Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma W’awareɛ Nnyina na Emu Nyɛ Anika

Ma W’awareɛ Nnyina na Emu Nyɛ Anika

“Sɛ Yehowa ansi fie no a, ɛho adwumayɛfoɔ brɛ gu kwa.”—DWOM 127:1a.

1-3. Nsɛmnsɛm bɛn na awarefoɔ taa hyia? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiaseɛ no.)

ƆBARIMA bi ne ne yere atena mfie 38, na n’ani gye n’awareɛ mu. Ɔbarima yi kaa sɛ: “Sɛ wopɛ paa sɛ w’awareɛ gyina, na woyɛ nea wobɛtumi biara sɛ ɛbɛgyina a, Yehowa bɛhyira wo.” Enti, sɛ ɛto nea ɛyɛ den mpo a, okunu ne ɔyere nyinaa bɛtumi aboa wɔn ho wɔn ho na wɔn awareɛ ayɛ dɛ.Mmebusɛm 18:22.

2 Ɛyɛ dɛn ara a, nsɛmnsɛm bɛsɔre wɔ awareɛ mu. Bible mpo ka sɛ awarefoɔ ho “bɛhiahia wɔn ɔhonam mu.” (1 Korintofoɔ 7:28) Adɛn ntia? Da biara wɔ ne nsɛm, na wei bɛtumi ama awarefoɔ ho ahiahia wɔn. Sintɔ wɔ ɔbarima ne ɔbaa nyinaa ho, enti ɛtɔ da a baako bɛyɛ biribi ma aha ɔfoforɔ no. Wobɛhwɛ mpo na tɛkrɛma no aka biribi a ɛnsɛ sɛ ɛka. (Yakobo 3:2, 5, 8) Awarefoɔ pii yɛ adwumaden sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛnya biribi kakra aba fie, na berɛ koro no ara ɛsɛ sɛ wɔnya berɛ tete wɔn mma. Ɛtɔ da a, wei de ɔbrɛ ne kɔdaanna bɛto wɔn so, enti ebia ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛnya berɛ aka wɔn awareɛ no hye. Afei sikasɛm, yareɛ, ne nsɛnnennen foforɔ wɔ hɔ, na wei nyinaa bɛtumi ama ɔdɔ ne obuo a awarefoɔ wɔ ma wɔn ho no abrɛ ase. Ebia yɛbɛhu sɛ awarefoɔ bi te hɔ fɛfɛɛfɛ, nanso ɛno mpo, “ɔhonam nnwuma” te sɛ adwamammɔ, ahohwie, nitan, ntawantawadie, ahoɔyaa, bobɔne, ne mansotwe bɛtumi adidi awareɛ no ase.Galatifoɔ 5:19-21.

3 Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne tebea a yɛwom wɔ “nna a ɛdi akyire” yi mu no. Nnipa yɛ ahopɛ ne pɛsɛmenkomenya na wɔnni obuo mma Onyankopɔn. Su a ɛte saa bɛtumi de awareɛ ato asiane mu. (2 Timoteo 3:1-4) Nanso wei nyinaa da nkyɛn a, ɔtamfo tirimuɔdenfoɔ bi asi nketekrakye sɛ ɔbɛgu awareɛ. Ɔsomafoɔ Petro bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Mo tamfo Bonsam nenam sɛ gyata a ɔrebobom apɛ obi amene no.”1 Petro 5:8; Adiyisɛm 12:12.

4. Ɛbɛyɛ dɛn na awareɛ atumi agyina na anigyeɛ aba mu?

4 Ɔbarima bi a ɔwɔ Japan kaa sɛ: “Na me sikasɛm nyɛ koraa, na na me ne me yere nso mmɔ nkɔmmɔ. Enti daa na wayɛ hahaaha. Nnansa yi, yareɛ bi kaa no too hɔ a na ɛnyɛ asɛm ketewa. Ɛtɔ da a, wei nyinaa de akasakasa ba yɛn ntam.” Nsɛmnsɛm bɛtumi aba awareɛ mu, nanso yɛbɛtumi adi so. Yehowa bɛtumi aboa awarefoɔ ma wɔn awareɛ agyina na anigyeɛ aba mu. (Kenkan Dwom 127:1.) Momma yɛnhwɛ nneɛma nnum a ɛbɛboa ma awareɛ agyina na aseɛ atim. Bio nso yɛbɛhwɛ nea enti a ɔdɔ ma awareɛ sɔ.

MA YEHOWA MMRA W’AWAREƐ MU

5, 6. Ɔkwan bɛn so na okunu ne ɔyere bɛtumi ama Yehowa aba wɔn awareɛ mu?

5 Yehowa na ɔhyehyɛɛ awareɛ, enti adeɛ baako a ɛbɛtumi ama awareɛ anya nnyinasoɔ paa ne sɛ awarefoɔ no bɛbrɛ wɔn ho ase ama Yehowa na wɔadi no nokorɛ. (Kenkan Ɔsɛnkafoɔ 4:12.) Enti sɛ awarefoɔ pɛ sɛ Onyankopɔn ba wɔn awareɛ mu a, ɛsɛ sɛ wɔdi n’ahyɛdeɛ so. Bible ka sɛ: “W’aso bɛte asɛm bi wɔ w’akyi sɛ: ‘Ɛkwan no nie. Momfa so.’ Sɛ momane fa nifa oo, mofa benkum oo, momfa so.” (Yesaia 30:20, 21) Sɛ awarefoɔ bom kenkan Bible a, ɛkyerɛ sɛ wɔawɛn wɔn ‘aso’ ama Yehowa asɛm. (Dwom 1:1-3) Sɛ wɔma abusua som tu mpɔn na ɛyɛ anika na wɔhwɛ ma no toatoa so daa a, ɛbɛhyɛ wɔn den na wɔn awareɛ asɔ. Afei ɛsɛ sɛ wɔbom bɔ mpaeɛ da biara da; wei bɛma awareɛ no ayɛ den, na Satan wiase no rentumi nnidi aseɛ.

Sɛ awarefoɔ bom som Yehowa a, ɛbɛka wɔn abɛn no, na wɔn dɔ mu bɛyɛ den ma wɔn awareɛ asɔ (Hwɛ nkyekyɛm 5, 6)

6 Ɔbarima bi a ɔfiri Germany a ɔde Gerhard kaa sɛ: “Berɛ biara a mente-me-ho-ase anaa wontwiwontwi bɛtena yɛn anigyeɛ so no, afotusɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no boa ma yɛnya aboterɛ na yɛde nsɛm kyɛ.” Ɔkaa sɛ su a ɛte saa ho hia na ama awareɛ asɔ. Sɛ okunu ne ɔyere bom som Onyankopɔn na wɔma no tena wɔn awareɛ mu a, ɛka wɔn fam Onyankopɔn ho na ɛma awareɛ no gyina pintinn.

OKUNUNOM A WƆDI WƆN ABUSUA SO YIE

7. Sɛn na ɛsɛ sɛ okunu ne ne yere di?

7 Ɔbarima ne abusua ti, na sɛ ɔdi n’asɛdeɛ ho dwuma yie a, ɛbɛtumi ama abusua no ayɛ den na anigyeɛ aba mu. Bible ka sɛ: “Ɔbarima biara ti ne Kristo; ɔbaa nso ti ne ɔbarima.” (1 Korintofoɔ 11:3) Wei kyerɛ sɛn? Sɛnea Yesu ne n’asuafoɔ no dii no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔbarima ne ne yere di. Ná Yesu nyɛ kankabi tirimuɔdenfoɔ. Mmom na ɔdɔ nnipa, ne yam yɛ, ɔte asɛm ase, ɔdwo, na ɔbrɛ ne ho ase.Mateo 11:28-30.

8. Dɛn na ɔbarima bɛyɛ na ne yere abu no na wadɔ no?

8 Sɛ mmarima suasua Kristo a, ɛho renhia sɛ daa wɔbɛka akyerɛ wɔn yere sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ wobu me.’ Mmom wɔbɛkɔ so ara anya wɔn yerenom ho aboterɛ na ‘wɔadi wɔn ni sɛ anwenneɛ a ɛyɛ mmerɛ.’ (1 Petro 3:7) Sɛ ɔbarima ne ne yere wɔ fie oo, wɔwɔ abɔnten oo, ɛsɛ sɛ n’anom asɛm ma ɔbaa no anim ba nyam na ɔkyerɛ sɛ ne ho asɛm hia no. Sɛ mmarima yɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔn yerenom som bo ma wɔn. (Mmebusɛm 31:28) Sɛ ɔbarima kyerɛ sɛ ɔdɔ ne yere a, ɔbaa no nso bɛdɔ no na wabu no, na Yehowa nso bɛhyira awareɛ no so.

ƆYERENOM A WƆBRƐ WƆN HO ASE

9. Ɛdeɛn na ɔyere de bɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase?

9 Sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛdi n’ahyɛdeɛ so a, yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ahyɛ “Onyankopɔn nsa a tumi wom no ase.” (1 Petro 5:6) Ɔkwan titire baako a ɔbaa bɛkyerɛ sɛ wabrɛ ne ho ase ahyɛ Yehowa tumi ase ne sɛ ɔne ne kunu bɛyɛ baako na waboa no. Bible ka sɛ: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛdeɛ ɛfata Awurade mu.” (Kolosefoɔ 3:18) Ɛyɛ nokorɛ, ɛnyɛ berɛ nyinaa na ɔbaa ne ne kunu bɛyɛ adwene wɔ nsɛm ho. Nanso sɛ ɔbarima no si gyinaeɛ na ɛntia Onyankopɔn mmara a, ɛsɛ sɛ ɔbaa no brɛ ne ho ase na ɔgye tom.1 Petro 3:1.

10. Adɛn nti na ahobrɛaseɛ ho hia?

10 Yehowa ama ɔyerenom asɛdeɛ bi a nidie wom wɔ abusua no mu. Ɔbaa yɛ ɔbarima “hokafoɔ.” (Malaki 2:14) Sɛ awarefoɔ resi gyinaeɛ bi a, ɔbaa no bɛto ne bo ase akyerɛ n’adwene, nanso sɛ wɔbɔ asɛm no pɔ wie a, ɔbɛbrɛ ne ho ase agye atom. Ɛnneɛ, deɛn na ɔbarima no bɛyɛ de akyerɛ sɛ n’ani da hɔ? Ɛne sɛ nea ne yere wɔ ka biara ɔbɛyɛ aso atie. (Mmebusɛm 31:10-31) Sɛ ɔbaa brɛ ne ho ase ma ne kunu a, ɛma anigyeɛ, asomdwoeɛ, ne baakoyɛ ba abusua no mu. Wei ma awarefoɔ no akoma tɔ wɔn yam, efisɛ wɔnim sɛ wɔreyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani.Efesofoɔ 5:22.

“MOMFA MFIRIFIRI MO HO KORAKORA”

11. Adɛn nti na ɛhia sɛ yɛde mfomsoɔ firi?

11 Adeɛ foforɔ wɔ hɔ a ɛboa ma awareɛ gyina paa. Ɛno ne sɛ awarefoɔ de mfomsoɔ bɛfirifiri wɔn ho. Sɛ ‘wɔnya wɔn ho aboterɛ na wɔde firifiri wɔn ho’ a, awareɛ no bɛsɔ paa. (Kolosefoɔ 3:13) Nanso sɛ awarefoɔ nya asɛm na wɔsɔ mu twann anaa wɔkɔtwetwe nsɛm a atwam ba a, nkakrankakra awareɛ no bɛgyigya. Sɛnea ɛdan bi ho paapae a, nkakrankakra ɛgo no, saa ara na abufuo anaa menasepɔ bɛma ayɛ den sɛ awarefoɔ de mfomsoɔ bɛfirifiri wɔn ho na wɔabom atena asomdwoeɛ mu. Nanso sɛ awarefoɔ de firifiri wɔn ho sɛnea Yehowa de wɔn mfomsoɔ firi wɔn no a, awareɛ no bɛsɔ paa.Mika 7:18, 19.

12. Ɔkwan bɛn so na “ɔdɔ kata bɔne pii so”?

12 Ɔdɔ kann ‘mfa bɔne nhyɛ ne mu.’ Mmom “ɔdɔ kata bɔne pii so.” (1 Korintofoɔ 13:4, 5; kenkan 1 Petro 4:8.) Enti sɛ yɛdɔ obi a, yɛrentumi nkan mpɛn dodoɔ a yɛde ne bɔne bɛfiri no. Berɛ bi ɔsomafoɔ Petro bisaa Yesu mpɛn dodoɔ a obi yɛ no bɔne a ɛsɛ sɛ ɔde firi no. Yesu buaa sɛ: “Ɛnkɔsi mprɛ aduɔson nson.” (Mateo 18:21, 22) Ná Yesu repɛ akyerɛ sɛn? Nea na ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ Kristofoɔ rentumi nkan mpɛn dodoɔ a wɔde mfomsoɔ bɛfiri; ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa daa.Mmebusɛm 10:12. * (Hwɛ aseɛ hɔ asɛm no.)

13. Dɛn na ɛbɛma ayɛ mmerɛ sɛ yɛde bɔne bɛkyɛ?

13 Ɔbaa bi a ɔwɔ Germany a ɔde Annette kaa sɛ: “Sɛ awarefoɔ nnim bɔne fakyɛ a, wɔbɛnya wɔn ho menasepɔ na obiara rennye ne yɔnko nni bio. Afei nkakrankakra awareɛ no bɛgyigya. Nanso sɛ awarefoɔ tumi gyaa nsɛm mu ma ɛka a, ɛka wɔn bom ma awareɛ no tim.” Sɛ wo hokafoɔ yɛ biribi ma wo a, ma no nhu sɛ w’ani sɔ na da no ase. Fa w’ani to fam hwɛ nneɛma a wobɛtumi akamfo no wɔ ho. Woyɛ saa a, ɛbɛyɛ mmerɛ sɛ wode ne mfomsoɔ bɛkyɛ no. (Kolosefoɔ 3:15) Monsua bɔne fafiri, na ɛbɛma moanya asomdwoeɛ, baakoyɛ, ne Onyankopɔn anim dom.Romafoɔ 14:19.

‘NEA WOPƐ SƐ NNIPA YƐ WO NO, YƐ WƆN SAA ARA’

14, 15. Asɛm bɛn na Yesu kaeɛ? Ɔkwan bɛn so na ɛbɛtumi aboa ma awareɛ agyina?

14 Sɛ obi ne wo rekasa a, wopɛ sɛ ɔde obuo ne nidie ma wo. Sɛ wo nso na worekasa a, wopɛ sɛ nkurɔfoɔ yɛ aso tie wo na wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ atenka. Ebia woate pɛn sɛ obi reka sɛ: “Nea asomasi ayɛ me no, mɛyɛ no bi atua ka.” Ɛtɔ da a, nteaseɛ wom. Nanso Bible se: “Nka sɛ: ‘Sɛ ɔyɛɛ me no, saa ara na mɛyɛ no.’” (Mmebusɛm 24:29) Yesu kyerɛɛ nkurɔfoɔ nea wɔbɛyɛ wɔ tebea a ɛte saa ho. N’asɛm no boa ma yɛtumi ne nnipa nyinaa tena yie. Ɔkaa sɛ: “Sɛdeɛ mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara.” (Luka 6:31) Yesu anka sɛ nea nnipa yɛ yɛn no yɛnyɛ wɔn saa ara, na mmom ɔkaa sɛ nea yɛpɛ sɛ wɔyɛ yɛn no, yɛnyɛ wɔn saa ara. Dɛn na wei kyerɛ wɔ awareɛ mu? Ɛkyerɛ sɛ nea yɛpɛ sɛ yɛnya fi awareɛ mu no, yɛmfa saa ara nhyɛ awareɛ no mu.

Nea yɛpɛ sɛ yɛnya fi awareɛ mu no, yɛmfa saa ara nhyɛ awareɛ no mu

15 Adeɛ baako nso a ɛboa ma awareɛ gyina ne sɛ awarefoɔ no bɛnya tema ama wɔn ho. Ɔbarima warefoɔ bi a ɔwɔ South Africa kaa sɛ: “Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde Yesu asɛm no bɛyɛ adwuma. Nokwasɛm nie, ɛtɔ da a yɛn adwene nhyia wɔ nsɛm bi ho. Nanso obiara bɔ mmɔden sɛ nea ɔpɛ sɛ ne yɔnko yɛ no no, ɔno nso bɛyɛ no saa ara. Yɛpɛ sɛ yɛn mu biara bu ne yɔnko na ɔdi no ni.”

16. Dɛn na ɛnsɛ sɛ okunu anaa ɔyere de yɛ ne hokafoɔ?

16 Sɛ wo kunu anaa wo yere wɔ mmerɛyɛ anaa su bi a ɛteetee wo a, mmɔ ho dawuro mma afoforɔ nte. Mfa nyi nsɛnkwaa mpo. Kae sɛ awareɛ nyɛ akansie na woakyerɛ sɛ wo na w’ano yɛ ya anaa wo ho yɛ den anaa wotumi teateam. Yɛn nyinaa tɔ sin, enti ɛtɔ da a yɛbɛyɛ biribi ama aha afoforɔ. Nanso wei mma okunu anaa ɔyere kwan sɛ ɔnhyɛ ne hokafoɔ aniwuo anaa ɔnsopa no. Biribi foforɔ wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ awarefoɔ da so ho daeɛ koraa. Ɛyɛ dɛn? Ɛno ne sɛ baako bɛsum ne yɔnko anaa ɔbɛtene ne nsa abɔ no.Monkenkan Mmebusɛm 17:27; 31:26.

17. Ɔkwan bɛn so na okunu bɛtumi de Yesu asɛm no ayɛ adwuma na wanya tema ama ne yere?

17 Mmeae bi wɔ hɔ a ɔbarima boro ne yere anaa ɔdwoodwoo no de kyerɛ sɛ ɔno ne barima. Nanso Bible ka sɛ: “Deɛ ne bo kyɛre fuo no sene dɔmmarima, na deɛ ɔdi ne honhom soɔ yɛ sene deɛ ɔko fa kuro.” (Mmebusɛm 16:32) Nokwasɛm nie, sɛ obi hwe ne yere anaa ɔdwoodwoo no a, na ɔnyɛ ɔbarima. Ná Yesu ne ɔbarima a ɔsene biara a watena ase pɛn, nanso na n’ahosodie yɛ krabɛhwɛ. Enti sɛ yɛreka ɔbarima a, ɔno ne obi a ɔtumi di ne ho so te sɛ Yesu. Yɛnhwɛ ɔdwontofoɔ Dawid nso. Na ɔyɛ obi a ne ho yɛ den na ne koko yɛ duru, nanso tie nea ɔkaeɛ: “Mo bo fu a, monnyɛ bɔne. Momma mo nsɛm ntena mo akoma mu mo mpa so, na monyɛ komm.”Dwom 4:4.

“MONHYƐ ƆDƆ”

18. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so da ɔdɔ adi?

18 Monkenkan 1 Korintofoɔ 13:4-7. Su a ɛhia paa wɔ awareɛ mu ne ɔdɔ. Bible ka sɛ: “Monhyɛ ayamhyehyeɛ, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ adwene, ɔdwoɔ, ne abodwokyɛreɛ. Na yeinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ ɛfiri sɛ ɛyɛ koroyɛ homa a ɛyɛ pɛ.” (Kolosefoɔ 3:12, 14) Ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere nya ɔdɔ kann ma wɔn ho. Wɔyɛ saa a, na wɔresuasua Yesu Kristo; ɔno na ɔde ne nkwa too hɔ maa afoforɔ. Ɛyɛ nokorɛ, ɛtɔ da a ɔbarima anaa ɔbaa no bɛyɛ biribi ama ayɛ baako ahi, anaa baako bɛyare dendeenden, anaa wɔn ho bɛkyere wɔn wɔ sika fam. Wobɛhwɛ mpo na nsenom de wɔn nsɛm redwan wɔn ho. Nanso sɛ ɔdɔ kann wɔ awareɛ no mu a, weinom biara rentumi ntete awarefoɔ no ntam.

19, 20. (a) Ɛbɛyɛ dɛn na okunu ne ɔyere ama wɔn awareɛ agyina na anigyeɛ aba mu? (b) Dɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu?

19 Sɛ awareɛ bɛgyina a, ɛhia ɔdɔ, nokorɛdie, ne animia. Sɛ nsɛmnsɛm bi sɔre a, ɛnsɛ sɛ awarefoɔ no pere wɔn ho sɛ wɔbɛgyaa awareɛ. Ɛsɛ sɛ wɔsi wɔn adwene pi sɛ wɔremma mframa mpo mfa wɔn ntam. Sɛ awarefoɔ no dɔ wɔn ho na wɔdɔ Yehowa a, wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsiesie wɔn ntam asɛm biara, efisɛ “ɔdɔ to ntwa da.”1 Korintofoɔ 13:8; Mateo 19:5, 6; Hebrifoɔ 13:4.

20 Seesei yɛwɔ “mmerɛ a emu yɛ den” mu, enti ɛnyɛ mmerɛ sɛ yɛbɛma yɛn awareɛ agyina na anigyeɛ aba mu. (2 Timoteo 3:1) Nanso Yehowa adaworoma, ɛbɛtumi ayɛ yie. Ɛnneɛ, dɛn bio na ɛsɛ sɛ awarefoɔ ko tia na ansɛe wɔn awareɛ. Ɛno ne nna mu ɔbrasɛe a abu so wɔ wiase baabiara no. Adesua a ɛdi so no bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea okunu ne ne yere bɛtumi abɔ wɔn awareɛ ho ban.

^ nky. 12 Sɛ asɛm bi si awarefoɔ ntam a, ɛsɛ sɛ wɔde firi na wɔsiesie. Nanso sɛ awarefoɔ no mu baako fi ne hokafoɔ akyi kɔsɛe awareɛ a, baako a waka no wɔ hokwan sɛ ɔde bɛfiri anaa ɔbɛgyaa awareɛ. Bible ma no kwan. (Mateo 19:9) Hwɛ asɛm a wɔato din “Bible No Adwene: Awaresɛe—Ɛsɛ sɛ Wɔde Firi Anaa Ɛnsɛ sɛ Wɔde Firi?” wɔ August 8, 1995, Nyan! mu.