Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Bible Ka Fa Ɔbarima ne Ɔbarima Anaa Ɔbaa ne Ɔbaa Nna Ho?

Dɛn na Bible Ka Fa Ɔbarima ne Ɔbarima Anaa Ɔbaa ne Ɔbaa Nna Ho?

Wɔda so ara reka ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa aware ho asɛm denneennen wɔ aman pii so. Nanso, afe 2015 mu no, United States Asɛnnibea Kunini no de too gua sɛ, wɔagye atom sɛ, ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa betumi aware wɔ ɔman no mu. Efi saa bere no, Intanɛt so baabiara no, ná nnipa pii rebisa ho asɛm. Asɛm baako a nnipa dodow no ara bisae ne sɛ, “Dɛn na Bible ka fa ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa aware ho?”

Sɛ́ ebia mmara ma kwan sɛ ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa betumi aware no deɛ, Bible nhyɛ da nka ho asɛm pɔtee. Asɛntitiriw a nnipa pii bisa ne sɛ, Dɛn na Bible ka fa ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa nna ho?

Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ ɛho nhia sɛ wɔyɛ Bible mu nhwehwɛmu kɔ akyiri ansa na wɔatumi ayi asɛm yi ano—nanso ɛsono nea obiara ka! Ebinom ka sɛ Bible deɛ, ɛkasa tia ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa nna denneennen. Afoforo nso kyerɛ sɛ Bible mu asɛm a ɛka sɛ “dɔ wo yɔnko” no foa nna mu nkitahodi biara so.Romafo 13:9.

DƐN NA BIBLE KA?

Nsɛm a edidi so yi mu nea ɛwɔ he na wobɛka sɛ ɛyɛ nokware?

  1. Bible kasa tia ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa nna.

  2. Bible pene ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa nna so.

  3. Bible ma afoforo nya wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa nna mu ho adwemmɔne.

MMUAE:

  1. NOKWARE. Bible ka sɛ: “Mmarima a wɔne mmarima da . . . rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 6:9, 10) Mmaa a wɔne mmaa da nso ka ho.Romafo 1:26.

  2. ATORO. Bible kyerɛkyerɛ sɛ ɔbarima ne ɔbaa a wɔaware nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔda.Genesis 1:27, 28; Mmebusɛm 5:18, 19.

  3. ATORO. Ɛwom sɛ Bible kasa tia ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa nna deɛ, nanso ɛnhyɛ obiara nkuran sɛ onnya wɔn ho adwemmɔne, ɔnyɛ wɔn basabasa, anaa onni wɔn ani ɔkwan biara so.Romafo 12:18. [1]

Dɛn ne Yehowa Adansefo Adwene?

Yehowa Adansefo gye di sɛ nea Bible ka fa abrabɔ ho no, ɛno na eye paa, na ɛno na wɔde bɔ wɔn bra. (Yesaia 48:17) [2] Wei kyerɛ sɛ Yehowa Adansefo ani nnye nna mu ɔbrasɛe biara ho; ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa nna nso ka ho. (1 Korintofo 6:18) [3] Saa na wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra, na wɔwɔ hokwan sɛ wɔyɛ saa.

Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔde Mmara Pa no bɛyɛ adwuma na wɔayɛ afoforo yiye sɛnea wɔn nso wɔpɛ sɛ afoforo yɛ wɔn no

Yehowa Adansefo yɛ nea wobetumi biara ma ‘asomdwoe tena wɔne nnipa nyinaa ntam.’ (Hebrifo 12:14) Ɛwom sɛ wɔn ani nye ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa nna ho deɛ, nanso wɔmfa wɔn nsusuwii nhyɛ afoforo so. Sɛ nkurɔfo tu wɔn ani si ɔbarima a ɔne ɔbarima da anaa ɔbaa a ɔne ɔbaa da so na wɔyɛ wɔn basabasa a, wɔmfa wɔn ho nhyɛ mu, na sɛ wɔte ho asɛm nso a, wonni ho ahurusi. Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔde Mmara Pa no bɛyɛ adwuma na wɔayɛ afoforo yiye sɛnea wɔn nso wɔpɛ sɛ afoforo yɛ wɔn no.Mateo 7:12.

Bible Ma Yennya Nnipa Bi Ho Adwemmɔne Anaa?

Ebinom ka sɛ Bible ma nkurɔfo nya mmarima a wɔne mmarima da anaa mmaa a wɔne mmaa da ho adwemmɔne na wɔn a wɔde nea Bible ka bɔ wɔn bra no mpɛ saafo no anim mpo ahwɛ. Wɔka sɛ, ‘bere a wɔkyerɛw Bible no, na nnipa ani mmuei saa. Ɛnnɛ yegye onipa biara tom ɛmfa ho sɛnea ɔte biara.’ Wɔn fam deɛ, sɛ obi mpene ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa nna so a, wobu onii no sɛ ɔyɛ nnipa mu nyiyi mu. Wohwɛ a, asɛm yi tɔ asom? Dabi. Adɛn ntia?

Efisɛ sɛ obi ani nnye ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa nna ho a, ɛno nkyerɛ sɛ okyi nnipa a wɔyɛ saa no. Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo di nnipa nyinaa ni. (1 Petro 2:17) [4] Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo gye ɔbra biara tom.

Susuw wei ho hwɛ: Fa no sɛ wubu sigaretnom sɛ enye na mpo ɛyɛ bɔne. Nanso sɛ nea wo ne no yɛ adwuma nso nom sigaret nso ɛ? Enti yebetumi aka sɛ esiane sɛ wo ne no adwene nhyia wɔ sigaretnom ho nti, w’ani mmuei? Anaasɛ yebetumi aka sɛ ɔnom sigaret a wonnom bi nti, wowɔ ne ho adwemmɔne anaa? Na sɛ nea wo ne no yɛ adwuma no hyɛ wo sɛ sesa w’adwene wɔ sigaretnom ho a, so yɛrentumi nka sɛ ne ntease sua na onni afoforo ho koma anaa?

Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ abrabɔ ho mmara a ɛwɔ Bible mu no, ɛno na wɔde bɛbɔ wɔn bra. Nneyɛe biara a Bible mpene so no, wɔn nso wonnye ntom. Nanso sɛ nea obi yɛ ne wɔn deɛ nhyia a, wɔntweetwee no anaa wɔnyɛ no basabasa.

Nea Bible Ka no, Ano Yɛ Den Dodo?

Nanso nnipa bi wɔ hɔ a, ɛyɛ den sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ho so wɔ ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa nna ho. Ɛno nso ɛ? Saa na wɔwoo wɔn anaa? Sɛ saa deɛ a, wunnye nni sɛ ano yɛ den dodo sɛ Bible bɛka sɛ ɛyɛ bɔne sɛ wobedi wɔn akɔnnɔ akyi?

Ɛwom sɛ Bible ka sɛ suban bi wɔ hɔ a, agye ntini wɔ nnipa bi mu deɛ, nanso ɛnka sɛ mmarima anaa mmaa bi wɔ hɔ a, saa na wɔbɔɔ wɔn. Ne nyinaa akyi no, ɛka sɛ sɛ yɛn nneyɛe bɛsɔ Onyankopɔn ani a, gye sɛ yɛtwe yɛn ho fi nneyɛe bi ho; ɔbarima ne ɔbarima ne ɔbaa ne ɔbaa nna ka ho.2 Korintofo 10:4, 5.

Ebia ebinom bɛka sɛ nea Bible ka no, ano yɛ den dodo. Nea wogyina so ka saa ne sɛ, nnipa deɛ, ɛnsɛ sɛ yɛka yɛn akɔnnɔ hyɛ; sɛ obi pɛ sɛ ɔhyɛ ne ho so mpo a, ɛrenyɛ yiye. Nanso Bible di nnipa ni na ɛka sɛ wobetumi ahyɛ wɔn ho so. Nnipa nte sɛ mmoa, sɛ wɔn ani gye biribi ho mpo a, wobetumi aka sɛ wɔrenyɛ.Kolosefo 3:5. [5]

Hwɛ asɛm yi: Animdefo bi ka sɛ, suban bi te sɛ abufuw sɛɛ, wotumi de wo. Bible no nka no pɔtee sɛ, wotumi de abufuw wo nanso egye tom sɛ nnipa bi wɔ hɔ a wɔn “koko haw wɔn” na “wɔpɛ abufuw.” (Mmebusɛm 22:24; 29:22) Nanso Bible san ka sɛ: “Ma abufuw ntwa, na gyae bobɔne.”—Dwom 37:8; Efesofo 4:31.

Nnipa kakraa bi na wɔbɛka sɛ wonnye saa asɛm yi ntom anaasɛ ɛyɛ atirimɔdensɛm a etia wɔn a wɔn koko haw wɔn no. Nanso abenfo a wɔka sɛ wotumi de abufuw wo no mpo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa nnipa a wɔte saa ma wɔahyɛ wɔn abufuw so.

Yehowa Adansefo nso, nneyɛe biara a Bible kasa tia no, wɔboa nkurɔfo ma wɔhyɛ wɔn ho so wɔ ho. Bible no kasa tia ɔbarima ne ɔbaa a wɔnwaree a wɔda nso. Ne nyinaa mu no, yebetumi de Bible afotu yi ayɛ adwuma. Ɛka sɛ: “Sɛ mo mu biara behu sɛnea ɔbɛhyɛ n’ankasa nipadua so wɔ ahotew ne nidi mu, na ɛnyɛ nna ho akɔnnɔ bɔne mu.”—1 Tesalonikafo 4:4, 5.

“Saa na na Mo Mu Binom Te”

Asomafo no bere so no, nnipa a na wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Kristofo no, na wofi mmusua ahorow mu na na ɛsono ɔbra a wɔn mu biara bɔ. Nanso wɔn mu binom tumi sesaa wɔn abrabɔ. Ɛho nhwɛso ni. Bible ka sɛ na wɔn mu binom yɛ “aguamammɔfo anaa abosonsomfo anaa awaresɛefo anaa mmarima a wɔde wɔn yɛ adapaade anaa mmarima a wɔne mmarima da.” Na afei ɛtoa so sɛ: “Saa na na mo mu binom te.”1 Korintofo 6:9-11.

So yebetumi aka sɛ, ka a Bible ka sɛ “saa na na mo mu binom te” no kyerɛ sɛ wɔn a kan no na wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa nna mu no, saa akɔnnɔ no rentumi mma wɔn adwene mu bio da anaa? Ɛnyɛ saa na asɛm no te ankasa efisɛ Bible san ka sɛ: “Monkɔ so nnantew honhom mu na ɔhonam akɔnnɔ remma mo akwan mu.”Galatifo 5:16.

Bible nka wɔ baabiara sɛ Kristoni ntumi nnya akɔnnɔ bɔne da. Nea ɛka ne sɛ, sɛ́ obedi n’akɔnnɔ so anaa ɔrenni so no yɛ n’ankasa asɛm. Kristofo asua sɛ wobɛhyɛ wɔn akɔnnɔ so na ɛnyɛ sɛ wɔde wɔn adwene besi so ara ma afa wɔn dommum.Yakobo 1:14, 15. [6]

Bible ka sɛ ɛsono akɔnnɔ ɛnna ɛsono nneyɛe. (Romafo 7:16-25) Sɛ ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa nna ho nsɛm taa hyɛ obi so a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ nneɛma a ɔde n’adwene si so no yiye na ama watumi ahyɛ ne ho so, sɛnea sɛ onya akɔnnɔ bɔne biara a ɔbɛyɛ no. Sɛ ɔyɛ saa a, obetumi adi subammɔne te sɛ abufuw, awaresɛe, ne anibere nso so.1 Korintofo 9:27; 2 Petro 2:14, 15.

Yehowa Adansefo gye di sɛ abrabɔ ho mmara a ɛwɔ Bible mu no, ɛno paa na ɛbɛboa obi ma wabɔ ɔbra pa. Nanso wɔmfa wɔn nsusuwii nhyɛ nkurɔfo so anaasɛ wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra aban mmara mu na ama wɔn a wɔne wɔn adwene nhyia wɔ abrabɔ ho no ho akyere wɔn. Asɛm a Yehowa Adansefo ka no yɛ asɛmpa, na wɔde anigye ka kyerɛ obiara a wayɛ krado sɛ obetie.Asomafo Nnwuma 20:20.

^ 1. Romafo 12:18: “Mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu.”

^ 2. Yesaia 48:17: “Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo.”

^ 3. 1 Korintofo 6:18: “Munguan aguamammɔ.”

^ 4. 1 Petro 2:17: “Munni nnipa nyinaa ni.”

^ 5. Kolosefo 3:5: ‘Enti, munkum mo nipadua akwaa a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ, nkate bɔne ho.’

^ 6. Yakobo 1:14, 15: “Nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada. Afei sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne.”