Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔtan Abu So

Ɔtan Abu So

Ɔtan Abu So

“Obi tan wo a ɔnte w’asɛm ase.”—JAMES RUSSELL LOWELL, ANWENSƐM KYERƐWFO NE ƆMAN NANMUSIFO.

ƐTE sɛ nea ɔtan abu so wɔ baabiara nnɛ. Edin ahorow te sɛ East Timor, Kosovo, Liberia, Littleton, ne Sarajevo—ne afei wɔn a wokura Nasi nniso adwene, ne aborɔfo a wɔmpɛ ahɔho asɛm—ma yɛkae adan a ahyehyew, nnipadɔm adamoa a wɔatutu no foforo, ne afunu.

Daakye a ɔtan, akodi, ne basabasayɛ nni hɔ ho anidaso a yɛwɔ no asɛe koraa. Danielle Mitterand, France ɔmampanyin a waka baabi no yere, kaee ne mmofraberem sɛ: “Nkurɔfo hwɛɛ kwan sɛ wɔbɛtra wiase a onuadɔ wom a wobetumi anya afoforo mu ahotoso mu; na asomdwoe wɔ nkurɔfo a wɔne wɔn te ntam; wɔhwɛɛ kwan sɛ wobenya asetra a apɔwmuden, asomdwoe, ne nidi wom wɔ wiase a ɛwɔ nnyinaso a wɔhwɛ wɔn so yiye na wonya nea wɔpɛ wom mu.” Dɛn na ɛbaa nsusuwii a ɛtete saa no so? Ɔbɔɔ abubuw sɛ: “Wɔ mfirihyia aduonum akyi no, akyinnye biara nni ho sɛ yɛn anidaso no ho aba asɛm.”

Yentumi mmu yɛn ani ngu ɔtan a asan asɔre nnansa yi no so. Abu so kɛse, na ɛreyɛ kɛse wɔ akwan a ɛyɛ hu so. Nneyɛe pii a ɔtan de ba a ntease nnim, a emu biara yɛ hu koraa sen nea abɛsen kɔ no ama wonhu ahobammɔ a ankorankoro wɔ a nnipa ɔpepem pii mmu no hwee no. Sɛ mpo wɔntan yɛn wɔ yɛn fie anaa yɛn man mu a, ɛretwɛn yɛn baabi foforo. Ebia yehu bi wɔ television so nsɛm ho amanneɛbɔ mu, na yɛte bi wɔ nsɛm a ɛresisi ho amanneɛbɔ mu wɔ radio so. Ebi mpo apue wɔ Intanɛt so. Susuw nhwɛso kakraa bi ho hwɛ.

Ɔmampɛ honhom a ɛso bi mmae da asɔre wɔ mfirihyia du a atwam no mu. Joseph S. Nye, Kumaa, a ɔyɛ Harvard Asoɛe a Edi Amanaman Ntam Nsɛm Ho Dwuma no kwankyerɛfo no kae sɛ: “Ɔmampɛ honhom mu reyɛ den wɔ wiase afã dodow no ara, ɛnyɛ nea ɛreba fam. Sɛ́ anka okyinnsoromma yi so aman bɛyɛ biako no, aman pii na ɛwɔ okyinnsoromma yi so a emu biara nim ɔfoforo yiye. Na ɛno ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wobenya biribi agyina so adi ako.”

Ɔtan no bi nso nna adi papa, na ɛkɔ so wɔ ɔman mu anaa mpɔtam bi a wonhu. Bere a aborɔfo a wɔmpɛ ahɔho asɛm baanum kum Sikhni akwakoraa bi wɔ Canada no, saa asɛm yi “sii so dua sɛ nea nnipa binom bu no sɛ nsɛmmɔnedi a ɔtan de ba a ɛresan asɔre wɔ ɔman a mpɛn pii no, wɔkamfo wɔn sɛ ɔman a wɔwɔ mmusuakuw ho koma pa no mu.” Wɔ Germany no, bere a basabasayɛ a mmusua ho adwemmɔne a nkurɔfo wɔ de ba kɔɔ fam mfe bi a atwam no, anuɔdenfo bi maa ɛsan nyaa nkɔanim ɔha mu 27 wɔ afe 1997 mu. Manfred Kanther a ɔyɛ Ɔman no mu nsɛm Soafo no kae sɛ: “Ɛyɛ ade a ɛnhyɛ nkuran koraa.”

Wɔ Albania atifi fam no, amanneɛbɔ bi daa no adi sɛ ɛkame ayɛ sɛ mmofra bɛboro 6,000 na wɔaka wɔn ankasa afie a wontumi mpue esiane sɛ wosuro sɛ nkurɔfo a wɔtan wɔn mmusua no bɛtow wɔn tuo akunkum wɔn nti. Ɛyɛ mmusua ntam nitan a “asɛe mmusua mpempem pii asetra” no na ama mmofra yi rehu amane no. Wɔ United States no, sɛnea Ɔman Nhwehwɛmu Asoɛe (FBI) kyerɛ no, “mmusua ho adwemmɔne na ɛde nea ɛboro ɔtan ho nsɛmmɔnedi 7,755 a FBI bɔɔ ho amanneɛ wɔ afe 1998 mu no fã bae.” Nneɛma a ɛde ɔtan ho nsɛmmɔnedi a aka no bi bae ne ɔsom, mmusuakuw anaa ɔman a obi fi mu ho adwemmɔne, ne dɛmdi ahorow no.

Afei nso, atesɛm nkrataa nsɛmti de asiane a ahɔho ho suro ne ɔtan de ba, a wɔtaa de ba aguanfo a mprempren wɔn dodow boro nnipa ɔpepem 21 so no to gua da biara da. Nea ɛyɛ awerɛhow no, wɔn a wɔtan ahɔho no mu dodow no ara yɛ mmofra a amammuifo adapaafo ne afoforo a wɔrehwehwɛ nkurɔfo de asɛm ahyɛ wɔn piapia wɔn. Nea ɛka nneɛma a ɛma wɔyɛ saa a ɛntaa nna adi ho ne gye a wonnye afoforo nni, afoforo ho koma a wonni, ne nnipa a ɛsono abusua a wofi mu a wonya emufo nyinaa ho adwemmɔne no.

Dɛn ne nneɛma a ama ɔtan abu so no bi? Na dɛn na yebetumi ayɛ de ayi nitan afi hɔ? Asɛm a edi hɔ no bedi saa nsɛmmisa yi ho dwuma.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

Cover, top: UN PHOTO 186705/J. Isaac

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Daud/Sipa Press