Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So eye sɛ wɔbɛka sɛ Yehowa de mmɔborohunu ka n’atɛntrenee ho ma ɛkari pɛ?

Ɛwom sɛ wɔde saa asɛm yi adi dwuma de, nanso ɛbɛyɛ papa sɛ yɛremfa nni dwuma esiane sɛ ɛte sɛ nea ɛrepɛ akyerɛ sɛ Yehowa mmɔborohunu brɛ n’atɛntrenee ase anaasɛ esiw no kwan, te sɛ nea ne mmɔborohunu korɔn sen n’atɛntrenee a ɛyɛ katee no nti. Eyi nteɛ.

Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “atɛntrenee” wɔ New World Translation mu no nso betumi akyerɛ “atemmu.” Atɛntrenee ne trenee wɔ abusuabɔ paa. Nanso, mmara taa bata atɛntrenee ho. Nanso ɛnte saa wɔ trenee ho bere nyinaa. Ɛyɛ nokware sɛ Yehowa atɛntrenee betumi de asotwe a ɛfata ama, nanso ebetumi akyerɛ nkwagye ama wɔn a wɔfata nso. (Genesis 18:20-32; Yesaia 56:1; Malaki 4:2) Ne saa nti, ɛnsɛ sɛ yebu Yehowa atɛntrenee sɛ ɛyɛ katee anaasɛ ehia sɛ wogow mu.

Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “mmɔborohunu” no nso betumi akyerɛ ahosodi a wɔda no adi wɔ atemmu mu. Afei nso ebetumi akyerɛ ayamhyehye, a ɛma wɔn a wɔwɔ ahokyere mu nya ahotɔ.—Deuteronomium 10:18; Luka 10:29-37.

Yehowa yɛ atɛntrenee san yɛ mmɔborohunu Nyankopɔn. (Exodus 34:6, 7; Deuteronomium 32:4; Dwom 145:9) N’atemmu ne n’atɛntrenee nyinaa yɛ pɛ na edi dwuma bom wɔ biakoyɛ mu. (Dwom 116:5; Hosea 2:19) Saa su ahorow no nyinaa kari pɛ anaasɛ ne nyinaa di boa wɔn ho. Ne saa nti sɛ yɛka sɛ Yehowa de ne mmɔborohunu ka n’atɛntrenee ho ma ɛkari pɛ a, na ɛsɛ sɛ yɛsan ka sɛ ɔde n’atɛntrenee nso ka ne mmɔborohunu ho ma ɛkari pɛ.

Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “[Yehowa, NW] twɛn ansa na wadom mo, na ɛno nti na ɔma ne ho so ansa na wahu mo mmɔbɔ, na atemmu [“atɛntrenee,”The New English Bible] Nyankopɔn ne [Yehowa, NW].” (Yesaia 30:18) Na Yesaia rekyerɛ wɔ ha sɛ Yehowa atɛntrenee ma onya mmɔborohunu, na ɛnyɛ sɛ ne mmɔborohunu brɛ n’atɛntrenee ase anaasɛ esiw no kwan. Yehowa da mmɔborohunu adi efisɛ ɔteɛ na afei nso ɔwɔ dɔ.

Ɛyɛ nokware sɛ Bible kyerɛwfo Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim.” (Yakobo 2:13b) Nanso, na Yakobo renka Yehowa ho asɛm na mmom Kristofo a wɔda mmɔborohunu adi kyerɛ—sɛ nhwɛso no, abrɛfo ne ahiafo no. (Yakobo 1:27; 2:1-9) Sɛ wɔrebu mmɔborohunufo a wɔte saa atɛn a, Yehowa susuw wɔn nneyɛe ho na ofi mmɔborohunu mu de kyɛ wɔn denam ne Ba no afɔrebɔ no so. Ne saa nti, wɔn mmɔborohunu su no di atemmu biara a anka wɔde bɛba wɔn so no so nkonim.—Mmebusɛm 14:21; Mateo 5:7; 6:12; 7:2.

Ɛno nti ɛnteɛ sɛ yɛbɛka sɛ Yehowa de mmɔborohunu ka n’atɛntrenee ho ma ɛkari pɛ de kyerɛ sɛ ehia sɛ wɔde mmɔborohunu gow n’atɛntrenee mu. Saa su ahorow abien no yɛ Yehowa su a ɛwɔ nnyinaso a ɛkari pɛ. Ne nyinaa kari pɛ na ɛne Yehowa su afoforo a aka, te sɛ ɔdɔ ne nyansa nso hyia pɛ.