Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Clovis Asubɔ—Mfe 1,500 a Katoleksom Adi Wɔ France

Clovis Asubɔ—Mfe 1,500 a Katoleksom Adi Wɔ France

Clovis Asubɔ—Mfe 1,500 a Katoleksom Adi Wɔ France

“WƆ Pope din mu, bumm,” saa asɛm yi na na ɛwɔ krataa a wɔakyerɛw aka ɔtopae bi a enni mu a wohuu wɔ Francefo asɔredan a anka Pope John-Paul II bɛkɔ hɔ wɔ September 1996 mu no mu. Eyi yɛ sɔre a wɔsɔre tiaa ne nsrahwɛ a ɛto so anum a na ɔde bɛkɔ France no ho nhwɛso a ɛkɔ akyiri. Ne nyinaa akyi no, nnipa bɛyɛ 200,000 baa France kurow Reims mu saa afe no sɛ wɔne pope no rebɛhyɛ mfe 1,500 a Francefo Hene Clovis sakra bɛyɛɛ Katoleksom muni no ho fã. Hena ne saa Ɔhene yi a wɔfrɛ n’asubɔ sɛ Francefo asubɔ yi? Na dɛn nti na ɛho afahyɛ akɔfa akyinnyegye aba saa?

Ahemman a Ɛso Rehuan

Wɔwoo Clovis bɛyɛ 466 Y.B., ná ɔyɛ Frankfo a wofi Salian adehye abusua mu hene, Childeric I ba. Bere a wɔbɛhyɛɛ Romafo ase wɔ 358 Y.B. akyi no, wɔmaa Germanfo abusua yi kwan ma wɔtraa baabi a seesei wɔfrɛ hɔ Belgium no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ wɔn hye ho ban na wɔama Roma asraafo no nnipa a wɔbɛkɔ sraadi. Abusuabɔ a wɔne hɔnom Gallo-Romafo nyae no maa Frankfo no nyinaa bɛdanee Romafo. Na Childeric 1 ka Romafo no ho, a na ɔko tia Germanfo afoforo, te sɛ Visigothfo ne Sexonfo. Eyi maa no nyaa Gallo-Romafo pii anim dom.

Romafo mansin a ɛwɔ Gaul no mu trɛw fii Asubɔnten Rhine a ɛwɔ atifi fam no ho kosii Pyrene mmepɔw a ɛwɔ anafo fam no so. Nanso, bere a Roma Hempɔn Aetius wui wɔ 454 Y.B. akyi no, na obiara nni tumi wɔ ɔman no mu bio. Bio nso, Roma hempɔn a otwa to Romulus Augustulus asehwe wɔ 476 Y.B. mu, ne ba a Roma Ahemman a ɛwɔ atɔe fam no baa awiei no de amammui mu basabasayɛ baa ɔmantam no mu. Ne saa nti, Gaul bɛyɛɛ te sɛ aduaba bi a abere a ɛretwɛn sɛ wɔn a wɔte kurow no ahye so no bɛtew. Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a Clovis dii ne papa ade no, ofii ase hwehwɛe sɛ ɔbɛtrɛw n’ahenni no ahye mu. Wɔ 486 Y.B. mu no odii Roma nanmusini a otwa to wɔ Gaul no so nkonim wɔ ɔko a wɔkoe wɔ baabi a ɛbɛn Soissons kurow no. Nkonimdi yi ma onyaa tumi wɔ asasesin a ɛdeda Somme asubɔnten a ɛwɔ atifi fam ne Loire asubɔten a ɛwɔ Gaul mfinimfini ne atɔe fam ntam no nyinaa so.

Ɔbarima a Obedi Hene

Nea ɛnte sɛ German mmusua a aka no, Frankfo no kɔɔ so yɛɛ abosonsomfo. Nanso ware a Clovis waree Burgundyfo hene babea, Clotilda, no nyaa n’asetra so tumi kɛse. Clotilda a na ɔyɛ Katolekni nsiyɛfo yi bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ne kunu asakra. Sɛnea abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ a Gregory a ofi Tours yɛe wɔ afeha a ɛto so asia Y.B. mu kyerɛ no, ɛyɛ bere a na wɔne Alemanni abusua redi ako wɔ Tolbiac (Zülpich, Germany) wɔ 496 Y.B. no na Clovis hyɛɛ bɔ sɛ sɛ Clotilda Nyame boa no ma odi nkonim a, obegyae abosonsom. Ɛwom sɛ na anka Clovis asraafo no reyɛ adi nkogu, nanso wokum Alemanni hene no ma n’asraafo no gyaee ɔko no. Clovis fam de, na Clotilda Nyame no na wama wadi nkonim. Sɛnea atetesɛm kyerɛ no, “Ɔhotefo” Remigius bɔɔ Clovis asu wɔ Reims asɔredan mu wɔ December 25, 496 Y.B. Nanso, ebinom susuw sɛ ɛbɛyɛ sɛ akyiri yi na wɔbɔɔ no asu wɔ 498/9 Y.B. mu.

Mmɔden a Clovis bɔe sɛ obegye Burgundifo ahenni a ɛwɔ anafo fam apue afa no anyɛ yiye. Nanso nkonimdi fii ɔsatu a otuu no Visigothfo so no mu bae wɔ Vouillé wɔ 507 Y.B., wɔ baabi a ɛbɛn Poitiers, na ɛma onyaa Gaul anafo fam atɔe nsase no pii dii so. Esiane Clovis nkonimdi yi nti, Apue fam Roma Ahemman no Hempɔn Anastasius, bɔɔ n’aba so. Ne saa nti, onyaa dibea sen atɔe fam ahemfo no nyinaa, na Gallo-Romafo no gyee ne nniso no toom.

Bere a Clovis kaa Franksfo a wɔte Rhine asubɔnten ho wɔ apue fam no hyɛɛ n’ase no, ɔde Paris yɛɛ n’ahenkurow. Aka kakra ma w’awu no, ɔhyɛɛ n’ahenni no mu den denam Lex Salica mmara a ɔhyehyɛe so, ne asɔre bagua a ɔfrɛe wɔ Orléans de kyerɛkyerɛɛ Asɔre ne Ɔman ntam abusuabɔ mu no so. Bere a owui wɔ bɛyɛ November 27, 511 Y.B. no, na ɔno nkutoo na odi Gaul man no nkyem anan mu abiɛsa so.

The New Encyclopædia Britannica frɛ sakra a Clovis sakra bɛyɛɛ Katolekni no “bere titiriw wɔ Europa atɔefo abakɔsɛm mu.” Dɛn nti na sakra a ɔhene bosonsomni yi sakrae no ho hia saa? Ade titiriw a ɛwom ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Clovis gyaee Arianfo som na ɔpaw Katoleksom no.

Arianfo Akyinnyegye

Bɛyɛ 320 Y.B. no, Arius, ɔsɔfo bi a na ɔwɔ Aleksandria, Egypt fii ase trɛw Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ho nsusuwii mu. Arius annye antom sɛ Ɔba no ne Agya no yɛ pɛ. Ná Ɔba no ntumi nyɛ Onyankopɔn anaa obi a ɔne Agya no yɛ pɛ, efisɛ ɔwɔ mfiase. (Kolosefo 1:15) Ná Arius gye di sɛ honhom kronkron no yɛ onipa, nanso na ɔba fam sen Agya no ne Ɔba no nyinaa. Nkyerɛkyerɛ yi a ebegyee din kɛse yi de ɔsɔretia a emu yɛ den baa asɔre no mu. Wɔ 325 Y.B., wɔ Nicea Bagua no ase no, wotwaa Arius asu, na wɔkasa tiaa ne nkyerɛkyerɛ no. *

Nanso, eyi amma akyinnyegye no anso hɔ ara. Nkyerɛkyerɛ ho akyinnyegye no kɔɔ so bɛyɛ mfirihyia 60, a na ɔhempɔn biara a ɔbɛba no gyina obiako anaa ɔfoforo no afã. Awiei koraa wɔ 392 Y.B. mu no, Ɔhempɔn Theodosius maa Katoleksom ne ne Baasakoro nkyerɛkyerɛ no bɛyɛɛ Ɔman som wɔ Roma Ahemman no mu. Saa bere no mu no, na German sɔfopɔn, Ulfilas, ama Gothfo no asakra akɔ Arianfo som mu. Germany mmusua foforo gyee saa “Kristosom” yi toom. *

Ebeduu Clovis bere so no, na Katolek Asɔre a ɛwɔ Gaul no rehyia nsɛnnennen. Na Arian Visigothfo no rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛka Katoleksom ahyɛ denam ma a na wɔmma wɔmfa obi nsi asɔfopɔn a wowuwu no ananmu so. Bio nso, na asɔre no hyɛ akuw abien a wodi akameakame no ntam, a na asɔfo a wɔsɔretia wɔn ho no kunkum wɔn ayɔnkofo a wɔne wɔn di asi no wɔ Rome. Nea ɛmaa sakasakayɛ no mu bɛyɛɛ den ne sɛ, na Katolek akyerɛwfo de ato gua sɛ wiase bɛsɛe wɔ afe 500 Y.B. Enti wobuu Frankni nkonimdifo yi a ɔsakra baa Katoleksom mu adeyɛ no sɛ asɛmpa a esii a ɛbɔɔ “ahotefo mfirihyia apem foforo” no ho dawuru.

Nanso na dɛn ne Clovis adwene? Bere a yentumi mmu yɛn ani ngu ɔsom nkɛntɛnso so no, akyinnye biara nni ho sɛ na ɔwɔ amammui ho botae bi wɔ n’adwenem. Ɛdenam Katoleksom a Clovis pawee so no, onyaa Gallo-Romafo a na wɔyɛ Katolekfo no anim dom, na asɔre mu mpanyimfo a na wɔwɔ nkɛntɛnso no gyinaa n’akyi. Eyi maa onyaa hokwan wɔ n’amammui mu asɔretiafo no so. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ, “Gaul a odii so nkonim no bɛyɛɛ gye a ogyee wɔn fii Arianfo a wɔyɛ katee no atirimɔden kɔndua ase.”

Na Clovis Yɛ Hena Ankasa?

Ɛrebedu 1996 afahyɛ no so no, Reims sɔfopɔn Gérard Defois kaa Clovis ho asɛm sɛ “ɔyɛ adwensakra a edi mu a ɛho nhyehyɛ ye sen biara ho sɛnkyerɛnne.” Nanso Franse abakɔsɛm kyerɛwfo Ernest Lavisse kae sɛ: “Sakra a Clovis sakrae no ansakra ne suban ɔkwan biara so; Asɛmpa a ɛhyɛ asomdwoe ne ayamye ho nkuran no anka ne koma.” Abakɔsɛm kyerɛwfo foforo kae sɛ: “Sɛ́ anka ɔbɛfrɛ Odin [Scandinaviafo nyame] no, ɔfrɛɛ Kristo nanso wansesa ne suban.” Nea ɛte sɛ suban a Constantine daa no adi bere a ɔkyerɛ sɛ ɔsakra bɛyɛɛ Kristoni no, Clovis yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛhyɛ ne nniso no mu den denam wɔn a na wɔmpɛ ne nniso no a obekum wɔn nkakrankakra no so. Okunkum “n’abusuafo nyinaa ma ebi kaa wɔn a na wɔmmɛn no paa mpo.”

Clovis wu akyi no, wofii atetesɛm bi a na ɛbɛma ɔkofo a na ne tirim yɛ den yi abɛyɛ ɔhotefo a ɔwɔ din pa ase. Wobu Gregory a ofi Tours asɛm a ɔkyerɛwee bɛyɛ mfe ɔha akyi no sɛ mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔde Clovis bɛtoto Constantine, Roma hempɔn a odi kan a ogyee “Kristosom” toom, no ho. Na ɛte sɛ nea Gregory pɛ sɛ ɔde Clovis toto Kristo ho bere a ɔkae sɛ, wɔbɔɔ no asu bere a na wadi mfe 30 no.—Luka 3:23.

Hincmar a na ɔyɛ sɔfo panyin wɔ Reims no toaa adeyɛ yi so wɔ afeha a ɛto so akron no mu. Bere a na asɔre ahorow repere ɔsom ho akwantufo ho no, ɛda adi sɛ “Ɔhotefo” Remigius a Clovis bedii n’ade no ho asɛm a ɔkyerɛwee no atirimpɔw ne sɛ ɔbɛma n’asɔre no agye din na adi mu. Wɔ n’asɛm no mu no, aborɔnoma bi de ngo toa bi bae a na wɔde bɛsra Clovis wɔ n’asubɔ mu—ɛda adi pefee sɛ na ɛyɛ Yesu a wɔde honhom kronkron sraa no no ho asɛm. (Mateo 3:16) Hincmar nam saayɛ so maa abusuabɔ bɛdaa Clovis, Reims, ne atumfo no ntam, na ɔma wogye toom sɛ Awurade na ɔsraa Clovis ngo. *

Afahyɛ a Asɛm Wɔ Ho

Kan Franse mampanyin Charles de Gaulle kae bere bi sɛ: “Me fam no, Franse abakɔsɛm fi ase fi Clovis a Frankfo abusua no paw no sɛ Franse hene, a ɔmaa wɔn edin Franse no so. Nanso ɛnyɛ obiara na okura saa adwene no. Asɛm baa Clovis asubɔ afe a ɛto so 1,500 afahyɛ no ho. Wɔ ɔman a efi 1905 no wɔatwa abusuabɔ a ɛda Asɔre ne Ɔman ntam mu no, nnipa pii kasa tia gye a Ɔman no de ne ho gye biribi a wobu no sɛ nyamesom afahyɛ mu no. Bere a Reims kurow mu baguafo no de too gua sɛ wobetua asɛnka agua a wɔde bedi dwuma wɔ pope no nsrahwɛ mu no ho ka no, fekuw bi de kɔɔ asɛnnibea ma wotwaa saa gyinaesi no mu sɛ etia ɔman mmara. Afoforo tee nka sɛ na asɔre no rebɔ mmɔden asan de n’abrabɔ ne ne tumi a enni nnyinaso no ahyɛ Fransefo no so. Ade a ɛmaa afahyɛ no ho asɛm ka yɛɛ den ne gye a wogyee Clovis toom sɛ Ɔman Fekuw ne Katolekfo akuw a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho fapem no.

Afoforo gyinaa abakɔsɛm so na ɛkasa tiaa afahyɛ no. Wɔkae sɛ, Clovis asubɔ no ansakra Franse ankɔ Katoleksom mu, efisɛ na saa ɔsom yi agye ntini wɔ Gallo-Romafo no mu dedaw. Na wɔkyerɛe sɛ, ɛnyɛ n’asubɔ no so na wogyina kyekyeree Franse sɛ ɔman. Wosusuwii sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde fi bere a Charlemagne ahenni mu paee abien wɔ 843 Y.B., ma Charles a ne ti so Apa, bɛyɛɛ Franse hene a odi kan, na ɛnyɛ Clovis.

Mfe 1,500 a Katoleksom Adi

Ɛnnɛ, Katoleksom rekɔ so dɛn wɔ Franse bɛboro mfe 1,500 a adi sɛ “Asɔre no babea panyin no”? Ebeduu 1938 mu no, na Katolekfo a wɔabɔ wɔn asu dɔɔso wɔ Franse sen wiase baabiara. Ɛto so asia nnɛ, na edi aman te sɛ Philippines ne United States akyi. Na bere a Katolekfo bɛboro ɔpepem 45 na wɔwɔ Franse no, wɔn mu ɔpepem 6 pɛ na wɔkɔ Mass. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ wɔ Franse Katolekfo mu nnansa yi daa no adi sɛ wɔn mu ɔha mu nkyem 65 “na wɔmfa asɔre no nkyerɛkyerɛ a ɛfa nna ho no nnyɛ hwee,” na wɔ wɔn mu ɔha mu nkyem 5 fam no, Yesu “ho nhia koraa.” Awerɛhosɛm a ɛte sɛɛ a ɛrekɔ so wɔ hɔ no na ɛkaa pope ma obisaa Fransefo bere a ɔkɔsraa wɔn wɔ 1980 mu no sɛ: “Fransefo, dɛn na moayɛ wɔ bɔ ahorow a mohyɛe wɔ mo asubɔ mu no ho?”

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 12 Hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban a ɛbae, August 1, 1984, kratafa 24.

^ nky. 13 Hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbae May 15, 1994, nkratafa 8-9.

^ nky. 19 Edin Louis a wɔde too Fransefo ahemfo 19 (a Louis XVII ne Louis-Philippe ka ho) no fi Clovis mu.

[Asase mfonini wɔ kratafa 27]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

SAXONFO

Rhine Asubɔnten

Somme Asubɔnten

Soissonfo

Reims

Paris

GAUL

Loire Asubɔnten

Vouillé

Poitierfo

PYRENEES

VISIGOTHFO

Roma

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Clovis asubɔ a ɛwɔ afeha a ɛto so 14 nsaano nkyerɛwee bi mu

[Asɛm Fibea]

© Cliché Bibliothèque nationale de France, Paris

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Clovis asubɔ ho adwinni (mfonini a ɛwɔ mfinimfini) a ɛwɔ Reims Asɔredan adiwo wɔ Franse

[Mfonini wɔ kratafa 29]

John Paul II nsrahwɛ a ɔde kɔɔ Franse kɔhyɛɛ Clovis asubɔ ho fa no ma akyinnyegye sɔree