Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ayeyi Afɔre Ahorow A Ɛsɔ Yehowa Ani

Ayeyi Afɔre Ahorow A Ɛsɔ Yehowa Ani

Ayeyi Afɔre Ahorow A Ɛsɔ Yehowa Ani

“Momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani.”—Romafo 12:1.

1. Dɛn na Bible no ka de kyerɛ sɛ afɔre ahorow a wɔbɔe wɔ Mose Mmara no ase no ntumi mmoa adesamma daa?

SƐ MMARA no kura nnepa a ɛbɛba no sunsuma na ɛnyɛ nneɛma no suban ankasa nti, entumi mfa afɔre koro no ara a wɔbobɔ no afe afe nyɛ wɔn a wɔba no pɛ da.” (Hebrifo 10:1) Ɔsomafo Paulo kaa no pen sii so dua sɛ ɛdefa adesamma nkwagye ho no, afɔre ahorow a wɔbɔe wɔ Mose Mmara ase no rentumi mmoa adesamma daa.—Kolosefo 2:16, 17.

2. Dɛn nti na ɛnyɛ adwumayɛ hunu sɛ yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte Mmara no mu ayɛyɛde ne afɔre ahorow no mu nsɛm pii a ɛwɔ Bible mu no ase?

2 So eyi kyerɛ sɛ asɛm a ɛwɔ Pentateuch no mu a ɛfa ayɛyɛde ne afɔrebɔ ho no ho nni Kristofo mfaso biara nnɛ? Nokwasɛm ne sɛ, wɔ nea ɛboro afe kakra mu no, wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu mu wɔ Yehowa Adansefo asafo horow a ɛwɔ wiase nyinaa mu no akenkan Bible mu nhoma anum a edi kan no awie nnansa yi ara. Ebinom abɔ mmɔden akenkan ate emu nsɛm no nyinaa ase. So mmɔden a wɔbɔe no nyinaa ayɛ ɔkwa? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnte saa, efisɛ “biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn kyerɛkyerɛ sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.” (Romafo 15:4) Ɛnde asɛmmisa no ne sɛ, ‘Nkyerɛkyerɛ’ ne “awerɛkyekye” bɛn na yebetumi anya afi Mmara no mu nsɛm a ɛfa ayɛyɛde ne afɔre ahorow ho no nyinaa mu?

Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn Nkyerɛkyerɛ ne Awerɛkyekye

3. Ade titiriw bɛn na yehia?

3 Ɛwom sɛ wɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛbɔ afɔre ankasa sɛnea wɔkaa ho asɛm wɔ Mmara no mu de, nanso yɛda so ara hia nea afɔre ahorow no yɛ maa Israelfo no kosi baabi, a ɛne sɛ wɔde yɛn bɔne befiri yɛn na yɛanya Onyankopɔn anim dom. Esiane sɛ yɛmmɔ afɔre ankasa bio nti, yɛbɛyɛ dɛn anya mfaso horow a ɛte saa? Bere a Paulo kyerɛkyerɛɛ sɛnea na mmoa afɔrebɔ tɔ sin mu wiei no, ɔkae sɛ: “[Yesu reba] wiase no, ɔka sɛ: Afɔre ne ayɛyɛde, woampɛ, ɔhonam na wɔasiesie de ama me. Ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre ansɔ w’ani. Ɛno na mekae sɛ: Hwɛ, mereba, wɔakyerɛw me ho asɛm wɔ nhoma mmobɔwee no mu sɛ merebɛyɛ nea wo, Onyankopɔn, wopɛ.”—Hebrifo 10:5-7.

4. Ɔkwan bɛn so na Paulo ka Dwom 40:6-8 hɔ asɛm no fa Yesu Kristo ho?

4 Paulo refa Dwom 40:6-8 hɔ asɛm aka no, ɔkae sɛ Yesu amma sɛ ɔrebɛhyɛ “afɔrebɔ ne ayɛyɛde,” “ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre,” a ebeduu bere a Paulo kyerɛw ne nsɛm no, na ɛnsɔ Onyankopɔn ani bio, no mu den. Mmom no Yesu de honam a ne soro Agya no asiesie, nea na ɛne nea Onyankopɔn siesiei bere a Ɔbɔɔ Adam no yɛ pɛ na ɛbae. (Genesis 2:7; Luka 1:35; 1 Korintofo 15:22, 45) Sɛ́ Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ no, na Yesu wɔ ɔbea no ‘aseni’ no dibea mu, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Genesis 3:15 no. Na ɔbɛyɛ ade de ‘apɛtɛw Satan ti’ ɛmfa ho sɛ na ‘wɔbɛka’ Yesu ankasa ‘nantin’ no. Saa kwan yi so no, Yesu bɛyɛɛ nea Yehowa nam ne so begye adesamma nkwa sɛnea gyidifo a wofi Habel bere so hwɛɛ kwan no.

5, 6. Ɔkwan a ɛkorɔn a wɔde kɔ Onyankopɔn anim bɛn na Kristofo anya?

5 Paulo reka dwuma titiriw a Yesu dii yi ho asɛm no, ɔka sɛ: “Nea onnim bɔne no, ɔde ne ho yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee, ɔno mu.” (2 Korintofo 5:21) Wobetumi akyerɛ asɛm “ɔde ne ho yɛɛ bɔne” no ase nso sɛ “wɔde ayɛ bɔne ho afɔre.” Ɔsomafo Yohane ka sɛ: “Ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.” (1 Yohane 2:2) Enti, bere a na Israelfo no wɔ bere tiaa mu kwan a wɔfa so kɔ Onyankopɔn anim denam wɔn afɔre ahorow so no, Kristofo wɔ nnyinaso a ɛkorɔn a wɔnam so kɔ Onyankopɔn anim—Yesu Kristo afɔrebɔ no. (Yohane 14:6; 1 Petro 3:18) Sɛ yɛkyerɛ agyede afɔre a Onyankopɔn ama yɛanya no mu gyidi na yetie No a, wobetumi de yɛn nso yɛn bɔne afiri yɛn na yɛanya Onyankopɔn anim dom ne ne nhyira. (Yohane 3:17, 18) So ɛno nyɛ awerɛkyekye? Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛwɔ agyede afɔrebɔ no mu gyidi?

6 Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Kristofo wɔ nnyinaso a ɛkorɔn a yɛnam so kɔ Onyankopɔn anim akyi no, ɔkyerɛɛ akwan abiɛsa a yebetumi afa so akyerɛ gyidi ne anisɔ ama nsiesiei a ɔdɔ wom a Onyankopɔn de ama yɛn no mu sɛnea yɛkenkan wɔ Hebrifo 10:22-25 no. Ɛwom sɛ wɔn a na ‘wobetumi akɔ kronkron mu’—kyerɛ sɛ, Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ ɔsoro frɛ no, titiriw na na Paulo afotu no fa wɔn ho de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ sɛ adesamma nyinaa pɛ sɛ wonya Yesu agyede afɔrebɔ no so mfaso a, ɛsɛ sɛ wotie Paulo nsɛm a efi honhom mu no.—Hebrifo 10:19.

Mommɔ Afɔre Ahorow a Ɛho Tew na Ɛho Nni Fĩ

7. (a) Ɔkwan bɛn so na Hebrifo 10:22 ma nea na wɔyɛ wɔ afɔrebɔ mu no da adi? (b) Dɛn na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔahwɛ ahu sɛ afɔre bi sɔ Onyankopɔn ani?

7 Nea edi kan no, Paulo hyɛ Kristofo nkuran sɛ: “Momma yɛmfa nokware koma wɔ gyidi a akyinnye nnim koraa mu mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn koma ho afi ahonim bɔne mu, na wɔde nsu kronn aguare wɔn nipadua.” (Hebrifo 10:22) Kasa a wɔde dii dwuma wɔ ha no ma yehu nea na wɔyɛ wɔ afɔre a na wɔbɔ wɔ Mmara no ase mu no pɛpɛɛpɛ. Eyi fata efisɛ ansa na wobegye afɔre bi atom no, na ɛsɛ sɛ wɔde adwempa bɔ, na ɛyɛ biribi a ɛho tew na ɛho nni fĩ. Ná aboa a wɔde bɔ afɔre no fi anantwi anaa nguankuw mu, na ofi mmoa a wɔn ho tew, na ‘wɔte apɔw’ a wonnii dɛm biara mu. Sɛ na afɔrebɔde no fi ntakraboa mu a, na ɛsɛ sɛ efi nturukuku anaa mmorɔnoma mma mu. Sɛ edu saa ahwehwɛde no ho a, ‘na ɛsɛ sɛ ɛsɔ ani ma no na ɛpata ma no.’ (Leviticus 1:2-4, 10, 14; 22:19-25) Ná mmɔkaw, a ɛyɛ amumɔyɛ ho sɛnkyerɛnne, biara nni aduan afɔre no mu; saa ara nso na na ɛnsɛ sɛ wɔde ɛwo, a ɛyɛ aduaba bi mu nsu a ebetumi ama akaw, gu mu. Sɛ wɔde afɔre ahorow no—aboa anaa aduan—ma wɔ afɔremuka no so a, na wɔde nkyene gu mu, sɛ ade a wɔde kora ade so.—Leviticus 2:11-13.

8. (a) Dɛn na na wɔhwehwɛ fi onipa a ɔrekɔbɔ afɔre no hɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ ahu sɛ yɛn som sɔ Yehowa ani?

8 Na onipa a ɔrebɔ afɔre no nso ɛ? Mmara no ka sɛ, ɛsɛ sɛ obiara a ɔba Yehowa anim no ho tew a ne ho nni fĩ. Ná ɛsɛ sɛ wɔn a esiane biribi nti wɔn ho agu fĩ no bɔ bɔne ho afɔre anaa asodi afɔre na ama wasan anya gyinabea pa wɔ Yehowa anim sɛnea ɛbɛyɛ na ne hyew afɔre anaa asomdwoe afɔre no asɔ N’ani. (Leviticus 5:1-6, 15, 17) Enti, so yɛahu hia a ehia sɛ yekura gyinabea a ɛho tew mu wɔ Yehowa anim bere nyinaa no? Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn som sɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm siesie mfomso biara a yedi wɔ Onyankopɔn mmara ho no. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm hwehwɛ mmoa a Onyankopɔn de ama no so mfaso—“asafo no mu mpanyimfo” ne “yɛn bɔne ho mpata,” Yesu Kristo.—Yakobo 5:14; 1 Yohane 2:1, 2.

9. Nsonsonoe titiriw bɛn na ɛwɔ afɔre ahorow a wɔbɔ maa Yehowa ne nea wɔbɔ maa atoro anyame no mu?

9 Nokwasɛm ni, adwene a wɔde si afídeyɛ biara a wobeyi wɔn ho afi ho so no ne nsonsonoe titiriw a na ɛda afɔre ahorow a wɔbɔ maa Yehowa ne nea aman a na wɔatwa Israel ho ahyia mufo no bɔ maa atoro anyame no mu. Bere a nhoma bi reka ade soronko yi a ɛfa afɔrebɔ ho wɔ Mose Mmara mu ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Yebetumi ahyɛ no nsow sɛ ɛne asumansɛm biara nni twaka; wɔbara ɔsom mu gyegyeegye, akam a wɔbobɔ wɔn ho, anaa ɔsom mu tuutuusi, abawo mu amanne a wofi nkate mu yɛ no koraa; wɔmfa nnipa mmɔ afɔre; wɔmmɔ afɔre biara mma awufo.” Eyinom nyinaa twe adwene si nokwasɛm biako so: Yehowa yɛ kronkron, na ɔmpene anaa ɔmfoa bɔne anaa amumɔyɛ biara so. (Habakuk 1:13) Ɛsɛ sɛ ɔsom ne afɔre ahorow a wɔbɔ ma no no ho tew—honam fam, abrabɔ fam, ne honhom fam.—Leviticus 19:2; 1 Petro 1:14-16.

10. Nea ɛne Paulo afotu a wɔakyerɛw wɔ Romafo 12:1, 2, hyia no, nhwehwɛmu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ yɛn ankasa asetra mu?

10 Esiane eyi nti, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu hwɛ wɔ yɛn asetra mu dwumadi nyinaa mu, na yɛhwɛ hu sɛ ɔsom a yɛde ma Yehowa no sɔ n’ani anaa. Ɛnsɛ sɛ yesusuw da sɛ bere tenten a yenya Kristofo nhyiam ahorow ne asɛnka mu kyɛfa no, nea yɛyɛ wɔ yɛn ankasa asetra mu biara mfa ho. Afei nso ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ Kristofo dwumadi a yɛde yɛn ho hyem no ma yenya hokwan bu yɛn ani agu hia a ehia sɛ yedi Onyankopɔn mmara so wɔ yɛn asetram nneɛma foforo mu no so. (Romafo 2:21, 22) Sɛ yɛma biribiara a Onyankopɔn bu no sɛ atantanne sɛe yɛn adwene ne yɛn nneyɛe a, yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ yebenya n’anim dom ne ne nhyira. Kae Paulo nsɛm no: “Enti, anuanom, migyina Onyankopɔn mmɔborohunu so mitu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no. Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.”—Romafo 12:1, 2.

Fi Koma Nyinaa Mu Bɔ Ayeyi Afɔre

11. Dɛn na asɛm “baguam mpaemuka” a wɔbɔɔ din wɔ Hebrifo 10:23 (NW) no san kyerɛ?

11 Bere a Paulo rekyerɛw Hebrifo no, ɔtwee adwene sii nokware som mu ade titiriw bi so nso: “Momma yenso anidaso asɛm a yegyina so ka [baguam mpaemuka, NW] no mu pintinn, efisɛ ɔnokwafo ne nea ɔhyɛɛ bɔ no.” (Hebrifo 10:23) Nea ‘baguam mpaemuka’ kyerɛ ara ne sɛ ‘wubedi biribi ho adanse akyerɛ,’ na Paulo ka “ayeyi afɔre” nso ho asɛm. (Hebrifo 13:15) Eyi ma yɛkae afɔre a mmarima te sɛ Habel, Noa, ne Abraham bɔe no.

12, 13. Dɛn na na Israelni gye tom bere a ɔbɔ ɔhyew afɔre no, na dɛn na yebetumi ayɛ de ada suban koro ara adi?

12 Sɛ Israelni bi bɔ ɔhyew afɔre a, na ofi ‘n’ankasa pɛ mu na ɔyɛ wɔ Yehowa anim.’ (Leviticus 1:3) Ɛdenam afɔrebɔ a ɛte saa so no, ofi ne pɛ mu ka no baguam, anaa ogye tom sɛ Yehowa hyira ne nkurɔfo na ɔyɛ wɔn adɔe bebree. Kae sɛ ade a ɛda nsow wɔ ɔhyew afɔre no ho ne sɛ na wɔhyew afɔrebɔde no nyinaa wɔ afɔremuka no so—ahofama ne ahosohyira a edi mũ koraa ho sɛnkyerɛnne a ɛfata. Saa ara nso na sɛ yefi yɛn pɛ mu ne yɛn koma nyinaa mu bɔ yɛn ‘ayeyi afɔre a ɛne anofafa’ a yɛde yi Yehowa ayɛ no a, yɛda gyidi a yɛwɔ wɔ agyede no mu ne anisɔ a yɛkyerɛ ma saa nsiesiei no adi.

13 Bere a Kristofo mfa aboa anaa aduan mmɔ ani so afɔre no, wɔwɔ asɛyɛde sɛ wodi Ahenni asɛmpa no ho adanse na wɔyɛ nkurɔfo Yesu Kristo asuafo. (Mateo 24:14; 28:19, 20) So wode hokwan a wunya no di dwuma de ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ baguam na ama nnipa pii atumi ahu nneɛma pa a Onyankopɔn de asie ama adesamma asoɔmmerɛfo no? So wufi wo pɛ mu de wo bere ne w’ahoɔden kyerɛkyerɛ anigyefo, boa wɔn ma wɔbɛyɛ Yesu Kristo asuafo? Nsiyɛ a yɛde nya asɛnka adwuma mu kyɛfa no te sɛ ɔhyew afɔre a eyi hua a ɛsɔ Onyankopɔn ani.—1 Korintofo 15:58.

Nya Wo ne Onyankopɔn ne Nnipa Ntam Fekubɔ mu Anigye

14. Ɔkwan bɛn so na Paulo nsɛm a ɛwɔ Hebrifo 10:24, 25 no ne adwene a ɛwɔ asomdwoe afɔre ho no di nsɛ?

14 Awiei koraa no, Paulo twe adwene si yɛne yɛn mfɛfo Kristofo ntam ayɔnkofa so bere a yɛsom Onyankopɔn no. “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom anya nyɛe, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:24, 25) Nsɛm “ɔdɔ ne nnwuma pa mu,” “yɛn ho yɛn ho nhyiam,” ne “yentutu yɛn ho yɛn ho fo” no nyinaa kae yɛn nea na asomdwoe afɔre a wɔbɔ wɔ Israel no yɛ ma Onyankopɔn nkurɔfo.

15. Nsɛdi bɛn na yehu wɔ asomdwoe afɔre ne Kristofo nhyiam ahorow mu?

15 Ɛtɔ mmere bi a wɔkyerɛ ‘adidi afɔre’ ase “asomdwoe afɔre.” Hebri asɛmfua “asomdwoe” a wɔde di dwuma wɔ ha no wɔ ne dodow kabea mu, a ebetumi aba sɛ ɛkyerɛ sɛ, afɔre a ɛtete saa a obi bɛbɔ no ma asomdwoe tra ɔne Onyankopɔn ne mfɛfo asomfo ntam. Ɛdefa asomdwoe afɔre ho no, nhomanimfo bi ka sɛ: “Nokwarem no, ná eyi yɛ bere a wɔne Apam Nyankopɔn no nya fekubɔ a ɛyɛ anigye ankasa, a na Ɔbɔ ne mu ase ba Israelfo nkyɛn ma wɔsom no Hɔho wɔ afɔre aduan no ase, sɛnea na Ɔsom wɔn Hɔho bere nyinaa no ara pɛ.” Eyi ma yɛkae Yesu bɔhyɛ yi: “Nea baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔn mfinimfini.” (Mateo 18:20) Bere biara a yɛkɔ Kristofo nhyiam ase no, yenya fekubɔ a ɛma denhyɛ, akwankyerɛ a ɛhyɛ nkuran, ne nim a yenim sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ yɛn ntam no mu mfaso. Ɛno ma Kristofo nhyiam yɛ nea ɛyɛ anigye na ɛhyɛ gyidi den ankasa.

16. Bere a asomdwoe afɔre no ho asɛm wɔ yɛn adwenem no, dɛn na ɛma Kristofo nhyiam ahorow ase yɛ anigye kɛse?

16 Wɔ asomdwoe afɔre mu no, na wɔde srade no nyinaa—nsono ho de, asaabo ho de, mmerɛbo so ntontan, ne dwonku, ne oguan no dua a srade wom no—bɔ afɔre ma Yehowa denam hyew a na wɔhyew ma efi wusiw wɔ afɔremuka no so so. (Leviticus 3:3-16) Na wobu srade no sɛ aboa no fã a ɛsom bo na eye sen biara. Ma a na wɔde ma wɔ afɔremuka so no yɛɛ nea na eye sen biara a wɔde ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne. Nea ɛma Kristofo nhyiam horow yɛ anigye titiriw ne sɛ ɛnyɛ akwankyerɛ nko na wɔde ma yɛn na mmom yeyi Yehowa ayɛ nso. Yɛyɛ eyi—denam—mmɔden biara a yebetumi so—de yɛn ho hyɛ dwonto mu, tie asɛm yiye, na yɛma mmuae bere a yebenya hokwan no. Odwontofo no teɛɛm sɛ: “Munyi [Yehowa, NW] ayɛ! Monto dwom foforo mma [Yehowa, NW], monka n’ayeyi, ahotefo asafo mu.”—Dwom 149:1.

Yehowa Nhyira a Ɛso Nni Da Yɛn Anim

17, 18. (a) Afɔre kɛse bɛn na Salomo bɔe bere a na wɔrebue asɔrefie no ano wɔ Yerusalem no? (b) Nhyira bɛn na ɔman no nya fii ade a wɔyɛe bere a na wɔrebue asɔrefie no ano no mu?

17 Bere a wɔrehyira Yerusalem asɔrefie no so wɔ ɔsram a ɛto so ason wɔ afe 1026 A.Y.B. mu no, Ɔhene Salomo ‘bɔɔ afɔre kɛse Yehowa anim,’ a na “ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne asomdwoe afɔre ho srade” ka ho. Wɔde anantwi 22,000 ne nguan 120,000 kaa aduan afɔre a wɔbɔe saa da no ho.—1 Ahene 8:62-65.

18 So wubetumi abu ɛka ne adwuma pii a wɔyɛe wɔ afɔrebɔ kɛse a ɛte saa no ho? Nanso, ɛda adi sɛ nhyira a Israelfo nyae no dɔɔso sen ɛka a wɔbɔe no koraa. Bere a wowiee afahyɛ no, Salomo ‘gyaa ɔman no kwan ma wɔkɔe; na wohyirahyiraa ɔhene, na wɔde papa a Yehowa ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel no nyinaa ho anigye ne koma pa sii mu kokɔɔ wɔn afie mu.’ (1 Ahene 8:66) Nokwarem no, sɛnea Salomo kae no, ‘Yehowa nhyira—ɛno na ɛyɛ ɔdefo, na ɔmfa ɛyaw biara nka ho.’—Mmebusɛm 10:22.

19. Dɛn na yebetumi ayɛ de anya nhyira a ɛso nni a efi Yehowa nkyɛn ɛnnɛ ne daa daa?

19 Yɛte bere a wɔde “suban ankasa” asi “nnepa a ɛbɛba no sunsuma” ananmu no mu. (Hebrifo 10:1) Yesu Kristo a ɔredi dwuma sɛ sɛnkyerɛnne kwan so Ɔsɔfo Panyin no ahyɛn ɔsoro ankasa dedaw de n’ankasa mogya a ɔde yɛɛ mpatade maa wɔn a wɔkyerɛ n’afɔrebɔ no mu gyidi no akɔma Onyankopɔn. (Hebrifo 9:10, 11, 24-26) Ɛdenam saa afɔrebɔ kɛse no, ne koma nyinaa mu a yebefi abɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre a ɛho tew na ɛho nni fĩ biara so no, yɛn nso yebetumi de “anigye ne koma pa” akɔ yɛn anim, bere a yɛhwɛ nhyira pii kwan fi Yehowa nkyɛn no.—Malaki 3:10.

Wubebua Dɛn?

• Akwankyerɛ ne awerɛkyekye bɛn na yebetumi anya afi Mmara no mu nsɛm a ɛfa afɔre ne ayɛyɛde ahorow ho no mu?

• Sɛ afɔre bi bɛsɔ ani a, dɛn ne ahwehwɛde a edi kan, na dɛn na ɛno kyerɛ ma yɛn?

• Dɛn na yebetumi de ama a yebetumi de atoto ɔhyew afɔre a wofi ɔpɛ mu bɔ no ho?

• Akwan bɛn so na yebetumi de Kristofo nhyiam ahorow atoto asomdwoe afɔre ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yehowa na ɔde Yesu agyede afɔre no mae maa adesamma nkwagye

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Sɛ yɛn som bɛsɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ yɛkwati biribiara a ebetumi agu yɛn ho fĩ

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ asɛnka mu a, yɛnam so da Yehowa adɔe adi wɔ baguam