ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM April 2018

Adesua nsɛm a yebesua June 4 kosi July 8, 2018.

Nea Ɛbɛma Yɛanya Ahofadi Ankasa

Ebinom pɛ sɛ wɔde wɔn ho fi nhyɛso, nnipa mu nyiyim, ne ohia ho. Afoforo nso pɛ sɛ wonya ahofadi de ka wɔn adwene, na wɔpaw nea wɔpɛ. Yebetumi anya ahofadi ankasa?

Som Yehowa, Onyankopɔn a Ɔma Ahofadi No

Akwan bɛn so na Yehowa honhom ama yɛade yɛn ho? Yɛbɛyɛ dɛn de ahofadi a yɛwɔ no adi dwuma yiye?

Mpanyimfo—Munsuasua Timoteo

Bere a Timoteo ne ɔsomafo Paulo fii ase yɛɛ adwuma no, ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo nni akokoduru. Dɛn na asafo mu mpanyimfo ne asomfo betumi asua afi Timoteo hɔ?

Suasua Yehowa—Ɔyɛ Onyankopɔn a Ɔhyɛ Nkuran

Efi tete besi nnɛ, Yehowa nkurɔfo hia nkuranhyɛ.

Momma Yɛnhyehyɛ Yɛn Ho Nkuran “Titiriw” Ɛnnɛ

Esiane sɛ Yehowa da no abɛn pa ara nti, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn nuanom ho hia yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahyɛ wɔn nkuran bere biara a ehia sɛ yɛyɛ saa.

Mmabun, Mode Botae a Ɛbɛma Moabɛn Yehowa Asisi Mo Ani So?

Ɛtɔ da a, mmabun ani so betumi atan wɔn, efisɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ wosisi ho gyinae dɔɔso. Wɔbɛyɛ dɛn asisi wɔn daakye ho gyinae nyansam?

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Adɛn nti na yɛmma kwan sɛ obi bɛtwe Yehowa Adansefo nhoma anaa video agu ɔno ankasa wɛbsaet anaa social media so?

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Wiase Foforo Nkyerɛase mu no, adɛn nti na yɛayɛ nsakrae wɔ Dwom 144?