so suasua adebɔ mu adwinni.

17 Sɛ nhwɛso no, ebia woagyen w’ani ahwɛ sɛnea ananse ntontan yɛ fɛ no ma wo ho adwiriw wo pɛn. Ɛyɛ adwinni a ɛyɛ nwonwa ankasa. Emu nhama a ɛte sɛ nea ɛyɛ mmerɛw no bi yɛ den sen dade, na ɛyɛ twann sen nhama a wɔde nnwene akotade a tuo aboba ntumi mfa mu no mu nhama. Dɛn na ɛno kyerɛ ankasa? Susuw ananse ntontan a wɔannwen ma ne kɛse ayɛ sɛ asawu a wɔde di dwuma wɔ ahyɛmma a wɔde yi mpataa mu ho hwɛ. Ntontan a ɛte saa no mu bɛyɛ den araa ma ebetumi akyere wimhyɛn a wɔde fa nnipa no wɔ wim! Yiw, “nyansa mu” na Yehowa ayɛ nneɛma a ɛtete saa nyinaa.

18. Ɔkwan bɛn so na yehu Yehowa nyansa wɔ nnipa a ɔde wɔn dii dwuma ma wɔkyerɛw N’asɛm, Bible, no mu?

18 Yebetumi ahu Yehowa nyansa ho adanse a ɛsen biara afi N’asɛm Bible no mu. Emu afotu a nyansa wom no kyerɛ ɔkwan a eye sen biara a yɛbɛfa so atra ase ankasa. (Yesaia 48:17) Na yehu Yehowa nyansa a ɛso bi nni no nso wɔ ɔkwan a wɔfaa so kyerɛw Bible no mu. Ɔkwan bɛn so? Yehowa nam ne nyansa so de nnipa dii dwuma ma wɔkyerɛw N’asɛm no. Sɛ ɔde abɔfo dii dwuma ma wɔkyerɛw Asɛm a efi honhom mu no a, so anka yɛn ani begye Bible no ho saa ara? Nokwarem no, anka abɔfo betumi afi wɔn adwene a ɛkorɔn no mu aka Yehowa ho asɛm, na wɔaka ahofama a wɔwɔ ma no no ho asɛm de. Nanso, so anka yebetumi ate honhom abɔde a wɔyɛ pɛ na wɔn nimdeɛ, wɔn suahu, ne wɔn ahoɔden boro yɛn de so koraa no nsusuwii no ase ankasa?—Hebrifo 2:6, 7.

19. Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ nnipa a Onyankopɔn de wɔn dii dwuma ma wɔkyerɛw Bible no ma ɛyɛ nea yɛn ani gye ho kɛse?

19 Nnipa a wɔde wɔn dii dwuma ma wɔkyerɛw Bible no ma ɛyɛ nea yɛn ani gye ho kɛse. N’akyerɛwfo no yɛ nnipa a na wɔwɔ nkate te sɛ yɛn ara. Esiane sɛ wɔnyɛ pɛ nti, wohyiaa sɔhwɛ ne nhyɛso ahorow te sɛ yɛn de yi ara. Wɔ nsɛm bi mu no, wɔkyerɛw wɔn ankasa nkate ne wɔn amanehunu ho asɛm. (2 Korintofo 12:7-10) Enti wɔkyerɛw nsɛm a ɔbɔfo biara ntumi nkyerɛw. Fa Dawid nsɛm a ɛwɔ Dwom 51 no sɛ nhwɛso. Sɛnea atifi asɛm no kyerɛ no, bere a Dawid yɛɛ bɔne a anibere wom akyi no na ɔhyehyɛɛ saa dwom yi. Ɔkaa ne komam asɛm wom, daa awerɛhow kɛse a na odi wɔ mfomso no ho adi srɛɛ Onyankopɔn hɔ bɔne fafiri. Nkyekyɛm 2 ne 3 ka sɛ: “Hohoro me ho fi m’amumɔyɛ mu koraa, na prapra me ho fi me bɔne mu. Na me mmarato no, mahu, na me bɔne wɔ m’anim daa yi.” Hyɛ nkyekyɛm 5 no nsow: “Hwɛ, wɔwoo me amumɔyɛ mu, na bɔne mu na me nã nyinsɛn me.” Nkyekyɛm 17 de ka ho sɛ: “Onyankopɔn afɔre ne honhom a abubu; Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo.” So wuntumi nhu ɛyaw a na ɔkyerɛwfo no di no? So ɛnyɛ onipa a ɔnyɛ pɛ na obetumi ada nkate a ɛte saa adi?

20, 21. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛmfa ho sɛ wɔde nnipa dii dwuma ma wɔkyerɛw Bible no, ɛyɛ Yehowa nyansa na ɛwom? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

20 Nnipa a wɔnyɛ pɛ a Yehowa de wɔn dii dwuma no maa yɛn nsa kaa nea yehia ankasa—kyerɛwtohɔ a ‘efi Onyankopɔn home mu’ nanso ekura nsɛm a nnipa tumi te ase. (2 Timoteo 3:16) Yiw, honhom kronkron na ɛkyerɛɛ saa akyerɛwfo no kwan. Enti Yehowa nyansa na wɔkyerɛwee, ɛnyɛ wɔn ankasa nsɛm. Saa nyansa no yɛ pɛ a wotumi de ho to so koraa. Ɛboro yɛn ankasa nyansa so koraa ma enti Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran ɔdɔ mu sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” (Mmebusɛm 3:5, 6) Yɛnam saa afotu a nyansa wom a yetie no so bɛn yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ nyansa nyinaa wura no kɛse.

21 Yehowa su ahorow a ɛyɛ anigye no mu nea ɛsen biara ne ɔdɔ. Yebesusuw sɛnea Yehowa ada ɔdɔ adi no ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wubetumi Akae?

Akwan bɛn na Yehowa afa so a ɛbɛma yɛatumi ne no adi atirimsɛm?

Yehowa adebɔ tumi ne ne tumi a ɛbɔ nneɛma ho ban no nhwɛso ahorow no bi ne dɛn?

Akwan bɛn so na Yehowa da n’atɛntrenee adi?

Ɔkwan bɛn so na yehu Yehowa nyansa wɔ nneɛma a wabɔ ne Bible mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Te sɛ oguanhwɛfo a oturu oguammaa ne kokom no, Yehowa hwɛ Ne nguan wɔ ɔdɔ mu

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Yehu Yehowa nyansa wɔ ɔkwan a wɔfaa so kyerɛw Bible no mu