Momma Yɛmfa Nokwaredi Mmoa Kristo Nuanom
“Berɛ dodoɔ a moyɛ maa me nuanom nkumaa yi mu baako no, moayɛ ama me.”—MATEO 25:40.
1, 2. (a) Mfatoho ahorow bɛn na Yesu kaa ho asɛm kyerɛɛ ne nnamfo paa no? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhu fa nnwan ne mmirekyie ho mfatoho no ho?
NÁ Yesu reka anigyesɛm bi akyerɛ Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane a wɔyɛ ne nnamfo no. Bere a Yesu kaa akoa nokwafo ne ɔbadwemma, mmaabun du no, ne dwetikɛse ho mfatoho no ho asɛm kyerɛɛ wɔn wiei no, ɔmaa mfatoho foforo kyerɛɛ ne nnamfo no. Ɛno mu na ɔkaa bere a “onipa Ba no” bɛba abɛbu “amanaman nyinaa” atɛn ho asɛm. Ɔkaa sɛ “onipa Ba no” bɛpaapae nnipa mu ayɛ wɔn akuw mmienu; kuw baako yɛ nnwan, ɛnna baako yɛ mmirekyie. Afei ɔkaa kuw a ɛto so mmiɛnsa a ɛho hia ho asɛm. Ɔfrɛɛ saa kuw no Ɔhene no “nuanom.”
2 Sɛnea na mfatoho yi ho hia asomafo no, saa ara nso na ɛho hia Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ efisɛ nkurɔfo
nkwa da asiane mu. Yesu kaa sɛ ebinom bɛnya daa nkwa, na ebinom nso deɛ wɔbɛsɛe wɔn. Wei nti na ɛho hia paa sɛ yɛte mfatoho no ase na yɛhu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya daa nkwa. Enti wɔ adesua yi mu no, yɛbɛbua nsɛmmisa a ɛdidi so yi: Sɛn na Yehowa aboa yɛn ma yɛate mfatoho yi ase? Yɛyɛ dɛn hu sɛ mfatoho no fa asɛnka adwuma no ho? Henanom na ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no? Adɛn nti na ɛho hia sɛ nkurɔfo di “ɔhene no” ne ne “nuanom” nokware nnɛ?SƐN NA YEHOWA ABOA YƐN MA YƐATE MFATOHO NO ASE?
3, 4. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhu ansa na yɛate saa mfatoho yi ase? (b) Afe 1881 no, Ɔwɛn-Aban no kyerɛkyerɛɛ saa mfatoho yi mu sɛn?
3 Sɛ yɛbɛte nnwan ne mmirekyie ho mfatoho no ase a, ɛhia sɛ yɛhu (1) onii a “onipa Ba no” anaa “ɔhene no” gyina hɔ ma, ɛne nea nnwan ne mmirekyie, ne Ɔhene no “nuanom” nso gyina hɔ ma? (2) bere bɛn na “onipa Ba no” bɛpaapae nnwan ne mmirekyie no mu anaa ɔbɛbu wɔn atɛn? (3) adɛn nti na ɔfrɛɛ ebinom nnwan na ɔfrɛɛ afoforo nso mmirekyie?
4 Afe 1881 no, Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ “onipa Ba no” anaa “ɔhene no” ne Yesu. Ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔne Yesu bɛdi ade wɔ soro no nko ara na wɔyɛ Ɔhene no “nuanom.” Mmom, sɛ nnipa a wɔbɛtena asase so no nyinaa ba bɛyɛ pɛ a, wɔn nso bɛka Kristo “nuanom” ho. Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ wɔbɛpaapae nnipa mu wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu, na wɔbɛfrɛ wɔn a wɔdaa Onyankopɔn dɔ adi wɔ biribiara mu no nnwan.
5. Afe 1923 no, Onyankopɔn nkurɔfo tee mfatoho no ase sɛn?
5 Akyiri yi, Yehowa boaa ne nkurɔfo ma wɔtee saa mfatoho no ase yiye. Afe 1923 no, October 15, Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ “onipa Ba no” ne Yesu. Afei Ɔwɛn-Aban no de Bible mu nsɛm kyerɛkyerɛɛ mu sɛ asɛm “nuanom” a ɛwɔ mfatoho no mu no fa wɔn a wɔne Yesu bɛdi ade no nko ara ho, na wɔn nyinaa bɛka Yesu ho wɔ soro wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu. Ɛsan nso kaa sɛ nnwan foforo no gyina hɔ ma wɔn a wɔbɛtena asase so wɔ Yesu ne ne nuanom nniso ase. Esiane sɛ mfatoho no ka sɛ saa nkurɔfo no bɛboa Ɔhene no nuanom nti, mpaapaemu adwuma anaa atemmu no bɛba so bere a Yesu nuanom a wɔasra wɔn no da so wɔ asase so ansa na Mfirihyia Apem Nniso no afi ase. Ɔwɛn-Aban no san kaa sɛ nnwan no gyina hɔ ma wɔn a wɔbɛgye Yesu adi na wɔagye adi nso sɛ Ahenni no bɛma yɛanya asetena pa.
6. Afe 1995 no, ntease foforo bɛn na yɛnyae wɔ mfatoho no ho?
6 Mfe bi a atwam no, na yɛgye di sɛ wɔnam asɛnka adwuma a yɛreyɛ no seesei so na ɛrebu nkurɔfo atɛn wɔ awiei bere yi mu. Sɛ nkurɔfo tie asɛm a yɛka no a, na yɛgye di sɛ wɔyɛ nnwan, na sɛ wɔantie a, wɔyɛ mmirekyie. Nanso ntease a na yɛwɔ wɔ mfatoho no ho sesae wɔ afe 1995 mu. Ɔwɛn-Aban no Mateo 24:29-31 (kenkan) totoo Mateo 25:31, 32 (kenkan) ho, na ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yesu bɛbu nnipa atɛn wɔ ahohiahia kɛse no mu bere a onipa Ba no ‘aba n’animuonyam mu.’ *
Ɛyɛ yɛn anigye sɛ Yehowa aboa yɛn ma yɛate Yesu mfatoho ahorow no ase
7. Mfatoho no kyerɛ sɛn?
7 Ɛnnɛ, yɛate nnwan ne mmirekyie ho mfatoho no ase yiye. Yɛnim sɛ “onipa Ba no” anaa “ɔhene no” ne Yesu. Ɔhene no “nuanom” no gyina hɔ ma Kristofo a wɔde honhom kronkron asra wɔn a wɔne Yesu bɛdi ade wɔ soro no. (Romafoɔ 8:16, 17) “Nnwan” ne “mmirekyie” no gyina hɔ ma nnipa a wɔfi aman nyinaa mu. Wɔbɛbu wɔn atɛn bere a ahohiahia kɛse a ɛbɛfi ase nnansa yi ara rekɔ awiei no. Yɛnim sɛ Yesu bɛgyina nea nnipa ayɛ ama Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no so na ɛbɛbu wɔn atɛn. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ mfe pii a abɛsen kɔ no, Yehowa aboa yɛn ma yɛate saa mfatoho yi ne mfatoho ahorow a ɛwɔ Mateo ti 24 ne 25 no ase!
MFATOHO NO MA YƐHU SƐ ASƐNKA ADWUMA NO HO HIA PAA
8, 9. Adɛn nti na Yesu kaa sɛ nnwan no ‘tene’?
8 Yesu amfa nsɛm “asɛnka” anaa “asɛnka adwuma” anni dwuma wɔ nnwan ne mmirekyie ho mfatoho no mu. Enti yɛyɛ dɛn hu sɛ mfatoho no kyerɛ sɛ asɛnka adwuma no ho hia paa?
9 Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, nea ɛdi kan, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ na Yesu de mfatoho no rekyerɛ ade. Ná ɛnyɛ nnwan ne mmirekyie ho asɛm ankasa na na ɔreka. Saa ara nso na nea ɔkae no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obiara a wɔbɛbu no sɛ odwan no ma wɔn a wɔasra wɔn no aduane ne ntade, ɔhwɛ wɔn bere a wɔyare, na ɔkɔsra wɔn wɔ afiase. Mmom no, Yesu kaa sɛ nnwan no ‘tene’ efisɛ wɔbu wɔn a wɔasra wɔn no sɛ Kristo nuanom, na wɔdi Kristofo a wɔasra wɔn no nokware wɔ nna a ɛdi akyiri a emu yɛ den yi mu.
10. Dɛn na nnwan no bɛtumi ayɛ de aboa Kristo nuanom?
10 Bere a Yesu maa nnwan ne mmirekyie ho mfatoho no, na ɔreka nsɛm a ɛbɛsisi wɔ awiei bere mu ho asɛm. (Mateo 24:3) Emu baako ne sɛ: “Wɔbɛka ahennie ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa.” (Mateo 24:14) Afei Yesu maa dwetikɛse ho mfatoho no ansa na ɔreka nnwan ne mmirekyie ho asɛm no. Yesu de mfatoho no kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho yɛ asɛnka adwuma no. Nanso wɔn mu kakraa bi na wɔaka wɔ asase so, na adwuma a ɛwɔ hɔ no sõ! Wɔaka akyerɛ Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ wɔnka asɛm no nkyerɛ “amanaman nyinaa” ansa na awiei no aba. Sɛnea yɛhuu wɔ nnwan ne mmirekyie ho mfatoho no mu no, “nnwan” no boa Yesu nuanom. Ɔkwan titiriw baako a wɔbɛtumi afa so aboa Yesu nuanom ne sɛ wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no. Nanso yɛmmisa sɛ, sika anaa nkuranhyɛ a yɛde bɛma wɔn sɛ wɔnyɛ asɛnka adwuma no ara dɔɔso?
HENANOM NA ƐSƐ SƐ WƆKA ASƐMPA NO?
11. Asɛm bɛn na ebia ebinom bɛbisa, na dɛn ntia?
11 Ɛnnɛ, Yesu asuafo dodow adu ɔpepem nwɔtwe, na wɔn mu fã kɛse no ara nyɛ Kristofo a wɔasra wɔn. Yesu amma wɔn dwetikɛse no bi. Ɔde dwetikɛse no maa ne nuanom a wɔasra wɔn no. (Mateo 25:14-18) Enti ebia ebinom bɛbisa sɛ, ‘Sɛ Yesu amma wɔn dwetikɛse no bi a, ɛnde ɛho hia ankasa sɛ wɔka asɛmpa no bi anaa?’ Yiw, ɛho hia. Momma yɛnhwɛ nea enti a yɛreka saa.
12. Dɛn na yɛsua fi Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 28:19, 20 no mu?
12 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo nyinaa sɛ wɔnka asɛmpa no. Yesu wusɔre akyi no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔnkɔyɛ nkurɔfo n’asuafoɔ,’ na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn ‘deɛ wahyɛ wɔn nyinaa.’ Enti na ɛsɛ sɛ saa asuafo no di Yesu ahyɛde a ɛne sɛ wɔnka asɛmpa no so. (Kenkan Mateo 28:19, 20.) Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro oo, yɛbɛtena asase so oo, yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ka asɛmpa no.
Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro oo, yɛbɛtena asase so oo, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ka asɛmpa no
13. Dɛn na yɛsua fi anisoadehu a Yohane nyae no mu?
13 Adiyisɛm nwoma no ma yɛhu sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ne afoforo na wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no. Yesu maa ɔsomafo Yohane nyaa “ayeforɔ” bi ho anisoadehu. Ayeforo no frɛɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra mmɛnom nkwa nsu. Ayeforo no gyina hɔ ma 144,000 a wɔasra wɔn a wɔne Yesu bɛdi ade wɔ soro no. (Adiyisɛm 14:1, 3; 22:17) Nsu no gyina hɔ ma Yesu agyede afɔre a ɛbɛboa nnipa ma wɔanya nkwa a bɔne ne owu nnim no. (Mateo 20:28; Yohane 3:16; 1 Yohane 4:9, 10) Kristofo a wɔasra wɔn no de nsi ka agyede no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo, na wɔkyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛtumi anya agyede no so mfaso. (1 Korintofoɔ 1:23) Nanso wɔka nnipakuw foforo bi a wɔnsraa wɔn na wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asase so ho asɛm wɔ anisoadehu no mu. Wɔn nso, wɔaka akyerɛ wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ nkurɔfo sɛ: “Bra!” Wɔdi saa ahyɛde no so, enti wɔka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo. Enti saa anisoadehu no ma yɛhu sɛ ɛsɛ sɛ obiara a ɔgye asɛmpa no di no ka bi kyerɛ afoforo.
14. Dɛn na yɛyɛ de di “Kristo mmara” no so?
Galatifoɔ 6:2) Yehowa pɛ sɛ n’asomfo nyinaa di mmara koro so. Tete no, ɔmaa Israelfo ne ahɔho a wɔabɛtena wɔn mu nyinaa dii ne mmara so. (Exodus 12:49; Leviticus 24:22) Ɛnnɛ Yehowa nhwɛ kwan sɛ yɛbɛdi mmara a ɔde maa Israelfo no nyinaa so. Mmom no, sɛ yɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn oo, yɛyɛ nnwan foforo oo, ɛsɛ sɛ yɛdi “Kristo mmara” so. Nneɛma a ɛho hia paa a Yesu kyerɛɛ yɛn no mu baako ne ɔdɔ. (Yohane 13:35; Yakobo 2:8) Ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa, Yesu, ne nnipa. Ahenni no ho asɛmpa a yɛbɛka no ne ɔkwan a ɛyɛ sen biara a yɛfa so da saa ɔdɔ no adi.
15. Adɛn nti na yɛbɛtumi aka sɛ Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo nyinaa sɛ wɔnka asɛmpa no?
15 Asɛm bi wɔ hɔ a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo kakraa bi, nanso ɛtɔ mmere bi a ɛfa n’asuafo pii ho. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yesu ne n’asuafo 11 pɛ na ɛyɛɛ apam, na ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔne wɔn bɛdi ade wɔ n’Ahenni mu. Nanso nnipa 144,000 na wɔne no bɛdi ade. (Luka 22:29, 30; Adiyisɛm 5:10; 7:4-8) Yesu wusɔre akyi no, n’asuafo kakraa bi na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka asɛmpa no. (Asomafoɔ Nnwuma 10:40-42; 1 Korintofoɔ 15:6) Nanso Yesu asuafo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so nyinaa kaa asɛmpa no bi. (Asomafoɔ Nnwuma 8:4; 1 Petro 1:8) Ɛnnɛ nso, ɛwom sɛ Yesu ankasa nka nkyerɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ asɛnka adwuma no deɛ, nanso yɛnim sɛ ɛsɛ sɛ yɛka asɛm no. Nokwasɛm ne sɛ, yɛn a yɛreyɛ asɛnka adwuma no yɛ ɔpepem nwɔtwe. Yɛnim sɛ sɛ yɛka asɛm no a, yɛda no adi sɛ yɛwɔ Yesu mu gyidi ampa.
ƐNNƐ NE BERE A ƐSƐ SƐ YƐDI NOKWARE
16-18. Dɛn na yɛbɛtumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdi Kristo nuanom nokware, na adɛn nti na ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?
16 Satan reko tia Kristo nuanom a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no dendeenden, na “ɔnim sɛ ne berɛ a aka yɛ tia.” (Adiyisɛm 12:9, 12, 17) Nanso Satan sɔretia nyinaa akyi no, Kristofo a wɔasra wɔn no kɔ so di asɛnka adwuma no anim, na nnipa pii na wɔrete asɛmpa no nnɛ sen bere biara. Ɛda adi sɛ Yesu taa Kristofo a wɔasra wɔn no akyi na ɔrekyerɛ wɔn kwan.
Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛbɛboa Kristo nuanom
17 Yɛhu sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛreka asɛmpa no bi de aboa Kristo nuanom. Yɛyi ntoboa, na yɛyɛ adwumaden de sisi Ahenni Asa, Nhyiam Asa, ne Betel adan nso de boa wɔn. Sɛ yɛde nokwaredi tie asafo mu mpanyimfo ne anuanom a “akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma” no apaw wɔn no a, yɛda no adi sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa Kristo nuanom.
18 Kristofo a wɔasra wɔn a wɔaka no bɛnya wɔn nsɔano a ɛtwa to nnansa yi ara. Ɛno akyi no, abɔfo no bɛgyaa “asase so mframa nnan no” mu, na ahohiahia kɛse no bɛfi ase. (Adiyisɛm 7:1-3) Yesu bɛfa Kristofo a wɔasra wɔn no akɔ soro ansa na Harmagedon afi ase. (Mateo 13:41-43) Enti sɛ yɛpɛ sɛ wɔbu yɛn sɛ nnwan bere a Yesu aba no a, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛdi Kristo nuanom a wɔasra wɔn no nokware.
Yɛboa Kristo nuanom wɔ akwan pii so (Hwɛ nkyekyɛm 17)
^ nky. 6 Sɛ wopɛ mfatoho yi ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ asɛm a wɔato din, “Ebesi Wo Dɛn wɔ Atemmu Agua no Anim?” ne “Daakye Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Nguanten ne Mpapo No?” wɔ October 15, 1995, Ɔwɛn-Aban no mu.