ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM March 2015

Adesua nsɛm a yɛbɛsua fi May 4 kɔsi 31, 2015, wɔ nsɛmma nhoma yi mu.

‘Wei Ne Ɔkwan a Ɛsɔ W’ani’

Adɛn nti na nnansa yi yɛn nwoma ahorow no taa kyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm mu ma emu da hɔ na ɛnyɛ den?

‘Wobɛkɔ So Awɛn’ Anaa?

Kenkan Yesu mfatoho a ɛfa mmaabun du no ho nkyerɛkyerɛmu foforo; ɛtwe adwene si aba a ɛwɔ mfatoho no mu so.

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nnansa yi, yɛn nwoma ahorow ntaa nka sɛ Bible mu nsɛm bi gyina hɔ ma biribi kɛse a ɛbɛba daakye. Adɛn ntia?

Sua Biribi Fi Dwetikɛse Ho Mfatoho no Mu

Adesua asɛm yi ma yɛnya ntease foforo wɔ dwetikɛse ho mfatoho no ho.

Momma Yɛmfa Nokwaredi Mmoa Kristo Nuanom

Dɛn na wɔn a Kristo bu wɔn sɛ nnwan no yɛ de boa ne nuanom?

Ware “Awurade Mu Nko Ara”—Ɛda So Ara Yɛ Adwuma Nnɛ?

Wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔde Onyankopɔn afotu bɛyɛ adwuma no ma ne koma ani gye, na wɔn ankasa nya nhyira pii.