Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Worebɔ Wo Bra Ma Ɛne W’ahosohyira ahyia?

So Worebɔ Wo Bra Ma Ɛne W’ahosohyira ahyia?

So Worebɔ Wo Bra Ma Ɛne W’ahosohyira ahyia?

“Adwuma biara a moyɛ no, mumfi ɔkra mu nyɛ no sɛ moyɛ ma [Yehowa, “NW”] na monyɛ mma nnipa.”—KOLOSEFO 3:23.

1. Dɛn na “ahosohyira” kyerɛ wɔ wiase no mu?

ƆKWAN bɛn so na agumadifo tumi bɔ wɔn ho mmɔden paa? Wɔ tɛnis, bɔɔlbɔ, baskɛtbɔɔl, basebɔɔl, mmirikatu, gɔlf, anaa agumadi foforo biara mu no, agumadifo no nam wɔn ho nyinaa a wotu si hɔ koraa so na edu gyinapɛn a ɛkorɔn sen biara ho. Nipadua ne adwenem tebea a ɛfata yɛ ahiade titiriw. Eyi ne asɛmfua “ahosohyira” nkyerɛase biako a ɛne sɛ “obi de ne ho nyinaa bɛma nsusuwii anaa adeyɛ pɔtee bi” no hyia yiye.

2. Dɛn na “ahosohyira” kyerɛ wɔ Bible mu? Kyerɛkyerɛ mu.

2 Nanso, wɔ Bible mu no, dɛn na “ahosohyira” kyerɛ? “Hyira so” kyerɛ Hebri adeyɛ asɛm a ɛkyerɛ “yi si nkyɛn; tew fi ho, yi fi mu.” * Wɔ tete Israel no, na “ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron” bɔ Ɔsɔfopanyin Aaron abotiri anim wɔ abɔnim tratraa bi a wɔde sika amapa ayɛ a ɛhyerɛn a wɔakyerɛw Hebri nsɛmfua a egyina hɔ ma ‘Kronkron ma Yehowa’ wɔ so no so. Ɛno kae ɔsɔfopanyin no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔyɛ biribiara a ebegu asɔrefie no ho fĩ, efisɛ ‘na ahosohyira sɛnkyerɛnne, ne Nyankopɔn sra ngo no wɔ n’atifi.’—Exodus 29:6, NW; 39:30; Leviticus 21:12.

3. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛn ahosohyira ka yɛn abrabɔ?

3 Yetumi hu fi asɛm yi mu sɛ na ahosohyira yɛ adeyɛ a anibere wom. Ɛyɛ obi pɛ mu a ofi da ne ho adi sɛ Onyankopɔn somfo, na ɛhwehwɛ abrabɔ a ɛho tew. Enti, yebetumi ahu nea enti a ɔsomafo Petro faa Yehowa asɛm kae sɛ: “Monyɛ kronkron, efisɛ me, meyɛ kronkron.” (1 Petro 1:15, 16) Sɛ́ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so no, asɛyɛde a emu yɛ duru da yɛn so sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra ma ɛne yɛn ahosohyira ahyia, na yɛadi nokware akodu awiei. Nanso, dɛn na Kristofo ahosohyira hwehwɛ?—Leviticus 19:2; Mateo 24:13.

4. Yɛyɛ dɛn du ahosohyira ho, na dɛn ho na yebetumi de atoto?

4 Bere a yenyaa Yehowa Nyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ne Yesu Kristo ne dwuma a odi wɔ saa atirimpɔw ahorow no mu ho nokware nimdeɛ no, yɛn ankasa sii gyinae sɛ yebefi yɛn koma nyinaa, yɛn adwene nyinaa, yɛn kra nyinaa, ne yɛn ahoɔden nyinaa mu asom Onyankopɔn. (Marko 8:34; 12:30; Yohane 17:3) Yebetumi abu no sɛ ntanka, yɛn ho so a yɛahyira ama Onyankopɔn koraa. Yɛamfi biribi a ɛbaa yɛn tirim ara kɛkɛ mu na ehyiraa yɛn ho so. Yɛde yɛn adwene tumi dii ho dwuma de mpaebɔ susuw ho yiye. Enti, na ɛnyɛ bere tiaa mu gyinaesi bi. Yentumi nyɛ sɛ obi a ofi ase funtum asase na afei ogyae esiane sɛ adwuma no yɛ den anaa ɛbɛkyɛ ansa na watwa so aba, anaasɛ n’adwene nsi no pi nti. Susuw nnipa bi a ‘wɔde wɔn nsa so’ teokrase ‘fɛtɛw ade mu’ na wɔfa nsɛnnennen mu hyia akwanside a wonnyae no nhwɛso horow ho hwɛ.—Luka 9:62; Romafo 12:1, 2.

Wɔannyae Wɔn Ahosohyira Mu

5. Ɔkwan bɛn so na na Yeremia yɛ Onyankopɔn somfo a wahyira ne ho so a ɔda nsow?

5 Nkɔmhyɛ adwuma a Yeremia yɛe wɔ Yerusalem no boroo mfirihyia 40 (afe 647-607 A.Y.B.), na na ɛnyɛ adwuma a ɛyɛ mmerɛw. Na onim ne sintɔ ahorow yiye. (Yeremia 1:2-6) Na ohia akokoduru ne boasetɔ a ɛbɛma watumi ne Yudafo asoɔdenfo no adi asi da biara da. (Yeremia 18:18; 38:4-6) Nanso, Yeremia de ne ho too Yehowa Nyankopɔn a ɔhyɛɛ no den ma ɔdaa ne ho adi sɛ Onyankopɔn somfo a wahyira ne ho so nokware mu no so.—Yeremia 1:18, 19.

6. Nhwɛso bɛn na ɔsomafo Yohane yɛ maa yɛn?

6 Na ɔsomafo Yohane ɔnokwafo a wɔde no kɔɔ supɔw Patmo a ɛso tra yɛ den so wɔ ne nkwakoraabere mu esiane “Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti” no nso ɛ? (Adiyisɛm 1:9) Ogyinaa mu bɔɔ ne bra ma ɛne n’ahosohyira sɛ Kristoni no hyiae bɛyɛ mfirihyia 60. Ɔtraa ase huu Yerusalem sɛe a Roma asraafo de bae no. Onyaa hokwan kyerɛw Asɛmpa no biako, ɔkyerɛw nkrataa a efi honhom mu abiɛsa, ne Adiyisɛm nhoma no a ohuu Harmagedon ho asɛm siei wɔ mu no. Bere a ohui sɛ Harmagedon remma wɔ ne bere so no, so ogyaee som? So ɔgow ne ho yɛɛ anibiannaso? Dabi, Yohane kɔɔ so dii nokware kosii ne wuda, a na onim sɛ ‘ɛbere a wɔahyɛ no abɛn’ de, nanso na n’anisoadehu no benya mmamu akyiri yi.—Adiyisɛm 1:3; Daniel 12:4.

Ɛnnɛyi Ahosohyira Ho Nhwɛso Ahorow

7. Ɔkwan bɛn so na onua biako yɛɛ Kristofo ahosohyira ho nhwɛso pa?

7 Wɔ nnɛ mmere yi mu no, Kristofo anokwafo mpempem pii de nsiyɛ akura wɔn ahosohyira mu denneennen ɛmfa ho sɛ na wɔrentra ase nhu Harmagedon. Nnipa a wɔte saa no mu biako ne Ernest E. Beavor a ofi England no. Ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo wɔ afe 1939 mu wɔ Wiase Ko II no mfiase, na ogyaee nsɛm ho amanneɛbɔ mfoninitwa adwuma a na ɔyɛ a na ɛrenya nkɔso no na watumi ayɛ bere nyinaa som adwuma. Esiane sɛ ɔkɔɔ so kuraa ɔfã biara a onni sɛ Kristoni mu nti, ɔkɔdaa afiase mfirihyia abien. N’abusua gyinaa n’akyi, na wɔ afe 1950 mu no, ne mma baasa no kɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a wɔde tete asɛmpatrɛwfo wɔ New York no bi. Ná Onua Beavor yɛ nsi wɔ asɛnka adwuma no mu araa ma ne nnamfonom frɛɛ no Harmagedon Ernie. Ɔde nokwaredi traa ase sɛnea n’ahosohyira kyerɛ, na ɔbɔɔ Onyankopɔn ko a ɛne Harmagedon a abɛn no ho dawuru de kosii ne wuda wɔ afe 1986 mu. Wammu n’ahosohyira sɛ nhyehyɛe a ɔne Onyankopɔn ayɛ a ɛbere da ho! *1 Korintofo 15:58.

8, 9. (a) Nhwɛso bɛn na mmerante pii yɛe wɔ Spain wɔ Franco nniso no mu? (b) Nsɛmmisa bɛn na ɛfata?

8 Nsiyɛ a ano ammrɛ ase ho nhwɛso foforo fi Spain. Wɔ Franco nniso (afe 1939-75) bere mu no, Adansefo nkumaa ɔhaha pii a wɔahyira wɔn ho so kuraa afã biara a wonni sɛ Kristofo no mu. Wɔde wɔn mu pii guu asraafo afiase mfirihyia du anaa nea ɛboro saa. Sɛ wɔka afiase a Ɔdansefo biako, Jesús Martín, dae nyinaa bom a esi mfirihyia 22. Bere a na ɔda asraafo afiase wɔ Afrika Atifi fam no, wɔhwee no yiye. Ná eyi mu biara nyɛ mmerɛw, nanso wannyae ne mudi mu.

9 Mpɛn pii no, na saa mmerante yi nnim bere a wobegyae wɔn, efisɛ wɔkyeree wɔn de wɔn guu afiase mpɛn pii. Nanso, wokuraa wɔn mudi ne ɔsom adwuma ho nsiyɛ mu bere a na wɔda afiase no. Awiei koraa no, bere a nsɛm tebea no fii ase yɛɛ yiye wɔ afe 1973 mu no, saa Adansefo yi mu pii a saa bere no na wɔwɔ wɔn mfirihyia 30 mfiase mu no de wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma mu bere a woyii wɔn fii afiase no ara pɛ, na ebinom bɛyɛɛ akwampaefo atitiriw ne ahwɛfo akwantufo. Wɔbɔɔ wɔn bra ma ɛne wɔn ahosohyira hyiae wɔ afiase hɔ, na wɔn mu dodow no ara akɔ so ayɛ saa fi bere a woyii wɔn fii afiase no. * Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ɛ? So yɛrebɔ yɛn bra ma ɛne yɛn ahosohyira ahyia te sɛ saa anokwafo yi?—Hebrifo 10:32-34; 13:3.

Adwene a Ɛfata a Yebenya Wɔ Yɛn Ahosohyira Ho

10. (a) Ɛsɛ sɛ yebu yɛn ahosohyira dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa bu ɔsom a yɛde ma no no?

10 Yebu yɛn ho so a yɛahyira ama Onyankopɔn sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde no dɛn? So ɛne ade a edi kan wɔ yɛn asetra mu? Ɛmfa ho tebea biara a yɛwom no, sɛ́ yɛyɛ mmofra anaa mpanyin, awarefo anaa ahokwafo, sɛ́ yɛte apɔw anaa yɛyare no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden bɔ yɛn bra ma ɛne yɛn ahosohyira hyia, sɛnea yɛn nsɛm tebea bɛma yɛn kwan. Obi nsɛm tebea betumi ama wasom sɛ bere nyinaa somfo sɛ ɔkwampaefo, watu ne ho ama ayɛ adwuma wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea, ayɛ ɔsɛmpatrɛwfo, anaa wayɛ ɔhwɛfo kwantufo. Awofo binom nso betumi ayɛ nkurɔfo a wonni adagyew a wɔredi wɔn mmusua honam fam ne honhom fam ahiade ho dwuma. So nnɔnhwerew kakra a wɔde yɛ asɛnka adwuma ɔsram biara no nsom bo wɔ Yehowa ani so te sɛ nea nnɔnhwerew pii a bere nyinaa somfo de yɛ adwuma no som bo no anaa? Dabi. Onyankopɔn nhwehwɛ biribi a yenni mfi yɛn hɔ da. Ɔsomafo Paulo kaa saa nnyinasosɛm yi sɛ: “Sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni.”—2 Korintofo 8:12.

11. Dɛn so na yɛn nkwagye gyina?

11 Sɛnea ɛte biara no, yɛn nkwagye nnyina biribi a yebetumi ayɛ so, na mmom, egyina Yehowa dom a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu so no so. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu pefee sɛ: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn, na wɔde ne dom nam ogye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn bem kwa.” Nanso, nnwuma a yɛyɛ no da gyidi a ɛyɛ den a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu no adi.—Romafo 3:23, 24; Yakobo 2:17, 18, 24.

12. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ntotoho?

12 Ɛho nhia sɛ yɛde bere a yɛde yɛ Onyankopɔn som adwuma, Bible ho nhoma ahorow a yɛde ma, anaa Bible adesua dodow a yɛyɛ no toto afoforo de ho. (Galatifo 6:3, 4) Ɛmfa ho nea yɛyɛ wɔ Kristofo som adwuma mu no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kae Yesu nsɛm a ɛda ahobrɛase adi no: “Saa ara na mo nso sɛ moayɛ nea wɔahyɛ mo nyinaa a, monka sɛ: Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn ho; yɛayɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” (Luka 17:10) Mpɛn ahe na yebetumi aka ankasa sɛ yɛayɛ ‘nea wɔahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no nyinaa’? Enti asɛmmisa no ne sɛ, Ɛsɛ sɛ ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no di mũ dɛn?—2 Korintofo 10:17, 18.

Ma Nea Woyɛ no Da Biara Da Ho Nhia Wo

13. Su bɛn na yehia wɔ bere a yɛredi yɛn ahosohyira ho dwuma no?

13 Bere a Paulo tuu ɔyerenom, okununom, mma, awofo, ne nkoa fo wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: “Adwuma biara a moyɛ no, mumfi ɔkra mu nyɛ no sɛ moyɛ ma [Yehowa, NW] na monyɛ mma nnipa, efisɛ munim sɛ [Yehowa, NW] nsam na mubenya apɛgyade sɛ akatua, na Awurade Kristo na mosom no.” (Kolosefo 3:23, 24) Yɛmfa nea yɛatumi ayɛ wɔ Yehowa som adwuma mu no nhwehwɛ nnipa anim anuonyam. Yɛrebɔ mmɔden sɛ yebedi Yesu Kristo nhwɛso akyi asom Onyankopɔn. Ɔyɛɛ ne bere tiaa mu som adwuma no ahoɔhare so.—1 Petro 2:21.

14. Nna a edi akyiri ho kɔkɔbɔ bɛn na Petro de mae?

14 Ɔsomafo Petro nso yɛɛ ade ahoɔhare so. Wɔ ne krataa a ɛto so abien no mu no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ, wɔ nna a edi akyiri mu no fɛwdifo—awaefo ne akyinnyegyefo—a wofi wɔn ankasa pɛ mu begye Kristo mmae ho kyim no bɛba. Nanso, Petro kae sɛ: “[Yehowa, NW] nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu. Na [Yehowa, NW] da no bɛba sɛ owifo ba.” Yiw, Yehowa da no bɛba ɔkwan biara so. Enti, ɛsɛ sɛ yɛma sɛnea yɛbɛma Onyankopɔn bɔhyɛ mu gyidi a yɛwɔ no ayɛ nea edi mũ na ɛyɛ den ankasa no yɛ yɛn ahiasɛm da biara da.—2 Petro 3:3, 4, 9, 10.

15. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn asetram nhwehwɛmu da biara da?

15 Sɛ yebefi ahonim mu abɔ yɛn bra ma ɛne yɛn ahosohyira ahyia a, ɛsɛ sɛ yeyi Yehowa ayɛ da biara da. So yebetumi asusuw nea yɛatumi ayɛ ho da biara anwummere sɛ ebia yɛyɛɛ biribi ɔkwan bi so de tew Onyankopɔn din ho kaa Ahenni ho asɛmpa no? Ebia yɛyɛɛ saa denam yɛn abrabɔ a ɛho tew, yɛn nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ nkuran, anaa ɔdɔ mu a yefi dwenee yɛn abusuafo ne yɛn nnamfonom ho so. So yɛde hokwan ahorow a yenyae no kaa yɛn Kristofo anidaso ho asɛm kyerɛɛ afoforo? So yɛaboa obi ma wasusuw Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ho anibere so? Momma yɛnyɛ biribi a mfaso wɔ so wɔ honhom fam da biara da, na sɛnea yɛbɛka no no, yɛmfa ademude pii ngu honhom fam sikakorabea.—Mateo 6:20; 1 Petro 2:12; 3:15; Yakobo 3:13.

Ma W’ani So Nna Hɔ

16. Akwan bɛn so na Satan nam bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma asɛm aba yɛn ho so a yɛahyira ama Onyankopɔn no ho?

16 Yɛte bere bi a nneɛma mu rekɔ so yɛ den ma Kristofo mu. Satan ne n’adwumayɛfo bɔ mmɔden sɛ wɔremma yenhu nsonsonoe a ɛda papa ne bɔne, ade a ɛho tew ne nea ɛho ntew, ɔbra pa ne ɔbra bɔne, suban pa ne subammɔne ntam. (Romafo 1:24-28; 16:17-19) Wama ayɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛnam adwinnade a yɛde sɔ TV anaa nea yɛde bɔ nsɛm gu kɔmputa so de hwehwɛ so nneɛma so bɛsɛe yɛn koma ne yɛn adwene. Yɛn honhom fam aniwa betumi ayɛ kusuu anaasɛ abɛyɛ nea enhu ade yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenhu ne nnaadaasɛm no. Sɛ yebu yɛn ani gu yɛn honhom fam nneɛma so a, asɛm bɛba yɛn tirim a yɛabɔ sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra ma ɛne yɛn ahosohyira ahyia no ho, na yɛn nsam agow wɔ “fɛtɛw ade” mu a yekura no ho.—Luka 9:62; Filipifo 4:8.

17. Ɔkwan bɛn so na Paulo afotu no betumi aboa yɛn ma yɛakura yɛne Onyankopɔn abusuabɔ mu?

17 Enti Paulo nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Tesalonika asafo no fata yiye nnɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, mo ahotew, sɛ munyi mo ho mfi aguamammɔ mu, sɛ mo mu biara nhu sɛ obenya n’ankasa n’ade ahotew ne nidi mu, ɛnyɛ akɔnnɔ anibere mu sɛ amanaman a wonnim Nyankopɔn no.” (1 Tesalonikafo 4:3-5) Ɔbrasɛe ama wɔatu ebinom afi Kristofo asafo no mu—wɔn a wobuu wɔn ani guu ahosohyira a wɔayɛ ama Onyankopɔn so no. Wɔmaa wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ sɛee araa ma na ne ho nhia wɔn bio wɔ wɔn asetra mu. Nanso, Paulo kae sɛ: “Onyankopɔn amfrɛ yɛn ankɔ efi mu, na mmom ahotew mu. Enti nea ɔtew ahi ntew onipa bi ahi, na mmom Onyankopɔn a ɔde ne Honhom Kronkron ahyɛ mo mu no.”—1 Tesalonikafo 4:7, 8.

Dɛn na Woasi Wo Bo sɛ Wobɛyɛ?

18. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

18 Sɛ yenim aniberesɛm a ɛwɔ yɛn ho so a yɛahyira ama Yehowa Nyankopɔn no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo yɛ? Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo pintinn sɛ yebekura ahonim pa mu wɔ yɛn abrabɔ ne yɛn som adwuma mu. Petro tuu fo sɛ: “Odwo ne osuro mu, na munnya ahonim pa, na nea wotwiri mo wɔ mu no, wɔn a wogu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu.” (1 Petro 3:16) Esiane yɛn Kristofo abrabɔ nti yebetumi ahyia amanehunu anaasɛ wɔbɛyɛ yɛn basabasa, nanso saa ara na wɔyɛɛ Kristo esiane ne gyidi ne nokware a odi maa Onyankopɔn no nti. Petro kae sɛ: “Na afei, sɛ Kristo ahu amane ɔhonam mu yi, mo nso momfa adwenkoro no ara mmia mo ho, efisɛ nea wahu ɔhonam mu amane no agyae bɔneyɔ.”—1 Petro 4:1.

19. Dɛn na yɛbɛpɛ sɛ wɔka fa yɛn ho?

19 Nokwarem no, yɛn bo a yɛasi pintinn sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra ma ɛne yɛn ahosohyira ahyia no bɛbɔ yɛn ho ban afi Satan wiase a ɛyare honhom fam, abrabɔ fam, ne honam fam, no ho. Nanso, nea ɛsen saa no, yebetumi anya ahotoso sɛ yɛwɔ Onyankopɔn anim dom a ɛsen biribiara a yebetumi anya afi Satan ne n’adwumayɛfo no hɔ no koraa. Enti, mommma wɔnnka nnkyerɛ yɛn da sɛ yɛagyaw yɛn dɔ a na yɛwɔ bere a yedii kan huu nokware no. Mmom no, momma wɔnka nea wɔka faa afeha a edi kan no mu Tiatira asafo no ho no mfa yɛn ho sɛ: “Minim wo nnwuma ne wo dɔ ne wo gyidi ne wo som ne wo boasetɔ no, ne sɛ wo nnwuma a edi akyiri sen nea edi kan no.” (Adiyisɛm 2:4, 18, 19) Yiw, mommma yɛnnyɛ boturobodwo wɔ yɛn ahosohyira ho, na mmom momma ‘yɛnyɛ honhom mu hyew,’ yɛnyɛ nsi nkodu awiei—na awiei no abɛn.—Romafo 12:11; Adiyisɛm 3:15, 16.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Hwɛ April 15, 1987, Engiresi Ɔwɛn-Aban, no kratafa 31.

^ nky. 7 Hwɛ Ernest Beavor asetra ho nsɛm a ɛkɔ akyiri a ɛwɔ March 15, 1980, Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 8-11 no.

^ nky. 9 Hwɛ 1978 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no nkratafa 156-8, 201-18.

So Wokae?

• Ahosohyira kyerɛ dɛn?

• Tete ne nnɛyi Onyankopɔn asomfo a wohyiraa wɔn ho so nhwɛso ahorow bɛn na ɛfata sɛ yesuasua?

• Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no?

• Ɛdefa yɛn ho so a yɛahyira ama Onyankopɔn ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yeremia dii nokware ɛmfa ho atirimɔdensɛm a wɔde yɛɛ no

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Ernest Beavor yɛɛ nhwɛso sɛ Kristoni a ɔyɛ nsi maa ne mma

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Adansefo nkumaa ɔhaha pii kuraa wɔn mudi mu wɔ afiase ahorow wɔ Spain

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Momma yɛnyɛ biribi a mfaso wɔ so honhom fam da biara da