Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔn a Wɔsɛ a Yɛhwehwɛ Wɔn Wɔ Kenya

Wɔn a Wɔsɛ a Yɛhwehwɛ Wɔn Wɔ Kenya

Wɔn a Wɔsɛ a Yɛhwehwɛ Wɔn Wɔ Kenya

KENYA yɛ ɔman a adebɔ mu nneɛma a ɛyɛ fɛ wom. Kwae kɛse, asasetaw a ɛtrɛw, anhweatam a ɛso yɛ hyew, ne mmepɔw a sukyerɛma wɔ atifi wɔ asase a ɛyɛ fɛ yi so. Atorɔm bɛboro ɔpepem biako ne bɛnkoro a wɔn ase reyɛ atɔre wɔ hɔ. Obi betumi ahu kɔntenten pii sɛ wɔnenam sare no so.

Ewim nnomaa pii nso wɔ hɔ, efi akɔre a wɔnenam wim kosi nnomaa a wɔn ho yɛ fɛ a wɔn su dɛdɛɛdɛ so. Na hena na obetumi abu n’ani agu asono ne agyata no so? Wo werɛ ntumi mfi nneɛma a wubehu ne ɛnne nnyigyei a wobɛte wɔ Kenya no da.

Nanso, ɛnne nnyigyei foforo wɔ hɔ a wɔte wɔ asase fɛfɛ yi nyinaa so. Ɛyɛ nnipa mpempem pii a wɔreka anidaso asɛm no nne. (Yesaia 52:7) Mmusuakuw ne kasa horow bɛboro 40 na wɔma afoforo te ɛnne yi. Eyi ma Kenya san yɛ ɔman a honhom fam nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ.

Kenyafo dodow no ara ani gye nyamesom ho, na wɔn ani gye ho sɛ wɔne afoforo bɛbɔ honhom fam nneɛma ho nkɔmmɔ. Eyi nyinaa akyi mpo no, ɛyɛ den sɛ wubenya nnipa ne wɔn abɔ nkɔmmɔ, efisɛ nsakrae rekɔ so wɔ Kenya te sɛ nea ɛrekɔ so wɔ aman foforo so no ara pɛ.

Sikasɛm tebea a ayɛ den no ama nnipa pii ayɛ nsakrae wɔ wɔn asetram. Mmea a na anka wɔyɛ adwuma wɔ fie no reyɛ nnwuma wɔ adwumayɛdan mu anaasɛ wɔwɔ kwan ho retɔn nnuaba, atosode, mpataa, ne nkɛntɛn. Mmarima de nnɔnhwerew pii yɛ adwumaden de hwɛ wɔn mmusua. Mmofra mpo kyinkyin mmorɔn so tɔn wɔn nneɛma bere a nkate a wɔakyew ne nkesua a wɔanoa hyehyɛ wɔn nsa nketenkete no mu. Ama nnipa kakraa bi pɛ na wɔwɔ fie awia. Tebea yi ama ɛho abehia sɛ Ahenni asɛmpakafo no yɛ nsakrae ahorow.

Wotuu Yehowa Adansefo asafo ahorow no fo sɛ wɔmfa wɔn adwene nsi nnipa a wɔwɔ mmɔnten so, wɔn a wɔnenam reyɛ wɔn da biara da nnwuma, ne nnamfo, abusuafo, aguadifo, ne mfɛfo adwumayɛfo so kɛse. Na anuanom tiei, kasa kyerɛɛ nkurɔfo wɔ baabiara a wobehu wɔn no. (Mateo 10:11) So mfaso bi afi mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛtrɛw wɔn som adwuma mu no mu aba? Yiw, mfaso aba so! Susuw nhwɛso ahorow no bi ho hwɛ.

Abusuafo—Ayɔnkofo a Wɔbɛn Yɛn Yiye

Nnipa bɛyɛ ɔpepem abiɛsa na wɔte Nairobi, Kenya, ahenkurow no mu. Ɔsraani panyin bi traa kurow no apuei fam a na n’ani nnye Yehowa Adansefo ho koraa, nanso, na n’ankasa ne ba yɛ Ɔdansefo a na ɛhaw no yiye. Da bi wɔ February mu no ɔsraani panyin a wakɔ pɛnhyen no tuu kwan kilomita 160 kɔɔ ne ba no fie wɔ Rift Valley kurow Nakuru mu. Wɔ nsrahwɛ no mu no, ne ba no maa no akyɛde bi—Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no. Agya no gye kɔe.

Oduu fie no, ɔsraani panyin a wakɔ pɛnhyen no de nhoma no maa ne yere ma ɔno nso fii ase kenkanee a na onnim sɛ Yehowa Adansefo na wotintimii. Bible mu nokware de nkakrankakra kaa ne koma, na ɔkaa mu asɛm kyerɛɛ ne kunu. Asɛmpɛ maa ɔbarima no nso fii ase kenkan nhoma no. Bere a wohuu nkurɔfo a wotintim nhoma no, wɔkae sɛ sɛɛ na wonnim Yehowa Adansefo ho nokwasɛm. Wɔhwehwɛɛ ɛhɔnom Adansefo no, na wofii Bible adesua ase. Wɔnam nhoma no a wɔn ankasa kenkanee so hui sɛ enye sɛ Kristofo bɛnom tawa anaasɛ wɔbɛtɔn. (Mateo 22:39; 2 Korintofo 7:1) Wɔsɛee wɔn sigaret a ɛwɔ wɔn sotɔɔ mu nyinaa a wɔantwentwɛn wɔn nan ase. Asram dodow bi akyi no, wɔbɛfatae sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu, na ankyɛ na wɔbɔɔ wɔn asu wɔ ɔmantam nhyiam bi ase.

Wonya Agyapade Wɔ Nwura Mu

Wɔ ahenkurow no afã bi no, nkuraase a ɛretrɛw wowɔ hɔ a nnipa ɔpehaha pii wom. Ɛha na wuhu dɔte, nnua, nnade dedaw, anaa nkyɛnsee a wɔde bɔ dan so dedaw a wɔde asisi adan pii. Esiane sɛ mfiridwuma ne adwinnan mu adwuma ho yɛ na nti, nkurɔfo yɛ nnwuma ahorow nyinaa bi. Jua kali (Swahili asɛm a ɛkyerɛ “owia a ano yɛ den”) adwumayɛfo gyina awia mu yɛ adwuma, de kar tae dedaw yɛ mpaboa anaa nkyɛnsee dedaw yɛ krasin nkanea. Afoforo yiyi sumina ne nwura ade mu hwehwɛ nkrataa, nkyɛnsee a wɔde sanyaa ayɛ, ne ntoa de kɔ ma wɔdannan no yɛ no foforo.

So wobetumi anya agyapade wɔ nwura mu? Yiw! Onua bi kae sɛ: “Ɔbarima hoɔdenfo bi a ne ti nhwi afuw kuhaa, na n’ahosiesie yɛ basaa a na ɔsõ rɔba kotoku kɛse bi a nkrataa ne nsɛmma nhoma dedaw gu mu baa yɛn Nhyiam Asa no asase no so. Bere a ɔka kyerɛɛ me sɛ ne din de William no, obisae sɛ: ‘Wowɔ Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no bi?’ Ehu kaa me, a na minnim nea ɔrepɛ. Bere a mede nsɛmma nhoma anum kyerɛɛ no no, ɔhwɛɛ no mmiako mmiako kae sɛ: ‘Megye ne nyinaa.’ Mede ahodwiriw mesan kɔɔ me dan mu kɔfaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no bae. Mede Paradise ho mfonini kyerɛɛ no kae sɛ yɛne nkurɔfo sua Bible no a yennye wɔn hwee. Afei mekae sɛ: ‘William, dɛn nti na womma ɔkyena mma yemfi adesua no ase?’ Saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛe!

“Ɔbaa n’asafo nhyiam a edi kan Kwasida bi. Na merema baguam ɔkasa saa da no. Bere a William baa mu no, ɔtotoo n’ani ntɛm hwɛɛ atiefo no mu hui sɛ migyina asɛnka agua no so, na oguan fii asa no so. Akyiri yi mibisaa no nea enti a ɔyɛɛ saa. Ɔde fɛre buae sɛ: ‘Na nkurɔfo no ho tew dodo. Ehu kaa me.’

“Bere a William nyaa nkɔso wɔ n’adesua no mu no, Bible mu nokware no fii ase sesaa n’asetra. Oguaree, twitwaa ne ti nhwi, na ankyɛ na ɔbaa asafo nhyiam ahorow daa. Bere a woyii Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no adi no, yefii ase suae. Ɛde bedu saa bere yi, wama Teokrase Ɔsom Sukuu kasa abien abɛyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu. Bere a ɔbɔɔ asu wɔ Da Koro Nhyiam Titiriw ase no, mede anigye maa no akwaaba sɛ me honhom fam nua.”

Ɛhe na William dii kan huu mfaso a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no so no? “Mihuu bi wɔ nkrataa a wɔato agu mu.” Yiw, ɔnam saa kwan soronko no so nyaa agyapade!

Adanse a Wodi Wɔ Adwuma Mu

So yɛma yɛn ani da hɔ bere nyinaa de di adanse bɔnnɔ so wɔ yɛn adwuma mu? James, ɔpanyin bi a ɔwɔ Nairobi asafo bi mu nam saa kwan no so na ohuu Bible mu nokware no. Ama ɔno nso ho akokwaw wɔ saa kwan yi a ɔfa so kasa kyerɛ afoforo no mu. Sɛ nhwɛso no, bere bi, James huu ne yɔnko dwumayɛni bi a ɔbaa adwumayɛdan no mu sɛ ɔbɔ baagye bi a wɔakyerɛw so sɛ “Yesu Gye Nkwa.” Bere a James resuasua Filipo ɔsɛmpakafo no, obisaa ne yɔnko dwumayɛni no sɛ: “So wote nea wokan yi ase anaa?” (Asomafo no Nnwuma 8:30) Saa asɛmmisa no buee hokwan ma yɛbɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Wofii Bible adesua ase, na wɔbɔɔ ɔbarima no asu akyiri yi. So James atumi aboa afoforo? Ma ɔnkyerɛkyerɛ mu:

“Ná me ne Tom yɛ adwuma wɔ adwumakuw biako mu. Ná yɛtaa bom foro adwuma bɔs. Da koro anɔpa, yɛtraa faako. Na merekenkan yɛn nhoma no biako, na mikuraa mu ɔkwan bi so a ɛbɛma Tom atumi ahwɛ mu yiye. Sɛnea mehwɛɛ kwan no, n’ani baa so, na mede me nhoma no maa no anigye so. N’ani gyee nea ɔkenkanee no ho kɛse na ɔpenee so sɛ obesua Bible no. Ɛnnɛ ɔne ne yere yɛ Yehowa asomfo a wɔabɔ asu.”

James toa so sɛ: “Edu awia adidi bere a na yɛtaa bɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye wɔ yɛn adwuma mu. Saa mmere no mu na mihyiaa Ephraim a akyiri yi nso mihyiaa Walter. Na wɔn baanu nyinaa nim sɛ meyɛ Ɔdansefo. Na Ephraim pɛ sɛ ohu nea enti a wɔtan Yehowa Adansefo pii saa no. Na Walter wɔ nsonsonoe a ɛwɔ Adansefo no ne ɔsom afoforo ntam no ho nsɛmmisa. Wɔn baanu tee Kyerɛwnsɛm mu mmuae a mede maa wɔn no ase yiye na wɔpenee so sɛ wobesua ade. Ephraim nyaa nkɔso ntɛmntɛm. Bere bi akyi no, ɔne ne yere nyinaa hyiraa wɔn nkwa so maa Yehowa. Ɛnnɛ ɔsom sɛ ɔpanyin, na ne yere yɛ daa kwampaefo. Nanso, Walter hyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den araa ma ɔtoo ne nhoma a ɔde sua ade no kyenee. Nanso, esiane sɛ mampa abaw nti, ɔsan fii n’adesua no ase. Ɔno nso anya ho kwan som sɛ ɔpanyin nnɛ.” Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, nnipa 11 abɛyɛ nokware Kristofo esiane sɛ James de hokwan ahorow a onyae no dii bɔnnɔ so adanse wɔ n’adwuma mu nti.

Nea Afi Mu Aba a Ɛyɛ Nwonwa Sen Biara

Ná nnamfo ne abusuafo ahyiam rekosie funu wɔ akuraa ketewaa bi a ɛwɔ Ɔtare Victoria ho ase. Ná Ɔdansefo bi a ne mfe akɔ anim ka ayiasefo no ho. Ɔkɔɔ sukuu kyerɛkyerɛfo bi a ne din de Dolly nkyɛn kɔkyerɛkyerɛɛ no tebea a awufo wom ne atirimpɔw a Yehowa wɔ sɛ obeyi owu afi hɔ daa no mu. Bere a ohui sɛ otiee asɛm no yiye no, ɔmaa no awerɛhyem sɛ: “Sɛ wokɔ wo kurom a, yɛn asɛmpatrɛwfo no biako bɛba wo nkyɛn abɛkyerɛkyerɛ wo Bible no.”

Dolly kurom ne kurow kɛse a ɛto so abiɛsa wɔ Kenya. Adansefo asɛmpatrɛwfo baanan pɛ na na wɔsom wɔ hɔ saa bere no. Onua a ne mfe akɔ anim no anka ankyerɛ asɛmpatrɛwfo no biara sɛ ɔnkɔ Dolly nkyɛn ankasa. Na ɔwɔ ahotoso a emu yɛ den sɛ ɛbɛba saa kɛkɛ. Na ɛbaa saa! Bere tiaa bi mu no, onuawa sɛmpatrɛwfo bi hyiaa Dolly ne no fii adesua ase. Mprempren Dolly abɔ asu, ne babea kumaa de ne ho ahyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu mu, na ne mmabarima baanu no nso abɔ asu. Wanya hokwan mpo akɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no bi.

Nkɔso a Aba no Ho Dwuma a Wodi

Adwene a wɔde sii bɔnnɔ so adansedi so no ama nnipa mpempem pii ate asɛmpa no wɔ Kenya. Mprempren adawurubɔfo bɛboro 15,000 na wɔreyɛ adwuma a ɛho hia sen biara yi denneennen, na nnipa bɛboro 41,000 na wɔkɔɔ Kristo wu Nkaedi ase afe a etwaam no. Kenya nyinaa no, nnipa dodow a wɔba asafo nhyiam no taa yɛ Ahenni adawurubɔfo no dodow mmɔho abien. Eyi ama Ahenni Asa pii ho abehia.

Wɔresisi Ahenni Asa ahorow wɔ nkurow akɛse ne nkurow a atew ne ho wɔ akyirikyiri nyinaa mu. Eyinom mu biako ne Samburu kurow bi a atew ne ho a ɛwɔ Nairobi atifi fam apuei kilomita 320 no. Wɔ afe 1934 mu no, wɔtoo kurow no din Maralal, a ɛkyerɛ “hyɛnhyɛn” wɔ Samburu kasa mu efisɛ nkyɛnsee a wodii kan de bɔɔ dan so wɔ hɔ no hyerɛn wɔ awia mu. Mfirihyia aduosia abien akyi no, wosii ɔdan foforo a wɔde nkyɛnsee bɔɔ so wɔ Maralal. Ɛno nso “hyerɛn” na ɛtew “gya” efisɛ ɛyɛ ɛhɔnom beae a wɔsom nokware som.

Adawurubɔfo 15 no bɔɔ mmɔden kɛse sii Ahenni Asa a edi kan wɔ Kenya fã a atew ne ho yi. Na wonni sika, enti na ɛsɛ sɛ anuanom de ɛhɔnom nneɛma na esi. Wɔde nnua gyinaa dan no na wɔwɔɔ dɔte kɔkɔɔ de hyehyɛe. Wɔde nantwibin ne nsõ frae de kokwaw afasu no ho ma ɛyɛɛ den a ebetumi adi mfirihyia pii.

Nea ɛbɛyɛ na anuanom no anya nnua atenten no, wokogyee tumi krataa a wɔde betwa nnua no. Nanso, na kwae a ɛbɛn wɔn paa no wɔ akyiri bɛyɛ kilomita du. Na ɛsɛ sɛ anuanom mmarima ne mmea no nantew kɔ kwae no mu, kotwa nnua no, twitwa ho, na wɔsoa kɔ baabi a wɔresi dan no. Bere bi a anuanom no fi kwae no mu reba no, polisini bi ma wogyinae kae sɛ wɔn tumi krataa no nni mũ. Polisini no ka kyerɛɛ ɔkwampaefo titiriw bi sɛ wakyere no sɛ watwa nnua no. Onuawa bi a mpɔtam hɔfo ne polisini no nim no yiye kae sɛ: “Sɛ wokyere yɛn nua no a, ɛsɛ sɛ wokyere yɛn nyinaa nso, efisɛ yɛn nyinaa na yetwaa nnua no!” Ɔkaa saa no, polisini no gyaee wɔn nyinaa.

Na nkekaboa wɔ kwae no mu, enti na asiane wɔ hɔ. Da koro onuawa bi twaa dua bi. Bere a dua no tɔɔ fam no, ohui sɛ aboa bi ahuruw reguan. Esiane sɛ ohuu kɔla nnodowee bi nti osusuwii sɛ ɛyɛ adowa bi, nanso akyiri yi ohuu anammɔn bi a ɛkyerɛ sɛ na ɛyɛ gyata! Asiane a ɛtete saa nyinaa akyi no, anuanom no wiee asa no si, na esi hɔ “hyɛnhyɛn” a ɛreyi Yehowa ayɛ.

Ná February 1, 1963, yɛ da titiriw wɔ teokrase abakɔsɛm mu wɔ Kenya. Saa da no na wobuee baa dwumadibea a edi kan a na ɛyɛ dan biako pɛ a ne kɛse yɛ mita ahinanan 7.4 no ano. Ná October 25, 1997, yɛ da titiriw foforo wɔ Kenya teokrase abakɔsɛm mu—da a wohyiraa Betel foforo a adan pii wom a ne kɛse yɛ mita ahinanan 7,800 no so! Ɔbrɛ adwuma a wɔde ahofama yɛɛ no mfirihyia abiɛsa no na ɛmaa wowiee adwuma kɛse a ɛte saa no. Adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama a wofi aman 25 mu danee asase a na atɛkyɛ ne wura ahyɛ so ma a ne kɛse yɛ hekta 3.2 no ma ɛyɛɛ turo fɛfɛ de sii baa dwumadibea foforo a Betel abusua no mufo 80 wom no.

Yɛwɔ biribiara a yebetumi agyina so ama yɛn ani agye nea Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo no ho. Yɛda no ase sɛ wakanyan n’asomfo koma ama wɔatrɛw wɔn som adwuma mu ayere wɔn ho rehwehwɛ wɔn a wɔsɛ wɔ Kenya, ma ayɛ ɔman a honhom fam nneɛma a ɛyɛ fɛ wom.

[Ase hɔ asɛm]

Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.