Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Nkurɔfo A Wɔasan Anya N’anim Dom Kamfo No Asase Nyinaa So

Yehowa Nkurɔfo A Wɔasan Anya N’anim Dom Kamfo No Asase Nyinaa So

Yehowa Nkurɔfo A Wɔasan Anya N’anim Dom Kamfo No Asase Nyinaa So

“Mɛdan ano kronkron makyerɛ amanaman, sɛ wɔn nyinaa mmɔ [Yehowa, “NW”] din.”—SEFANIA 3:9.

1. Dɛn nti na ɔsɛe ho asɛm nyaa mmamu wɔ Yuda ne aman afoforo so?

ATEMMUSƐM a emu yɛ duru bɛn ara na Yehowa de honhom kaa Sefania ma ɔkaa ho asɛm sɛɛ yi! Wɔkaa ɔsɛe ho nsɛm yi tiaa Yuda ne n’ahenkurow, Yerusalem, efisɛ na akannifo no ne nkurɔfo no nyinaa nyɛ Yehowa apɛde. Ná Onyankopɔn abufuw bɛba aman a wɔbemmɛn hɔ, te sɛ Filistea, Moab, ne Amon, nso so. Dɛn ntia? Esiane ɔtan a wɔatan Yehowa nkurɔfo denneennen mfehaha pii no nti. Atirimpɔw koro no ara nti, na wɔbɛsɛe Asiria tumidi no a ɛrensɔre bio.

2. Henanom na ɛda adi sɛ wɔne wɔn kasae wɔ Sefania 3:8 no?

2 Nanso, na komapafo bi wɔ tete Yuda. Eyinom hwɛɛ Onyankopɔn atemmu a ɔde bɛba abɔnefo so no kwan, na ɛda adi sɛ wɔn na wɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn: “Enti monhwɛ me kwan, [Yehowa, NW] asɛm ni, nkosi da a mɛsɔre mabegye asade. Na ɛyɛ m’atemmude sɛ meboa amanaman ano na mihyia ahenni aman, na mahwie m’abohuru, m’abufuhyew nyinaa, agu wɔn so; na me ninkuntwe gya no mu asase no nyinaa bɛhyew.”—Sefania 3:8.

Henanom na Wɔbɛka ‘Kasa Kronn’?

3. Anidaso asɛm bɛn na honhom kaa Sefania ma ɔkae?

3 Yiw, Sefania kaa ɔsɛe a Yehowa de bɛba no ho nsɛm kyerɛe. Nanso wɔde honhom kaa odiyifo no ma ɔkaa anidaso asɛm nso—nea na ɛbɛyɛ awerɛkyekye kɛse ama wɔn a wɔkɔɔ so dii Yehowa nokware no. Sɛnea wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Sefania 3:9 no, Yehowa Nyankopɔn kae sɛ: “Ɛno ansa na mɛdan ano kronkron makyerɛ amanaman, sɛ wɔn nyinaa mmɔ [Yehowa, NW] din no, na wɔ́nyɛ ɔnokoro nsom no.”

4, 5. (a) Dɛn na ɛbɛba wɔn a wɔnteɛ no so? (b) Henanom na wobenya eyi mu mfaso, na dɛn ntia?

4 Nanso na nnipa bi wɔ hɔ a wɔmma wɔnka kasa kronn no bi. Nkɔmhyɛ no ka wɔn ho asɛm sɛ: “Meyi wɔn a wodi ahantan mu ahurusi no afi wo mu.” (Sefania 3:11) Enti ahantanfo a na wobu Onyankopɔn mmara animtiaa na wɔyɛ nneɛma a ɛnteɛ no na wobeyi wɔn afi mu. Na henanom na wobenya eyi mu mfaso? Sefania 3:12, 13 ka sɛ: “Mɛma amanehunufo ne ahiafo aka wo mu, na wɔde wɔn ho ato [Yehowa, NW] din no so. Israel nkae no renyɛ akɔntɔnkyede, na wɔrenka atosɛm, na wɔrenhu nsisi tɛkrɛma wɔn anom, na wɔn de, wɔbɛyɛn wɔn ho na wɔabutubutuw hɔ, na obi renyi wɔn hu.”

5 Nkaefo anokwafo a na wɔwɔ tete Yuda, na na ebenya mu mfaso. Dɛn ntia? Efisɛ wɔn na wɔyɛɛ nea ɛne nsɛm yi hyia: “Monhwehwɛ [Yehowa, NW], asase sofo a mobrɛ mo ho ase na moyɛ n’atemmude nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, [Yehowa, NW] abufuw da no.”—Sefania 2:3.

6. Dɛn na esii wɔ Sefania nkɔmhyɛ no mmamu a edi kan mu?

6 Wɔ Sefania nkɔmhyɛ yi mmamu a edi kan mu no, Onyankopɔn twee Yuda a ankyerɛ gyidi no asõ denam Babilon Wiase Tumidi a ɔma odii so nkonim de ne nkurɔfo kɔɔ nnommumfa mu wɔ afe 607 A.Y.B. mu no so. Wɔkoraa ebinom, te sɛ Yeremia ne afoforo so, na ebinom nso kɔɔ so dii Yehowa nokware wɔ nnommumfa mu. Afei, wɔ afe 539 A.Y.B. mu no, Mediafo ne Persiafo a Ɔhene Kores di wɔn anim no tuu Babilon gui. Bɛyɛ mfe abien akyi no, Kores de ahyɛde mae a ɛmaa Yuda nkaefo bi nyaa kwan san kɔɔ wɔn asase so. Bere bi akyi no, wɔsan sii Yerusalem asɔrefie no, na na asɔfo no betumi de Mmara no akyerɛkyerɛ nkurɔfo no bio. (Malaki 2:7) Enti Yehowa hyiraa nkaefo a wɔsan bae no—bere tenten a wɔkɔɔ so dii nokware no.

7, 8. Henanom na nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ Sefania 3:14-17 no fa wɔn ho, na dɛn nti na wubua saa?

7 Ɛdefa wɔn a na wɔbɛsan de wɔn aba ho no, Sefania ka siei sɛ: “To ahurusi dwom, Sion babea, bɔ ose, Israel, ma w’ani nnye, na fa koma nyinaa di ahurusi, Yerusalem babea. [Yehowa, NW] ayi w’atemmude no kɔ, watow w’atamfo agu; [Yehowa, NW], Israel hene wɔ wo mu, worenhu amane bio. Ɛda no wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ: Nsuro, Sion, mma wo nsam nnhodwo. [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn wɔ wo mu, ɔdonkunini, ogyefo; wo ho yɛ no ahosan, anigye mu, ɔbɛyɛ wo foforo ne dɔ no mu, wo ho yɛ no ahosɛpɛw, ahurusi dwom mu.”—Sefania 3:14-17.

8 Nkɔmhyɛ nsɛm yi gyina hɔ ma nkaefo a wɔboaboaa wɔn ano fii Babilon nnommumfa mu san de wɔn baa wɔn nananom asase so no. Wɔma eyi mu da hɔ wɔ Sefania 3:18-20, faako a yɛkenkan sɛ: “Meyi amane afi wo so, na woansoa ɛho ahohora. Hwɛ, me ne w’ahawfo nyinaa bedi, ɛbere no mu, na megye wɔn asiifo no, na mede wɔn mɛyɛ ayeyi ne din, wɔn aniwu asase nyinaa so. Ɛbere no mu na mede mo mɛba, na ɛbere no na mɛboa mo ano; na mede mo mɛyɛ din ne ayeyi, asase so aman nyinaa mu, ɛbere a mede mo nnommumfa mɛsan maba, mo aniwa mu no, [Yehowa, NW] na ose.”

9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam Yuda so gyee din?

9 Hwɛ sɛnea na aman a na wɔbemmɛn hɔ a na wɔtan Onyankopɔn nkurɔfo no ho bedwiriw wɔn! Ná Babilon a ɛyɛ den no de Yudafo kɔ nnommumfa mu, na na wonni anidaso biara sɛ wobenya ahofadi. Bio nso, na wɔn asase no adan amamfõ. Nanso, ɛdenam Onyankopɔn tumi so no, wɔsan de wɔn baa wɔn asase so wɔ mfe 70 akyi, bere a na ɔsɛe reba aman a na wɔtan wɔn so no. Hwɛ din ara a Yehowa gyee denam nkaefo anokwafo no a ɔma wɔsan bae no so! Ɔde wɔn yɛɛ “din ne ayeyi, asase so aman nyinaa mu.” Hwɛ sɛnea wɔn sanba no de ayeyi brɛɛ Yehowa ne wɔn a ne din da wɔn so no!

Wɔmaa Yehowa Som So

10, 11. Bere bɛn na na Sefania nkɔmhyɛ a ɛfa gye a na wɔbɛsan agye afoforo ho no bɛbam, na yɛyɛ dɛn hu eyi?

10 Ogye foforo san bae wɔ afeha a edi kan wɔ Yɛn Bere yi mu bere a Yesu Kristo boaboaa Israelfo nkaefo ano maa nokware som no. Ná eyi yɛ nea ɛbɛba ho sunsuma, efisɛ na gye a wɔbɛsan agye afoforo ho nkɔmhyɛ no mmamu kɛse no bɛba daakye. Mika nkɔmhyɛ no ka siei sɛ: “Nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa, NW] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na aman asen yuu aba so.”—Mika 4:1.

11 Bere bɛn na eyi bɛba? Sɛnea odiyifo no kae no, “nna a edi akyiri no mu”—yiw, wɔ “nna a edi akyiri” yi mu. (2 Timoteo 3:1) Ná eyi besi ansa na nneɛma nhyehyɛe yi aba awiei bere a amanaman no da so ara som atoro anyame no. Mika 4:5 ka sɛ: “Aman no mu biara nantew ne nyame din mu.” Na nokware asomfo nso ɛ? Mika nkɔmhyɛ no bua sɛ: “Na yɛn de, yɛbɛnantew [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.”

12. Ɔkwan bɛn so na wɔama nokware som so wɔ awiei bere yi mu?

12 Enti, wɔ nna a edi akyiri yi mu no, “[Yehowa, NW] fi bepɔw no [atim] hɔ ataa mmepɔw atifi.” Te sɛ bepɔw a ɛkorɔn sen biara no, wɔasan de Yehowa nokware som atim hɔ, na wɔama so asen ɔsom ahorow nyinaa. Sɛnea Mika nkɔmhyɛ no ka siei nso no, ‘aman bɛsen yuu aba so.’ Na wɔn a wɔwɔ nokware som mu no ‘bɛnantew Yehowa wɔn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.’

13, 14. Bere bɛn na wiase yi hyɛnee “nna a edi akyiri” no mu, na ɛdefa nokware som ho no, dɛn na asisi fi saa bere no?

13 Nsɛm a asisi ama Bible nkɔmhyɛ anya ne mmamu no kyerɛ sɛ saa wiase yi hyɛnee ‘awiei bere’—nna a edi akyiri—no mu wɔ afe 1914 mu. (Marko 13:4-10) Abakɔsɛm kyerɛ sɛ Yehowa fii ase boaboaa wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo anokwafo a wɔwɔ ɔsoro anidaso no ano baa nokware som mu. Nea adi eyi akyi ne “nnipakuw kɛse . . . a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu”—a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra asase so daa, a wɔreboaboa wɔn ano no.—Adiyisɛm 7:9.

14 Efi Wiase Ko I so besi saa bere yi no, Yehowa som a wɔn a ne din da wɔn so de asi hɔ no anya nkɔanim kɛse wɔ n’akwankyerɛ ase. Yehowa asomfo a na wɔn dodow yɛ mpem kakraa bi wɔ Wiase Ko 1 akyi no dodow adu bɛyɛ ɔpepem asia mprempren, na wɔaboaboa wɔn ano wɔ asafo ahorow bɛyɛ 91,000 mu wɔ nsase 235 so. Afe biara, Ahenni adawurubɔfo yi de bɛboro nnɔnhwerew ɔpepepem biako yi Nyankopɔn ayɛ wɔ baguam. Ɛda adi pefee sɛ saa Yehowa Adansefo yi ne nkurɔfo a wɔrema Yesu nkɔmhyɛ nsɛm no renya mmamu: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.

15. Ɔkwan bɛn so na Sefania 2:3 renya mmamu nnɛ?

15 Sefania 3:17 ka sɛ: ‘Yehowa wo Nyankopɔn no wɔ wo mu. Sɛ́ otumfoɔ no, obegye wo.’ Honhom fam nkɔso a Yehowa asomfo anya wɔ nna a edi akyiri yi mu no fi Yehowa a wɔanya no sɛ wɔn Nyankopɔn a ɔyɛ tumi nyinaa wura no. Eyi yɛ nokware sɛnea na ɛte wɔ tete Yudafo a wɔsan de wɔn bae wɔ 537 A.Y.B. mu fam no. Enti yebetumi ahu sɛnea Sefania 2:3 nya ne mmamu kɛse wɔ yɛn bere yi mu bere a ɛka eyi no: ‘Monhwehwɛ Yehowa, asase sofo a mobrɛ mo ho ase nyinaa.’ Wɔ 537 A.Y.B. mu no, na asɛm ‘nyinaa’ no fa Yudafo nkaefo a wɔsan fi Babilon nnommumfa mu bae no nyinaa ho bi. Ɛnnɛ, egyina hɔ ma ahobrɛasefo a wɔwɔ asase so aman nyinaa mu, wɔn a wotie wiase nyinaa Ahenni asɛnka adwuma no na wɔsen yuu ba “[Yehowa, NW] fi bepɔw ho” no.

Nokware Som Nya Nkɔso

16. Dɛn na ɛda adi sɛ yɛn atamfo ka wɔ nkɔso a nnɛyi Yehowa asomfo renya no ho?

16 Afe 537 A.Y.B. akyi no, nnipa a na wɔwɔ aman a na atwa Yuda ho ahyia mu no pii ho dwiriw wɔn sɛ wɔsan de Onyankopɔn asomfo baa wɔn asase so de nokware som besii hɔ. Nanso, sɛ wɔde toto ho a, saa sanba no yɛɛ ketewaa bi. So wubetumi agye adi sɛ ebinom—wɔn a wɔtan Onyankopɔn nkurɔfo mpo—reka nnɛ sɛ wohu sɛ nnɛyi Yehowa asomfo renya nkɔso, yiyedi, ne nkɔanim a ɛyɛ nwonwa? Ɛda adi pefee sɛ saa atamfo yi mu bi te nka te sɛ Farisifo no bere a wohuu sɛnea nnipa sen yuu kɔ Yesu nkyɛn no. Wɔteɛɛm sɛ: “Hwɛ, wiase atu di n’akyi.”—Yohane 12:19.

17. Dɛn na ɔkyerɛwfo bi ka faa Yehowa Adansefo ho, na nkɔso bɛn na wɔanya?

17 Ɔbenfo Charles S. Braden kae wɔ ne nhoma These Also Believe mu sɛ: ‘Yehowa Adansefo de wɔn adansedi no adu asase nyinaa so ankasa. Yebetumi aka no nokwarem sɛ nyamesom kuw biara nni wiase a wɔde nsi ne mmɔdenbɔ aka Ahenni ho asɛmpa no sɛ Yehowa Adansefo. Akyinnye biara nni ho sɛ saa kuw yi benya nkɔanim daa daa.’ Hwɛ sɛnea na n’asɛm no yɛ nokware! Bere a ɔkyerɛw saa nsɛm no bɛyɛ mfe 50 a atwam ni no, Adansefo bɛyɛ 300,000 na na wɔreka asɛm no wɔ wiase nyinaa. Dɛn na ɔbɛka nnɛ, bere a saa dodow no mmɔho bɛyɛ 20 na wɔreka asɛm no mprempren—bɛyɛ ɔpepem asia no?

18. Dɛn ne kasa kronn no, na henanom na Onyankopɔn de ama wɔn?

18 Onyankopɔn nam ne diyifo no so hyɛɛ bɔ sɛ: “Ɛno ansa na mɛdan ano kronkron makyerɛ amanaman, sɛ wɔn nyinaa mmɔ [Yehowa, NW] din no, na wɔ́nyɛ ɔnokoro nsom no.” (Sefania 3:9) Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, ɛyɛ Yehowa Adansefo na wɔbɔ Yehowa din, na wɔde biakoyɛ ne ɔdɔ a emu yɛ den—yiw, “ɔnokoro,” som no. Wɔn ne nnipa a Yehowa de kasa kronn no ama wɔn no. Nea ɛka saa kasa kronn yi ho ne Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nokware ho ntease ne anisɔ a edi mũ a yebenya. Yehowa nkutoo na obetumi de eyi ama, na ne honhom kronkron so na ɔnam yɛ saa. (1 Korintofo 2:10) Henanom na ɔde ne honhom no ama wɔn? ‘Wɔn a wotie no sɛ sodifo no’ nkutoo. (Asomafo no Nnwuma 5:32) Yehowa Adansefo nkutoo na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetie Nyankopɔn sɛ Sodifo wɔ biribiara mu. Ɛno nti na wonya Onyankopɔn honhom ne kasa kronn, Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow ho nokware a ɛyɛ anigye no. Wɔde kasa kronn no yi Yehowa ayɛ denneennen na wɔretrɛw mu wɔ wiase nyinaa.

19. Kasa kronn no a obi ka no kyerɛ dɛn?

19 Kasa kronn a obi bɛka no nkyerɛ nokware no a obegye adi na ɔde akyerɛkyerɛ afoforo no nko, na mmom sɛ ɔbɛma n’abrabɔ ne Onyankopɔn mmara ne nnyinasosɛm ahorow ahyia nso. Kristofo a wɔasra wɔn no adi anim rehwehwɛ Yehowa reka kasa kronn no. Na susuw nea wɔatumi ayɛ no ho hwɛ! Ɛwom sɛ wɔn a wɔasra wɔn no dodow so atew abedu bɛyɛ 8,700 de, nanso afoforo a wɔn dodow bɛyɛ ɔpepem asia, a wɔwɔ asase so anidaso, resuasua wɔn gyidi denam Yehowa a wɔhwehwɛ no ne kasa kronn no a wɔka so. Eyinom ne nnipakuw kɛse a wofi aman nyinaa mu a wɔkyerɛ Yesu ogye afɔre no mu gyidi, na wɔsom wɔ Onyankopɔn honhom fam asɔrefie no asase so abangua no so, na wobenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohia kɛse” a ɛrenkyɛ ɛbɛba amumɔyɛ wiase yi so no mu.—Adiyisɛm 7:9, 14, 15.

20. Dɛn na ɛda hɔ retwɛn anokwafo a wɔasra wɔn no ne nnipakuw kɛse no mufo no?

20 Nnipakuw kɛse no bɛhyɛn Onyankopɔn trenee wiase foforo no mu. (2 Petro 3:13) Yesu Kristo, ne 144,000 a wɔasra wɔn a wɔanyan wɔn kɔ ɔsoro asetra mu ne no rekɔsom sɛ ahene ne asɔfo no na wobedi asase foforo no so. (Romafo 8:16, 17; Adiyisɛm 7:4; 20:6) Wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse no mu no bɛyɛ adwuma ma asase adan paradise na wɔbɛkɔ so aka kasa kronn a Onyankopɔn de ama wɔn no. Yebetumi asi no pi sɛ nsɛm yi fa wɔn ho: ‘Wo mma nyinaa bɛyɛ wɔn a Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn, wo mma asomdwoe bɛdɔɔso. Trenee mu na w’ase betim.’—Yesaia 54:13, 14.

Ɔkyerɛkyerɛ Adwuma a Ɛsen Biara Wɔ Abakɔsɛm Mu

21, 22. (a) Sɛnea Asomafo no Nnwuma 24:15 kyerɛ no, henanom na ebehia sɛ wɔkyerɛ wɔn kasa kronn no? (b) Ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ɛso bi mmae da bɛn na ɛbɛkɔ so wɔ asase so wɔ Ahenni nniso ase?

21 Nnipakuw kɛse paa a wɔbɛma wɔanya hokwan asua kasa kronn wɔ wiase foforo no mu no na wɔka wɔn ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 24:15 sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” Tete no, nnipa ɔpepepem pii traa ase wuwui a wɔannya Yehowa ho nokware nimdeɛ. Ɔbɛsan de wɔn aba nkwa mu nnidiso nnidiso. Na ɛho behia sɛ wɔde kasa kronn no kyerɛkyerɛ saafo a wɔanyan wɔn no.

22 Hwɛ hokwan ara a ɛbɛyɛ sɛ yebenya saa ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse no mu kyɛfa! Ɛbɛyɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ɛsen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu. Na wɔbɛyɛ ne nyinaa wɔ Kristo Yesu nniso a ɔdɔ wom no Ahenni tumidi ase. Ne saa nti, adesamma behu Yesaia 11:9 no mmamu a ese: “[Yehowa ho nimdeɛ, NW] bɛyɛ asase so ma, sɛ nsu kata po so no.”

23. Dɛn nti na wobɛka sɛ yɛanya hokwan kɛse sɛ Yehowa nkurɔfo?

23 Hwɛ hokwan ara a yɛanya wɔ awiei bere yi mu sɛ yɛresiesie yɛn ho ama saa anigye bere a Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asase so ma ampa no! Na hwɛ hokwan ara a yɛanya mprempren sɛ yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo, wɔn a nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ Sefania 3:20 no nya mmamu wɔ wɔn so no! Yehowa ka wɔ hɔ sɛ: “Mede mo mɛyɛ din ne ayeyi, asase so aman nyinaa mu.”

Wubebua Dɛn?

• Mmamu ahorow bɛn na Sefania nkɔmhyɛ a ɛfa gye a wɔbɛsan agye afoforo ho no anya?

• Ɔkwan bɛn so na nokware som renya nkɔso wɔ nna a edi akyiri yi mu?

• Ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse bɛn na ɛbɛkɔ so wɔ wiase foforo no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Yehowa nkurɔfo san baa wɔn asase so de ɔsom kronn san besii hɔ. So wunim nea eyi kyerɛ nnɛ?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Yehowa Adansefo nam ‘kasa kronn’ a wɔka so ma nkurɔfo nya Bible mu nsɛm a ɛma awerɛkyekye