Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Yɛ Nea Ɛteɛ Bere Nyinaa

Yehowa Yɛ Nea Ɛteɛ Bere Nyinaa

Yehowa Yɛ Nea Ɛteɛ Bere Nyinaa

[Yehowa, NW] teɛ, n’akwan nyinaa mu.”—DWOM 145:17.

1. Sɛ obi ka wo ho asɛmmɔne a, woyɛ w’ade dɛn, na asuade bɛn na yebetumi anya afi asɛm ɛte saa mu?

SO OBI aka wo ho asɛmmɔne pɛn, a ebia ɔkaa wo nneyɛe anaa adwene a wukura ho asɛm, bere a na onnim asɛm no mu yiye? Sɛ ɛte saa a, ɛda adi sɛ ɛyɛɛ wo yaw, na ntease wom saa. Yebetumi anya asuade bi a ɛho hia afi saa asɛm yi mu: Nyansa wom sɛ yɛrempere yɛn ho nkeka nsɛm bi bere a yennim asɛm bi mu yiye no.

2, 3. Ebinom yɛ wɔn ade wɔ Bible mu nsɛm bi a ɛmfa nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a ɛbɛma wɔanya asɛmmisa biara ho mmuae mma no ho, nanso Yehowa ho asɛm bɛn na Bible ka kyerɛ yɛn?

2 Sɛ yɛrekeka nsɛm bi afa Yehowa Nyankopɔn ho a, ɛsɛ sɛ yɛkae saa asuade yi. Dɛn ntia? Efisɛ nsɛm bi wɔ Bible mu a sɛ yɛkan no nea edi kan a, ɛte sɛ nea ntease nnim. Ebetumi ayɛ Onyankopɔn asomfo bi nneyɛe anaa atɛn bi a Onyankopɔn bui wɔ mmere bi a atwam ho. Ebia saa kyerɛwtohɔ ahorow no mfa nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a ɛbɛma yɛanya yɛn nsɛmmisa nyinaa ho mmuae mma. Awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom keka kyerɛwtohɔ a ɛtete saa no ho nsɛm a ɛmfata, na wobisa mpo sɛ ebia Onyankopɔn teɛ na obu atɛntrenee anaa. Nanso, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “[Yehowa, NW] teɛ, n’akwan nyinaa mu.” (Dwom 145:17) N’asɛm ma yɛn awerɛhyem nso sɛ ‘onni asɛmmɔne.’ (Hiob 34:12; Dwom 37:28, NW) Ɛnde, hwɛ sɛnea ɔbɛte nka bere a afoforo keka ne ho nsɛmmɔne no!

3 Ma yensusuw nneɛma anum a enti ɛsɛ sɛ yegye Yehowa atemmu tom no ho nhwɛ. Afei, bere a saa nneɛma anum no wɔ yɛn adwenem no, yɛbɛhwehwɛ Bible mu nsɛm abien bi a ɛtaa yɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛte ase mu.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yegye Yehowa Atemmu Tom?

4. Sɛ yɛresusuw Onyankopɔn nneyɛe ho a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase? Ma mfatoho.

4 Nea edi kan no, esiane sɛ Yehowa nim biribiara a ɛwɔ asɛm biara mu na yɛn de yennim nti, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase bere a yɛresusuw Onyankopɔn nneyɛe ho no. Mfatoho bi ni: Fa no sɛ ɔtemmufo bi a wonim no yiye sɛ ommmu ntɛnkyea abua asɛm bi wɔ asɛnnibea. Adwene bɛn na wubenya wɔ obi a ɔkasa tia ɔtemmufo no bere a onnim asɛm no mu yiye anaasɛ ɔnte mmara a wogyinaa so buaa asɛm no ase ankasa no ho? Ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ obi bebua asɛm bi bere a onnim asɛm no mu yiye. (Mmebusɛm 18:13) Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ nea nyansa nnim koraa sɛ onipa desani bɛkasa atia “nea obu asase nyinaa atɛn no”!—Genesis 18:25.

5. Sɛ yɛkenkan Bible mu nsɛm bi a ɛfa Onyankopɔn atemmu a ɛbaa nnipa bi so ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

5 Ade a ɛto so abien nti a ɛsɛ sɛ yegye Onyankopɔn atemmu tom ne sɛ, esiane sɛ Onyankopɔn nte sɛ nnipa nti, otumi hu nea ɛwɔ komam. (1 Samuel 16:7) N’asɛm ka sɛ: “Me, [Yehowa, NW], na mehwehwɛ koma mu, mesɔ asaabo mehwɛ, na mɛma obiara sɛ n’akwan te, sɛ ne nsɛnnii aba no te.” (Yeremia 17:10) Enti, sɛ yɛkenkan Bible mu nsɛm a ɛfa Onyankopɔn atemmu a ɛbaa nnipa bi so ho a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ esiane sɛ Onyankopɔn tumi hu ade nyinaa nti, ogyinaa adwene, nsusuwii, ne botae ahorow a ɛnna adi na wɔanyɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ N’asɛm mu so na ebuu atɛn no.—1 Beresosɛm 28:9.

6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ada no adi sɛ, sɛ odi n’atɛntrenee ne ne trenee gyinapɛn ahorow so na sɛ ɛbɛma no ahwere ade kɛse mpo a odi so? (b) Sɛ yɛkenkan Bible mu asɛm bi na ɛma yenya adwene bi sɛ ebia Onyankopɔn ammu atɛntrenee anaasɛ wanyɛ nea ɛteɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

6 Hyɛ ade a ɛto so abiɛsa nti a ɛsɛ sɛ yegye Yehowa atemmu tom no nsow: Odi ne trenee gyinapɛn so bere a ɛbɛma wahwere ade kɛse mpo no. Susuw nhwɛso bi ho hwɛ. Bere a Yehowa de ne Ba rema sɛ agyede na ama adesamma asoɔmmerɛwfo atumi ade wɔn ho afi bɔne ne owu mu no, odii n’atɛntrenee ne ne trenee gyinapɛn ahorow so. (Romafo 5:18, 19) Nanso, ɛbɛyɛ sɛ bere a Yehowa hui sɛ ne Dɔba no rehu amane na ɔrewu wɔ asɛndua no so no, ɛyɛɛ no yaw yiye ankasa. Dɛn na eyi ka kyerɛ yɛn fa Onyankopɔn ho? Ɛdefa ‘agyede a Kristo Yesu tuae’ ho no, Bible ka sɛ: ‘Onyankopɔn de ada n’ankasa trenee adi.’ (Romafo 3:24-26, NW) Romafo 3:25 kenkan wɔ nkyerɛase foforo bi mu sɛ: “Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ nea ɛteɛ na ɛfata bere nyinaa.” (New Century Version) Yiw, mmɔden kɛse a Yehowa bɔe de agyede no mae no kyerɛ sɛ ɔwɔ obu kɛse ma “nea ɛteɛ na ɛfata.”

7 Enti, sɛ yɛkenkan Bible mu asɛm bi a ɛma ebinom nya adwene sɛ ebia Onyankopɔn ammu atɛntrenee anaasɛ wanyɛ nea ɛteɛ a, ɛsɛ sɛ yɛkae eyi: Esiane sɛ Yehowa di ne trenee ne n’atɛntrenee gyinapɛn mu nokware nti, wankame sɛ ɔbɛma n’ankasa Ba awu owu a ɛyɛ yaw. So obebu saa gyinapɛn koro no so wɔ nsɛm foforo mu? Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa mmu ne trenee ne n’atɛntrenee gyinapɛn ahorow so da. Enti yɛwɔ adanse pii a yebetumi agyina so agye adi sɛ ɔyɛ nea ɛteɛ na ɛfata bere nyinaa.—Hiob 37:23.

8. Dɛn nti na ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ nnipa benya adwene bi sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yehowa mmu atɛntrenee, na ɔnyɛ adetrenee nso?

8 Susuw ade a ɛto so anan nti a ɛsɛ sɛ yegye Yehowa atemmu tom no ho hwɛ: Yehowa bɔɔ nnipa wɔ Ne suban so. (Genesis 1:27) Enti nnipa wɔ su ahorow a Onyankopɔn wɔ te sɛ atɛntrenee ne trenee no bi. Ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ atɛntrenee ne trenee ho adwene a yɛwɔ no betumi ama yɛanya adwene sɛ Yehowa nni saa suban ahorow koro no ara bi. Sɛ biribi kyere yɛn adwene wɔ Bible mu asɛm bi ho a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ esiane bɔne a wɔde awo yɛn nti, adwene a yɛwɔ wɔ atɛntrenee ne nea ɛteɛ ho no nyɛ nea edi mũ. Yehowa Nyankopɔn a wɔbɔɔ yɛn wɔ ne suban so no yɛ pɛ wɔ atɛntrenee ne trenee mu. (Deuteronomium 32:4) Ɛbɛyɛ nea ntease nnim koraa sɛ yebenya adwene bi sɛ nnipa betumi abu atɛntrenee na wɔayɛ adetrenee asen Onyankopɔn!—Romafo 3:4, 5; 9:14.

9, 10. Dɛn nti na ɛnyɛ nhyɛ sɛ Yehowa bɛkyerɛkyerɛ nea ɔyɛ mu akyerɛ nnipa anaasɛ ɔbɛkyerɛ wɔn nea enti a ɔyɛ ade bi?

9 Ade a ɛto so anum nti a ɛsɛ sɛ yegye Yehowa atemmu tom ne sɛ ɔne “ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” (Dwom 83:18) Ne saa nti, biribiara nhyɛ no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ nea ɔyɛ mu nkyerɛ nnipa anaasɛ ɔnkyerɛ wɔn nea enti a ɔyɛ ade bi. Ɔne Okukunwemfo Kɛse no, na yɛte sɛ dɔtetɔw a wɔde nwen nkuku no, na otumi de yɛn yɛ nea ɔpɛ biara. (Romafo 9:19-21) Yɛn a yɛyɛ n’anwenne no ne hena sɛ yebebisa ne gyinaesi anaa ne nneyɛe ho asɛm bi? Bere a tete agya Hiob ante sɛnea Onyankopɔn ne adesamma di nsɛm ase no, Yehowa teɛɛ no so, bisaa no sɛ: “So wobɛdan m’atemmu ani, so wubebu me fɔ na woadi bem?” Bere a Hiob hui sɛ waka asɛm a onnim no, onuu ne ho akyiri yi. (Hiob 40:8; 42:6) Ɛmmra sɛ yɛrenni mfomso nnhwehwɛ Onyankopɔn ho mfomso da!

10 Ɛda adi pefee sɛ yɛwɔ ntease a edi mũ a yebegyina so agye adi sɛ Yehowa yɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. Bere a yɛanya nea yebegyina so ate Yehowa akwan ase no, ma yɛnhwehwɛ Bible mu nsɛm abien a etumi kyere ebinom adwene no mu nhwɛ. Nea edi kan no fa Onyankopɔn asomfo mu biako nneyɛe ho, na nea ɛka ho no fa Onyankopɔn ankasa atemmu bi ho.

Dɛn Nti na Lot Kae sɛ Ɔde Ne Mmabea Bɛma Basabasayɛfo?

11, 12. (a) Ka nea esii bere a Onyankopɔn somaa abɔfo baanu a wɔdan wɔn ho nnipa kɔɔ Sodom no. (b) Nsɛmmisa bɛn na saa asɛm yi ama asɔre wɔ ebinom adwenem?

11 Yehu asɛm a esii bere a Onyankopɔn somaa abɔfo baanu a wɔdan wɔn ho nnipa kɔɔ Sodom no wɔ Genesis ti 19. Lot kaa no denneennen sɛ ahɔho no ntra ne fie. Nanso, saa anadwo no, mmarima a wɔyɛ basabasa fi kurow no mu betwaa ofie no ho hyiae hyɛe sɛ onyi ahɔho no mpue ma wɔne wɔn nna. Lot bɔɔ mmɔden sɛ ɔne wɔn besusuw nsɛm ho nanso anyɛ yiye. Bere a na Lot pɛ sɛ ɔbɔ n’ahɔho no ho ban no, ɔkae sɛ: “Anuanom, mesrɛ mo, monnyɛ bɔne sa! Hwɛ, mewɔ mmabea baanu a wonhuu ɔbarima ɛ, momma memfa wɔn mimfi memmrɛ mo, na monyɛ wɔn sɛnea eye mo ani so, na mmarima yi nko de, monnyɛ wɔn hwee, na ɛno nti na wɔbaa me suhyɛ nwini ase yi.” Basabasayɛfo no antie, na anka wɔreyɛ abu pon no. Awiei koraa no, abɔfo no furafuraa basabasayɛfo no ani.—Genesis 19:1-11.

12 Ntease wom sɛ saa asɛm yi ama nsɛmmisa asɔre ebinom adwenem. Wobisa sɛ: ‘Dɛn nti na Lot yɛe sɛ ɔde ne mmabea no bɛma basabasayɛfo a akɔnnɔ bɔne ahyɛ wɔn ma no na ɔnam saayɛ so abɔ n’ahɔho no ho ban? So wanyɛ n’ade nyansam, anaasɛ ɔyɛɛ n’ade sɛ ohufo?’ Dɛn nti na Onyankopɔn maa Petro frɛɛ Lot “onipa trenee” wɔ saa asɛm yi mu? So Onyankopɔn penee nea Lot yɛe no so? (2 Petro 2:7, 8) Ma yensusuw asɛm yi ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenka asɛmmɔne bi.

13, 14. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ nea Lot yɛe ho asɛm a Bible ka no ho? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Lot anyɛ n’ade sɛ ohufo?

13 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ sɛ́ anka Bible bɛka sɛ nea Lot yɛe no ye anaasɛ enye no, ɛbɔɔ nea esii no ho amanneɛ kɛkɛ. Bible nsan nka nea na ɛwɔ Lot adwenem anaa nea ɛkanyan no ma ɔyɛɛ saa no ho asɛm biara nkyerɛ yɛn. Sɛ ɔsɔre ba ‘treneefo wusɔre’ mu a, ɛnna ebia ɔbɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ yɛn.—Asomafo no Nnwuma 24:15.

14 Ná Lot nyɛ ohufo. Ɔbaa tebea a emu yɛ den mu. Lot nam ka a ɔkae sɛ ahɔho no ‘aba ne suhyɛ nwini ase’ no so kyerɛe sɛ na ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔma wɔn ahobammɔ ne guankɔbea. Nanso, na eyi renyɛ mmerɛw. Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus bɔ amanneɛ sɛ na Sodomfo “yɛ nkurɔfo a wɔyɛ mmarima basabasa, na na wommu Onyankopɔn . . . Na wokyi ahɔho, na na wɔto mmarima mmonnaa.” Nanso, Lot anguan basabasayɛfo a wɔwɔ nitammɔne no. Mmom no, opuei ne mmarima a na wɔn bo afuw no kosusuw nsɛm ho. “Ɔtoo ɔpon no mu wɔ n’akyi” mpo.—Genesis 19:6.

15. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛbɛyɛ sɛ gyidi a na Lot wɔ nti na ɔkae sɛ ɔde ne mmabea no bɛma?

15 Ebia ebinom ‘bɛsan’ abisa sɛ, ‘dɛn nti na saa adwene no mpo baa Lot tirim sɛ ɔmfa ne mmabea no mma basabasayɛfo no?’ Sɛ́ anka yɛbɛka sɛ adwemmɔne na ɔde yɛɛ saa no, dɛn nti na yensusuw nneɛma bi a ebetumi aba sɛ ɛno na ɛma ɔyɛɛ saa no ho? Nea edi kan koraa no, ɛbɛyɛ sɛ gyidi a na Lot wɔ nti na ɔyɛɛ saa. Ɔkwan bɛn so? Akyinnye biara nni ho sɛ na Lot nim sɛnea na Yehowa abɔ ɔno Lot wɔfa Abraham yere Sara ho ban no. Kae sɛ esiane sɛ na Sara ho yɛ fɛ yiye nti, na Abraham aka akyerɛ no sɛ ɔnka sɛ ɔyɛ ne nuabarima, sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo nkum Abraham na wɔmfa Sara. * Ɛno akyi no, wɔfaa Sara kɔɔ Farao fie esiane n’ahoɔfɛ nti. Nanso, Yehowa de ne ho gyee mu, na Farao amfa ne nsa anka Sara. (Genesis 12:11-20) Ebetumi aba sɛ na Lot wɔ gyidi sɛ wɔbɛbɔ ne mmabea no ho ban saa ara. Sɛnea ɛfata no, Yehowa nam abɔfo no so bɔɔ mmabaa no ho ban ampa ara ma asɛmmɔne biara anto wɔn.

16, 17. (a) Ɛbɛyɛ sɛ ɔkwan bɛn na na Lot pɛ sɛ ɔfa so ma Sodom mmarima no ho dwiriw wɔn na wɔn adwene tu fra? (b) Ɛmfa ho adwene a na Lot kura no, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

16 Susuw asɛm foforo a ebetumi ayɛ nokware nso ho hwɛ. Ebetumi aba nso sɛ na Lot pɛ sɛ ɔyɛ ade ma mmarima no ho dwiriw wɔn na wɔn adwene tu fra. Ebia na ogye di sɛ nkurɔfokuw no ani rennye ne mmabea no ho esiane sɛ na Sodomfo ani gye mmarima a wɔne wɔn da ho nti. (Yuda 7) Afei nso, na kurow no mu mmarima bi ne mmabaa no ayɛ aware ho nhyehyɛe, enti na ebetumi aba sɛ mmarima a wɔrebɛware Lot mmabea no abusuafo, wɔn nnamfonom, anaa wɔn mfɛfo adwumayɛfo wɔ nkurɔfokuw no mu. (Genesis 19:14) Ebetumi aba sɛ Lot hwɛɛ kwan sɛ esiane abusuabɔ a ɛte saa nti, na mmarima a wɔreyɛ basabasa no mu bi bɛka bi ama ne mmabea no. Sɛ na ɛkɔba sɛ basabasayɛfo no bɛyɛ nnipa a wɔn adwene nhyia a, na wɔn ho renyɛ hu pii. *

17 Ɛmfa ho adwene a na Lot kura no, yebetumi anya saa awerɛhyem yi: Esiane sɛ Yehowa yɛ nea ɛteɛ bere nyinaa nti, ɛbɛyɛ sɛ ɔwɔ ntease a edi mũ nti a ɛma obuu Lot “onipa trenee” no. Na sɛ yesusuw Sodomfo basabasayɛfo a na wɔn adwene asɛe no nneyɛe ho a, so yɛn adwene nsi yɛn pi sɛ ɛfata koraa sɛ Yehowa de atemmu baa saa kurow bɔne no mufo so?—Genesis 19:23-25.

Dɛn Nti na Yehowa Bɔɔ Usa Kum No?

18. (a) Bere a Dawid yɛe sɛ ɔde Adaka no bɛkɔ Yerusalem no, asɛm bɛn na esii? (b) Asɛmmisa bɛn na asɛm yi ma ɛsɔre?

18 Asɛm foforo a ebetumi ayɛ ebinom sɛ nea ntease nnim no fa apam adaka no a Dawid yɛe sɛ ɔde bɛba Yerusalem no ho. Wɔde Adaka no sii teaseɛnam a na Usa ne ne nuabarima di anim no so. Bible ka sɛ: “Woduu Nakon awiporowbea no, Usa teɛɛ ne nsa kɔkaa Onyankopɔn adaka no soo mu, efisɛ anantwi no hinhimii. Na [Yehowa, NW] bo fuw Usa, na mfomso no nti Onyankopɔn bɔɔ no wɔ hɔ, na owui Onyankopɔn adaka no nkyɛn hɔ.” Asram bi akyi no, bere a wɔyɛe sɛ wɔde Adaka no bɛkɔ ne mprenu so, na wɔfaa ɔkwan a Onyankopɔn akyerɛ so maa Kehat Lewifo soae wɔ wɔn mmati so no, ɛyɛɛ yiye. (2 Samuel 6:6, 7; Numeri 4:15; 7:9; 1 Beresosɛm 15:1-14) Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Dɛn nti na Yehowa de asotwe a emu yɛ den saa mae? Sɛ́ na Usa rebɔ Adaka no ho ban.’ Ɛyɛ papa sɛ yebesusuw nsɛm bi a ɛbɛboa yɛn ho, na amma yɛankeka nsɛm bi a ɛmfata.

19. Dɛn nti na Yehowa ntumi nni amumɔyɛsɛm?

19 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa ntumi nni amumɔyɛsɛm. (Hiob 34:10) Saa a ɔbɛyɛ no renkyerɛ ɔdɔ, na yɛnam Bible a yɛasua no so ahu sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Afei nso, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ‘trenee ne atemmu ne Onyankopɔn ahengua nnyinaso.’ (Dwom 89:14) Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa betumi adi amumɔyɛsɛm? Sɛ ɔyɛ saa a, na ɔresɛe ne tumidi nnyinaso.

20. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Usa hu Adaka no ho mmara?

20 Kae sɛ na anka ɛsɛ sɛ Usa hu adaka no ho mmara no yiye. Ná Adaka no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ wɔn mu. Mmara no daa no adi fann sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn a wonni ho kwan de wɔn nsa ka adaka no, na ɛde kɔkɔbɔ mae pefee sɛ wɔde owu bɛtwe wɔn a wobebu mmara no so aso. (Numeri 4:18-20; 7:89) Enti, na ɛnsɛ sɛ wobu adaka kronkron no a wɔde befi beae bi akɔ beae foforo no adewa. Ɛda adi sɛ na Usa yɛ Lewini (nanso na ɔnyɛ ɔsɔfo), enti na ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a onim Mmara no yiye. Afei nso, na wɔde Adaka no asi n’agya fie mfirihyia pii a atwam no ama wɔahwɛ so. (1 Samuel 6:20–7:1) Edii bɛyɛ mfirihyia 70 wɔ hɔ ansa na Dawid yɛe sɛ obeyi afi hɔ. Enti ɛda adi sɛ na Usa nim Adaka no ho mmara fi ne mmofraase.

21. Wɔ Usa asɛm no mu no, dɛn nti na ehia sɛ yɛkae sɛ Yehowa hu nea ɛwɔ komam?

21 Sɛnea yɛadi kan aka no, Yehowa tumi hu komam. Esiane sɛ N’asɛm frɛɛ ade a Usa yɛe no “mfomso” nti, ɛbɛyɛ sɛ Yehowa huu adwene bi a ɛmfata a wɔanka ho asɛm wɔ kyerɛwtohɔ no mu wɔ ne ho. So ɛbɛyɛ sɛ na Usa yɛ ahantan, a na ɔtaa yɛ nneɛma a onni ho kwan sɛ ɔyɛ? (Mmebusɛm 11:2) So Adaka no a na n’abusua ahwɛ so wɔ wɔn fie no anim a na odi wɔ baguam no ma ɔyɛɛ ahomaso? (Mmebusɛm 8:13) So na Usa nni gyidi araa ma enti onyaa adwene sɛ Yehowa nsa yɛ tiaa dodo a enti ɔrentumi mmɔ adaka kronkron a na ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ wɔn mu no ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrentɔ fam? Sɛnea ɛte biara no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa yɛɛ nea ɛteɛ. Ɛda adi sɛ Yehowa huu biribi wɔ Usa komam a ɛmaa Obuu atɛn ntɛm so saa no.—Mmebusɛm 21:2.

Nneɛma a Edi Mũ a Yebegyina So Anya Ahotoso

22. Ɔkwan bɛn so na yehu Yehowa nyansa a ɛso bi nni no wɔ nsɛm bi a ɛtɔ mmere bi a oyi fi N’asɛm mu no mu?

22 Yehu Yehowa nyansa a ɛso bi nni no wɔ nsɛm bi a ɛtɔ mmere bi a oyi fi N’asɛm mu no mu. Yehowa nam saayɛ so ma yenya hokwan de da no adi sɛ yɛwɔ ne mu ahotoso. So nneɛma a yɛasusuw ho yi mmaa emu nnaa hɔ koraa sɛ yɛwɔ nneɛma a edi mũ a ɛsɛ sɛ yegyina so gye Yehowa atemmu tom? Yiw, sɛ yɛde koma a edi mũ ne adwempa sua Onyankopɔn Asɛm a, yenya Yehowa ho nimdeɛ pii, na ɛma yegye tom sɛ Yehowa bu atɛntrenee na ɔyɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. Enti, sɛ Bible mu asɛm bi ma nsɛmmisa a yentumi nnya ho mmuae a emu da hɔ fann ntɛm ara sɔre a, momma yennya ahotoso koraa sɛ Yehowa yɛɛ nea ɛteɛ.

23. Ahotoso bɛn na yebetumi anya wɔ nneɛma a Yehowa bɛyɛ no daakye no mu?

23 Yebetumi anya ahotoso a ɛte saa ara wɔ nneɛma a Yehowa bɛyɛ no daakye no mu. Enti, yebetumi anya ahotoso sɛ sɛ obebu atɛn wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu a, ‘ɔrempra ɔtreneeni ne ɔbɔnefo mmom ngu.’ (Genesis 18:23) Ɔdɔ a ɔwɔ ma trenee ne atɛntrenee no remma ɔnnyɛ saa da. Yebetumi anya ahotoso koraa sɛ obedi yɛn ahiade nyinaa ho dwuma ama yɛn wɔ ɔkwan a ɛfata koraa so wɔ wiase foforo a ɛreba no mu.—Dwom 145:16.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 15 Ná Abraham suro no fata, efisɛ tete mmɛw nhoma bi ka Farao bi a ɔsomaa asraafo ma wɔkɔkyeree ɔbea hoɔfɛfo bi na wokum ne kunu ho asɛm.

^ nky. 16 Sɛ wopɛ nsɛm foforo a, hwɛ December 1, 1979, Engiresi Ɔwɛn-Aban, kratafa 31.

So Wokae?

• Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye Yehowa atemmu tom?

• Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛrenkeka Lot mmabea a ɔkae sɛ ɔde wɔn bɛma basabasayɛfo no ho nsɛmmɔne?

• Nneɛma bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛate nea enti a Yehowa bɔɔ Usa kum no no ase?

• Ahotoso bɛn na yebetumi anya wɔ nneɛma a Yehowa bɛyɛ no daakye no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]