Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Wɔsɛee Saa Tete Wiase No?

Dɛn Nti na Wɔsɛee Saa Tete Wiase No?

Dɛn Nti na Wɔsɛee Saa Tete Wiase No?

NA WIASE nyinaa Nsuyiri no nyɛ atoyerɛnkyɛm. Na ɛyɛ atemmu a efi Onyankopɔn hɔ. Wɔde kɔkɔbɔ mae, nanso wobuu ani guu so koraa. Dɛn ntia? Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Nna a edi nsuyiri anim no mu no nkurɔfo no didii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.’—Mateo 24:38, 39.

Anibue a Ɛbae

Wɔ ɔkwan bi so no, nnipa a na wɔn ani abue ansa na Nsuyiri no reba no nyaa nneɛma bi a yenni bi nnɛ. Sɛ nhwɛso no, na nnipa nyinaa ka kasa koro. (Genesis 11:1) Na eyi bɛboa nsaanodwuma ne adebɔ ho nyansahu a egye nnipa pii mmɔdenbɔ ne wɔn nimdeɛ no. Afei nso, nkwa tenten a na nnipa dodow no ara wɔ no kyerɛ sɛ na wobetumi de nimdeɛ a na wɔanya wɔ mfehaha pii mu no adi dwuma yiye.

Ebinom ka sɛ na nnipa nkwa nna nyɛ tenten pii saa bere no, na mfe a Bible kyerɛwtohɔ ka ho asɛm no yɛ asram ankasa. So eyi yɛ nokware? Ɛnde, susuw asɛm a ɛfa Mahalalel ho no ho hwɛ. Bible no ka sɛ: “Mahalalel dii mfirihyia aduosia anum na ɔwoo Yared. . . . Na Mahalalel nna nyinaa si mfe ahanwɔtwe aduakron anum, na owui.” (Genesis 5:15-17) Sɛ na afe no kyerɛ ɔsram a, ɛnde na Mahalalel woo ne ba bere a na wadi mfe anum pɛ! Dabi, ɛnte saa efisɛ na nnipa a wɔwɔ hɔ saa bere no bɛn Adam, onipa a odi kan a na ɔwɔ ahoɔden a edi mũ no. Wɔtraa ase mfehaha pii ankasa. Dɛn na wonyae?

Mfehaha pii akyi ansa na Nsuyiri no reba no, na asase so nnipa adɔɔso araa ma Adam ba Kain tumi kyekyeree kurow, ma ɔtoo din Henok. (Genesis 4:17) Wɔ nna a edii Nsuyiri no anim no mu no, wɔyɛɛ mfiridwuma horow pii. Na wɔn a wɔyɛ “kɔbere ne dade ade nyinaa” wɔ hɔ. (Genesis 4:22) Akyinnye biara nni ho sɛ wɔde saa nnwinnade yi yɛɛ adan, nnua, adepam, ne kuayɛ ho nnwuma. Wɔka nnwuma horow a ɛte saa nyinaa ho asɛm wɔ asase so nnipa a wodii kan traa ase ho kyerɛwtohɔ no mu.

Na nimdeɛ a wɔaboaboa ano yi betumi ama awo ntoatoaso ahorow no ho akokwaw wɔ nnadedwuma, kuadwuma, nguan ne anantwi yɛn, akyerɛw, ne adwinnidi a ɛyɛ fɛ mu. Sɛ nhwɛso no, na Yubal yɛ “asankubɔfo ne mmɛnhyɛnfo nyinaa agya.” (Genesis 4:21) Anibue kɔɔ so duu akyiri. Nanso, biribiara baa awiei mpofirim. Dɛn na esii?

Dɛn na Ɛtotoe?

Nneɛma pa horow a na wɔwɔ nyinaa akyi no, wiase a na ɛwɔ hɔ ansa na Nsuyiri no reba no annya mfiase pa. Ne kannifo, Adam, tew Onyankopɔn so atua. Kain, onipa a wodii kan yɛɛ ne ho kyerɛwtohɔ sɛ ɔkyekyee kurow no, kum n’ankasa nuabarima. Ɛnyɛ nwonwa sɛ abɔnefosɛm kɔɔ so ntɛmntɛm saa bere no! Sintɔ a Adam de gyaa ne mma no de nneɛma bɔne bebree na ɛbae.—Romafo 5:12.

Ɛda adi sɛ na nneɛma adu akyiri bere a Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma tebea no akɔ so mfe 120 foforo pɛ no. (Genesis 6:3) Bible no ka sɛ: “Nnipa bɔne dɔɔso pii asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa. . . Na anuɔden ahyɛ asase so ma.”—Genesis 6:5, 11.

Bere bi akyi no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa pefee sɛ ɔde nsuyiri bi bɛsɛe ɔhonam nyinaa. (Genesis 6:13, 17) Ɛwom sɛ na Noa yɛ “treneekafo” de, nanso ɛyɛɛ den maa nkurɔfo no sɛ wobegye adi sɛ na nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no rebɛba n’awiei. (2 Petro 2:5) Nnipa baawɔtwe pɛ na wotiee kɔkɔbɔ no nyaa nkwa. (1 Petro 3:20) Dɛn nti na eyi ho hia yɛn nnɛ?

Dɛn na Ɛkyerɛ Ma Yɛn?

Yɛte mmere a ɛne Noa de no di nsɛ mu. Yɛte amumɔyɛsɛm a ɛyɛ ahodwiriw, okunkɛse ho amanneɛbɔ, nnipadɔm a wɔde atuo akunkum wɔn a ntease biara nnim, ne afie mu basabasayɛ a ɛyɛ ahodwiriw ho asɛm daa. Basabasayɛ asan ahyɛ asase so ma bio, na sɛnea na ɛte kan no, wɔabɔ wiase kɔkɔ wɔ atemmu a ɛreba no ho. Yesu ankasa kae sɛ ɔbɛba sɛ Ɔtemmufo a Onyankopɔn apaw no na wabɛpaapae nkurɔfo mu sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu no. Yesu kae sɛ, wɔn a wɔmfata no ‘bɛkɔ daa ahoyeraw mu.’ (Mateo 25:31-33, 46) Nanso saa bere yi de, Bible no ka sɛ nnipa ɔpepem pii befi mu aka—nnipakuw kɛse a wɔsom nokware Nyankopɔn koro no. Eyinom na wɔbɛtra ase daa wɔ asomdwoe ne ahobammɔ a ebi mmae da mu wɔ wiase a ɛreba no mu.—Mika 4:3, 4; Adiyisɛm 7:9-17.

Nnipa pii di Bible mu nsɛm yi ne kɔkɔbɔ a ɛbɛkyerɛ sɛ atemmu no yɛ nokware no ho fɛw. Nanso ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ akasatiafo a wɔte saa yi rebu wɔn ani agu nokwasɛm ahorow so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo. . . bɛba abɛka sɛ: Né ba ho bɔhyɛ no wɔ he? . . . Wɔboapa ma wɔn werɛ fi sɛ efi teteete no, ɔsoro ne asase a efii nsu mu na ɛfaa nsu mu betim hɔ, Onyankopɔn asɛm so, no wɔ hɔ; na ɛno ara so na ɛnam na nsu yirii wiase a ɛwɔ bere no so no ma ɛsɛee. Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.”—2 Petro 3:3-7.

Ɛnnɛ, wɔde nsiyɛ rebɔ wiase nyinaa kɔkɔ wɔ atemmu da a ɛreba no ne asomdwoe a ebedi ɛno akyi aba no ho de ayɛ osetie ayɛ adwuma a Yesu hyɛɛ ho nkɔm no. (Mateo 24:14) Ɛnsɛ sɛ wobu kɔkɔbɔ yi adewa. Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn di ne bɔhyɛ ahorow so.

Wiase a Ɛbɛba

Sɛ wususuw da a ɛho hia a ɛreba yi ho a, dɛn na adesamma daakye bɛyɛ? Yesu hyɛɛ bɔ wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no nnianim asɛm no mu sɛ: “Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.” Na ɔkɔɔ so kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 5:5; 6:10) Yiw, Yesu ankasa kyerɛe sɛ daakye a ɛyɛ nwonwa bi wɔ hɔ ma adesamma anokwafo wɔ asase yi ara so. Ɔtwee adwene sii so sɛ ɛyɛ “awofoforo.”—Mateo 19:28.

Enti mma fɛwdifo mmma w’adwenem nnyɛ wo naa wɔ Onyankopɔn kɔkɔbɔ no ho bere a wususuw daakye ho no. Ampa, ebia wubehu sɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia yi wɔ hɔ daa na mprempren wiase yi atra hɔ fi bere tenten. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn werɛ hyɛ ɛno mu. Wɔabu adesamma wiase yi fɔ. Enti nya ɔsomafo Petro krataa a etwa to yi mu awerɛhyem:

“Enti, sɛ eyinom nyinaa bɛsɛe a, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu, sɛ motwɛn na moma Onyankopɔn da no ba yɛ ntɛm . . . sɛ moretwɛn eyinom nti, mommɔ mmɔden na wɔahu mo sɛ nnipa a wonni nkekae ne dɛm asomdwoe mu. . . . Na munnyin yɛn Awurade ne agyenkwa Yesu Kristo dom ne nimdeɛ mu.” (2 Petro 3:11, 12, 14, 18) Enti, sua biribi fi nea esii wɔ Noa nna mu no mu. Bɛn Onyankopɔn. Kɔ so nyin wɔ Yesu Kristo ho nimdeɛ mu. Da onyamesom pa adi, na ka nnipa ɔpepepem pii a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ti didi mu wɔ saa wiase yi awiei mu kɔ wiase a asomdwoe wom a ɛreba no mu no ho.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Na wonim nnadedwuma ansa na Nsuyiri no reba

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Daakye a ɛyɛ anigye wɔ hɔ