Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun, Mode Botae a Ɛbɛma Moabɛn Yehowa Asisi Mo Ani So?

Mmabun, Mode Botae a Ɛbɛma Moabɛn Yehowa Asisi Mo Ani So?

“Dan wo nnwuma gu Yehowa so, na wo nhyehyɛe betim.”​—MMEB. 16:3.

NNWOM: 135, 144

1-3. (a) Asɛnnennen bɛn na mmabun nyinaa rehyia, na dɛn na yebetumi de wei atoto ho? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Dɛn na ebetumi aboa Kristofo a wɔyɛ mmabun ama wɔatumi adi asɛnnennen yi ho dwuma yiye?

FA NO sɛ wɔreyɛ dwumadi titiriw bi wɔ kurow bi a ɛwɔ akyirikyiri so, na woayɛ w’adwene sɛ wobɛkɔ bi. Ebehia sɛ wofa bɔs twa kwantenten ansa na woadu hɔ. Bere a wuduu bɔs gyinabea hɔ no, wuhui sɛ akwantufo bebree sam hɔ, na bɔs pii nso sisi hɔ. Wuhuu saa no, w’ani so tan wo. Ɛbɛyɛ papa sɛ woremma wo werɛ mmfi nea enti a wokɔɔ bɔs gyinabea hɔ. Wokɔɔ hɔ sɛ worekɔforo bɔs akɔ baabi a woayɛ w’adwene sɛ worekɔ no! Sɛ woforo bɔs a ɛrekɔ baabi foforo a, wobɛfom kwan.

2 Yebetumi de mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ atoto saa akwantufo no ho. Mmerante ne mmabaa wɔ kwan twa; ɛnyɛ kwan a wɔde bɔs retwa, na mmom ɛyɛ abrabɔ ho asɛm. Ɛtɔ da a, wɔn ani so betumi atan wɔn, efisɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ wosisi ho gyinae dɔɔso. Mmabun, sɛ munim baabi a morekɔ pa ara a, nneɛma mu bɛyɛ mmerɛw ama mo. Ɛhe na ɛsɛ sɛ mode mo ani kyerɛ?

3 Yebenya asɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua yi mu. Ɛbɛhyɛ mmabun nkuran ma wɔde ayɛ wɔn botae sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Wei kyerɛ sɛ, wɔbɛma Yehowa akyerɛ wɔn kwan wɔ biribiara mu. Ebi ne baabi a wobesua nhoma akodu, adwuma kõ a wɔbɛyɛ, sɛ́ ebia wɔbɛware awo mma, ne nea ɛkeka ho. Wei kyerɛ nso sɛ botae a ɛbɛma wɔabɛn Yehowa no, wɔbɛyere wɔn ho ayɛ ho adwuma. Mmabun a wɔde Yehowa som si wɔn ani so betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira wɔn ama asi wɔn yiye.—Kenkan Mmebusɛm 16:3.

ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ MODE BOTAE A ƐBƐMA MOABƐN YEHOWA SISI MO ANI SO?

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Nyansa wom sɛ mmabun de botae a ɛbɛma wɔabɛn Yehowa sisi wɔn ani so wɔ wɔn mmofraase. Adɛn ntia? Yɛbɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa nti a ɛte saa. Mmienu a edi kan no bɛma yɛahu sɛ, sɛ obi de botae a ɛte saa sisi n’ani so na ɔyɛ ho adwuma a, ɛma ɔne Yehowa abusuabɔ mu yɛ den; nea ɛto so mmiɛnsa no bɛma yɛahu mfaso a ɛwɔ so sɛ obi de botae a ɛbɛma wabɛn Yehowa sisi n’ani so wɔ ne mmofraase.

5. Dɛn pa ara nti na yɛde botae a ɛbɛma yɛabɛn Yehowa sisi yɛn ani so?

5 Nea enti pa ara a yɛde botae a ɛbɛma yɛabɛn Yehowa sisi yɛn ani so ne sɛ yɛpɛ sɛ yɛma Yehowa hu sɛ yɛn ani sɔ ɔdɔ a wada no adi akyerɛ yɛn ne nea wayɛ ama yɛn no. Odwontofo no kaa sɛ: “Eye sɛ yɛda Yehowa ase . . . O Yehowa, wo na woma midi ahurusi wo nnwuma ho; wo nsa ano adwuma nti, meto ahurusi dwom.” (Dw. 92:1, 4) Bere a woyɛ ɔbabun yi, wo de, kaakae nea Yehowa ayɛ ama wo nyinaa. Yehowa ama wo nkwa, wama woanya ne mu gyidi, wama wo Bible, wama woahu n’asafo, na woanya daakye ho anidaso papa bi. Ɔkwan baako a wubetumi afa so akyerɛ sɛ w’ani sɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama wo yi nyinaa ne sɛ wode ne som bedi kan wɔ w’asetena mu, na ɛno bɛma woabɛn no pa ara.

6. (a) Sɛ yɛde botae a ɛma yɛbɛn Yehowa sisi yɛn ani so a, ɛka yɛne Yehowa abusuabɔ sɛn? (b) Botae bɛn na wubetumi de asisi w’ani so wɔ wo mmofraase?

6 Ade a ɛto so mmienu ne sɛ, sɛ wunya fi ase yɛ botae a ɛbɛma woabɛn Yehowa no ho adwuma pɛ a, na woreyɛ adwuma pa ama Yehowa. Wei bɛma woabɛn Yehowa kɛse. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ bɔ sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho.” (Heb. 6:10) Ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ wusua dodo sɛ wode botae besisi w’ani so. Yɛnhwɛ Christine. Bere a odii mfe du no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkenkan Adansefo anokwafo asetenam nsɛm daa. Toby nso dii mfe 12 no, ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛkenkan Bible mũ no nyinaa ansa na wabɔ asu. Bere a Maxim dii mfe 11 ɛnna ɔbɔɔ asu, na ne nuabea Noemi nso bɔɔ asu bere a na wadi mfe 10. Wɔn mmienu nyinaa de sii wɔn ani so sɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ Betel. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi adu wɔn botae ho no, wɔde Betel akwammisa krataa fam ban ho wɔ wɔn fie. Wo nso ɛ? Adɛn nti na womfa botae ahorow bi a wopɛ sɛ wudu ho nsi w’ani so na wumfi ase nyɛ ho adwuma?—Kenkan Filipifo 1:10, 11.

7, 8. (a) Yɛde botae sisi yɛn ani so a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ yebesisi gyinae. Adɛn ntia? (b) Adɛn nti na ababaa bi a na onnya nnii mfe 20 yɛɛ n’adwene sɛ ɔrenkɔ sukuupɔn?

7 Ade a ɛto so mmiɛnsa nti a eye sɛ yɛde botae sisi yɛn ani so wɔ yɛn mmofraase ne sɛ, ɛboa yɛn ma yetumi sisi gyinae. Gyinae pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ mmabun sisi. Ebi fa nhomasua, adwuma, ne nneɛma foforo ho. Wopɛ sɛ wusi gyinae a, ɛte sɛ woadu nkwantanan bi so; ebehia sɛ wuhu ɔkwan a ɛkɔ baabi a worekɔ no. Sɛ wunim baabi a worekɔ a, ɛrenyɛ den sɛ wubehu ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so. Saa ara na sɛ wunim botae a wode asisi w’ani so a, ɛrenyɛ den sɛ wubesisi gyinae pa. Mmebusɛm 21:5 ka sɛ: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba.” Sɛ wode botae pa sisi w’ani so wɔ wo mmofraase a, ɛrenkyɛ na woahu so mfaso. Onuawa bi a ɔde Damaris hui sɛ saa na ɛte. Bere a onnya nnii mfe 20 no, ɛbae sɛ ɛsɛ sɛ osi gyinae bi a ɛho hia.

8 Bere a Damaris wiee ntoaso sukuu no, otwaa sɔhwɛ no yiye. Ná anka obetumi akɔ sukuupɔn akosua mmara a ɔrentua sika biara, nanso osii gyinae sɛ ɔbɛyɛ adwuma bi a ɛho akatua sua. Adɛn nti na osii gyinae a ɛte saa? Damaris kaa sɛ: “Me mmofraase pɛɛ na meyɛɛ m’adwene sɛ mɛyɛ akwampae adwuma. Sɛ metumi ayɛ saa a, na ɛnsɛ sɛ mede me bere nyinaa yɛ honam fam adwuma. Sɛ mekɔɔ sukuupɔn kosuaa mmara nyaa abodin krataa a, anka menya sika pii, nanso anka ɛbɛyɛ den sɛ menya adwuma a ɛrennye me bere nyinaa.” Seesei Damaris ayɛ akwampae adwuma mfe 20. Ɔte nka sɛ botae a ɔde sii n’ani so no yɛ botae pa, na gyinae a osii bere a onnya nnii mfe 20 no nso yɛ papa anaa? Damaris ka sɛ: “Seesei metaa ne mmaranimfo di nkitaho wɔ m’adwumam. Sɛ mikosuaa mmara a, adwuma a wɔyɛ no, ɛno na anka mereyɛ. Nanso, wɔn mu bebree ani nnye adwuma a wɔyɛ no ho koraa. Gyinae a misii sɛ mɛyɛ akwampae adwuma no ama mafa me ho adi wɔ adwuma mu ateeteesɛm yi nyinaa ho, na ama manya anigye mfe pii wɔ Yehowa som adwuma mu.”

9. Adɛn nti na ɛfata sɛ yeyi yɛn yam kamfo mmabun a wɔwɔ yɛn mu no?

9 Ɛfata sɛ yeyi yɛn yam kamfo mmabun mpempem a wɔwɔ asafo ahorow mu wɔ wiase nyinaa. Wɔde wɔn ho ama Yehowa, na wɔreyɛ botae a ɛbɛma wɔabɛn Yehowa no ho adwuma. Mmabun a wɔte saa ani gye ankasa wɔ wɔn asetenam, na bere koro no ara wɔresua sɛ wɔde Yehowa akwankyerɛ bɛbɔ wɔn bra wɔ biribiara mu. Ebi ne nhomasua, adwuma, ne abusua asetena. Solomon kaa sɛ: “Fa wo koma nyinaa to Yehowa so . . . Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ.” (Mmeb. 3:5, 6) Mmabun a wɔwɔ Kristofo asafo no mu som bo ma Yehowa; wɔda ne koma so, ɔbɔ wɔn ho ban, ɔma wɔn akwankyerɛ, na ohyira wɔn.

SUA ADE YIYE SƐ WUBEDI ADANSE

10. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde asɛnka adwuma no ka nneɛma a ɛho hia yɛn pa ara no ho? (b) Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn asɛnka adwuma atu mpɔn?

10 Ɔbabun a ɔma ehia no sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani no, ɔmfa asɛnka nni agorɔ. Yesu Kristo sii so dua sɛ ‘ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no kan.’ (Mar. 13:10) Esiane sɛ ehia sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no ntɛm pa ara nti, ɛsɛ sɛ yɛde ka nneɛma a ɛho hia yɛn pa ara no ho. Wubetumi de ayɛ wo botae sɛ wobɛkɔ asɛnka mpɛn pii asen sɛnea woyɛ no anaa? Wubetumi ayɛ akwampae adwuma? Na sɛ asɛnka adwuma no nyɛ wo dɛ nso ɛ? Wobɛyɛ dɛn adi adanse ama atu mpɔn? Nneɛma mmienu na ɛbɛboa wo: Sua ade yiye, na ka nea wunim kyerɛ afoforo. Woyɛ saa a, asɛnka adwuma no bɛyɛ wo dɛ ama ayɛ wo nwonwa.

Dɛn na woyɛ de sua ade na ama wɔatumi adi adanse? (Hwɛ nkyekyɛm 11, 12)

11, 12. (a) Dɛn na mmabun betumi ayɛ de asua ade na ama wɔatumi adi adanse? (b) Dɛn na ɛmaa ɔbabun bi de hokwan a onyae dii adanse wɔ sukuu?

11 Wubetumi ahwehwɛ asɛm bi a wo mfɛfo sukuufo taa bisa ho mmuae. Ebi ni: “Wohwɛ a, yehu amane a, ɛhaw Onyankopɔn anaa?” Nsɛm bi wɔ jw.org wɛbsaet hɔ a ɛbɛboa mmabun ama wɔahu sɛnea wobebua saa asɛm no. Hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > MMABUN> NNEƐMA A YƐDE SUA BIBLE > DƐN NE ONYANKOPƆN HO NOKWASƐM? (ƆFÃ 1). Wubehu asɛmmisa bi wɔ hɔ a ɛka sɛ, “Sɛ yɛhu amane a, ɛha Onyankopɔn anaa?” Saa asɛm yi bɛboa wo ama woahu sɛnea wubebua saa asɛm no. Wubenya kyerɛwnsɛm a wode bɛkyerɛkyerɛ wo gyidi mu. Ebi ni: Yakobo 1:13, Genesis 6:5, 6, 1 Yohane 4:8. Sɛ wode nneɛma a yɛde sua Bible yi di dwuma a, ɛbɛboa wo ama woanya nsɛm a afoforo bisa wo ho mmuae.—Kenkan 1 Petro 3:15.

12 Sɛ hokwan bue ma wo a, ka kyerɛ wo sukuufo no sɛ wɔn ankasa betumi akɔ jw.org akɔhwɛ nea ɛwɔ hɔ. Saa na Luca yɛe. Ná Luca sukuufo resua ɔsom ahorow ho ade, na ohui sɛ nsɛm bi a wɔaka afa Yehowa Adansefo ho wɔ nhoma a wɔrehwɛ mu no nyɛ nokware. Ɛwom sɛ ehu kaa Luca de, nanso ɔsrɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo no sɛ ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ nea enti a asɛm a wɔaka afa Yehowa Adansefo ho no nyɛ nokware; ɔkyerɛkyerɛfo no maa no kwan. Luca kyerɛkyerɛɛ ne gyidi mu kyerɛɛ ne sukuufo no, na ɔsan nso de yɛn wɛbsaet no kyerɛɛ wɔn. Ɔkyerɛkyerɛfo no kaa sɛ, sɛ sukuuni biara kɔ fie a, ɔnhwɛ video a wɔato din Di Osisifo So Nkonim a Wontow Twɛre. Luca tumi dii adanse kama, na n’ani gyei pa ara.

13. Sɛ yehyia nsɛnnennen a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛn abam bu?

13 Sɛ wonam ɔkwan bi so na wukopue baabi a ɛhɔ ayɛ mmonkyimmɔnka mpo a, mma w’abam mmu. (2 Tim. 4:2) Sɛ wuhyia nsɛnnennen a, mma wo werɛ mmfi wo botae. Katharina yɛ ababaa a ɔde yɛɛ ne botae sɛ obedi obiara a ɔwɔ n’adwumam adanse. Saa bere no, na wadi mfe 17. Adwumayɛfo no baako didii Katharina atɛm mpɛn pii, nanso wammɔ hu. Atɛnnidi yi nyinaa akyi no, Katharina daa suban pa adi. Wei maa odwumayɛni bi a ne din de Hans ani gyee suban pa a Katharina daa no adi no ho. Enti, Hans fii ase kenkan yɛn nhoma, osuaa Bible, na ɔbɔɔ asu. Bere a Hans reyɛ saa nsakrae yi nyinaa no, na Katharina nni hɔ nti na onnim nea ɛrekɔ so. Mfe 13 akyi no, da koro a Katharina ne n’abusua te Ahenni Asa so no, wɔbɔɔ Hans din sɛ ɔkasafo a wabɛsra wɔn asafo no. Wo de hwɛ sɛnea Katharina ani begye afa! Katharina amma ne werɛ amfi botae a ɔde sii n’ani so sɛ obedi ne mfɛfo adwumayɛfo adanse no. Eye pa ara sɛ ɔyɛɛ saa!

MOMMMA BIRIBIARA NNTWETWE MO ADWENE

14, 15. (a) Sɛ mmabun atipɛnfo twetwe wɔn sɛ wɔnyɛ nea wɔreyɛ no bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔma ɛtena wɔn adwenem? (b) Sɛ mmabun atipɛnfo rehyɛ wɔn so a, wɔbɛyɛ dɛn atumi agyina ano?

14 Ɛde besi ha no, adesua yi ahyɛ mo nkuran sɛ momfa nsi mo ani so sɛ mobɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Wei kyerɛ sɛ, mode botae a ɛbɛma moabɛn Yehowa besisi mo ani so. Ebia nea mmabun foforo a wɔte sɛ mo de asi wɔn ani so ne sɛ wobegye wɔn ani, na wobetumi aka akyerɛ mo sɛ mommɛka wɔn ho. Sɛnea ɛte biara, bere bi bɛba a ebehia sɛ mokyerɛ ampa ara sɛ moasi mo bo sɛ mubedu mo botae no ho. Ɛnsɛ sɛ moma atipɛnfo nhyɛso twetwe mo adwene fi botae a mode asi mo ani so no ho. Sɛ yɛsan susuw mfatoho a yɛde bɔs yɛe no ho a, akyinnye biara nni ho sɛ, moremforo bɔs a ɛrekɔ baabiara kɛkɛ esiane sɛ ɛyɛ mo sɛ nnipa a wɔte mu regye wɔn ani nti.

15 Akwan pii wɔ hɔ a mubetumi afa so agyina atipɛnfo nhyɛso ano. Ebi ne sɛ, mobɛtwe mo ho afi tebea ahorow a muhu sɛ ebetumi asɔ mo ahwɛ ho. (Mmeb. 22:3) Afei nso, sɛ mode mo ho kɔbɔ nkurɔfo a wɔyɛ nneɛma bɔne a, mo de, monhwɛ nsunsuanso bɔne a ɛde bɛba mo so. (Gal. 6:7) Ade foforo nso a ebetumi aboa mo ne sɛ mubegye atom sɛ muhia afotu. Mobrɛ mo ho ase a, nyansahyɛ a mo awofo ne asafo no mufo a wɔn ho akokwaw de bɛma mo no, mubegye atom.—Kenkan 1 Petro 5:5, 6.

16. Ka osuahu bi a ɛma yehu sɛ ahobrɛase so wɔ mfaso.

16 Christoph yɛ onua a ɔbrɛɛ ne ho ase tiee afotu pa. Bere a ɔbɔɔ asu akyi bere tiaa bi no, ofii ase kɔɔ baabi a nkurɔfo teɛteɛ wɔn apɔw mu kɔteɛteɛɛ n’apɔw mu daa. Mmabun bi a wɔwɔ hɔ ka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛdɔm wɔn agodie kuw. Christoph ne asafo mu panyin bi susuw asɛm no ho, na ɔpanyin no ka kyerɛɛ no sɛ onsusuw asiane a ɛwom ho ansa na wasi gyinae. Asiane no bi ne sɛ, obetumi abɛyɛ obi a ɔpɛ akansi. Wei nyinaa akyi no, Christoph kɔdɔm kuw no. Nanso bere bi akyi no, ohui sɛ basabasayɛ wɔ agodie no mu, na ebetumi de obi nkwa mpo ato asiane mu. Ɔsan ne asafo mu mpanyimfo bi susuw asɛm no ho, na wɔn nyinaa de Bible mu afotu maa no. Christoph ka sɛ: “Yehowa ma minyaa nkurɔfo a wɔmaa me afotu pa, na ɛwom sɛ egyee me bere kakra de, nanso mitiee Yehowa.” Yemmisa sɛ, wobrɛ wo ho ase tie afotu pa?

17, 18. (a) Dɛn na Yehowa pɛ sɛ mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ nya? (b) Awerɛhosɛm bɛn na ebetumi asɔre bere a obi anyin abɛyɛ ɔpanyin, na dɛn na obetumi ayɛ na amma saa? Ma ɛho nhwɛso.

17 Bible ka sɛ: “Aberante [anaa ababaa], ma w’ani nnye wo mmeranteberem [anaa mmabaaberem], na ma wo koma nhu anigye wo mmabunberem.” (Ɔsɛnk. 11:9) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa pɛ sɛ wo koma ani gye wɔ wo mmabunberem. Adesua yi ama woahu ɔkwan baako a wobɛfa so anya saa anigye no. Ɛne sɛ wode botae a ɛbɛma woabɛn Yehowa besisi w’ani so, na wode Yehowa afotu ayɛ adwuma wɔ biribiara mu. Sɛ wufi wei ase ntɛm a, ɛrenkyɛ wubehu sɛ Yehowa rekyerɛ wo kwan, ɔrebɔ wo ho ban, na ne nhyira wɔ wo so. Wo de, dwinnwen afotu pa a woanya wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no nyinaa ho, na tie afotu yi: “Kae wo Bɔfo Kɛse no, wo mmeranteberem.”—Ɔsɛnk. 12:1.

18 Obiara nni hɔ a ɔbɛyɛ ɔbabun ne nkwa nna nyinaa. Wobɔɔ w’ani ara, na mmabun abɛyɛ mpanyimfo. Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ nnipa pii nyin a, wonu wɔn ho sɛ wɔamfa botae papa ansisi wɔn ani so, anaa ɛhaw wɔn sɛ wɔamfa bi ansisi wɔn ani so koraa bere a wɔyɛ mmabun no. Nanso mmabun a wɔde botae a ɛbɛma wɔabɛn Yehowa sisi wɔn ani so ɛnnɛ no, sɛ wonyin a, wobehu sɛ gyinae a wosii no ama wɔanya akomatɔyam pa ara. Mirjana ahu sɛ wei yɛ nokware pa ara. Bere a onnya nnii mfe 20 no, na ɔbɔ mmɔden pa ara wɔ agodie mu. Wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔnkɔ Olimpik akan a wosi wɔ awɔw bere mu (Winter Olympic Games) no bi. Nanso osii gyinae sɛ ɔbɛyɛ bere nyinaa som adwuma mmom. Bɛboro mfe 30 ni, Mirjana da so ara reyɛ bere nyinaa som adwuma, na ɔne ne kunu na ɛreyɛ. Ɔka sɛ: “Sɛ obi de yɛ ne botae sɛ obegye din, ɔbɛhwehwɛ anuonyam, tumi, ne ahonyade a, mfaso nni so; afei nso ɛnkyɛ na atwam. Botae a mfaso wɔ so pa ara na entwam da ne sɛ wobɛsom Onyankopɔn na woayɛ wo fam de aboa nkurɔfo ama wɔn nso abɛsom no bi.”

19. Kyerɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ obi de botae a ɛbɛma wabɛn Yehowa besisi n’ani so wɔ ne mmofraase.

19 Ɛfata sɛ yɛkamfo mmabun a wɔwɔ asafo no mu pa ara, efisɛ wogyina nsɛnnennen a wohyia ano, na wɔde ayɛ wɔn botae sɛ wɔbɛsom Yehowa. Nea ɛma mmabun tumi yɛ saa ne sɛ, botae a ɛbɛma wɔabɛn Yehowa no, wɔyɛ ho adwuma, na wɔma asɛnka adwuma no ho hia wɔn pa ara. Afei nso, wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔremma wiase yi nntwetwe wɔn. Mmerante ne mmabaa betumi anya awerɛhyem sɛ, adwumaden a wɔreyɛ no renyɛ kwa. Wɔwɔ anuanom mmarima ne mmea a wɔdɔ wɔn na wɔtaa wɔn akyi. Sɛ wɔde wɔn ho hyɛ Yehowa nsa a, biribiara a wɔyɛ bewie yiye.