Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristofo Ayi—Nidi Wom, Ɛnyɛ Kyenkyerenn, na Ɛsɔ Onyankopɔn Ani

Kristofo Ayi—Nidi Wom, Ɛnyɛ Kyenkyerenn, na Ɛsɔ Onyankopɔn Ani

Kristofo Ayi—Nidi Wom, Ɛnyɛ Kyenkyerenn, na Ɛsɔ Onyankopɔn Ani

WƆREBƆ bena wɔ baabiara. Ayiasefo a wɔafurafura birisi a wɔretwa adwo de wɔn ho toto fam tew nusu. Wɔbɔ nnwom denneennen ma nkurɔfo di asaw. Na afoforo nso redidi, wɔrebɔ nserehehe, na wɔregye wɔn ani. Wubehu nnipa kakraa bi nso sɛ wɔawe nsafufu ne bia a abu so no bi abobow deda fam. Dɛn na ɛrekɔ so yi? Wɔ wiase aman bi mu no, saa nneɛma yi na ɛkɔ so wɔ ayi a nnipa ɔhaha pii hyiam kogya owufo no kwan no ase.

Yehowa Adansefo pii tete mmeae bi a wɔn abusuafo ne wɔn afipamfo kura gyidihunu mu denneennen na wosuro awufo paa no. Nnipa ɔpepem pii gye di sɛ sɛ obi wu a, ɔkɔka wɔn nananom ahonhom ho, na obetumi aboa ateasefo anaasɛ wɔahaw wɔn. Wɔde saa gyidi yi afrafra ayiyɛ ho amanne pii mu. Nokwarem no, sɛ obi wu na yesũ a, mfomso biara nni ho. Mmere bi wɔ hɔ a Yesu ne n’asuafo no dii wɔn adɔfonom wu ho awerɛhow. (Yoh. 11:33-35, 38; Aso. 8:2; 9:39) Nanso, wɔanni awerɛhow antra so te sɛ nea na nnipa a wɔwɔ wɔn bere so yɛ no da. (Luka 23:27, 28; 1 Tes. 4:13) Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ, na wonim nokwasɛm a ɛfa owu ho.

Bible ka no pefee sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu; awufo de, wonnim biribiara, . . . Wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dedaw . . . Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa biara nni asaman [adesamma damoa mu] a worekɔ no.” (Ɔsɛnk. 9:5, 6, 10) Saa Bible mu asɛm a Onyankopɔn ma wɔde ne honhom kyerɛwee no ma yehu pefee sɛ sɛ obi wu a onnim hwee bio. Ontumi nnwen, ɔnte nka, ɔnkasa, anaasɛ ɔnte biribiara ase. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Bible mu nokwasɛm yi a yɛabɛte ase no ka sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ wɔn ayi?

“Mommfa Mo Nsa Nnka Nea Ɛho Ntew”

Ɛmfa ho abusua kõ a Yehowa Adansefo fi mu ne wɔn amammerɛ no, wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amanne biara a ɛkyerɛ sɛ wogye di sɛ sɛ obi wu a na onwui, na owufo no betumi aboa ateasefo anaasɛ wahaw wɔn no mu. Amanne bi te sɛ apɛsi, ayi akyi adidi ne asaw, nna a wodi, afɔre a wɔbɔ ma awufo, ne kunayɛ nyinaa yɛ amanne a ɛho ntew, na ɛnsɔ Onyankopɔn ani, efisɛ egyina adaemone nkyerɛkyerɛ a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia a ɛne sɛ ɔkra anaa honhom no nwu no so. (Hes. 18:4) Nokware Kristofo ‘ntumi nnidi wɔ “Yehowa pon” so ne adaemone pon so’ enti wɔmmfa wɔn ho nnhyehyɛ amanne ahorow a ɛte saa no mu. (1 Kor. 10:21) Wotie ahyɛde a ɛne sɛ: “Montew mo ho, . . . na mommfa mo nsa nnka nea ɛho ntew” no. (2 Kor. 6:17) Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi amanne a ɛtete saa ho.

Wɔ Afrika ne mmeae foforo no, nnipa pii gye di sɛ sɛ wɔanyɛ amanne ahorow bi a, ɛbɛhyɛ wɔn nananom a wɔawuwu no ahonhom abufuw. Sɛ obi anyɛ saa amanne yi a, wobu no sɛ wayɛ bɔne a anibere wom a ebetumi de nnome anaa ɔhaw kɛse aba ɔmanfo no so. Esiane sɛ Yehowa nkurɔfo mfa wɔn ho nhyehyɛ ayiyɛ ho amanne a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia mu nti, wɔn kuromfo anaa wɔn abusuafo akasa atia wɔn, wɔadidi wɔn atɛm, na wɔapo wɔn mu pii. Wɔabɔ ebinom sobo sɛ wɔmpɛ nnipa na wommu awufo. Wɔn a wɔnyɛ gyidifo de anuɔden agye Kristofo bi ayi ayɛ wɔ mmere bi mu. Enti, dɛn na yebetumi ayɛ na yɛne wɔn a wogye gyina mu denneennen sɛ wɔbɛyɛ ayiyɛ ho amanne bi a ɛnsɔ Onyankopɔn ani no anni aperepere? Na nea ɛho hia sen saa mpo no, dɛn na yebetumi ayɛ de atwe yɛn ho afi amanne ne nneyɛe a ɛho ntew a ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam no ho?

Ma Wonhu Wo Gyinabea Pefee

Wɔ wiase aman bi so no, ɛyɛ wɔn amammerɛ sɛ abusua santen no mufo ne abusua no mu mpanyimfo bɛka abusuafo a wɔbɛn owufo no pɛɛ no ho ma wɔayɛ afunsie no ho nhyehyɛe. Enti, ɛsɛ sɛ nokware Kristoni ma wohu no pefee sɛ ɛyɛ Yehowa Adansefo na wɔbɛyɛ n’ayi ho nhyehyɛe ma ɛne Bible mu nnyinasosɛm ahyia. (2 Kor. 6:14-16) Ɛnsɛ sɛ biribiara a wɔbɛyɛ wɔ Kristoni bi ayi ase ma wɔn mfɛfo gyidifo ahonim haw wɔn, anaasɛ ɛto afoforo a wonim yɛn gyidi ne nea yɛkyerɛkyerɛ fa awufo ho no hintidua.

Sɛ wɔka kyerɛ Kristoni bi sɛ onnyina Kristofo asafo no ananmu nhwɛ nyɛ obi ayi a, mpanyimfo a wɔapaw wɔn no betumi de nyansahyɛ ne mmoa a egyina Bible so ama wɔn a ade atɔ wɔn ani no, sɛnea ɛbɛyɛ a ayi no ho nhyehyɛe nyinaa ne akwankyerɛ a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no behyia. Sɛ wɔn a wɔnyɛ Adansefo no bi pɛ sɛ wɔde amanne a ɛho ntew frafra ayiyɛ no mu a, ɛho hia sɛ yɛde yɛn nan si fam na yɛde akokoduru kyerɛkyerɛ yɛn gyinabea sɛ Kristofo no mu kyerɛ wɔn wɔ nidi ne obu mu. (1 Pet. 3:15) Nanso, sɛ abusuafo a wɔnyɛ gyidifo no ka no kyenkyenee sɛ wɔde amanne a ɛho ntew bɛfra ayi no ho nhyehyɛe mu nso ɛ? Ɛnde, abusuafo a wɔyɛ gyidifo no betumi asi gyinae atwe wɔn ho afi ayi no ho. (1 Kor. 10:20) Sɛ ɛba saa a, wobetumi akɔma ayi no ho ɔkasa tiawa wɔ ɛhɔnom Ahenni Asa so, anaa baabi foforo a ɛfata, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde “Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye” bɛma wɔn a wɔn dɔfo wu no ama wɔn werɛ ahow ankasa no. (Rom. 15:4) Ɛwom mpo sɛ nea wawu no amu no nni hɔ de, nanso nhyehyɛe a ɛte saa no yɛ nea nidi wom, na ɛfata. (Deut. 34:5, 6, 8) Sɛ wɔn a wɔnyɛ gyidifo de wɔn ho gyigye ayi no ho nsɛm mu wɔ ɔkwan a ɛmfata so saa a, ɛma wɔn a ade atɔ wɔn ani no haw, na wodi awerɛhow kɛse, nanso yebetumi anya awerɛkyekye efisɛ yenim sɛ Onyankopɔn a obetumi ama yɛn “tumi a ɛboro onipa de so no” ahu yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ no.—2 Kor. 4:7.

Kyerɛw Nea Wopɛ sɛ Wɔyɛ Ma Wo no To Hɔ

Sɛ obi di kan kyerɛw sɛnea ɔpɛ sɛ wɔyɛ n’ayi ho asɛm to hɔ a, ɛmma ɛnyɛ den koraa sɛ wɔne abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no besusuw nsɛm ho, efisɛ mpɛn pii no, wɔkyerɛ obu ma nea owufo no pɛ sɛ wɔyɛ ma no no. Nneɛma a ɛho hia a ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw to hɔ no bi ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ n’ayi, baabi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no, ne onii a ɛsɛ sɛ odi anim ma wɔyɛ ayi no ho nhyehyɛe na ɔhwɛ so. (Gen. 50:5) Krataa a wogye emu nsɛm tom paa ne nea onii no de ne nsa ahyɛ ase, na wama adansefo nso ayɛ saa ara no. Wɔn a wɔde nhumu ne nyansa susuw nneɛma a egyina Bible nnyinasosɛm so ho no nim sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtwɛn kosi sɛ wɔbɛbɔ nkwakoraa ne mmerewa, anaa wɔbɛyare ada owupa so ansa na wɔayɛ eyi.—Mmeb. 22:3; Ɔsɛnk. 9:12.

Ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobedi kan akyerɛw nsɛm a ɛte saa ato hɔ. Nanso, saa a obi bɛyɛ no kyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni a ne ho akokwaw, na ɔwɔ ɔdɔ ma afoforo. (Filip. 2:4) Nanso, ɛyɛ papa koraa sɛ obi bɛkyerɛkyerɛ nea wɔnyɛ mma no no mu pefee bere a ɔda so te ase no sen sɛ obegyaw ama abusuafo a wɔahaw, a ebia wɔrehyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ amanne bi a ɛho ntew a na owufo no te ase no na ɔmpene so anaa onnye ntom no ma wɔasi ho gyinae wɔ ne wu akyi.

Monnyɛ Ayi no Kyenkyerenn

Wɔ Afrika aman bi so no, nnipa pii gye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ayi kɛse ma ɛyɛ kyenkyerenn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nananom ahonhom bo remfuw wɔn. Afoforo nso de ayiyɛ ‘hoahoa wɔn ho’ de kyerɛ wɔn dibea anaa sika a wɔwɔ. (1 Yoh. 2:16) Wɔsɛe bere ne sika pii de sie owufo no, na ɛno ne nea ɔmanfo frɛ no “osie pa.” Nea ɛbɛyɛ na wɔanya nnipa pii ma wɔaba ayi no, wɔde owufo no mfonini ne ayi no ho nhyehyɛe bobɔ mmeae ahorow de bɔ ayi no ho dawuru. Wɔyɛ owufo no mfonini gu ntade mu, na wɔkyekyɛ ma ayiasefo no ma wɔhyɛ. Wɔtɔ funnaka akɛse a ne bo yɛ den de hwehwɛ ɔmanfo anim anuonyam. Wɔ ɔman bi a ɛwɔ Afrika mu no, ebinom yɛ funnaka a ɛte sɛ kar, wimhyɛn, nsuhyɛn, ne nneɛma foforo de kyerɛ sɛnea wɔwɔ sika, wodi yiye, anaa wɔanya wɔn ho. Wotumi yi amu no fi funnaka mu de to mpa a wɔahyɛ da asiesie so so. Wotumi hyɛ ɔbea bi a wawu ayeforo atade fitaa, na wɔde agude ne nhene hyehyɛ no kyenkyerenn, wɔkeka n’ano toto n’ani akyi, na wotwiw n’anim. So ɛfata ankasa sɛ Onyankopɔn nkurɔfo de wɔn ho hyehyɛ nneyɛe a ɛte saa mu?

Kristofo a wɔn ho akokwaw hu sɛ nyansa wom sɛ wɔremfa wɔn ho nhyehyɛ nneɛma a nkurɔfo a wonnim Onyankopɔn nnyinasosɛm anaasɛ ɛho nhia wɔn no yɛ tra so no mu. Yenim sɛ amanne ne nneyɛe ahorow a ɛmfata a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia no ‘mfi Onyankopɔn, na mmom efi wiase a ɛretwam’ no. (1 Yoh. 2:15-17) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa na yɛamfa yɛn ho anhyehyɛ akansi a ɛyɛ su a ɛmfata Kristofo a ɛno ne sɛ yɛbɛyɛ yɛn ayi ma asen afoforo de no mu. (Gal. 5:26) Osuahu ma yehu sɛ sɛ nkurɔfo amammerɛ ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade no kyerɛ sɛ wosuro awufo paa a, wɔtaa yɛ ayi akɛse a ɛyɛ den sɛ wɔbɛhwɛ so, ma enti ɛnkyɛ koraa na ayi no agye wɔn nsam. Ɛnyɛ den koraa sɛ obu a wɔwɔ ma awufo no betumi ama wɔn a wɔnyɛ gyidifo de wɔn ho ahyehyɛ nneyɛe a ɛho ntew mu. Wɔ ayi a ɛtete saa ase no, wotumi bɔ nnwom a ano yɛ den, na wosu twa adwo, wobutuw amu no so, wɔkasa kyerɛ amu no tẽẽ te sɛ nea ɔte ase, na wɔde sika ne nneɛma foforo ma nea wawu no. Sɛ wɔyɛ nneɛma bi a ɛte saa wɔ Kristoni bi ayi ase a, ɛde ahohorabɔ kɛse bɛba Yehowa din ne ne nkurɔfo so.—1 Pet. 1:14-16.

Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ tebea a awufo wom a yenim no ma yenya akokoduru de yɛ yɛn ayi a yɛremma wiase no nneyɛe biara mfrafra mu. (Efe. 4:17-19) Ɛwom sɛ na Yesu ne onipa a ne ho hia sen biara a watena ase pɛn de, nanso wosiee no wɔ ɔkwan a nidi wom na ɛnyɛ kyenkyerenn so. (Yoh. 19:40-42) Wɔ wɔn a wɔwɔ “Kristo adwene” fam no, sɛ wosie obi saa a, ɛnyɛ wɔn aniwu ɔkwan biara so. (1 Kor. 2:16) Nokwarem no, ɔkwampa a yebetumi afa so atwe yɛn ho afi nea Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ɛho ntew, a ɛremma yɛn ayi no ase nyɛ dede na ayɛ nea nidi wom, na ayɛ nea ɛsɛ na ɛfata ma wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn ho ne sɛ yɛbɛyɛ Kristofo ayi korokorowa a ɛnyɛ kyenkyerenn.

So Ɛsɛ sɛ Yegye Yɛn Ani wɔ Ayi Ase?

Sɛ wosie amu no wie a, ebia abusuafo, afipamfo, ne afoforo behyiam adidi anom, na wɔabɔ nnwom a ano yɛ den na wɔadi asaw. Wɔtaa we nsa bu bra bɔne wɔ ayi a ɛtete saa ase. Ebinom ka sɛ sɛ wogye wɔn ani saa a, ɛboa ma owu no ho awerɛhow fi wɔn mu. Afoforo nso te nka sɛ ɛyɛ wɔn amammerɛ sɛ wɔyɛ saa. Nanso, nnipa pii gye di sɛ anigye a ɛte saa yɛ amanne a ɛsɛ sɛ wɔyɛ de di owufo no ni na wɔhyɛ no anuonyam, na ama ne kra atumi akɔka ne nananom ho.

Nokware Kristofo hu nyansa a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu afotu a edi hɔ yi so: “Awerɛhow ye sen ɔserew, efisɛ anim bosaayɛ ma koma di yiye.” (Ɔsɛnk. 7:3) Bio nso, wonim sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔbɛyɛ dinn na wɔadwinnwen sɛnea nkwa yɛ tiaa ne owusɔre ho anidaso no ho. Nokwarem no, wɔn a wɔne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den no nim sɛ ‘owuda ye sen ɛda a wɔwoo wɔn.’ (Ɔsɛnk. 7:1) Esiane sɛ yenim sɛ ahonhonsɛm ne ɔbrasɛe kɔ so wɔ anigyede a ɛte saa a ɛkɔ so wɔ ayi ase mu nti, ɛma ɛyɛ nea ɛmfata koraa sɛ nokware Kristofo bɛyɛ wɔn ayi wɔ saa kwan no so, anaasɛ wɔbɛkɔ ayi a ɛte saa ase. Sɛ yɛne wɔn a wogye wɔn ani wɔ ayi ase saa no bɔ a, ɛbɛkyerɛ sɛ yemmu Onyankopɔn, na yensusuw yɛn mfɛfo a yɛne wɔn som Yehowa no ahonim ho nso.

Momma Afoforo Nhu Nsonsonoe No

Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ sɛ yɛade yɛn ho afi awufo ho suro a ɛmfata a abu so wɔ nnipa a wonnim nokware no mu no ho! (Yoh. 8:32) Sɛ́ “hann mma” no, sɛ yɛredi awerɛhow a, yɛyɛ yɛn ade sɛ nnipa a wɔahu nokware no, yenni awerɛhow ntra so, yɛyɛ yɛn ade sɛnea ɛfata, na yɛma owusɔre ho anidaso a emu yɛ den a yɛwɔ no kyekye yɛn werɛ. (Efe. 5:8; Yoh. 5:28, 29) Anidaso a ɛte saa a yɛwɔ no remma yenni awerɛhow ntra so sɛnea yɛtaa hu sɛ nnipa a “wonni anidaso biara” yɛ no. (1 Tes. 4:13) Anidaso a ɛte saa no bɛboa yɛn ma yɛde akokoduru agyina ɔsom kronn akyi pintinn, na yɛremma onipa ho suro nhyɛ yɛn so.—1 Pet. 3:13, 14.

Sɛ yefi nokwaredi mu de Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm yɛ adwuma a, ɛbɛboa nkurɔfo ma wɔahu ‘nsonsonoe a ɛda wɔn a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnsom no no ntam.’ (Mal. 3:18) Da bi bɛba a owu nni hɔ bio. (Adi. 21:4) Bere a yɛretwɛn sɛ saa bɔhyɛ kɛse yi bɛbam no, ɛmmra sɛ Yehowa behu yɛn sɛ nnipa a nkekae ne dɛm biara nni yɛn ho, na yɛatwe yɛn ho afi wiase bɔne yi ne emu nneyɛe a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam no ho koraa.—2 Pet. 3:14.

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Nyansa wom sɛ yɛbɛkyerɛw sɛnea yɛpɛ sɛ wɔyɛ yɛn ayi ho nhyehyɛe ato hɔ

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Ɛsɛ sɛ Kristofo ayi yɛ nea nidi wom na ɛnyɛ kyenkyerenn