Yehowa Atirimpɔw Bɛbam!
“Makasa, na mɛma aba mu; mabɔ me tirim, na mɛyɛ.”—YES. 46:11.
1, 2. (a) Dɛn na Yehowa ama yɛahu? (b) Awerɛhyem bɛn na Yesaia 46:10, 11 ne 55:11 ma yenya?
BIBLE mu asɛm a edi kan no yɛ tiawa, nanso emu dɔ. Ɛka sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” (Gen. 1:1) Nokwasɛm ne sɛ, yenni nneɛma pii a Onyankopɔn abɔ no ho nimdeɛ ahe biara. Nneɛma a Onyankopɔn abɔ no bi ne ewim, hann, ne tumi a ɛtwe ade ba fam (anaa gravity). Nneɛma a ɛwɔ amansan yi mu kakraa bi na yɛahu. (Ɔsɛnk. 3:11) Nanso, Yehowa ama yɛahu atirimpɔw a ɔwɔ ma asase ne adesamma. Ɛne sɛ, Onyankopɔn bɔɔ asase sɛ ɛnyɛ fie a ahomeka wom mma mmarima ne mmea a ɔbɔɔ wɔn wɔ ne suban so no. (Gen. 1:26) Ná saa mmarima ne mmea yi bɛyɛ Yehowa mma, na Yehowa nso ayɛ wɔn Agya.
2 Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Genesis ti mmiɛnsa no, akwanside bi baa Yehowa atirimpɔw no ho. (Gen. 3:1-7) Nanso, na ɛnyɛ akwanside a wɔrentumi nyɛ ho hwee. Obiara nni hɔ a obetumi asiw Yehowa kwan. (Yes. 46:10, 11; 55:11) Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ atirimpɔw a na Yehowa wɔ fi mfiase no bɛbam wɔ bere a wahyɛ mu!
3. (a) Nokwasɛm bɛn na ɛboaa yɛn paa ma yɛtee Bible mu nsɛm ase? (b) Adɛn nti na seesei yɛresan asusuw saa nkyerɛkyerɛ no ho? (d) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?
3 Akyinnye biara nni ho sɛ, yenim nokwasɛm a ɛfa Onyankopɔn atirimpɔw ma asase ne adesamma ho no yiye. Saa ara nso na yenim nokwasɛm a ɛfa dwuma titiriw a Yesu Kristo di ma Onyankopɔn atirimpɔw bam ho no. Saa nokwasɛm yi ho hia paa. Luka 22:19, 20) Wɔn a wɔbɛba no besua nneɛma pii afa Onyankopɔn atirimpɔw ho. Enti bere a aka nna kakraa bi ma Nkaedi no adu no, saa bere yi na ɛsɛ sɛ yedwinnwen nsɛmmisa pɔtee a yebetumi de akanyan wɔn a yɛne wɔn sua Bible ne afoforo a wɔwɔ komapa ama wɔaba saa nhyiam titiriw no bi. Yebesusuw nsɛmmisa mmiɛnsa yi ho: Mfiase no, na dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw ma asase ne adesamma? Dɛn na ankɔ yiye? Na adɛn nti na Yesu agyede afɔre no yɛ ade titiriw a ɛbɛma Onyankopɔn atirimpɔw abam?
Ɛda adi sɛ ɛka nokwasɛm a yedii kan hui bere a yefii ase sɛ yɛresua Onyankopɔn Asɛm no ho. Yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛboa komapafo ma wohu saa nkyerɛkyerɛ a ɛho hia no. Bere a yɛresusuw saa asɛm yi ho wɔ asafo nhyiam ase seesei no, yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛto nsa afrɛ nnipa pii ma wɔaba Kristo wu Nkaedi no ase. (MFIASE NO, NA DƐN NE ƆBƆADEƐ NO ATIRIMPƆW?
4. Ɔkwan bɛn so na abɔde ka Yehowa anuonyam kyerɛ?
4 Yehowa yɛ Ɔbɔadeɛ a ne ho yɛ nwonwa. Biribiara a wabɔ di mũ paa. (Gen. 1:31; Yer. 10:12) Dɛn na yebetumi asua afi nneɛma a ɛyɛ fɛ a Yehowa abɔ ne sɛnea biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ n’abɔde mu no mu? Sɛ yɛhwɛ abɔde a, yehu sɛnea Yehowa nsaano adwuma nyinaa, nketewa ne akɛse, di dwuma a mfaso wɔ so. Ɛma yɛn ho dwiriw yɛn paa. Hena na nkwaboaa mu nneɛma a ɛboro adwene ne ntease so, abofra a wɔawo no foforo a ne honam yɛ toromtorom bɛtɛɛ fɛfɛɛfɛ, anaa owiatɔe a ɛyɛ fɛ nyɛ no nwonwa? Yɛn ani gye saa abɔde yi ho efisɛ sɛ yehu ade a ɛyɛ fɛ a yetumi hu.—Kenkan Dwom 19:1; 104:24.
5. Dɛn na Yehowa ayɛ a ama abɔde nyinaa bom yɛ adwuma fɛfɛɛfɛ?
5 Sɛ yɛhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ a, yehu sɛ ofi ɔdɔ mu atoto ahye anaa wakyerɛ nneɛma a abɔde biara betumi ayɛ. Ɔyɛɛ abɔde mu mmara ne abrabɔ ho mmara sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara bɛkɔ so fɛfɛɛfɛ. (Dw. 19:7-9) Enti nneɛma a ɛwɔ amansan yi mu biara wɔ dwuma a edi, na ɛyɛ adwuma a Onyankopɔn de ama no sɛ ɛnyɛ. Yehowa na ɔkyerɛ sɛnea nneɛma a wabɔ no bɛbom ayɛ adwuma. Nhwɛso bi ni. Tumi a ɛtwe nneɛma ba fam no ma mframa twa yɛn asase yi ho hyia bere nyinaa. Ɛno ara nso na ɛma ɛpo ne asorɔkye huru kutukutu anaa ɛma ɛbɔ brɛoo. Ne nyinaa boa ma nneɛma a nkwa wom tumi tena asase so. Nnipa ne abɔde a aka nyinaa nso yɛ nneɛma a Yehowa kyerɛ sɛ wɔnyɛ wɔ mmeae a ɔde ama wɔn anaa ɔde wɔn asisi. Sɛnea abɔde mu nneɛma yɛ wɔn adwuma pɛpɛɛpɛ no ma yehu pefee sɛ Onyankopɔn wɔ atirimpɔw ma asase ne adesamma. Sɛ yɛkɔ asɛnka a, yebetumi aka Onii a ɔyɛɛ nhyehyɛe ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo anaa?—Adi. 4:11.
6, 7. Akyɛde a Yehowa de maa Adam ne Hawa no bi ne dɛn?
6 Mfiase no, na Yehowa atirimpɔw ne sɛ ɔbɛma adesamma atena asase so daa. (Gen. 1:28; Dw. 37:29) Yehowa fi ayamye mu maa Adam ne Hawa akyɛde ahorow a ɛsom bo a na ɛbɛma wɔn ani agye wɔ asetena mu. (Kenkan Yakobo 1:17.) Yehowa maa wɔn hokwan a na ɛma wotumi paw nea wɔpɛ, wotumi dwinnwen nneɛma ho, wotumi da ɔdɔ adi kyerɛ afoforo, na wɔfa nnamfo nso. Ɔbɔadeɛ no ne Adam kasae, na ɔkyerɛɛ no ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ osetie. Ɔsan kyerɛɛ Adam ɔkwan a ɔbɛfa so ahwɛ ne ho ne ɔkwan a ɔbɛfa so ahwɛ mmoa ne asase no so. (Gen. 2:15-17, 19, 20) Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa wɔ ɔkwan bi so a na ɛma wotumi te aduan dɛ, wotumi sɔ biribi mu na wɔte nka, wotumi hu ade, wotumi te nnyigyei, na wotumi te ade hua nso. Paradise fie a na wɔte mu no, na ɛhɔ yɛ fɛ, na na nneɛma pa pii nso wɔ hɔ. Enti na wobetumi agye wɔn ani paa wɔ hɔ. Ná nnipa baanu a wodi kan no betumi anya adwuma a abotɔyam wom ayɛ, asua nneɛma foforo, na wɔayɛ nneɛma pa pii nso.
7 Dɛn bio na na ɛka Onyankopɔn atirimpɔw ho? Bere a Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa no, ɔmaa wɔn tumi a wɔde bɛwo mma a wɔyɛ pɛ. Ná Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ wɔn mma no nso bɛwo akosi sɛ nnipa bɛhyɛ asase nyinaa so mã. Ná Yehowa pɛ sɛ Adam ne Hawa ne awofo a wobedi wɔn akyi aba nyinaa nso dɔ wɔn mma sɛnea na ɔno Yehowa dɔ ne mma a wodi kan wɔ asase so, Adam ne Hawa, bere a na wɔyɛ pɛ no. Ná asase ne ɛso nneɛma nyinaa bɛyɛ wɔne wɔn asefo dea daa.—Dw. 115:16.
DƐN NA ANKƆ YIYE?
8. Mmara a ɛwɔ Genesis 2:16, 17 no, na n’atirimpɔw ne sɛn?
8 Mfiase no, nneɛma ankɔ so sɛnea na Onyankopɔn abɔ ne tirim no. Adɛn ntia? Yehowa maa Adam ne Hawa mmara bi a ɛsodi nyɛ den. Ná mmara no bɛma Adam ne Hawa ahu nneɛma a wɔwɔ hokwan sɛ wɔyɛ ne nea wonni hokwan sɛ wɔyɛ. Yehowa kae sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no de, nni bi, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Gen. 2:16, 17) Ná ɛnyɛ den koraa sɛ Adam ne Hawa bɛte saa mmara yi ase. Saa ara nso na na ɛsodi nyɛ den, efisɛ na aduan pii abu so wɔ hɔ a wobetumi adi bi.
9, 10. (a) Sobo bɛn na Satan bɔɔ Yehowa? (b) Gyinae bɛn na Adam ne Hawa sii? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)
9 Satan Ɔbonsam nam ɔwɔ so daadaa Hawa ma Hawa yɛɛ n’Agya Yehowa so asoɔden. (Kenkan Genesis 3:1-5; Adi. 12:9) Satan maa asɛm bi a na ɛnyɛ asɛm biara no bɛyɛɛ asɛm. Satan kae sɛ, Onyankopɔn aka sɛ ɛnsɛ sɛ Adam ne Hawa di ‘turo no mu dua biara so aba.’ Ɛte sɛ nea na Satan reka sɛ: ‘Wokyerɛ sɛ muntumi nyɛ nea mopɛ?’ Afei, ɔhyɛɛ da dii atoro sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.” Ɛno akyi no, Satan yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma Hawa agye adi sɛ enhia sɛ otie Onyankopɔn asɛm. Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no mo ani bebue.” Ná Satan repɛ akyerɛ sɛ, nea enti a Yehowa mpɛ sɛ Adam ne Hawa di dua no aba no bi ne sɛ, sɛ wodi bi a, wɔn adwenem bebue. Satan toaa so dii atoro hyɛɛ Hawa bɔ sɛ: ‘Mobɛyɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.’
10 Afei, na ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa si gyinae. Ná wobetie Yehowa anaasɛ wobetie ɔwɔ no? Wosii gyinae sɛ wɔrentie Onyankopɔn. Wɔnam saa a wɔyɛe no so de wɔn ho kɔbɔɔ Satan wɔ n’atuatew no mu. Wɔpoo Yehowa sɛ wɔn Agya, na wɔtwee wɔn ho fii ne tumidi ase. Enti wɔannya Yehowa ahobammɔ bio.—Gen. 3:6-13.
11. Adɛn nti na Yehowa ntumi nhwɛ mma atuatew nkɔ so?
11 Bere a Adam ne Hawa tew Yehowa so atua no, wɔbɛyɛɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ. Afei nso, atua a wɔtewee no maa wɔne Yehowa ntam tetewee, efisɛ Yehowa ‘aniwa yɛ kronkron dodo sɛ ɛbɛhwɛ bɔne.’ Yehowa ‘ntumi nhwɛ abusude.’ (Hab. 1:13) Sɛ Yehowa hwɛ maa atuatew no kɔɔ so a, anka asomdwoe ne baakoyɛ a ɛwɔ abɔde a nkwa wom nyinaa mu—nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so—ho bɛba asɛm. Nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ Onyankopɔn anyɛ bɔne a wɔyɛe wɔ Eden no ho hwee a, anka ɛbɛyɛ den ama nnipa ne abɔfo nyinaa sɛ wobenya ne mu ahotoso. Nanso, Yehowa di n’ankasa gyinapɛn so; ommu so da. (Dw. 119:142) Enti, ɛwom sɛ na Adam ne Hawa tumi paw nea wɔpɛ de, nanso na ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wobu Onyankopɔn mmara so. Esiane sɛ wɔtew Yehowa so atua nti, wowui, na wɔsan kɔɔ dɔte a wɔde bɔɔ wɔn no mu.—Gen. 3:19.
12. Dɛn na ɛtoo Adam mma?
Gen. 3:23, 24) Yehowa nam pam a ɔpam Adam ne Hawa no so hwɛ ma wonyaa gyinae a wɔn ankasa sii no so akatua. (Kenkan Deuteronomium 32:4, 5.) Esiane sɛ na nnipa nyɛ pɛ bio nti, wɔantumi anna Onyankopɔn suban ahorow adi yiye. Adam hweree daakye ho anidaso papa a na ɔno ankasa wɔ. Afei nso, ɔde sintɔ, bɔne, ne owu baa ne mma so. (Rom. 5:12) Ɔmaa anidaso a na ɛwɔ hɔ sɛ n’asefo bɛtena ase daa no bɔɔ wɔn. Afei nso, Adam ne Hawa antumi anwo mma a wɔyɛ pɛ; saa ara na wɔn mma no nso antumi anwo mma a wɔyɛ pɛ. Efi bere a Adam ne Hawa twee wɔn ho fii Onyankopɔn ho no, Satan Ɔbonsam akɔ so adaadaa adesamma de abesi nnɛ.—Yoh. 8:44.
12 Bere a Adam ne Hawa dii saa dua no aba no bi no, wɔbɛyɛɛ nkurɔfo a na wɔrentumi nnye wɔn ntom bio sɛ Onyankopɔn amansan abusua no mufo. Onyankopɔn pam wɔn fii Eden turo no mu, na wɔannya anidaso biara sɛ wɔbɛsan akɔ hɔ bio. (AGYEDE NO DE NKABOM BAE
13. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ adesamma nya?
13 Onyankopɔn de, wakɔ so ara adɔ nnipa. Atua a Adam ne Hawa tewee nyinaa akyi no, Yehowa pɛ sɛ ɔne adesamma ntam yɛ kama. Ɔmpɛ sɛ obiara wu. (2 Pet. 3:9) Enti atuatew no akyi pɛɛ no, Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe bi a ebetumi ama nnipa ne ne ntam asan ayɛ kama. Bere koro no ara nso, na saa nhyehyɛe no bɛma Onyankopɔn akɔ so akura n’ankasa gyinapɛn a ɛteɛ no mu. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so yɛɛ saa?
14. (a) Sɛnea Yohane 3:16 kyerɛ no, nhyehyɛe bɛn na Onyankopɔn yɛe a na ɛbɛma adesamma ne ne ntam asan ayɛ kama? (b) Asɛm bɛn na yebetumi ne wɔn a wɔkyerɛ asɛmpa no ho anigye asusuw ho?
14 Kenkan Yohane 3:16. Nnipa a yɛto nsa frɛ wɔn ma wɔba Nkaedi no ase pii nim saa kyerɛwsɛm yi yiye. Nanso asɛm no ne sɛ, Ɛbɛyɛ dɛn na Yesu afɔrebɔ no atumi ama yɛanya daa nkwa? Bere a yɛrebɔ Nkaedi no ho dawuru, bere a yɛreyɛ Nkaedi no ankasa, ne bere a yɛasan akɔsra wɔn a wɔbaa Nkaedi no ase no, yebetumi anya hokwan aboa wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ nokware no ama wɔanya saa asɛmmisa a ɛho hia no ho mmuae. Sɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ nokware no ba bɛte ase yiye sɛ ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn nti na ɔde agyede no maa yɛn, na ɛda ne nyansa adi a, ebia ɛbɛka wɔn koma. Agyede no ho nsɛm bɛn na yebetumi atwe wɔn adwene asi so?
15. Bere a na Yesu yɛ onipa no, nsonsonoe bɛn na na ɛwɔ ɔne Adam ntam?
15 Yehowa de onipa a ɔyɛ pɛ a obetumi abɛyɛ ogyefo mae. Ná ɛsɛ sɛ saa nipa a ɔyɛ pɛ no di Yehowa nokware, na ɔyɛ obi a ɔwɔ ɔpɛ nso sɛ ɔde ne nkwa bɛto hɔ de agye adesamma a wɔabu wɔn kumfɔ no. (Rom. 5:17-19) Yehowa yii abɔde nyinaa mu abakan no nkwa fii soro baa asase so. (Yoh. 1:14) Enti Yesu bɛyɛɛ onipa a ɔyɛ pɛ te sɛ bere a na Adam nyɛɛ bɔne no. Yesu anyɛ n’ade te sɛ Adam, na mmom ɔbɔɔ ne bra sɛnea Yehowa hwehwɛ sɛ onipa a ɔyɛ pɛ bɔ ne bra no. Bere a Yesu hyiaa sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den sen biara mpo no, wanyɛ bɔne da, na saa ara nso na wammu Onyankopɔn mmara biara so.
16. Adɛn nti na agyede no yɛ akyɛde a ɛsom bo paa?
16 Ná Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ, enti na obetumi awu ama adesamma de agye yɛn afi bɔne ne owu mu. Bere a Yesu baa asase so no, nea Adam antumi anyɛ no, ɛno pɛpɛɛpɛ na ɔbɛyɛe. Ná Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ te sɛ Adam, nanso Yesu de, ɔyɛɛ osetie koraa maa Onyankopɔn, na odii nokware kosii ase. (1 Tim. 2:6) Yesu bɛyɛɛ agyede afɔre a ebuee kwan maa “nnipa bebree” benyaa daa nkwa ho anidaso—mmarima, mmea, ne mmofra nyinaa. (Mat. 20:28) Nokwasɛm ne sɛ, agyede no na abue kwan a ɛbɛma Onyankopɔn atirimpɔw a na ɔwɔ fi mfiase no abam. (2 Kor. 1:19, 20) Agyede no ma nnipa a wodi nokware nyinaa nya daa nkwa ho anidaso.
YEHOWA BUEE KWAN SƐ YƐNSAN MMRA NE NKYƐN
17. Dɛn na agyede no ama ayɛ yiye?
17 Agyede no a Yehowa de mae no ma ɔhweree ade kɛse paa. (1 Pet. 1:19) Nnipa nkwa som bo paa ma Yehowa ma enti ofii ne pɛ mu maa ne Ba a ɔwoo no koro no bewu maa yɛn. (1 Yoh. 4:9, 10) Ɔkwan bi so no, Yesu abesi yɛn agya a odi kan a ɔne Adam ananmu. (1 Kor. 15:45) Ɛnyɛ daa nkwa nko ara na Yesu afɔrebɔ no bɛma yɛanya. Ɔnam afɔre a ɔbɔe no so ama hokwan abue sɛ daakye yɛbɛsan abɛyɛ Onyankopɔn abusua no mufo. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa betumi agyina afɔre a Yesu bɔe no so asan agye nnipa aba n’abusua no mu a ɔremmu ne gyinapɛn a ɛteɛ no so. Sɛ wudwinnwen bere a nnipa anokwafo nyinaa bɛyɛ pɛ no ho a, w’ani nnye anaa? Baakoyɛ a edi mũ bɛba Yehowa abusua a ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so no ntam. Saa bere no na yɛn nyinaa bɛyɛ Onyankopɔn mma ankasa.—Rom. 8:21.
18. Bere bɛn na Yehowa bɛyɛ “ade nyinaa ama obiara”?
18 Atua a Satan tewee no amma ɔdɔ a Yehowa wɔ ma adesamma no to antwa. Ɛwom sɛ nnipa tɔ sin de, nanso atua a Satan tewee no rentumi mma yennyae nokware a yedi ma Yehowa no. Yehowa nam agyede a ɔde mae no so bɛboa ne mma nyinaa ama wɔabɛyɛ treneefo koraa. Saa bere no, obiara a “ohu Ɔba no na ogye no di” no benya daa nkwa. Wo de, twa sɛnea asetena bɛyɛ saa bere no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. (Yoh. 6:40) Ɔdɔ ne nyansa a ɛkyɛn so a Yehowa wɔ nti, ɔde nnipa bɛba pɛyɛ mu sɛnea na n’atirimpɔw a ɔwɔ fi mfiase no te no. Saa bere no, Yehowa a ɔyɛ yɛn Agya no bɛyɛ “ade nyinaa ama obiara.”—1 Kor. 15:28.
19. (a) Sɛ yɛn ani sɔ agyede no paa a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ? (Hwɛ adaka a wɔato din “ Momma Yɛnkɔ So Nhwehwɛ Wɔn a Wɔfata” no.) (b) Agyede no ho ade bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?
19 Ɛsɛ sɛ agyede no ho anisɔ a yɛwɔ no kanyan yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛma afoforo ahu sɛ wobetumi anya saa akyɛde a ɛsom bo no so mfaso. Ɛsɛ sɛ yɛma nkurɔfo hu sɛ, agyede no na Yehowa fi ɔdɔ mu nam so ama adesamma nyinaa anya daa nkwa ho anidaso. Nanso, ɛnyɛ daa nkwa ho anidaso nko ara na agyede no ma yenya. Adesua a edi hɔ no, yebesusuw sɛnea Yesu afɔrebɔ no besiesie abrabɔ ho nsɛm a Satan ma ɛsɔree wɔ Eden turom no nso ho.